Guan Bere A Bere Da So Wɔ Hɔ Yi.’
BERE a Yesu hyɛɛ saa Yudafo nyamesom nhyehyɛe no awiei ho nkɔm wɔ afeha a edi kan no mu no, na ɔwɔ biribi foforo a ɛsõ sen saa wɔ n’adwene mu. Ná onim sɛ ɛbɛyɛ biribi a ɛsõ a ɛbɛba wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” yi mu no nsusuwso.—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3.
Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ mmamu foforo a ɛte saa wɔ hɔ? Eyi ho nhwɛso ne sɛ, wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no, Yesu kaa ne daakye mmae wɔ “ahoɔden ne anuonyam kɛse mu” ho asɛm. Nea ebefi eyi mu aba no mu biako ne sɛ “asase so mmusuakuw nyinaa besu” esiane amanehunu a ɛbɛba wɔn so no nti. (Mateo 24:30) Saa nneɛma yi amma bere a wotuu Yerusalem ne Yudea gui wɔ afeha a edi kan no mu no. Ampa, nea Luka ka wɔ nkɔmhyɛ koro yi ara ho no kyerɛ sɛ Yesu kae sɛ: “Wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.”—Luka 21:24.
Dɛn ne “Yerusalem” a wɔka ho asɛm wɔ ha yi? Bere bɛn na “amanaman no bere” yi ba awiei?
“Kronkronbea” No Ne “Akyide” Bi
Onyankopɔn ahenni nsusuwso dii tumi wɔ Yerusalem efi afe 1070 besii 607 A.Y.B. Ɛyɛɛ Onyankopɔn tumidi ho mfonini wɔ asase so. Nanso Babilonfo tuu Dawid adehye busua no gui. Ɛde besi nnɛ no ahenni biara nnii tumi wɔ asase so Yerusalem. Nanso, wɔagyae Yerusalem so tiatia wɔ saa kwan yi so: Afei de Onyankopɔn tumidi no da adi denam “ɔsoro Yerusalem”—Mesia, Kristo Yesu, ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no so. Bible mmerebu, nkɔmhyɛ mmamu ne nea abakɔsɛm akyerɛwfo ka no nyinaa bom da no adi sɛ 1914 na “amanaman no bere” baa awiei na ‘amanaman ahoyeraw’ bere no fii ase.—Hebrifo 12:22; Luka 21:24-26; Adiyisɛm 11:15.
Ɛnnɛ, “ɔsoro Yerusalem,” a Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no gyina ananmu wɔ asase so no, wɔ “kronkronbea.” Nanso, so amanaman a wɔwɔ asase so no agye eyi atom? Dabida! Wɔ afe 1919 mu no wɔyɛɛ Amanaman Apam no ho nhyehyɛe, na asɔfo mpanyimfo kyerɛe sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn ahenni no amammui nsusuwso wɔ asase so.” Saa nso na asɔfo aka nea ebesii Apam no ananmu, Amanaman Nkabom, a wɔde sii hɔ 1945 mu, no ho asɛm sɛ ‘anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma asomdwoe a enni awiei.’ Enti asɔfo no bɛpɛ sɛ wɔde saa nnipa ahyehyɛde yi Si “.kronkronbea” a Onyankopɔn ahenni a ɛnam ne Kristo no so no nkutoo na ɛfata mprempren sɛ egyina hɔ no. Ɛyɛ “akyide” ampa wɔ Onyankopɔn ne nnipa a wɔdɔ trenee nyinaa anim!
Nanso, bere a yɛrebɛn Onyankopɔn bere a ɔde bɛsɛe mprempren wiase nhyehyɛe bɔne yi no, “akyide” no, Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ba bɛyɛ nea ehunahuna wiase nyamesom ankasa. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ aman horow a wɔwɔ tumi kɛse wɔ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no mu, titiriw wɔn a wɔyɛ Komunistfo no, atow ahyɛ nyamesom ahemman no so. Na saa tumi horow a wonnye Onyankopɔn nni no de dwuma a Kristoman mu asɔre horow bɛkɔ so adi no ato asiane mu, te sɛ ebia wɔ China, wɔ Russia ne Apueifam Europa aman afoforo so. Enti Amanaman Nkabom no mufo a tumi adi wɔn ti no abɛyɛ wɔn a wɔde “kronkronbea” a Kristoman ka sɛ ogyina no to asiane mu. Eyi fa biribiara a na n’asɔre horow no bu sɛ ɛyɛ kronkron no ho—ne dwumadibea, n’ahyehyɛde ahorow, n’asɔredan ahorow ne n’agyapade afoforo, ne ka a ɔka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ odi ne nkurɔfo asetra so tumi no. Saa apereperedi yi bɛkɔ akowie dɛn mu?
Nnɛyi amamfoyɛ, Amanaman Nkabom ‘aboa a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du,’ no yɛ nea wɔahyɛ ne ho nkɔm sɛ ɛbɛyɛ atoro som “pasaa, na wada adagyaw,” na “wɔde ogya ahyew no.” (Adiyisɛm 17:3, 16) Saa yɛ mu no, ɛnyɛ ɔdɔ a wɔwo ma Onyankopɔn ntia, sɛnea na ɛnyɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn na tete Romafo no de yɛe no. Aman pii a wokyi Nyankopɔn, n’ahenni nniso ne nnipa a Onyankopɔn din Yehowa no da wɔn so no na wɔbom yɛ nnɛyi “akyide” no. Na, nokwarem no, saa ɔmammɔfo yi yɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe a Satan ɔbonsam di so no fã.—Luka 4:5-8; 2 Korintofo 4:4; Mateo 6:9, 10.
‘Munguan Nkɔ Mmepɔw So’
Bere a wode Amanaman Nkabom no sii hɔ wo 1945 mu, sɛ́ nea ebesii Amanaman Apam no ananmu no, na aman a wɔwɔ mu no mu binom sɔre tia Onyankopɔn. Enti sɛnkyerɛnne no daa adi bio, na emu yɛɛ den kɛse mpo, maa nnipa koma pafo sɛ ɛsɛ sɛ wotie Yesu kɔkɔbɔ no, na wofi ase ‘guan kɔ mmepɔw no so.’—Mateo 24:16; Adiyisɛm 7:9, 10; 18:4.
Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so mmepɔw no nnɛ? Ɛno ne guankɔbea a wofi soro asiesie, nhyehyɛe a Yehowa ayɛ na ɔde abɔ ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:1, 14 no mu no. Wohu eyi wɔ Yehowa teokrase ahyehyɛde, a nokware Kristofo asafo no gyina ananmu wɔ asase so nnɛ no mu. (1 Timoteo 3:15) Wɔ “nna a edi akyiri no mu no” saa asafo yi di nokware som anim wɔ “[Yehowa] fi bepɔw” no so. (Yesaia 2:2, 3) Saa nso na Mmebusɛm 18:10 ka sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa] din. Ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.”
Onyankopɔn ahyehyɛde no ne ne som kronn a wɔama so no mu a obi beguan akɔ no nso kyerɛ guan a obeguan afi wiase yi atoro nyamesom nhyehyɛe horow mu, a ɔne wɔn nni hwee yɛ bio. Ɛkyerɛ da a obi bɛda ne ho adi sɛ Yehowa nokware somfo ne Yesu Kristo suani.
Ntwentwɛn Wo Nan Ase
Ɛnsɛ sɛ obiara twentwɛn ne nan ase, susuw sɛ sɛnea Roma asraafo no san wɔn akyi wɔ 66 Y.B. mu, ma wonyaa kwan guanee no, saa pɛpɛɛpɛɛ na ɛbɛyɛ nnɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ biribi a ɛte saa a ɛbɛba kwan, efisɛ ɛho nhia sɛ obi guan kɔ asase so beae pɔtee bi. Mmom no, ɛsɛ sɛ Amanaman Apam a epuei wɔ Wiase Nyinaa Ko I akyi ne pue a “aboa” no san puei wɔ 1945 mu te sɛ Amanaman Nkabom no ara yɛ kɔkɔbɔ a ɛdɔɔso.
Guan a obi beguan nnɛ no ho hia kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ adanse no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa “akyide” no bɛsɛe “kronkronbea” a Kristoman mu asɔre horow no kyerɛ sɛ wogyina no, ma afi “ahohiahia kɛse” no ase.
Esiane sɛ ebehia sɛ wɔboaboa wɔn a wobetwa “ahohiahia kɛse” no ano ansa na afi ase nti, ɛho nhia sɛ Yehowa ma “ntua” no kɔ so bere tenteenten Ampa, sɛnea Yesu ka siei no, ɛbɛyɛ ahohiahia a emu yɛ den sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Nanso, ɛbɛyɛ tiaa, ‘wobetwa so,’ sɛnea wotwaa Yerusalem ntua no so, esiane sɛ na ‘wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn’ no aguan dedaw no nti.
1 Yohane 2:17 se: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Enti, wɔn a wɔyɛ “ade a Onyankopɔn pɛ” denam ɔsom pa a wɔde ma no so no ne “honam” a ebenya nkwa wo “ahohiahia kɛse” no mu no. Sɛnea Adiyisɛm 7:9-17 kyerɛ no, wɔn a wɔka saa nkurɔfo yi ho ne “nnipakuw kɛse” a wofi aman nyinaa mu.
Na wɔn a wontie kɔkɔbɔ no na womfa hokwan no nguan nkɔ Yehowa “mmepɔw” no so nnɛ no nso ɛ? Nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Tesalonikafo ti 1, nkyekyem 7 kosi 9, no bua asɛm no pefee, sɛ: “Wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wɔadi wɔn a wontie Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe.”
Yiw, ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene kɔ adwuma a Onyankopɔn rema woayɛ wɔ asase so wo Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 mmamu mu no so: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Wɔn a wotie na woguan no bɛyɛ adanse a ɛte ase daa wo nokware a Bible mu bɔhyɛ a ese, “ [Yehowa] rentow ne man nkyene” no yɛ no ho. (Dwom 94:14) Na Yesu kae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.”—Mateo 24:13.
Bere a Onyankopɔn de atemmu bɛba Kristoman ne ne “kronkronbea” no so no abɛn.
Ɛrenkyɛ na amamfoyɛfo no aka ne ho, de asiw hokwan biara a ɛwɔ hɔ sɛ wobeguan akɔ Yehowa ahobammɔ ase no ano. So woaguan kɔ sɛnkyerɛnne kwan so “mmepɔw” no so anaa? Sɛ wonyɛɛ saa a, ɛnde ntwentwɛn wo nan ase. Ɛkyerɛ wo nkwa ankasa.—Sefania 1:14-18; 2:3.
[Kratafa 6 mfoni]
Kristoman mu asɔfo kae sɛ Amanaman Apam no ne Amanaman Nkabom no betumi ayɛ nea Onyankopɔn ahenni a ɛte sɛ bepɔw no nkutoo na ebetumi ayɛ no, ma wɔde saa nnipa nhyehyɛe horow no sii “kronkronbea”
[Kratafa 7 mfoni]
Amanaman Nkabom “aboa” no “mmɛn” a ɛpɛ akodi no rehunahuna “kronkronbea” foforo—nea Kristoman bu sɛ ɛyɛ ne de a odi so nyinaa