Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 3/1 kr. 5-7
  • Nniso A Wɔbɛsesa​—Ɛrenkyɛ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nniso A Wɔbɛsesa​—Ɛrenkyɛ!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhene Foforo Bio
  • “Ɔbapɔmma Kɛse” No Fi Ase Di Tumi
  • Wiase Nyinaa Paradise​—Ɛrenkyɛ!
  • Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No Sɔre Gyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Wiase Tumidi Resakra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Yehowa De Akatua Pa Hyɛ Daniel Bɔ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 3/1 kr. 5-7

Nniso A Wɔbɛsesa​—Ɛrenkyɛ!

NNIPA pii abu wɔn ani agu asɛm bi a ɛho hia titiriw so. Ɛne eyi: Wɔ wiase so tumidi ho aperepere a amanaman no di mu no, wonhu sɛ tumi bi a ɛsen wɔn de no wɔ hɔ. Wobu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ “Ɔsorosoroni no di nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ” no so. (Daniel 4:25) Hena ne oyi a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn paw no sɛ ɔhene wɔ asase nyinaa so no? Bere bɛn na wɔde wiase nyinaa so tumidi no ma no?

Ɔhene Foforo Bio

Ansa na Daniel rehyɛ ‘kusuu fam hene ne kesee fam hene’ no ho nkɔm no, onyaa anisoadehu yi a ɛfa ɔhene a Onyankopɔn apaw no no ho: “Obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ [Yehowa Nyankopɔn] no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim . . . Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”​—Daniel 7:13, 14.

Anisoadehu no yɛɛ wiase tumi ahorow a ebedidi so aba no ho mfonini sɛ mmoa. Na, ampa, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne” wɔ atirimɔden a ɛte sɛ mmoa de mu. (Ɔsɛnkafo 8:9) Nnipa adi tumi nso wɔ ahonhom atuatewfo a wɔn panyin ne Satan ankasa no nkɛntɛnso ase. (Daniel 7:17; 10:13; fa toto Adiyisɛm 12:9; 13:2-4 ho.) Nea ɛne eyi bɔ abira no, “obi a ɔte sɛ onipa ba” nya ahenni tumi fi Yehowa Nyankopɔn hɔ. Sodifo a Onyankopɔn apaw no yi wɔ su horow a ɛfata nnipa a mfitiase no wɔbɔɔ wɔn wɔ “Onyankopɔn suban so” no. (Genesis 1:27) Nanso ɔne hena?

Bere a na Yesu wɔ asase so mfirihyia 1,900 a atwam ni no, ɔde asɛm “onipa Ba” no dii dwuma wɔ n’ankasa ho. Esiane sɛ saa bere no na ɔyɛ onipa nti, na ɔyɛ “onipa ba” ankasa, na ɔdaa su pa ahorow te sɛ ɔdɔ, ayamhyehye, ne atɛntrenee adi wɔ ɔkwan a edi mu so. Afei nso ɔde ne nkwa mae de gyee adesamma na ɔnam so bɛyɛɛ adesamma busuani a ɔsen biara​—“onipa Ba” ampa.​—Mateo 20:28; Hebrifo 2:11-17.

Yesu de Daniel nkɔmhyɛ no redi dwuma bio no, ɔkae sɛ: “Wobehu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.” Akyiri yi ɔkaa n’ankasa ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so bio, sɛ: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu . . . ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so.” (Mateo 24:30; 25:31) Ɛnnɛ Yesu nyɛ onipa a ɔwɔ asase so bi ara kwa. Efi ne wu ne ne wusɔre wɔ 33 Y.B. mu no, wayɛ honhom a ɔwɔ soro a ɔwɔ Onyankopɔn suban so. Nea ɛne nnipa sodifo ahorow de bɔ abira no, ɔno nkutoo ne Ɔhene a ɔwɔ “daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no.” (1 Timoteo 6:16) N’ahenni no renyɛ nea ɛda ahonhommɔne a wɔanya nnipa nniso ahorow so nkɛntɛnso no su horow a ɛte sɛ mmoa no bi adi.

Enti Yesu ne Ɔhene koro pɛ a Onyankopɔn apaw no sɛ Ne Mesia, anaasɛ Kristo, a wama no tumi sɛ onni asase nyinaa so. (Daniel 7:14) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa nniso horow nyinaa a “kusuu fam hene” ne “kesee fam hene” no ka ho no awiei ba na wɔde Onyankopɔn Ahenni wɔ Kristo nniso ase no si ananmu.​—Daniel 2:44; fa toto Dwom 2:7, 8, 12 ho.

“Ɔbapɔmma Kɛse” No Fi Ase Di Tumi

Nanso Yesu amfi ase anni adesamma sɔ tumi wɔ 33 Y.B. mu. Ɔtwɛnee kosii bere bi. Eyi akyi ansa na Yehowa maa no tumi sɛ ‘onkodi hene wɔ n’atamfo mfinimfini’ no. (Dwom 110:1, 2; Asomafo no Nnwuma 2:32-36) Daniel reka eyi ho asɛm ato hɔ no, ose: “Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse . . . no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efi sɛ ɔman bae no besi bere no so ɛmmae da.”​—Daniel 12:1.

Bere a Daniel akyerɛ sɛ “kusuu fam hene” ne “kesee fam hene” ntam apereperedi wɔ “awiei bere” a yɛwom yi mu bɛbɛn n’awiei koraa no ansa na nkɔmhyɛ yi redi akyi aba. Wɔ saa bere yi mu’ no ‘ahene’ yi mu biako de “anibere kɛse befi akɔ” akɔsɛe nnipa pii. (Daniel 11:40, 44, 45) Saa bere no na Mikael ‘a ogyina hɔ ma’ Onyankopɔn nkurɔfo no bɛyɛ ade na ama wɔatumi afi mu afi.​—Fa toto Daniel 11:2, 3, 7, 20, 21; 12:1 ho.

anso ɔkwan bɛn so na eyi fa Yesu ho? Kae sɛ ɔde Daniel nkɔmhyɛ no kaa nea ɔka faa n’ankasa ho sɛ daakye Hene no ho. Wɔ eyi ho no ɔkaa “ahohiahia kɛse” a ɛso bi mmae da ho asɛm nso. (Mateo 24:21, 29-31) Ɛda adi pefee sɛ na ɔreka “ahohia bere” a Daniel bɔɔ din wɔ Mikael no ho no ho asɛm. (Fa toto Mateo 24:15; Daniel 11:31 ho.) Enti Yesu daa ne ho adi sɛ ɔne Mikael a ɔbɛsɔre agyina adi tumi no.

Yesu ne Daniel de nkɔmhyɛ ahorow yi mae bere a wɔreka nsɛm a ebesisi wɔ “awiei bere” no mu ho asɛm no. Eyinom anya mmamu kɛse fi 1914. Saa bere no na Yesu fii ne tumidi ase wɔ soro sɛ Ohene na ayɛ nea ɔredi tumi wɔ n’atamfo mfinimfini.​—Mateo 24:3, 7-12.

Wiase Nyinaa Paradise​—Ɛrenkyɛ!

Ebia wuhu sɛ amanaman no nnye Kristo Ahenni no ntom. Wɔpow si a wɔde asi hɔ ho asɛm a wɔka no na wɔkɔ so ara de wɔn ankasa ahenni ahorow sisi hɔ. Saa asɛm a wɔka no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn. Enti “wi yi ase atumfo mu biara anhu” Onyankopɔn nyansa a ɔde paw Kristo sɛ ɔhene no. Esiane sɛ nneɛma nhyehyɛe a Satan ne n’ahonhom atuatewfo no di so no afura wɔn ani nti, wɔsɔre tia Mesia Ahenni no.​—1 Korintofo 2:8; fa toto Luka 4:5, 6 ho; 2 Korintofo 4:4.

Enti, sɛnea Yesu ka too hɔ no, wɔtaa wɔn a wɔka n’Ahenni no ho asɛm nokwarem no. Nanso wɔbɛtaa wɔn wɔ ɔkwan a emu yɛ den sen saa so mpo. (Mateo 24:9, 14; Daniel 11:44, 45; fa toto Hesekiel 38:14-16 ho.) Yesu bɛba sɛ “ahene mu hene ne awuranom mu awurade” na wabɛko ama ne nkurɔfo. Saa ɔko yi bɛba awiei wɔ nkonimdi koraa ma Onyankopɔn Hene a wapaw no no mu. Wɔn a wɔko tia ne nkurɔfo no ‘awiei bɛba na obiara nni hɔ a ɔbɛboa wɔn.’ Saa bere no na wɔasɛe ‘ahemfo’ afoforo no dedaw.​—Adiyisɛm 11:15, 18; 19:11, 16, 19-21; Dwom 2:1-3, 6-9.

“Awiei bere” a efii ase wɔ 1914 mu no akɔ anim ara yiye mprempren. Yesu kae sɛ awo ntoatoaso a ehuu saa bere no mfiase no behu n’awiei nso. (Mateo 24:32-34) Enti yɛrebɛn anuonyam bere a Kristo Yesu bedi wiase nyinaa so tumi na wayɛ adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa biako wɔ ne nniso biako no ase no ntɛmntɛm.

Yiw, wɔrebɛsɛe nniso horow a ɛwɔ hɔ no nnansa yi ara. Nanso dɛn na eyi bɛkyerɛ ama wo? Ebetumi akyerɛ sɛe a wɔbɛsɛe wo aka mprempren nnipa nniso horow no ne n’aboafo no ho. Anaasɛ, bere a egyina sɛnea woyɛ w’ade so no, ebetumi akyerɛ daa nkwa ne ahotɔ ama wo wɔ asase so paradise bi mu a Onyankopɔn Ahenni no na ebedi tumi wɔ hɔ. Sɛ wufi nokwaredi mu ne Yehowa Adansefo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no gyina Kristo nniso no akyi a, eyi betumi aba saa wɔ wo fam.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena