-
“Akyide” No Antumi Amfa Asomdwoe AmmaƆwɛn-Aban—1986 | February 1
-
-
9 Eyi da adi kɛse bere a yɛhwehwɛ sɛnea wɔkyerɛw kɔkɔbɔ yi too hɔ wɔ Bible mu nhoma afoforo abien a epue wɔ hɔ no mu no. Wɔ Mateo no, wɔkaa asraafo a wɔkaa kurow no hyeem no ho asɛm sɛ “akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ.” (Mateo 24:15) Wɔ Marko kyerɛwtohɔ no mu no, “akyide” no gyina “nea ɛnsɛ no.” (Marko 13:14) Mateo kyerɛwtohɔ no kae sɛ wɔbɔɔ “akyide” no din wɔ Daniel nhoma no mu nso. Nokwarem no, asɛm “akyide” no pue mprɛnsa wɔ saa nhoma no mu: biako (wɔ dodow kabeam) wɔ Daniel 9:27, NW, faako a ɛyɛ nkɔmhyɛ a enyaa mmamu bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no fã no, ne afei, wɔ Daniel 11:31 ne Daniel 12:11. Sɛnea kyerɛw nsɛm abien a edi akyiri yi kyerɛ no, wɔde “akyide” bi besi hɔ wɔ “bere a wɔahyɛ,” anaasɛ “awiei bere” no mu. (Daniel 11:29; 12:9) Ayɛ nea yɛwɔ “awiei bere” no mu fi 1914; enti Yesu kɔkɔbɔ no di dwuma nnɛ nso.—Mateo 24:15.
-
-
“Akyide” No Antumi Amfa Asomdwoe AmmaƆwɛn-Aban—1986 | February 1
-
-
“Akyide No Nnɛ”
12. Dɛn ne nnɛyi “akyide” no?
12 Ɛnde, dɛn ne “akyide a ɛbɔ ɔman” no nnɛ? Wɔ Afeha a edi kan no mu no na ɛno ne Roma asraafo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnsan mfa Pax Romana nkosi hɔ wɔ Yerusalem no. Nanso, wɔ nnɛ bere yi mu no, aman a wɔde wɔn ho hyɛɛ Wiase Ko I mu no adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ mfaso a ɛwɔ akode a wɔde bedi dwuma wɔ asomdwoe a wɔde bɛba mu so no ho, na wɔsɔɔ biribi foforo hwɛe: amanaman ntam ahyehyɛde a ɛbɛkora wiase asomdwoe so. Na eyi fii ase wɔ 1919 mu sɛ Amanaman Apam na ɛda so ara wɔ hɔ sɛ Amanaman Nkabom. “Akyide a ɛbɔ ɔman” nnɛ no nen.
13, 14. (a) Adɛfɛdɛfɛsɛm bɛn na Kristoman aka afa “akyide” no ho? (b) Dɛn nti na eyi yɛ ahonisom, na ɛde “akyide” no gyinaa hefa?
13 Nea ɛyɛ anigye no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “akyide” wɔ Daniel no ne shiqquts’. Wɔ Bible mu no, wɔde eyi di dwuma wɔ ahoni ne ahonisom ho titiriw. (1 Ahene 11:5, 7) Bere a eyi wɔ w’adwene mu no, kenkan nsɛm ahorow bi a nyamesom asɔfo aka afa Apam no ho:
“Sɛ wiase nyinaa kuw no anidaso yi nyɛ Onyankopɔn Ahenni . . . no a, na ɛyɛ dɛn?” “Wɔde Amanaman Apam no asi Asɛmpa no so.” (Federal Council of the Churches of Christ in America) “Wobetumi aka sɛ [Amanaman Apam] botae ne dwumadi ahorow no mu biara yɛ nea ɛma Onyankopɔn apɛde a Yesu Kristo daa no adi wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no nya mmamu.” (Church of England Asɔfo Mpanyin) “Enti nhyiam no kamfo kyerɛ Kristofo nyinaa sɛ wonnyina Amanaman Apam no akyi na wɔmmɔ mpae mma sɛ adwinnade koro pɛ a ɛwɔ hɔ a ɛde [asomdwoe bɛba asase so.” (Baptistfo, Congregationalistfo, ne Presbyterianfo a wɔwɔ Britania Bagua Kɛse no.) “[Amanaman Apam] no ne ahyehyɛde biako pɛ a wɔabɔ ho mmɔden a wɔde asi hɔ sɛ ɛbɛhwɛ na adi nea Katolek Asɔre no pɛ no ho dwuma.”—Cardinal Bourne, Westminster Sɔfo Panyin.
14 Bere a ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na amanaman no powee na mmom wɔde wɔn ankasa ahyehyɛde a ɛde asomdwoe bɛba nso sii hɔ no, na ɛno yɛ atuatew. Bere a Kristoman asɔfo de saa ahyehyɛde no bataa Onyankopɔn Ahenni ne Asɛmpa no ho na wɔkae sɛ ɛno ne “adwinnade koro pɛ a ɛwɔ hɔ” a ɛde asomdwoe bɛba no, na ɛno yɛ ahonisom. Ná wɔde no regyina beae a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no gyina, “kronkronbea hɔ.” Ɛda adi sɛ na “egyina nea ɛnsɛ no.” (Mateo 24:15; Marko 13:14) Na nyamesom asɔfo kɔ so ara gyina nea wɔde sii Apam no ananmu, Amanaman Nkabom, no akyi mmom sen sɛ wɔbɛdan nnipa no adwene aba Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no so.
-
-
“Akyide” No Antumi Amfa Asomdwoe AmmaƆwɛn-Aban—1986 | February 1
-
-
20 Kristofo no antwɛn na wɔahu eyinom nyinaa wɔ Yerusalem. Bere a wohuu asraafo a wɔbɛkaa kurow no hyeem nea edi kan no ara pɛ no, wohui sɛ kurow no wɔ asiane kɛse mu. Saa ara na nnɛ adwinnade a wɔde bɛsɛe Kristoman no ada ne ho adi. Enti, sɛ yehu asiane a Kristoman wom no ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ‘yeguan kɔ mmepɔw so,’ Yehowa guankɔbea wɔ ne teokrase ahyehyɛde no mu. Nkɔmhyɛ afoforo mfa biribiara a wobetumi agyina so agye adi sɛ yebenya ahome kakra wɔ bere a wobefi ase atow ahyɛ Kristoman so ne bere a ne sɛe a etwa to no bɛba no ntɛm. Nokwarem no, ɛrenyɛ nea ɛho hia sɛ yɛbɛtwɛn kakra wɔ basabasayɛ yi mu. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ koma pafo beguan afi Kristoman mu mprempren ara.
-