Nna A Edi Akyiri—Ɔkɔm, Ɔyaredɔm, Efĩ Ne Ahenni Ho Asɛmpaka
“Ɔkɔm ba wɔ ɔkwan foforo so. Da biara da ɔkɔm no na nnipa bɛboro ɔpepem 700 hu mu amane no. . . . Afe biara saa ɔkɔm a mpɛn pii no wonhu yi kunkum nnipa a wɔn dodow yɛ bɛyɛ ɔpepem 18 kosi 20—ɛboro nnipa a wowuwui afe biara wɔ Wiase Ko II mu no mmɔho so.”—World Hunger—Twelve Myths a Frances Moore Lappé ne Joseph Collins kyerɛwee.
SƐNEA Yesu ka siei pɛpɛɛpɛ no, yɛn awo ntoatoaso yi nso anya ne kyɛfa wɔ aduankɔm mu nanso wɔ nsɛm no bi mu no ɛyɛ nea ntease nnim biara sen awo ntoatoaso a atwam no. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ anka ɛsɛ sɛ nnɛyi mfiridwuma ne nkitahodi ne akwantu akwan tumi ma ɔkɔm yɛ ade a atwam. Nanso, nsasewuranom ne amansɛmdifo de nnipa no adi dwuma apɛ wɔn ankasa mfaso a amanehunu a ɛba ahiafo ne wɔn a wonni nsase so no mfa ho.
Ɔkɔm da so ara hunahuna Afrika. Nnansa yi ara wɔ September 1987 mu no, wɔde kɔkɔbɔ mae sɛ Etiopia aba ɔkɔm ase bio efisɛ sɛnea The New York Times bɔɔ amanneɛ no, “na ɔkɔm mu retrɛw ntɛmntɛm bio wɔ saa Afrika ɔman a aposaw no mu.” Nea na anka ɔhwɛ Etiopia ɔkɔm bere mu ogye so no kae sɛ: “Ɛte sɛ nea mprempren nnipa bɛyɛ ɔpepem anum na ɔkɔm ka wɔn, na yennim sɛnea ɛbɛyɛ bɔne akodu.”
Bere koro no ara mu no, amanneɛbɔ ahorow a efi India ɔman kɛse no mu ba no ka adebɔne foforo a ɔpɛ ayɛ ho asɛm. Ɔman no Kuadwuma Ɔsoafo kae sɛ: “Yɛn nnipa dodow mu bɛyɛ ɔha biara mu 60 na ɔpɛ yi bepira wɔn.” Ɔde kaa ho sɛ: “Saa dodow yi boro nea na wɔde ani abu nea edi kan no so koraa a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛka nnipa dodow a ɛyɛ ɔpepem 780 no mu bɛyɛ ɔpepem 470.” So yebetumi asusuw saa dodow ahorow yi ho na yɛahu sɛnea ɛbɛka adesamma abusua no?
Fa ɛka huhu a wotuae wɔ ɔkɔm ho wɔ wiase nyinaa ako abien no mu ne akyi no ka ɔkɔm, nsuyiri, ne ɔpɛ a edi kyinhyia daa no ho. Sɛnea 1945-46 tebea no ho ɔkyerɛwfo bi bɔɔ amanneɛ no: “Aduankɔm baa wiase nyinaa sɛ nea efi ɔko no mu bae na na tebea a ɛwɔ Europa nyinaa . . . no yɛ bɔne. Ná ɛrenkyɛ na ɔkɔm a ɛyɛ anibere aba Rusia ne Rumania na na ɔkɔm bekunkum ɔpepem pii wɔ Greece. Wɔ Britania mpo no na wobesusu abodoo bere a edi kan wɔ ɔman no abakɔsɛm mu.”
Yiw, ɔkɔm ɔpɔnkɔ tuntum no a ne sotefo no rehim nsenia wɔ wim no atwiw afa amanaman no so na ɛda so ara huruhuru wɔ adesamma so.—Adiyisɛm 6:5, 6.
Ɔyaredɔm
Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri sɛnkyerɛnne no fã bɛyɛ “ɔyaredɔm.” (Luka 21:11) So yɛn afeha 20 yi anya ne kyɛfa wɔ ɔyaredɔm mu? Efi Spanish Influensa a ɛpae gui wɔ Wiase Ko I awiei na ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 no so no, nyarewa aka adesamma, sɛnea ɛyɛe wɔ awo ntoatoaso a atwam mu no. Nanso bere a nyansahu ne nnuruyɛ anya nkɔanim wɔ nna a edi akyiri yi mu mpo no, ayarefo ne wɔn a wowuwu dodow da so ara du ɔpepem pii afe biara.
Wɔ Atɔe aman a wɔwɔ sika mu no, yɛte daa adesrɛ a wɔde hwehwɛ sika ne ayaresa wɔ akisikuru, komayare, ne AIDS ho. Ampa, eyinom ne nyarewa afoforo kunkum nnipa ɔpehaha pii afe biara. Nanso, nyarewa a ɛrepopa ɔpepem pii afi Afrika, Asia, ne Latin Amerika afi hɔ afe biara nso wɔ hɔ.
René Dubos kyerɛwee wɔ ne nhoma Mirage of Health no mu sɛ: “Atiridii, nsanyare afoforo a mmoawa de ba, ne nsonsono de nipadua mu ne sikasɛm mu ɔhaw pii aba wɔ mmeae a ensii wɔn yiye no pii mu.” Nea efi mu ba ne sɛ “nnipa a wɔwɔ Asia, Afrika, ne Latin Amerika no mu ɔpepem pii hu amane na wowu afe biara wɔ nsonsono yare, Afrika tɔnkomda yare, anaa atiridii ano.” Ɛnyɛ nnipa a wowu no ara kwa na wɔde hu ɔhaw a saa nyarewa yi de aba no. Dubos kyerɛ sɛ: “Wontumi nnii nyarewa ahorow a mmoawa de ba no so.”
Dubos toa so sɛ: “Nea ɛne no bɔ abira no, [oburoni] pɛsɛmenkominya no ma ɔde nyansahu mu afɛfɛde ma biribiara a obehu a ɛka n’ankasa yiyedi no so.” Enti, nea wosi so dua wɔ Atɔe aman mu ne akisikuru ne komayare—nea ɛnsɛ sɛ wɔma werɛ fi ne mmaninyare. Nnuruyɛ mu krataa bi kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ babaso bɛyɛ ɔpepem abiɛsa na wohu wɔn afe biara wɔ United States nkutoo.
Nanso sɛ́ yɛhwehwɛ aman a wɔanya nkɔso anaasɛ wɔn a wonnyaa nkɔso mu no, yehu ‘Owu ne ɔyaredɔm ɔpɔnkɔ nsonso,’ Adiyisɛm mu ɔpɔnkɔ a ɔto so anan no ho adanse.—Adiyisɛm 6:8.
Wɔsɛe Asase
Wɔ wiase nyinaa no, nnipa nam efĩ, nsisi, anibiannaso, ne kwae a wɔsɛe no so resɛe n’ankasa nkwa nneɛma a atwa ne ho ahyia kakraa bi no dedaw.
Osu a ɛtɔ yerɛdɛdɛ esiane sɛ osutɔ ne sukyerɛmma a awuduru ahorow (naitrogen afrafra ne sufre) a efi mfiri ahorow a ɛhyew biriw ne ngo mu afrafra mu nti no resɛe atare ne kwae a ɛwɔ Kusuu Fam Asasetifi no. Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Earth no akyerɛwfo kyerɛ no: “Ade biako a afi osu a ɛtɔ yerɛdɛdɛ mu aba ne atare pii a ɛwɔ mmeae te sɛ New England ne Scandinavia a adan afi nea nkwa wom ne nea asase so nneɛma a ɛsow aba wom mu ayɛ nsu a asɛe ne ɛtɔ mmere bi a nea ɛte sɛ nea awu no. Sɛ nhwɛso no, wɔakum mpataa a wɔwɔ atare ɔhaha pii a ɛwɔ Adirondacks no mu no, na Canada atare bɛyɛ 50,000 na ade a ɛte saa ara hunahuna no.”
Ɛdefa kwae ho no, pii wɔ hɔ a ɛrehu “kwae owu” mu amane. “Wɔahu ‘kwae owu’ ho sɛnkyerɛnne wɔ kwae a ɛwɔ Europa Apuei Fam, USSR, Italy, Spain, Canada, Britania, ne Amerika Mfinimfini Atɔe soro hɔ.” Ɔkyerɛwfo koro no ara toaa so sɛ: “Wɔ ɔkwan bi so no, adesamma resɔ ade kɛse bi ahwɛ, wɔde awuduru gu asasetifi ɔfã biako mu (ne ebia ɔfã a aka no fã bi) , na afei wɔtwɛn hwɛ nea ɛbɛba.”
Nokwasɛm foforo a emu yɛ den—wiase nnipa dodow boroo ɔpepepem anum nnansa yi ara—ma nneɛma a nkwa wom trabea mu nhyɛso no yɛ kɛse. Abɔde ho abenfo Anne ne Paul Ehrlich kyerɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ asase so nneɛma a nkwa wom nyinaa rehu amane esiane Homo sapien (nnipa) ntrɛwmu no nti.” Nnipa dodow kɔ anim na wɔsɛe ade. Ɛsɛ sɛ daakye awo ntoatoaso hwɛ wɔn ankasa ho.
Onipa nam sɛnea ɔde nsubɔnten ne ɛpo di dwuma a ɔmmfa ahonim nni dwuma no so resɛe saa nneɛma ahorow fibea yi. Wɔto bin, nwura, ne nnuru mu fĩ gu po mu te sɛ nea ɛyɛ nwura adaka bi, asase so asetra ho mmataho a aboro so.
Enti, eyi ne awo ntoatoaso a edi kan wɔ adesamma abakɔsɛm mu a atumi asɛe asase no ankasa. Mprempren, wɔ bere a edi kan mu no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:18 a ese Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase’ no betumi anya mmamu. Ɛsɛ sɛ ɛno ba bere a “awiei bere” no awie du no.—Daniel 12:4.
Kɔkɔbɔ Adwuma Soronko Bi
Yesu nkɔmhyɛ no fã foforo bi da so wɔ hɔ a ɛrenya mmamu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Ɔka siei sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma, adansedi adwuma kɛse bi wɔ amanaman nyinaa mu ansa na awiei no aba. (Mateo 24:14; Marko 13:10) Wɔbɛyɛ no 1914 awo ntoatoaso no asetra bere mu. Afeha 20 yi mu nkutoo na eyi atumi ayɛ yiye bere a nnɛyi nkɔanim wɔ akwantu, nkitahodi, computer, ne nhoma tintim mu ama Yehowa Adansefo atumi atrɛw wɔn ntetee adwuma no mu wɔ kasa bɛyɛ 200 mu wɔ asase so nyinaa no.
Mprempren Adansefo no tintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no wɔ kasa 103 mu! Wɔkyekyɛ ebiara a wotintim no bɛboro ɔpepem 13. Wotintim nsɛmma nhoma a worekenkan yi kasa 54 mu, na ebiara a wotintim no boro ɔpepem 11. Adansefo bɛyɛ ɔpepem abiɛsa ne fã na wɔrebɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ho asɛmpa no dawuru wɔ wɔn som adwuma no mu wɔ aman 210 so.
Wɔreyɛ adwuma soronko yi a wiase nyinaa ɔtaa a Yesu ka siei sɛ ɛno nso bɛba ne nokware akyidifo so no mfa ho. Yiw, Yehowa Adansefo dwumadi ne gyina a wɔda so gyina wɔ wiase nyinaa no ankasa yɛ adanse a ɛte ase a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu!—Marko 13:9, 10.
Awiei Koraa no Abɛn
Enti, wɔ Yesu nkɔmhyɛ no nnɛyi mmamu mu no, saa nneɛma a esisi yi nyinaa yɛ Yesu mmae a aniwa nhu ne nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã pii, anaasɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 24:3 , NW) (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 11 no mu.) Ne nyinaa ka bom yɛ te sɛ abatow nsɛm bi a wɔhyehyɛ na ɛba bɛyɛ ɔkasamu a ese, “Nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri ni.”—Hwɛ 2 Timoteo 3:1-5, 12, 13 nso.
Bere a tebea horow a Yesu ka siei yi mu pii aba wɔ awo ntoatoaso ahorow a edii kan mu mmiako mmiako no, ɛmmae da sɛ ne nyinaa aka abom aba wɔ awo ntoatoaso biako mu. Sɛnea yɛahu no, ebi wɔ hɔ a amma da wɔ awo ntoatoaso bi a edi kan mu, na na ɛrentumi mma. Ebi da so twɛn sɛ ebenya mmamu koraa ansa na awo ntoatoaso yi afi hɔ. Na nsɛm afoforo wɔ hɔ a Yehowa Adansefo de anigye kɛse retwɛn mprempren. Saa nsɛm a ebesisi yi na ebedi Onyankopɔn Ahenni nniso no a wɔtrɛw mu du asase so no anim. Enti afei asemmisa no sɛ, Dɛn na edi hɔ?
[Kratafa 11 adaka]
Nsemmisa a Ɛwɔ Kratafa 7 no ho Mmuaea
1. Mateo 24:7—Wiase ako abien (1914-18; 1939-45) ; Spania Amanko (1936-39) ; Korea Ɔko; Vietnam Ɔko; Iraq-Iran; Mfinimfini Apuei Ako ne afoforo.
2. Mateo 24:7—Nsasewosow: 1920 ne 1932, Kansu, China, 200,000 ne 70,000 na wowuwui ebiara mu; 1923, Kanto, Japan, 142,000 wuwui; 1935, Quetta, Pakistan, 60,000 wuwui; 1939, Chilián, Chile, 30,000 wuwui; 1939, Erzincan, Turkey, 30,000 wuwui; 1960, Agadir, Morocco, 12,000 wuwui; 1970, Peru, 66,700 wuwui; 1972, Managua, Nicaragua, 5,000 wuwui; 1976, Guatemala City, Guatemala, 23,000 wuwui; 1976, Tangshan, China, 800,000 wuwui.
3. Luka 21:11—Komayare; akisikuru; AIDS; anifurae a wonya fi nsu mu; atiridii, mmaninyare.
4. Luka 21:11—Ɔkɔm: 1920-21, China kusuu fam, wobuu ano sɛ ɛkaa nnipa ɔpepem 20; 1943-44, India, 1,500,000 wuwui; 1967-69, Nigeria, mmofra bɛboro 1,500,000 wuwui; 1975-79, Kampuchea, 1,000,000 wuwui; 1983-87, Afrika Abibirim, ɛkaa nnipa ɔpepem 22.
5. Mateo 24:11—Nyamesom akannifo ahonhomsɛmdifo, TV so mesia ahorow, ne honhom mu akyerɛkyerɛfo kɔ so daadaa ɔpepem pii.
6. Mateo 24:12; 2 Timoteo 3:13—Nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, mmofrabɔnesɛm, ne nnubɔnenom abu so wɔ wiase mmeae pii. Wiase nnubɔne aguadi de nnubɔne mu akɛsefo ne awudifo a wonsuro hwee pii aba.
7. Mateo 24:12—Afei de wobiram apon akyi; wɔde akraman a wɔyɛ keka bɔ agyapade ho ban; mpɛn pii no afipamfo yɛ ahɔho.
8. Adiyisɛm 17:3, 8-11—Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom.
9. Luka 21:26—Wiase ako abien no de amanehunu ne ahoyeraw a enni kabea aba. Nuklea a ɛbɛhyew nnipa ase ho ahunahuna fi 1945 mu atrɛw ehu ne ahoyeraw mu wɔ wiase nyinaaa.
10. Mateo 24:14—Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abiɛsa reka ‘Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa’ wɔ kasa bɛboro 200 mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nea wɔahyehyɛ yi yɛ nsɛm a asisi no ho nhwɛso; ɛnyɛ ne nyinaa nen.
[Kratafa 10 mfoni]
Ɔkɔm reka asase no fã kɛse
Onipa resɛe nneɛma a nkwa wom trabea a ɔne abɔde afoforo a nkwa wom kyɛ no
Nyarewa ahorow ka nnipa ɔpepem pii
Wɔreyɛ kɔkɔbɔ adwuma soronko bi wɔ kasa bɛyɛ 200 mu wɔ wiase nyinaa
[Kratafa 10 mfoni fibea]
FAO photo