Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ sɛ Wɔka Asɛm No
“Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.”—Asomafo no Nnwuma 5:42.
1, 2. (a) Nea efi afeha a edi kan Ahenni asɛnka no mu bae ho kyerɛwtohɔ bɛn na yɛwɔ wɔ Bible mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛ wɔ Mateo 28:19. 20 ne Asomafo no Nnwuma 1:8 sɛ asɛmpa no a wɔbɛka bɛyɛ n’akyidifo adwuma?
WOHWIEE honhom kronkron no gui wɔ Pentekoste akyi no, Yesu Kristo akyidifo no nyaa ahoɔden ne akokoduru ma wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa no a wɔannyae. Dɛn na efii mu bae wɔ saa afeha a edi kan no mu? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ nnipa pii a wotiee asɛm a Yesu akyidifo no kae no begye dii. Ampa, mmarima a wogye dii no dodow bɛyɛ 5,000. (Asomafo no Nnwuma 4:4) Bere foforo mu no, Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ, nnipa a wɔagye adi wɔ Awurade mu, mmarima ne mma bebree toatoa so bɛkaa ho.—Asomafo no Nnwuma 5:14.
2 Bere tiaa mu wɔ Pentekoste akyi no, mpempem pii na wobegye dii esiane Yesu akyidifo no kɔ a wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a ɛfa Kristo ho a wɔannyae no nti. Ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkenkan adwuma a wɔn a wonyaa “asɛmpa” no ho dawurubɔ mu kyɛfa no yɛe wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan mu wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi bere tiaa bi, ne honhom kronkron a wohwie gui ma wɔde yɛɛ adwuma a ɛyɛ nwonwa yi no ho asɛm. Nã yɛn nuanom mmarima ne mmea gyidifo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no yɛ adwumayɛfo ampa, adwumayɛfo a wɔyɛɛ adwumaden, a ná wɔreyɛ nea Awurade Yesu Kristo de ahyɛ wɔn nsa no.—Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.
3, 4. (a) Nnɛyi bere bɛn mu na bere dui sɛ wɔbɛsan ahyɛ asɛnka adwuma no mu den? (b) Ɔkwan bɛn so, na wɔ akwanside a Kristoman ayɛ wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu akyi no, Yehowa ma wɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma no. na dɛn na efii mu bae wɔ ɔhaw bere a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu?
3 So ɛnte saa ara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu? Momma yɛnhwehwɛ nokwasɛm ahorow no mu. Kae eyi a ɛfa afeha a edi kan no ne Kristosom mfiase ho: Onipa biako na ofii ase, ɔne Awurade Yesu Kristo. Ɛkɔɔ so nyinii bere tiaa a ɛyɛ mfirihyia abiɛsa ne fã mu araa ma ne nyamesom mu asɔretiafo kae sɛ: “Hwɛ, wiase atu adi n’akyi.” (Yohane 12:19) Wɔ yɛn bere yi mu, titiriw ɛde rekɔ afeha a ɛto so 19 awiei mu no, ná bere no rebɛn sɛ wobefi Yehowa otwa adwuma kɛse a ɛnam Kristo Yesu so no ase. (Mateo 13:24-30, 36-43) Kristoman atra ase mfehaha pii, nanso sɛ́ ɔbɛma nokware no hann a ɛfa Kristo Yesu ne ahenni no ho a ɛno na ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ ho mpae na wɔhwɛ kwan no anya nkɔso mmom no, ɔde n’atoro gyidi ne nkyerɛkyerɛ ahorow no akata saa hann no so. Nanso, na ɛnsɛ sɛ wɔtõatõa Yehowa anan mu bere a bere no bɛnee sɛ ne Ba no bɛfa Ahenni tumi no. Ɛdenam Bible asuafo mmɔdenbɔfo kuw bi so no Yehowa honhom kronkron no fii ase sɛ ɛbɛma wɔn a wɔdɔ trenee na wofi nokware mu hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde ne n’adwuma anya ntease. Nea afi mu aba fi saa bere no ayɛ anigye, sɛnea na ɛte wɔ afehaa edi kan mu mpo no. Woabu akontaa sɛ wɔ mfe a edii afeha a ɛto so 20 yi anim pɛɛ no mu no, anyɛ yiye koraa no na nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 4,000 na wopae mu ka wɔn anidaso ho asɛm kyerɛ wo baguam
4 Bɛyɛ sɛ mfe 80 bi ntam fi afe 1900 mfiase mu hɔ no, yehu sɛ wɔ ɔhaw bere a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no, Yehowa akɔ so de nnipa pii abɛka asomfo a worebɔ Kristo ne n’ahenni ho asɛmpa no dawuru no ho. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:5 ho) Na Yehowa Adansefo 1981 ɔsom afe dwumadi no de nhyira horow pii abrɛ Ahenni adawurubɔfo no wɔ wiase nyinaa
Nea Akɔ So
5. (a) Anigye bɛn na Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔyɛ anigyefo kyerɛe 1981 mu wɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ho? (b) Wɔn a wɔbaa ase no mu baahe na wonyaa Ahenni no ho asɛnka a wɔyɛ no baguam no mu kyɛfa wɔ afe no mu?
5 Yedi kan dan yɛn adwene kɔ da a ɛho hia titiriw wɔ Kristofo kalenda so, a ɛne Awurade Anwummeduan afahyɛ a wɔde kae Kristo wu no so, na 1981 mu wɔ asafo ahorow 43,870 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, nnipa 5,987,893 na wohyiae Kwasida, April 19 (Nisan 14, Yudafo kalenda) , dii saa afahyɛ yi. Saa nnipa ɔpepem pii yi tee nea Awurade wu no kyerɛ ankasa a ɛyɛ nokware sɛnea Bible kyerɛ no ho nkyerɛkyerɛmu. Saa nnipa dodow a wɔbaa ase wiase nyinaa wɔ 1981 ɔsom afe no mu no, 2,247,486 na ná wonya Ahenni ho asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ no mu kyɛfa daa wo nsase ne nsupɔw ahorow 206 so. Na wonyaa Adansefo dodow a ɛkɔ soro sen biara 2,361,896 a bere bi mu wɔ afe no mu no wonyaa kyɛfa wɔ ɔsom adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no mu. Dɛn na woyɛe? Wɔn asɛm no tu mpɔn dɛn wo nkurɔfo a wɔde boa wɔn no mu? Ma yɛnhwɛ.
Asɛm No Mu a Wɔretrɛw
6. (a) Nyamesom nkyerɛkyerɛ bɛn na agye ntini wɔ Mfinimfini ne Kesee fam Amerika mfehaha pii, na tebea bɛn na ɛde aba? (b) Nanso, nsakrae bɛn na ɛrekɔ so wɔ nsase yi so?
6 Roman Katolek som no adi Mfinimfini ne Kesee fam Amerikafo adwene so mfehaha pii, a nea ɛde aba ne Bible mu nokware nkyerɛkyerɛ ho anisɔ pii a nkurɔfo nni. (2 Korintofo 4:4) Esiane sɛ wonni Kristo Yesu ne Ahenni ho asɛmpa no ho nimdeɛ nti, nea afi mu aba ne sɛ, nnipa no abrɛ na wɔsam ho, te sɛ Yudafo a Yesu huu wɔn wɔ ne bere so a na wɔwɔ akyerɛwfo ne Farasifo no atirimɔdensɛm ase no. (Mateo 9:36) Nanso, esiane Onyankopon nhyira a ɛwɔ Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no so wɔ saa Latinfo aman yi mu nti, nsakrae a ɛyɛ nwonwa rekɔ so. Esiane sɛ hann no ahyerɛn wɔ honhom mu sum a ɛkata asase no so no mu nti, wɔaboaboa nnipa komapafo mpempem pii ano aba Yehowa ahyehyɛde no mu.—-Yesaia 60:1, 2, 8.
7. Ka abeawa bi a wadi mfe 12 wɔ Argentina osuahu fɛfɛ no kyerɛ.
7 Bible mu nokware no kã nnipa ahorow nyinaa, na ɛboa wɔn ma wobegyina Yehowa ahenni no afã. (Dwom 119:129, 130) Ɔdawurubɔfo a wadi mfe 12 wɔ Argentina, a onnya nnyee asubɔ, kaa n’anigye wɔ ofie Bible adesua ahorow awotwe a ɔyɛ mu ho asɛm. Ɔkyerɛw eyi: ‘“Titiriw sɛ edu akwamma bere a mede bere pii yɛ afie afie adwuma, sankɔhwɛ ne Bible adesua sɛnea metumi. Dwumadi yi nyinaa ma m’ani gye yiye na mete nka sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a manya sɛ Yehowa de me di dwuma sɛ adwinnade wɔ ne nsam de boa nnipa pii ma wohu no sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no. Mebɔ mpae sɛ menya saa hokwan yi bere nyinaa.” Ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ obegye asubɔ nnansa yi ara na wapere akɔ ne botae sɛ ɔkwampaefo no ho. Eyi fi abeawa a wadi mfe 12 hɔ! Tumi ma nsusuwii a ɛteɛ bɛn ara na yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu sɛɛ yi!
8. Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛyɛ nwonwa bɛn na akɔ so wɔ Mfinimfini ne Kesee fam America fi 1945?
8 Wɔ wiase ko a ɛto so abien a na asɛe asase no awiei wɔ 1945 mu no, na nnipa a wɔwɔ Mfinimfini ne Kesee fam Amerika nyinaa, a Mexico ka ho, a wonya Ahenni asɛmpa no ka mu kyɛfa no dodow yɛ 4,720. Wɔ 1981 ɔsom afe no mu wɔ saa aman no ara so no, na adawurubɔfo a wɔn dodow kɔ soro sen biara 373,919 na wɔreka “asɛmpa” no wɔ hɔ. Ampa wɔama nokware nsu no abu so wɔ saa nsase a ɛso akyen no so na wɔn a osukɔm de wɔn agye so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.—Fa toto Yohane 7:37, 38 ho.
9. Na tebea no te den ma Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Europa fi afeha a ɛto so 20 no mfiase?
9 Ahenni ho asɛmpa no agye ntini kɛse wɔ Europa aman ahorow pii so. Efi afeha a ɛto so 20 no mfiase, ne ansa na saa bere no reba wɔ nsase bi so mpo no, ná Yehowa Adansefo a saa bere no wɔfrɛ wɔn International Bible Students rema Ahenni ho asɛmpa no atrɛw wɔ nkurɔfo no mu. Sɛ nhwɛso no, adanse a edi kan a wodii wɔ Germane ho kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ ɛyɛ afeha yi mfiase mu hɔ. Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, Charles T. Russell kɔsraa Germane 1891 mu, na ɛno akyi no wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobetintim nhoma ne nkratawa ahorow wɔ German kasa mu. Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow a edi kan wɔ Germane 1901 akyi pɛɛ.
10. Osuahu bɛn a efi Germane na ɛkyerɛ sɛ afie afie asɛnka adwuma no da so ara yɛ nea etu mpɔn?
10 Ebesi nnɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Germane hu sɛ afie afie adwuma no ne ɔkwan a eye kyɛn so a wɔnam so ma Yehowa ahenni ho asɛmpa no trɛw wɔ nnipa no mu. (Luka 9:1-6) Ɛdenam adanse a wodii awarefo bi a wohyiaa wɔn wɔ afie afie dwumadi mu no so no, nnipa 12 kosi 14 baa ofie Bible adesua a wofii ase akyiri yi no ase. Akyiri yi abusua no tu kɔɔ Australia, na wɔn nyinaa ne Yehowa Adansefo kɔɔ so suaa ade wɔ hɔ, a wɔn babea warefo biako pɛ na ɔnka ho. Mprempren ɛnã ne agya no agye asubɔ.
11. Yehowa Adansefo a ne mfe akɔ anim na ɔyɛ obubuafo wɔ West Berlin no te nka dɛn wɔ ne som adwuma ho?
11 Asɛm a efi onuawa bi a wadi mfe 84 wɔ West Berlin, a ɛwom sɛ ɔyɛ obubuafo koraa de, nanso otumi nya akwampaefo aboafo adwuma no mu kyɛfa hɔ no bɛma yɛahu n’anisɔ ma nokware no ne hia a ehia sɛ wɔka Onyankopɔn Asɛm no nnɛ no. Ɔkae sɛ: “Medɔ Yehowa araa ma nea na ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ menya ɔsom adwuma no mu kyɛfa, akɔ nhyiam ahorow, na mede ada eyi adi akyerɛ no.”—Fa toto Dwom 122:1 ho.
12. (a) Italy anyɛ Ahenni ho asɛmpa no akodu he fi 1945 mu titiriw? (b) Amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran bɛn na yɛwɔ a ɛfa Ahenni adwuma no ho wɔ Italy, Portugal ne Spain?
12 Nsɛm a asisi nnansa yi mfe no mu wɔ Italy, faako a Roman Asɔre no anya nnipa no nyamesom asetra so tumi mfehaha pii no ama Yehowa Adansefo adwuma no abɛyɛ nea ɛho hia titiriw sen bere biara. Efi nnipa kakraa bi a na wɔn dodow bɛyɛ 90 wɔ 1945 mu so no, Yehowa Adansefo adɔɔso abɛyɛ nyamesom ahyehyɛde a ɛto so abien a ɛsõ wɔ Italy. (Yesaia 60:22) Wɔ 1981 ɔsom afe no mu no, baa dwumadibea no buu Ahenni adawurubɔfo a wɔn dodow kɔ soro sen biara 90,553 ho akontaa. Ɛnnɛ, bere no adu sɛ wɔka Ahenni ho asɛmpa no wɔ Italy ne Latinfo nsase afoforo a ɛwɔ Europa no so sen bere biara. Wɔ 1945 mu, sɛnea yɛaka no, na adawurubɔfo 90 na wɔwɔ Italy, na wɔ Spain ne Portugal saa afe no mu no na kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo wɔ hɔ a wɔrebɔ Ahenni ho asɛmpa no dawuru. Nanso, wɔ 1981 mu no na adawurubɔfo a wɔwɔ nsase ahorow abiɛsa yi so no dodow adu 159,972. Sɛnea Yesu kae no: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.”—Mateo 9:37.
Otwa Adwuma Wɔ Mmeae Afoforo
13. (a) Dɛn na kyerɛwtohɔ no kyerɛ wɔ”asɛmpa” no a wɔretrɛw mu wɔ Afrika asasepɔn no so ho? (b) Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ bere no adu ampa sɛ wɔbɛyɛ nnipa pii a wɔdɔ trenee no ho adwuma?
13 Wɔ mmeae ahorow pii wɔ Afrika no, nnipa mpempem pii agye nokware no ho asɛm a Yehowa adansefo anokwafo bɔ no dawuru no so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Woguu nokware aba no wɔ mmeae ahorow te sɛ Nigeria, South Africa, Zambia, Zimbabwe ne Malawi efi 1923 kosi 1927 mu, na wɔ nsase afoforo te sɛ Mali, Mauritania, Upper Volta ne Rwanda so no, wɔannya Ahenni adawurubɔfo wɔ hɔ besii 1962 ne 1970 ntam hɔ. Ampa bere no ye sɛ yɛde bɛyɛ nea yebetumi nyinaa de aboa wɔn a osukɔm de wɔn ma wɔaba nokware nsu no ho ansa na Yehowa aka sɛ wɔawie adwuma no. Ɔkwampaefo titiriw bi kɔɔ akuraa bi ase panyin biako a ɔkyerɛɛ anigye kɛse wɔ Ahenni asɛm no ho nkyɛn wɔ Zambia. Ɔpanyin no de nnipa afoforo baa nkɔmmɔbɔ no mu, ma enti, ne nyinaa mu no, nnipa 18 tiee ɔkwampaefo titiriw no asɛm no, a nea efii mu bae ne ofie Bible adesua horow pii a ofii ase yɛe. Bere tiaa mu no asafo no mu adawurubɔfo dodow nyaa nkɔanim fi 65 koduu 86. Ɛnnɛ, wɔ Afrika asasepɔn no so no, mmeae kakraa bi pɛ na Yehowa Adansefo nni hɔ a wɔreka “asɛmpa” no.
14. Asɛm a ɛyɛ anigye sen biara bɛn na wɔabɔ ho amanneɛ sɛ esii wɔ Torres Straits nsupɔw no so?
14 Amanneɛbɔ ahorow a efi wiase no afã afoforo afe a atwam yi ada no adi sɛ ayɛ nea nhyira ne nkɔso ahorow wom. Australia kusuu fam pɛɛ na nsupɔw ahorow a wɔfrɛ no Torres Straits no wɔ. Nsupɔw ahorow 100 na ɛwɔ saa beae yi, a emu 20 na nnipa te so. Nsupɔw yi biako a. wɔfrɛ no Thursday Island so na Yehowa Adansefo asafo a ɛrenya nkɔso wɔ Ɔmansin sohwɛfo biako ne Thursday Island anuanom baanu kɔsraa nsupɔw afoforo a aka no biako a wɔfrɛ no Sue so, na wogyee wɔn fɛw so. Ná supɔw no so guamtrani, sɛnea wɔfrɛ no no, ato nsa afrɛ anuanom no sɛ wɔmmra, efisɛ na n’ani gye Bible mu nokware, ne Yehowa Adansefo adwuma no ho, na na ɔwɔ Yehowa Adansefo nhoma ahorow no bi. Hwɛ nwonwa ara a ɛyɛɛ anuanom no sɛ wohui sɛ nã oguamtrani yi ani kũ nnipa a wɔwɔ supɔw no so no ahotew ne wɔn abrabɔ nso ho denneennen. Ɔyɛ nhyehyɛe ma nnipa no nya honhom mu fekubɔ bi. Bere a anuanom no kɔsraa wɔn no, wotiee nnwom ahorow a wɔtoe wɔ nhyiam yi biako ase, a na emu nsɛm no fi Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow bi mu no. Wotumi maa ɔkasa kyerɛɛ nnipa no, a na wɔn dodow bɛyɛ 40, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa Asafo nhoma ahorow no nni dwuma wɔ wɔn Bible adesua no mu.
Adanse a Wodi Wɔ Wiase Nyinaa
15. Enti dɛn na ɛda so ara yɛ Yehowa Ahenni no asomfo asɛyɛde?
15 Yɛtaa fa Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 no de ka asɛm sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba”! Yehowa asomfo anokwafo redi Ahenni no ho adanse wɔ asɛm ne nneyɛe mu. Bere a wɔadi adanse sɛnea ɛfata—a ɛno ho gyinaesi wɔ Yehowa Nyankopɔn hɔ no—ansa na awiei no bɛba. Ɛnde, na adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa a yɛbɛkɔ so ayɛ ne sɛ yebedi ade a ɛsen biara a wiase no rebehu, Yehowa ahenni wɔ ne Hene a ɔredi tumi, yɛn Awurade Yesu Kristo nsam no ho adanse.
16. (a) Akontaabu bɛn na wɔde ama a wɔde rekyerɛ sɛ Yehowa Adansefo hu sɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wɔka Asɛm no? (b) Enti asɛm bɛn na wobisa yɛn mu biara?
16 Wɔ wiase aman ne nsupɔw ahorow 206 so afe a etwaam no, Ahenni ho asɛmpa no adawurubɔfo 2,361,896 de nnɔnhwerew 358,581,547 na ɛtrɛw asɛm a ɛyɛ anigye yi mu. Wɔyɛɛ ofie Bible adesua ahorow 1,475,177 na wɔkyekyɛɛ nhoma ne nhomawa ahorow 31,444,062 nso, ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mfuamfua 234,163,921 wɔ wiase nyinaa. Eyi a ɛbɛka adanse kɛse a wɔde mfe pii adi wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ho no di ɔpɛ a Yehowa nkurɔfo wɔ sɛ wɔbɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho adanse pii a ɛne sɛ ‘wɔnka asɛmpa nkyerɛ amanehunufo, wɔnkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, wɔmpae ahofadi nkyerɛ nnommum, na wɔmpae [Yehowa] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; nkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ (Yesaia. 61:1, 2) So worenya kyɛfa NNƐ wɔ Onyankopɔn Asɛm ne n’ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no ho asɛm a wɔreka no mu?
17. Yehowa nhyira ho adanse foforo bɛn bio na yesusuw ho?
17 Wɔ 1981 ɔsom afe no mu no nnipa 119,836 bɛkaa wɔn a wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne no ho. Yɛma eyinom nyinaa akwaaba ba Kristofo abusua no mu. Bere a wohwɛ 1982 Afe Nhoma a ɛka Yehowa Adansefo Ahenni asɛnka adwuma wɔ 1981 ɔsom afe no mu ho asɛm no, wubehu sɛ efi Apuei fam ne Atɔe fam no nnipa mpempem pii aba nokware ne nkwa nsu a wɔde ama wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho, na eyinom de wɔn ho ahyɛ Ahenni ho asɛmpa a wɔreka no mu.
18. Esiane sɛ bere a aka no so tew da biara nti, dɛn na ɛkyerɛ wɔ hia a yɛn asɛnka adwuma no hia no, na enti dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn tirim a yɛabɔ?
18 Bere a aka ama nneɛma nhyehyɛe bɔne yi no so tew da biara, kyerɛ sɛ hokwan ahorow a yɛwɔ sɛ yɛde bɛka “asɛmpa” no kɔ so yɛ nea ɛho hia kɛse. Ɛmmra sɛ wobehu yɛn da biara sɛ yɛrebɔ mmɔden kɛse de akyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu nokware akyidifo, a yɛpɛ sɛ yesuasua n’asetra kwan, sɛ obi a ɔmaa nokware som nyaa nkɔso. Te sɛ ɔnokwafo Dawid no, momma Yehowa fi, ne som a ɛho tew na ɛyɛ kronn ho mmɔdenbɔ nka yɛn mma yennyina pintinn wɔ yɛn mudi mu na yɛnkɔ so sɛ Ahenni adawurubɔfo kosi sɛ Yehowa bɛka sɛ adwuma no asã.—Dwom 69:9.
[Kratafa 13 adaka/mfoni]
Wɔn a wɔka Asɛm no dodow nkɔanim wɔ MFINIMFINI NE KESEE FAM AMERIKA—
1945 . . . adawurubɔfo 4,720
1981 . . . adawurubɔfo 323,919
[Kratafa 14 adaka/mfoni]
Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim wɔ SPAIN, PORTUGAL ne ITAlY—
1945 . . . adawurubɔfo 90
1981 . . . adawurubɔfo 159,972
[Kratafa 15 adaka/mfoni]
Adansefo dodow nkɔanim wɔ AFRIKA—
1945 . . . adawurubɔfo 19,083
1981 . . . adawurubɔfo 300,989