Beae A Ahobammɔ Wɔ A Woguan Kɔ Ansa na “Ahohiahia Kɛse” No Aba
“Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, . . . momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.”—LUKA 21:20, 21.
1. Dɛn nti na guan a wɔn a wɔda so yɛ wiase no fã beguan no gye ntɛmpɛ?
NNIPA a wɔyɛ Satan wiase no fã nyinaa fam no, egye ntɛmpɛ sɛ wobeguan afi mu. Sɛ wɔbɛkora wɔn so bere a wɔreyi mprempren nneɛma nhyehyɛe no afi asase so no a, ɛsɛ sɛ wɔde adanse a edi mũ ma sɛ wɔagyina Yehowa afã pintinn, na wɔnyɛ wiase a Satan yɛ ne sodifo no fã bio.—Yakobo 4:4; 1 Yohane 2:17.
2, 3. Nsɛmmisa bɛn na ɛfa Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:15-22 no ho a yɛrebesusuw ho?
2 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ titiriw a ɛfa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho mu no, osii hia a guan a ɛte saa ho hia kɛse so dua. Yɛtaa susuw asɛm a ɛwɔ Mateo 24:4-14 no ho; nanso, nea ɛtoa ɛno so no nso ho hia saa ara. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bue wo Bible seesei na kenkan nkyekyem 15 kosi 22.
3 Dɛn na saa nkɔmhyɛ no kyerɛ? Wɔ afeha a edi kan no mu no, na dɛn ne “akyide a ɛbɔ ɔman” no? Ná gyina a egyina “kronkronbea hɔ no” kyerɛ dɛn? Dɛn na saa adeyɛ no kyerɛ ma yɛn?
“Nea Ɔkan no, Ma Ɔnte Ase!”
4. (a) Dɛn na Daniel 9:27 kae sɛ ɛbɛba bere a Yudafo no apow Mesia no akyi no? (b) Bere a Yesu reka eyi ho asɛm no, ɛda adi sɛ dɛn na ɛma ɔkae sɛ, “Nea ɔkan no, ma ɔnte ase” no?
4 Hyɛ no nsow wɔ Mateo 24:15 sɛ Yesu twee adwene kɔɔ asɛm a wɔakyerɛw wɔ Daniel nhoma no mu no so. Nkɔmhyɛ bi wɔ saa nhoma no ti 9 a ɛkaa Mesia no mmae ne atemmu a ɔde bɛba Yuda man no so esiane sɛ wɔpow no nti no ho asɛm siei. Nkyekyem 27 no fã a edi akyiri no ka sɛ: “Amamfõyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Tete Yudafo atetesɛm kyerɛe sɛ Daniel nkɔmhyɛ no fã yi nyaa mmamu bere a Antiochus IV guu Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no ho fĩ wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no. Nanso Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ, “Nea ɔkan no, ma ɔnte ase!” Ɛwom sɛ asɔrefie no a Antiochus IV guu ho fĩ no yɛ akyide de, nanso ankowie amamfõyɛ mu—amma Yerusalem, asɔrefie no, anaa Yuda man no. Enti ɛda adi sɛ na Yesu rebɔ n’atiefo kɔkɔ sɛ nkɔmhyɛ no mmamu mmae, na mmom, afei na na ɛrebɛba.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na Asɛmpa kyerɛwtohɔ ahorow a yɛde toto ho no boa yɛn ma yehu afeha a edi kan no mu “akyide” no? (b) Dɛn nti na Cestius Gallus de Roma asraafo dɔm kɔɔ Yerusalem ahoɔhare so wɔ 66 Y.B. mu?
5 Ná dɛn ne “akyide” a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan no? Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Mateo kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman . . . no sɛ egyina kronkronbea hɔ no a.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Nanso kyerɛwtohɔ a ɛte saa ara a ɛwɔ Luka 21:20 no kenkan sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Kristofo a na wɔte Yerusalem no huu nea Yesu kaa ho asɛm siei no. Nsɛm a esisi toatoaa so a na ɛfa ɔko a ɛda Yudafo ne Roma atumfoɔ ntam ho no ma Yerusalem bɛyɛɛ baabi a wɔtew atua tia Roma denneennen. Ne saa nti, basabasayɛ baa Yudea, Samaria, Galilea, Dekapolis, ne Foenike nyinaa, kɔɔ Siria wɔ kusuu fam, ne Misraim wɔ kesee fam. Sɛnea ɛbɛyɛ na asomdwoe aba Roma Ahemman no fã hɔ no, Cestius Gallus de asraafo dɔm fi Siria kɔɔ Yerusalem, a na Yudafo no ka ho asɛm sɛ wɔn “kurow kronkron no” mu ahoɔhare so.—Nehemia 11:1; Yesaia 52:1.
6. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ “akyide” a na ebetumi de amamfõyɛ aba no, ‘begyinaa kronkronbea hɔ’?
6 Ná ɛyɛ Roma asraafo no amammerɛ sɛ wobekurakura agyiraehyɛde anaa frankaa bi a na wobu no sɛ ade kronkron, nanso Yudafo no buu no sɛ ahoni. Nea ehia sɛ yɛhyɛ no nsow no, wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “akyide” wɔ Daniel nhoma mu no di dwuma ma ahoni ne abosonsom titiriw.a (Deuteronomium 29:17) Ɛmfa ho sɛ Yudafo no ko tiaa wɔn no, Roma asraafo a wokurakura wɔn abosonsom frankaa no hyɛnee Yerusalem kurow no mu wɔ November afe 66 Y.B. mu, na afei wofii ase tuu asɔrefie no fasu ase wɔ kusuu fam. Ná akyinnye biara nni ho—ná “akyide” a ebetumi ama Yerusalem ayɛ amamfõ koraa no ‘gyina kronkronbea hɔ’! Nanso na obi bɛyɛ dɛn atumi aguan?
Ná Guan a Wobeguan no Gye Ntɛmpɛ!
7. Ade a wɔnhwɛ kwan bɛn na Roma asraafo no yɛe?
7 Bere a na ɛte sɛ nea wobetumi adi Yerusalem so nkonim wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw koraa so no, Roma asraafo no san wɔn akyi mpofirim a onipa biara antumi ante ase. Yudafo atuatewfo no taa Roma asraafo a na wɔresan wɔn akyi no so, nanso baabi a wotumi kodui ara ne Antipatri, a wufi Yerusalem rekɔ hɔ yɛ bɛyɛ kilomita 50 no. Afei wɔsan wɔn akyi. Bere a woduu Yerusalem no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ asɔrefie hɔ kɔfaa sɛnea wɔbɛtoa ɔko no so ho adwene. Wɔfaa mmofra tetee wɔn ma wɔhyɛɛ akoban ahorow mu den na wɔkɔyɛɛ asraafo. Na Kristofo de wɔn ho begyigye eyi mu? Sɛ wɔkwatii mpo a, na wɔbɛkɔ so atra baabi a asiane wɔ no ma Roma asraafo no asan abɛto wɔn?
8. Adeyɛ a egye ntɛmpɛ bɛn na Kristofo no yɛe de yɛɛ osetie maa Yesu nkɔmhyɛ nsɛm no?
8 Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa no tiee nkɔmhyɛ mu kɔkɔbɔ a Yesu Kristo de maa wɔn no ntɛm, na woguan fii baabi a asiane wɔ no. Na guan a wobeguan no gye ntɛmpɛ! Bere kɔɔ so no, wɔkɔɔ mmepɔw no so, a ebetumi aba sɛ ebinom traa Pella a ɛwɔ Perea mantam mu no. Wɔn a wotiee Yesu kɔkɔbɔ no anyɛ ade a nyansa nnim ansan wɔn akyi ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ akɔfa wɔn honam fam nneɛma. (Fa toto Luka 14:33 ho.) Bere a wɔrefi hɔ wɔ saa tebea yi mu no, ɛda adi sɛ ɛyɛɛ den maa mmea a na wɔafa afuru ne wɔn a na wɔrema nufu no sɛ wɔbɛnantew atwa kwan no. Homeda ho mmara ansiw wɔn guan no kwan, na ɛwom sɛ na awɔw bere abɛn de, nanso na ennya nnui. Ankyɛ na wɔn a wotiee Yesu kɔkɔbɔ a ese wonguan ntɛm no fii Yerusalem ne Yudea dwoodwoo. Ná wɔn nkwa gyina eyi so.—Fa toto Yakobo 3:17 ho.
9. Roma asraafo no san bae ntɛm dɛn, na dɛn na efi mu bae?
9 Afe a edi hɔ ara, wɔ 67 Y.B. mu no, Romafo no san yɛɛ ɔko ho nhyehyɛe ahorow a wɔbɛfa so ne Yudafo no de asi ani. Wodii kan dii Galilea so nkonim. Wɔsɛee Yudea afe a edi hɔ no. Ebeduu 70 Y.B. mu no, Roma asraafo twaa Yerusalem ankasa ho hyiae. (Luka 19:43) Ɔkɔm mu yɛɛ den yiye. Wɔn a wɔkaa kurow no mu no tow hyɛɛ wɔn ho wɔn ho so. Wokum obiara a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeguan no. Sɛnea na Yesu aka no, nea wohui no yɛ “ahohiahia kɛse.”—Mateo 24:21.
10. Sɛ yɛkan te ase a, ade foforo bɛn na yɛbɛhyɛ no nsow?
10 Ɛno maa nea Yesu hyɛɛ ho nkɔm no nyinaa nyaa mmamu? Dabi, na nneɛma foforo besisi. Sɛnea Yesu tuu fo no, sɛ yɛkan Kyerɛwnsɛm no te ase a, ɛremma sɛ yɛrenhu nneɛma a ebenya mmamu akyiri yi no. Yebesusuw nea ɛkyerɛ wɔ yɛn ankasa asetra mu no nso ho anibere so.
Nnɛyi “Akyide No”
11. Nkyekyem abien foforo bɛn na Daniel ka “akyide no” ho asɛm wom, na bere bɛn ho asɛm na ɔka wɔ hɔ?
11 Hyɛ no nsow sɛ, nea yɛahu wɔ Daniel 9:27 akyi no, wɔka “amamfõyɛ akyide no” ho asɛm bio wɔ Daniel 11:31 ne 12:11. Wɔnka Yerusalem sɛe ho asɛm wɔ saa nhwɛso ahorow a edi akyiri yi biara mu. Nokwarem no, wɔka biribi fa “awiei bere no” ho wɔ nkyekyem abien pɛ a edi nea wɔka wɔ Daniel 12:11 no anim no mu. (Daniel 12:9) Yɛatra saa bere yi mu fi 1914. Enti ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛahu nnɛyi “amamfõyɛ akyide no,” na afei yɛahwɛ ahu sɛ yɛaguan afi baabi a asiane wɔ no.
12, 13. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbɛka Amanaman Apam no ho asɛm sɛ ɛne nnɛyi “akyide no”?
12 Dɛn ne saa nnɛyi “akyide no”? Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ ɛne Amanaman Apam no, a wɔde sii hɔ wɔ 1920 mu, bere a wiase no kɔɔ n’awiei bere mu akyi pɛɛ no. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na ɛno ayɛ “amamfõyɛ akyide no”?
13 Kae, wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “akyide” no di dwuma wɔ Bible mu de ka ahoni ne abosonsom ho asɛm titiriw. Wɔyɛɛ Apam no ohoni anaa? Nokwarem no, na ɛte saa! Asɔfo no de gyinaa “kronkronbea,” na wɔn akyidifo no som no anibere so. Kristo Asɔreasɔre Nkabom Bagua a ɛwɔ Amerika no kae sɛ Apam no bɛyɛ “amammui ahyehyɛde a egyina Onyankopɔn Ahenni no ananmu wɔ asase so.” U.S. Mmarahyɛ Bagua no nsa kaa nkrataa pii fii nyamesom akuw hɔ a na ɛrehyɛ no nkuran sɛ ennye Amanaman Apam ho Nhyehyɛe no ntom. Baptistfo, Congregationalfo, ne Presbyfo asɔre kuw a ɛwɔ Britain no nyinaa kamfo kyerɛe sɛ ɛne “adwinnade koro pɛ a ɛwɔ hɔ a ɛbɛma [asomdwoe aba asase so].”—Hwɛ Adiyisɛm 13:14, 15.
14, 15. Ɔkwan bɛn so na Apam no ne akyiri yi, Amanaman Nkabom no begyinaa “kronkronbea hɔ”?
14 Ná wɔde Onyankopɔn Mesia Ahenni no asi hɔ wɔ soro wɔ 1914 mu, nanso amanaman no fii ase ko peree wɔn ankasa tumidi. (Dwom 2:1-6) Bere a wɔde Amanaman Apam no ho nsusuwii bae no, na afei ara na amanaman no ako wiase ko a edi kan no, na na asɔfo a wohyiraa wɔn asraafo no akyerɛ dedaw sɛ wɔapow Onyankopɔn mmara. Wɔamfa wɔn ani anto Kristo so sɛ Ɔhene. Enti wɔde Onyankopɔn Ahenni no dibea maa onipa ahyehyɛde; wɔde Amanaman Apam no gyinaa “kronkronbea,” beae a na ɛnyɛ ne de.
15 Wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ October 24, 1945, de sii Apam no ananmu. Akyiri yi, Roma popenom frɛɛ Amanaman Nkabom no sɛ “biakoyɛ ne asomdwoe ho anidaso a edi akyiri” ne “asomdwoe ne atɛntrenee ho nhyehyɛe a ɛkorɔn sen biara.” Yiw, Amanaman Apam no ne ne nanmusifo, Amanaman Nkabom no, bɛyɛɛ ohoni ankasa, Onyankopɔn ne ne nkurɔfo ani so “akyide.”
Dɛn mu na Wonguan Mfi?
16. Dɛn mu na ehia sɛ wɔn a wɔdɔ trenee no guan fi nnɛ?
16 Bere a trenee adɔfo ‘hu’ eyi, na wohu nea saa amanaman ntam ahyehyɛde no yɛ ne sɛnea wɔredan no ohoni yi no, ɛho hia sɛ woguan kɔ baabi a wobenya ahobammɔ. Dɛn mu na wonguan mfi? Wonguan mfi Yerusalem a ankyerɛ gyidi no nnɛyi nsusuwso, a ɛne Kristoman no mu, na wonguan mfi Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som nhyehyɛe no mu.—Adiyisɛm 18:4.
17, 18. Amamfoyɛ bɛn na nnɛyi “akyide no” de bɛba?
17 Kae nso sɛ, wɔ afeha a edi kan no mu, bere a Roma asraafo no de wɔn abosonsom frankaa no kɔɔ Yudafo no kurow kronkron no mu no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔbɔ Yerusalem ne ne som nhyehyɛe no. Wɔ yɛn mmere yi mu no, ɔsɛe no remma kurow biako pɛ so, na saa ara na ɛremma Kristoman nkutoo so, na mmom, ɛbɛba wiase nyinaa atoro som nhyehyɛe no so.—Adiyisɛm 18:5-8.
18 Wɔ Adiyisɛm 17:16 no, wɔahyɛ nkɔm sɛ aboa kɔkɔɔ bi, a ada adi sɛ ɛne Amanaman Nkabom no, bɛto ahyɛ Babilon Kɛse a ɔte sɛ aguaman no so asɛe no pasaa. Bere a ɛrekyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee no, ɛka sɛ: “Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” Sɛ wususuw nea eyi bɛkyerɛ no ho a, ɛyɛ hu. Ɛde atoro som biara bɛba awiei wɔ asase nyinaa so. Eyi bɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase ampa.
19. Henanom na wɔaka Amanaman Nkabom no ho fi bere a wɔde sii hɔ, na dɛn nti na eyi yɛ asɛnhia?
19 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ efi bere a Amanaman Nkabom no fii ase wɔ 1945 mu no, nnipa a wonnye Onyankopɔn nni a wɔmpɛ nyamesom adɔɔso wom. Wɔ mmere ahorow mu wɔ asase no afã nyinaa no, nnipa a wɔn ani so yɛ hyew a wɔte saa ka ho bi na wɔama wɔde anohyeto a emu yɛ den aba nyamesom dwumadi ahorow so anaa wɔabara koraa. Nanso, mfe kakra a atwam ni no, nniso ahorow no agow nhyɛso a wɔde ba nyamesom akuw so no mu wɔ mmeae pii. Ebetumi ayɛ nnipa binom sɛ ɔsom ho asiane biara afi hɔ.
20. Edin bɛn na wiase no som ahorow agye?
20 Babilon Kɛse mu som ahorow no da so ara yɛ tumi a ɛde basabasayɛ ne mpaapaemu ba wɔ wiase. Nsɛm ho amanneɛbɔ taa ka akuw a wɔreko ne nsɛmmɔnedifo akuw ho asɛm denam ɔsom a wɔwom din a wɔbɔ so. Polisifo ne asraafo a wosiw basabasayɛ ano abɔ awura asɔrefie ahorow mu akɔpata nyamesom akuw a wɔredi asi ntam akodi. Nyamesom akuw de sika aboa ɔman anidan. Nyamesom mu nitan ama mmɔden a Amanaman Nkabom no bɔ sɛ ɛbɛma abusuabɔ pa atra mmusuakuw ntam no ayɛ kwa. Bere a wɔrehwehwɛ asomdwoe ne ahobammɔ no, Amanaman Nkabom no mu nnipa bi bɛpɛ sɛ wohu sɛ wɔayi nyamesom nkɛntɛnso biara a etwitware wɔn ananmu no afi hɔ.
21. (a) Hena na ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no? (b) Dɛn na egye ntɛmpɛ sɛ yɛyɛ ansa na saa bere no adu?
21 Asɛm foforo nso wɔ hɔ a ɛho hia sɛ yesusuw ho. Ɛwom sɛ asraafo mmɛn a efi Amanaman Nkabom no mu na wɔde bedi dwuma de asɛe Babilon Kɛse no de, nanso saa ɔsɛe no bɛyɛ Onyankopɔn atemmu ankasa. Wobebu atɛn wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu. (Adiyisɛm 17:17) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren? “Mumfi no mu”—mumfi Babilon Kɛse no mu—saa na Bible ka.—Adiyisɛm 18:4.
22, 23. Dɛn na guan a ɛte saa no hwehwɛ?
22 Guan a yebeguan akɔ beae a yebenya ahobammɔ yi nyɛ asase so beae pɔtee bi a yɛbɛkɔ te sɛ nea Yudafo Kristofo no yɛe bere a woguan fii Yerusalem no. Ɛyɛ guan a yebeguan afi Kristoman mu asɔre ahorow mu, yiw, guan a yebeguan afi Babilon Kɛse no fã biara mu. Ɛnkyerɛ twe a yɛbɛtwe yɛn ho afi atoro nyamesom ahyehyɛde ho nko, na mmom, twe a yɛbɛtwe yɛn ho afi wɔn amammerɛ ne su a wɔda no adi ho koraa nso. Ɛyɛ guan a yebeguan akɔ beae a yebenya ahobammɔ wɔ Yehowa teokrase ahyehyɛde no mu.—Efesofo 5:7-11.
23 Bere a Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no dii kan huu nnɛyi akyide, Amanaman Apam no wɔ Wiase Ko I akyi no, dɛn na Adansefo no yɛe wɔ ho? Ná wɔatwe wɔn ho afi Kristoman mu asɔre ahorow no ho dedaw. Nanso wobehui nkakrankakra sɛ wɔda so ara di Kristoman amammerɛ ne ne nneyɛe no bi, te sɛ mmeamudua a wɔde di dwuma ne Buronyadi ne abosonsomfo nnapɔnna foforo, akyi. Bere a wohuu nneɛma yi ho nokwasɛm no, wɔyɛɛ ho ade ntɛm ara. Wotiee afotu a ɛwɔ Yesaia 52:11 yi: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa Awurade nnwinne no.”
24. Efi 1935 reba titiriw no, henanom na wɔabɛka guan no ho?
24 Efi 1935 reba titiriw no, afoforo a wɔyɛ nnipadɔm a wɔredɔɔso, nnipa a wogyee asetra a enni awiei wɔ paradise asase so ho anidaso no toom, no fii ase yɛɛ wɔn ade saa ara. Wɔn nso ‘ahu akyide a egyina kronkronbea no,’ na wonim nea ɛkyerɛ. Bere a wɔasi wɔn gyinae sɛ wobeguan akyi no, wɔama wɔayi wɔn din afi ahyehyɛde a ɛyɛ Babilon Kɛse no fã mu.—2 Korintofo 6:14-17.
25. Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ obi yɛ ka twa a obetwa abusuabɔ biara a ɔne atoro som wɔ mu no ho?
25 Nanso, Babilon Kɛse no mu a yebefi no hwehwɛ pii sen atoro som a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho kɛkɛ. Ɛhwehwɛ pii sen nhyiam mmiako mmiako a yɛbɛkɔ wɔ Ahenni Asa so, anaa asɛmpa no a yebefi adi akɔka no pɛnkoro anaa mprenu ɔsram biara. Ebia obi befi Babilon Kɛse no mu honam fam de, nanso wafi mu koraa ampa? Watwe ne ho afi wiase a Babilon Kɛse no yɛ ne fã titiriw no ho? Ɔda so ara yɛ nneɛma a ɛda ne su—esu a ebu Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow animtiaa—adi no? Obu nna ho abrabɔ pa ne aware mu nokwaredi adewa? Osi n’ankasa anigye ne honam fam nneɛma ho anigye so dua sen honhom fam de? Ɛnsɛ sɛ ɔma hokwan ma ɔyɛ n’ade wɔ nneɛma nhyehyɛe yi kwan so.—Mateo 6:24; 1 Petro 4:3, 4.
Mma Biribiara Nnsiw Wo Guan Kwan!
26. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfi ase anguan kɛkɛ, na mmom yɛakowie nkonimdi mu?
26 Bere a yɛreguan akɔ beae a ahobammɔ wɔ no, ɛho hia sɛ yɛremma yɛn kɔn nnɔ nneɛma a yɛagyaw wɔ yɛn akyi no. (Luka 9:62) Ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn koma si Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee so pintinn. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛda yɛn gyidi adi denam hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ eyinom kan, a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa behyira nokware a yɛde tra ase saa no so? (Mateo 6:31-33) Ɛsɛ sɛ yɛn gyidi a egyina Kyerɛwnsɛm so no kanyan yɛn ma yɛyɛ saa bere a yɛde anigye twɛn nsɛm titiriw a ebesisi wɔ wiase no nsɛm tebea mu no mmamu no.
27. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesusuw nsɛm a wɔabisa wɔ ha no ho anibere so?
27 Babilon Kɛse no sɛe na ebefi Onyankopɔn atemmu no ase. Wobeyi saa atoro som ahemman a ɛte sɛ aguaman no afi hɔ koraa. Saa bere no abɛn yiye! Sɛ́ ankorankoro no, sɛ saa bere titiriw no du a, yɛn gyinabea bɛyɛ dɛn? Na wɔ ahohiahia kɛse no awiei, bere a wɔasɛe Satan nhyehyɛe bɔne no nkae no, ɔfã bɛn na wobehu sɛ yegyina? Sɛ yɛyɛ nea ehia mprempren a, yebenya ahobammɔ. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na nea otie me no bɛtra hɔ komm.” (Mmebusɛm 1:33) Sɛ yɛkɔ so som Yehowa nokwaredi ne anigye mu a, yebetumi afata sɛ yɛbɛsom Yehowa daa.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no Po 1, nkratafa 634-5.
Wokae?
◻ Dɛn ne nnɛyi “akyide no”?
◻ Ɔkwan bɛn so na ‘akyide no gyina kronkronbea hɔ’?
◻ Dɛn na guan a yebeguan akɔ beae a ahobammɔ wɔ no hwehwɛ nnɛ?
◻ Dɛn nti na adeyɛ a ɛte saa gye ntɛmpɛ?
[Kratafa 16 mfonini]
Sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu akyidifo benya wɔn ti adidi mu no, na ɛsɛ sɛ woguan ntɛm ara