‘Wɛn Na Ma W’ani Nna Hɔ’
“Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.”—1 Tesalonikafo 5:6.
1. Bible nkɔmhyɛ mmamu bɛn na yebetumi ahwɛ kwan nnansa yi ara?
BERE a Yesu hyɛɛ Yerusalem sɛe ho nkɔm wɔ n’awo ntoatoaso no mu no, ɔkae sɛ: “Eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.” (Luka 21:22) Wɔ 70 Y.B. mu no, Onyankopɔn trenee atemmu baa wɔn a na wɔagu ne din ho fĩ, abu ne mmara ahorow so na wɔataa ne nkoa no so. Saa ara na ɛrenkyɛ Onyankopɔn trenee atemmu a etia mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba, na ɔde akyerɛ bio sɛ nneɛma a wɔakyerɛw wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no nyinaa bɛbam wɔ ɔkwan biara so. Na atemmu no bɛba mpofirim a ɛyɛ ahodwiriw ama wɔn a wonsiesie wɔn ho no, efisɛ Bible no ka sɛ: “Bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.”—1 Tesalonikafo 5:2, 3.
2. Afotu ben na Onyankopɔn Asɛm no de ma yɛn a yebetumi de adi dwuma wɔ daakye a enni akyiri no ho?
2 Efi nnɛ kosi bere a Onyankopɔn atemmu no ba awiei no, ɛyɛ Yehowa nkoa asɛyɛde sɛ wɔbɛma wɔn ani ada hɔ yiye na wɔakura atirimpɔw a wɔahyira wɔn ho so ama no mu. Ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw nkɔmhyɛ a efi honhom mu a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:2, 3 no kae nso sɛ: “Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tesalonikafo 5:6) Yesu tuu fo sɛ: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu.” (Luka 21:36) Ɔsomafo Petro kyerɛwee saa ara sɛ: “Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.”—2 Petro 3:11.
YEHOWA A WOBƐBA NE NKYƐN NNƐ
3. Sɛ obi benya nkwa akɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
3 Obiara a ɔpɛ sɛ onya nkwa kɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu no, ɛho hia sɛ ɔne Yehowa ne N’asase so ahyehyɛde no nya abusuabɔ pa ntɛm ara nnɛ. “Aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ ma wɔkora no.” (Mmebusɛm 18:10) “Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.” (Yesaia 2:2) Yiw, ɛsɛ sɛ nnipa biara a wofi amanaman no mu a wɔpɛ sɛ wɔtra Onyankopɔn paradise nhyehyɛe foforo no mu no sen yuu nnɛ ba Yehowa bepɔw, ne nokware som, a wɔde asi hɔ na wɔama so sen ɔsom foforo biara no ho.
4. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛ sɛ twɛn a wɔbɛtwɛn bere tenteenten wɔ Onyankopɔn nkyɛn a wɔbɛba ho no betumi ayɛ nea asiane wom?
4 Dɛn nti na ba a obi bɛba Yehowa nokware som mu mprempren no gye ntɛmpɛ saa? So onipa a ɔyɛ koma pafo ntumi ntwɛn nkosi bere a obehu sɛ Yehowa atemmu no afi ase ankasa, na afei wayɛ ntɛm aba N’afã? Bere a ebia ebinom besusuw sɛ eyi yɛ adwempa no, so wobenya bere a ɛdɔɔso na wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa saa bere no? Adanse a efi Kyerɛwnsɛm no mu bua sɛ, Dabi. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:34, 35) Hyɛ no nsow sɛ ɛbɛto wom a wɔnnwɛn wɔ honhom mu no bere a wɔn ami nna wɔn ho so, efisɛ saa “da” no ba wɔn so “mpofirim,” te sɛ nea ‘mpofirim ɔsɛe’ ba wɔn a wɔka “Asomdwoe ne ahotɔ” so no.
5. Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na yɛwɔ a yɛde kyerɛ sɛ ehia sɛ nkurɔfo sua Yehowa ho ade ansa na ɔsɛe no afi ase?
5 Yesu de nnipa a wɔte sɛɛ totoo aboa a ɔtɔ afiri mu mpofirim no ho. Afei nso ɔde nnipa a wɔn ani nna hɔ wɔ honhom mu no totoo wɔn a ná wɔwɔ Noa bere so a “wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe” no ho. So na bere wɔ hɔ ma saa nnipa no sɛ wobesua Yehowa ho ade na wɔaba n’ahobammɔ ase bere a Nsuyiri no fii ase akyi no? Dabi, efisɛ Yesu da no adi pefee sɛ bere a Nsuyiri no bae no ‘ɛbɛfaa wɔn nyinaa kɔe.’ Ná wɔnka Noa ne n’abusua no ho wɔ ahobammɔ adaka no mu. Afei nso, bere a Onyankopɔn atemmu baa Sodom ne Gomora so no, so ebinom wɔ hɔ a woguanee bere a ɔsɛe a ɛte sɛ ogya fii ase tɔ fii soro no akyi? Dabi, efisɛ wɔsɛee wɔn nyinaa, gye Lot ne ne mmabea a na woafi hɔ dedaw no nko. Lot yere a ofii ase sɛ obefi hɔ nanso afei ɔtwentwɛn ne nan ase no mpo, ɔsɛe tumi no kaa no. Ɛyɛ ntease pa nti na Yesu kae sɛ: “Monkae Lot yere no!”—Mateo 24:37-39; Luka 17:32.
6. Adanse ahorow a ɛwɔ Bible mu no kasa tia gyidi bɛn?
6 Nanso so bere bɛwɔ hɔ bere a “Babilon Kɛse,” atoro som wiase ahemman no ahwe ase akyi, a ebia ɛbɛma nkurɔfo anya hokwan anyan wɔ honhom mu na wɔahwehwɛ Yehowa? Adanse ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nkyerɛ saa. Nea ɛka nhwɛso ahorow a edi kan no ho no, afeha a edi kan no mu Yudafo man de no nso wɔ hɔ. Saa Yudafo anyamesomfo no tee nka sɛ na wɔresom Onyankopɔn sɛnea ɛfata, na enti enhia sɛ wobetie asɛm a Yesu anaa n’akyidifo reka no. Nanso, na Yesu abɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ.” (Luka 21:20-22) Nanso bere a Roma asraafo a ná wɔatwa Yerusalem ho ahyia no san wɔn akyi wɔ afe 66 Y.B. mu no, Yudafo a na wogye wɔn ho di dodo no amfi ‘ase anguan.’ Bere a wɔama Roma asraafo san a wɔresan no adan nkogudi denam sɔre a wɔsɔre tiaa n’awɛnfo a wodi akyiri no so no, Yudafo no tee nka sɛ ɛho nhia sɛ woguan. Ná wogye di sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho, na mpo wotwaa dwetɛ sika foforo a wɔakyerɛw so sɛ “Yerusalem Kronkron.” Nanso ná Yesu nkɔmhyɛ a efi honhom mu no kyerɛ sɛ Yerusalem nyɛ kronkron mma Yehowa bio.
7. Dɛn na ɛbaa Yudafo a wɔyɛɛ nea ɛbɔ afotu a Yesu de mae no abira no so?
7 Yudafo a na atoro som adaadaa wɔn no amfi Yerusalem ne Yudea bere a na wɔwɔ hokwan sɛ wɔbɛyɛ saa no. Nokwarem, wɔ afe 70 Y.B. fefɛw bere mu no, wɔyɛɛ nea ɛbɔ ɛno abira! Wɔkɔhyɛɛ Yerusalem ma a na wɔrebedi nyamesom afahyɛ. Nanso saa bere no pɛpɛɛpɛ na Roma asraafo dɔm a wɔyɛ den wɔ Ɔsahene Tito ase san bae, betwaa Yerusalem ho hyiae, na woyii saa nnipa no nyinaa te sɛ mmoa a afiri ayi wɔn. Wɔ bere tiaa bi nkahyem akyi no, wɔsɛee Yerusalem. Obi a ɔde n’ani huu nea ɛkɔɔ so, abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛwee sɛ: “Afei nnipa a wɔfaa wɔn nnommum wɔ ɔko yi nyinaa mu no yɛ mpem aduɔkron ason; na nnipa a wowuwui wɔ nkahyem no nyinaa mu yɛ ɔpepem biako ne mpem ɔha [1,100,000], a ná dodow no ara fi ɔman koro no ara mu ampa [wɔne Yerusalemfo no], nanso na wɔnte kurow no mu ankasa; efisɛ na wofi ɔman no nyinaa mu na aba abodoo a mmɔkaw nnim afahyɛ no ase, na asraafo dɔm bɛkaa wɔn hyɛe mpofirim, . . . afei wɔkaa ɔman mũ no hyɛe te sɛ nea wogu afiase, na Roma asraafo dɔm no twaa kurow no ho hyiae.”—Wars of the Jews, Nhoma 6, Ti 9, nky. 3, 4, a William Whiston kyerɛɛ ase.
8. Dɛn na ɛbaa Kristofo a wotiee Yesu no so, a ɛbɔ nea efii wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobeguan akyiri koraa no mu bae so no abira?
8 Nanso, ná Kristofo a wɔ wɛnee na wɔmaa wɔn ani daa hɔ no afi Yerusalem mu ne Yudea nyinaa dedaw, aguan kɔ mmeae a ahobammɔ wɔ bere a hokwan no bae wɔ afe 66 Y.B. akyi no. Ɛdenam Yesu nkɔmhyɛ asɛm a wogye dii na wɔyɛɛ so ade so no, wonyaa nkwa. Nanso, bere a saa “ahohiahia kɛse” no baa Yudafo no so wɔ 70 Y.B. mu no, na bere biara nni hɔ bio a wɔde beguan. Mpempem pii a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa Romafo a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu afi kurow no mu no, asraafo no kyeree wɔn na wɔpaapae saa Yudafo no binom mu yiyii sika kɔkɔɔ a na wɔn mu pii amemene no.
“AHOHIAHIA” A EMU YƐ DEN KƐSE NO A WUBETWA
9, 10. (a) “Ahohiahia kɛse” no mu bɛyɛ den dɛn? (b) Dɛn nti na ɛda adi sɛ asomdwoe bere biara nni hɔ wɔ “Babilon Kɛse” sɛe no akyi?
9 Ná ɛno yɛ “ahohiahia” a emu yɛ den ankasa a ɛbaa Yudafo no so, sɛnea Yesu ka too hɔ no pɛpɛɛpɛ. (Luka 19:43, 44) Nanso Yesu asɛm no kyerɛe sɛ “ahohiahia” a ɛsen saa bɛba wɔ yɛn bere yi mu wɔ Yehowa “aweredi da” no mu. Ɔrema asemmisa a ɛfa ne “ba a waba” ho “sɛnkyerɛnne” no ho mmuae no, Kristo kae sɛ: “Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:3, 21) Ɛnyɛ “Babilon Kɛse” no nkutoo so na “ahohiahia” yi bɛba na mmom Satan nhyehyɛe no nyinaa nso so, a n’amammui, asetra mu nsɛm ne sikasɛm nhyehyɛe ahorow no ka ho.
10 Bere a ɔsɛe no fi ase ‘mpofirim ara’ wɔ atoro som so no, ɛkɔ so a ano mmrɛ ase kodu n’awiei. (1 Tesalonikafo 5:3) Ɛrekyerɛ sɛ asomdwoe bere biara nni “Babilon Kɛse” asehwe no akyi no, Bible nkɔmhyɛ da no adi sɛ ɛdɔm a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo a wɔsɛe no no rennyaw Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so no nso. Nea ɛne ɛno bɔ abira no, Onyankopɔn atamfo dɔm yi bɛtan Onyankopɔn nkurɔfo na wɔbɛdan aba wɔn so nso. Bible no kyerɛ sɛ “aboa . . . a ɔwɔ mmɛn du” no ara a ɔyɛɛ “Babilon Kɛse” no pasaa no ne “Oguammaa,” Yesu Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so a wogyina hɔ ma no no nso “bɛko.” (Adiyisɛm 13:1; 17:12-14, 16; 19:19) Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom a wɔadi atoro som so nkonim yi bebu Onyankopɔn nkoa sɛ ɔsom foforo bi ara kwa a ɛsɛ sɛ woyi ɛno nso fi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a akwanside biara renka a ebesiw wɔn asase nyinaa so tumidi no kwan.—Hesekiel 38:14-16.
11. Ɔkwan bɛn so na “ahohiahia kɛse” no ba n’awiei?
11 Nanso, Onyankopɔn nkoa so ɔsɔretia yi te sɛ nea wɔasɔre atia Onyankopɔn, efisɛ ose: “Nea ɔka mo no, waka n’aniwa kesuwa.” (Sakaria 2:8; Hesekiel 38:18, 19) Ɛno ma Yehowa de ne ho gye mu ntɛm ara. Ɛde ne Harmagedon abufuw no ba asɔretiafo no so. (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɔhyɛ ne Ba a ɔyɛ Ɔhene, Kristo Yesu ne ne soro asraafo dɔm no sɛ wɔnsɔre ntia wɔn! Wɔ ahoɔden kɛse mu no, Kristo ne ne soro asraafo dɔm no bobɔ ahene a wowɔ asase so no ne nhyehyɛe bɔne yi mu biribiara a, aka, ne afei obiara a ɔboa no. Ɔbɔfo bi de nne kɛse teɛm frɛ nnomaa a wɔwɔ wim sɛ: “‘Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, ne adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.” (Adiyisɛm 19:17, 18) Enti, “ahohiahia kɛse” no ba n’awiei. Onyankopɔn trenee “aweredi da” wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe yi so no ba n’awiei.
12. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ nnipa koma pafo ‘hwehwɛ Yehowa’?
12 Efi ‘mpofirim ɔsɛe’ a efi ase wɔ “Babilon Kɛse” no a wɔsɛe no so, a ɛkɔ so kodu amanaman no a wɔsɔre tia Yehowa nkoa so na ɛtoa so kosi Onyankopɔn ko wɔ Harmagedon no so no, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ “ahohiahia kɛse” no gyae kakra. Enti Kyerɛwsɛm mu ntease biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ obi susuw sɛ obenya bere a ɛdɔɔso de adan aba Onyankopɔn nkyɛn bere a wɔasɛe atoro som no akyi. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wo nya nkwa kɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no dan ba Yehowa nkyɛn nnɛ. “Monhwehwɛ [Yehowa], bere a ɔma wohu no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.” (Yesaia 55:6) Ɛnnɛ nne bere a ɛsɛ sɛ nnipa koma pafo nya gyidi, akokoduru, ɔdɔ ne ɔpɛ ma adwumayɛ. Ɛnnɛ ne bere a ehia sɛ wosiesie wɔn ho de gyina nhyɛso ahorow a ɛbɛba Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu no ano.
13. Wɔde Onyankopɔn nokware asomfo toto dɛn ho, na wɔ akwan horow bɛn so?
13 Onyankopɔn Asɛm no de ne nkoa anokwafo toto asraafo a wɔn ho akokwaw a wɔada wɔn ho so, a wɔhyehyɛ wɔn akotade a ɛbɔ wɔn ho ban, na wɔasiesie wɔn ho sɛ wobedi ahyɛde biara a wɔn panyin de bɛma wɔn so ho. Wɔnte sɛ asraafo dɔm a wonsiesiee wɔn ho a wɔadeda wɔ wɔn atrae bere a asɛm bi a egye ntɛmpɛ asi no. Paulo se: “Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, rna wɔn a wɔbow bow anadwo, na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye.”—1 Tesalonikafo 5:6-9.
14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no wɔbɛbɔ Onyankopɔn nkoa amanneɛ sɛnea ɛfata, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ Onyankopɔn apɛde?
14 Bio nso, Onyankopɔn nkoa wɔ awerɛhyem kɛse sɛ ɔbɛma n’ahyehyɛde no ate, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ nea eye a ɛbɛma wɔanya nkwa. Yebetumi agye eyi adi efisɛ nkɔmhyɛ a ofi honhom mu a ɛwɔ Adiyisɛm, ti ason, no kyerɛ sɛ ‘nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu . . . fi ahohia kɛse no mu’ na wotwa kɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14) Na dɛn nti na “nnipakuw kɛse” no nya nkwa? Efisɛ ‘wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo,’ na enti ɔde ‘n’ahobammɔ kata wɔn so.’ (Adiyisɛm 7:15) Esiane sɛ wabɔ wɔn amanneɛ yiye nti, wonim sɛnea wɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Wonnyina hɔ kwa nhwɛ nea ebesi. Wonim sɛ nea “ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ” no ne nea ‘ɔtra hɔ daa.’—1 Yohane 2:17.
DWUMADI A ƐDƆƆSO
15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo atie ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa’ no?
15 Nea ɛka Onyankopɔn pɛ ma yɛn bere yi ho ne Yesu nkɔmhyɛ no mmamu: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔ nokware Kristofo fam no, nkɔmhyɛ asɛm yi yɛ ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa ne nhyehyɛe foforo a ɛreba no ho asɛm kyerɛ afoforo. Na ɛda adi sɛ Yehowa Adansefo adi so wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1; fa toto Mateo 28:19, 20 ho.) Wofi koma pa mu de wɔn bere ne nneɛma nyinaa adi dwuma de akyerɛkyerɛ afoforo wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa ma asase yi no ho. Nea efii adwumaden yi nyinaa mu bae ne sɛ, nnipa a wɔboro ɔpepem anum wɔ wiase nyinaa kyerɛɛ anigye wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ne nkwagye nsiesie a ɛnam Yesu Kristo so no ho denam hyia a wohyiaam April a etwaam yi mu kaee Kristo wu no so.
16, 17. (a) Afotu ahorow bɛn na wɔde maa Israel man no ansa na Onyankopɔn resɛe Yeriko? (b) Ɔkwan bɛn so na wodii saa afotu ahorow no ho dwuma?
16 Bere a Yehowa ahyehyɛde a ɛkɔ n’anim no bɛn n’asɛnka adwuma wɔ wiase yi ho no mfe a etwa tõ no, akyinnye biara nni ho sɛ adwuma no bɛyɛ kɛse. Kae nea wɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnyɛ bere tiaa bi ansa na Onyankopɔn resɛe Yeriko no. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wontwa kurow no ho nhyia pɛnkoro da biara, saa ara nnansia. Nanso afei wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn ason, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no. Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no, na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no bɛhwe fam.”—Yosua 6:2-5.
17 Wɔ da a ɛto so ason a etwa to no so no, ná ɛsɛ sɛ Israelfo no ma wɔn dwumadi no mu yɛ den mpɛn ason. Afei na sɛ sɛ ‘wohuro bɔ ose kɛse.’ Wɔyɛɛ eyi sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. “Na da a ɛtɔ so ason no, ade rekye pɛ, wotuaa ahema sɔree ntɛm, na wotwaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn ason. . . . Na nea ɛto so ason no so a asɔfo no rehyɛn ntorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, efisɛ [Yehowa] de kurow no ama mo. . . . Na ɔman no tee ntorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛse, na ɔfasu no hwee fam.”—Yosua 6:15, 16, 20.
18. Dɛn na yɛhwɛ kwan wɔ sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no ne ano den ho ansa na saa nhyehyɛe yi aba n’awiei?
18 Yebetumi ahwɛ ntrɛwmu a ɛte saa ara kwan wɔ yɛn asɛnka dwumadi no mu nnɛ, wɔ mmere no awiei yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, ansa na “ahohiahia kɛse” no bɛba awiei no, yebehu adanse a ɛsen biara a wodi wɔ Onyankopɔn din ne ahenni no ho wɔ wiase yi abakɔsɛm mu no. Na bere a nnɛ nea ɛka adanse a wodi no ho ne nsa a wɔto frɛ afoforo sɛ wɔmmra Yehowa ahyehyɛde no mu na wɔagye wɔn nkwa no, akyinnye biara nni ho sɛ bere no bɛba a asɛm no mu bɛyɛ den te sɛ ‘ɔko kɛse osebɔ.’ Adiyisɛm 16:21 kyerɛ sɛ “asukɔtweaa akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo [bɛyɛ nkaribo 100] fi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw nti nnipa kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ ɔhaw no sõ kɛse.” Asukɔtweaa yɛ nsu a akyen. Enti eyi yɛ mfonini a ɛkyerɛ sɛnea awiei no, Yehowa atemmu asɛm a ɛba adesamma asoɔdenfo so no bɛyɛ sɛ asukɔtweaa a ano yɛ den. Nokware a ɛyɛ sɛ wɔka asukɔtweaa no haw no ho asɛm sɛ ‘ɛsõ kɛse’ no de adwene no ba sɛ, wɔ awiei koraa no mu no, Yehowa nkoa bɛbɔ Yehowa “aweredi da” no ho dawuru denneennen.
19. Esiane daakye a enni akyiri no nti, ‘nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ’?
19 Enti, afei te sɛ nea Petro kae no, eye sɛ yɛbɛka sɛ, “Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu!” (2 Petro 3:11) Ampa ara, ehia sɛ ‘yetutu yɛn ho fo na obiara pia ne yɔnko.’ Ɛsɛ sɛ ‘yedi nea eye akyi daa, yɛne nnipa nyinaa ho.’ (1 Tesalonikafo 5:11, 15) “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Esiane eyi nti, ‘wɛn na ma w’ani nna hɔ.’—1 Tesalonikafo 5:6.
[Kratafa 11 mfoni]
Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wonya nkwa kɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no nyinaa sen yuu ba Yehowa nokware som ho
[Kratafa 12 mfoni]
Kristofo a wotiee Yesu no guan fii Yerusalem wɔ bere a ɛsɛ mu na wɔanhu n’amane no bi wɔ 70 Y.B. mu
[Kratafa 13 mfoni]
Onyankopɔn Asɛm no de ne nkoa a wɔada wɔn ho so no toto asraafo a wɔn ho akokwaw a wɔhyɛ akotade a ɛbɔ wɔn ho ban na wɔasiesie wɔn ho sɛ wobetie ho
[Kratafa 14 mfoni]
Bere a Israelfo fii ase ‘huro bɔɔ ose kɛse’ no, Yeriko afasu no hwee fam