Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban—1983 | July 1
    • Dɛn nti na Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmma wɔn ho nyɛ hare ‘nguan nkɔ mmepɔw no so? Ɔkae sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti, wobetwa nna no so.”​—Mateo 24:21, 22.

      Nanso na dɛn na Yesu kyerɛ bere a ɔkaa “akyide a ɛbɔ ɔman a . . . egyina kronkronbea hɔ” ho asɛm no? Ná “ahohiahia kɛse” ne “honam” a wobegye wɔn ho asɛm a ɔkae no kyerɛ dɛn? Ná dɛn nti na “wɔn a wɔapaw wɔn no nti” na ‘wobetwa’ ahohiahia ‘no so’?

  • “Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban—1983 | July 1
    • Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Kristofo a “wɔapaw wɔn” no nni Yerusalem kurow no mu bio no kyerɛe sɛ na Onyankopɔn rensusuw wɔn nkwagye ho. Ná wɔaguan kɔ dedaw. Enti na Onyankopɔn betumi ama Romafo no kwan ma wɔakɔ Yerusalem na wɔde N’atemmu aba kurow no so ntɛm. Enti, esiane sɛ na Kristofo a wɔapaw wɔn no afi Yerusalem dedaw nti, ahohiahia nna no baa awiei ntɛm, ‘wotwaa so.’ Eyi maa “honam” bi, bɛyɛ 97,000, nyaa nkwa.

      Saa “ahohiahia kɛse” a ɛbae wɔ 70 Y.B. mu no ne amanehunu a ɛsõ sen biara a ɛbaa Yerusalem so. Ɛde Yudafo kurow no a wɔkyekyee, n’asɔrefi ne ne nyamesom nhyehyɛe a ɛka ho no nyinaa baa awiei.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena