Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Dɛn nti na Kwadwom 4:10 ka mmea a wodii wɔn ankasa mma nam ho asɛm sɛ “mmea a wɔn yam hyehye wɔn”?
Yeremia reka tebea a anibere wom a na Yudafo wom bere a Babilonfo kaa Yerusalem hyeem wɔ 607 A.Y.B. mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mmea a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn yafumma; wɔde wɔn yɛɛ aduan, me man babea sɛe no mu.”—Kwadwom 4:10.
Mfehaha pii ansa na eyi resi no, na Mose ama Israelfo no ahu sɛ wɔn daakye bɛyɛ “nhyira” anaasɛ “nnome.” Wobenya nhyira sɛ wodi Onyankopɔn mmara nsɛm so a, nanso wɔde amanehunu bɛba wɔn ho so, sɛ wɔpow n’akwantrenee a. Ahude a ebefi mu aba no mu biako ne sɛ, Israelfo no bedi wɔn ankasa mma nam. (Deuteronomium 28:1, 11-15, 54, 55; 30:1; Leviticus 26:3-5, 29) Eyi sii ankasa bere a Yehowa gyaa ne man a enni gyidi na ɛyɛ asoɔden maa Babilonfo no.
Wɔ Kwadwom 4:10 no, odiyifo Yeremia twee adwene sii nokwasɛm a wonim no yiye sɛ, wɔ awosu mu no, ɛna yam hyehye no wɔ ne mma ho, na ɔbɔ wɔn ho ban no so. (1 Ahene 3:26, 27; 1 Tesalonikafo 2:7) Nanso, na ɔkɔm a ɛbae Yerusalem a na wɔaka ahyem no ano yɛ den araa ma, aduan a na wonnya nni no hyɛɛ ɛnanom a wɔtaa yi ayamhyehye adi wɔ wɔn mma ho no ma wɔnoaa wɔn dii.—Fa toto Kwadwom 2:20 ho.
Tebea a ɛte saa ara bae bere a Yudafo no pow Mesia a na wabɔ wɔn kɔkɔ wɔ Yerusalem a wɔbɛka ahyem ho no. (Mateo 23:37, 38; 24:15-19; Luka 21: 20-24) Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kaa 70 Y.B. nkahyem no mu ahude ahorow no mu biako ho asɛm sɛ: “Eleazar babea Mary . . . kum ne babarima, afei ɔtotoo no, ɔwee fã na ɔde nea ɛkae no siei.”—The Jewish War a G. A. Williamson kyerɛɛ ase, ti 20, kratafa 319.
Ampa, nyansa nni Onyankopɔn mmara ne n’akwan a wɔpow no mu.