-
Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye NkwaƆwɛn-Aban—2007 | April 1
-
-
Wɔ asram abiɛsa ntam no, Roma amrado a na ɔwɔ Siria a ne din de Cestius Gallus, de asraafo 30,000 kɔɔ anafo fam sɛ wɔrekosiw Yudafo atuatew no ano. N’asraafo no duu Yerusalem bere a na wɔredi Asese Afahyɛ no, na ntɛm ara na wɔko faa mmorɔn ahorow no. Yudafo Anuɔdenfo a na wɔaka kakraa bi no kɔhwehwɛɛ hintabea wɔ asɔrefie hɔ aban no mu. Ankyɛ na Roma asraafo no fii ase sɛ wɔrebubu asɔrefie no ho ɔfasu no. Yudafo no ho dwiriw wɔn kɛse. Hwɛ, saa bere yi, na asraafo a wɔyɛ abosonsomfo no regu beae a na ɛyɛ kronkron koraa wɔ Yudasom mu no ho fi! Nanso, Kristofo a wɔwɔ kurow no mu no kaee asɛm a na Yesu aka no. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ muhu akyide no sɛ egyina kronkronbea hɔ a, afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.’ (Mateo 24:15, 16) So na wobenya Yesu nkɔmhyɛ no mu gyidi na wɔaguan? Sɛnea nkɔmhyɛ no baam no, na wɔn nkwa gyina guan a wobeguan so. So na wobeguan?
Obiara anhu nea ɛkaa Cestius Gallus ma ɔne n’asraafo no san wɔn akyi de wɔn ani kyerɛɛ mpoano no. Na Yudafo Anuɔdenfo no tiw wɔn denneennen. Anwonwasɛm ne sɛ, ankyɛ koraa na ahohiahia a ɛbaa kurow no so no baa awiei! Kristofo no nyaa Yesu nkɔmhyɛ a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no mu gyidi, na woguan fii Yerusalem kɔɔ Pella, kurow bi a ɛda mmepɔw so a atew no ho wɔ Asubɔnten Yordan agya no mu. Woguanee wɔ bere a ɛfata mu. Ankyɛ koraa na Yudafo Anuɔdenfo no san baa Yerusalem, na wɔbɛhyɛɛ kurow no mufo a wɔaka no sɛ wɔmmɛka wɔn ho mma wɔntew atua.a Saa bere no, na Kristofo no te Pella dwoodwoo a wɔretwɛn nea ɛbɛba.
-
-
Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye NkwaƆwɛn-Aban—2007 | April 1
-
-
a Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus bɔɔ amanneɛ sɛ, Yudafo Anuɔdenfo no tiw Romafo no nnanson ansa na wɔresan aba Yerusalem.
-