“Israel Nyinaa Benya nkwa”
“Ɛno ansa na Israel nyinaa benya nkwa, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ogyefo no befi Sion aba abɛdan amumɔyɛsɛm afi Yakob ho.”—ROMAFO 11:26.
1. (a) Ɛdefa Romafo 11:26 ho no, nsemmisa bɛn na ɛsɔre? (b) Dɛn nti na ɛnyɛ Israel Kwasafoman no ne Israel a ‘ebenya nkwa’ no?
ƆMAN bɛn na wɔreka ho asɛm wɔ ha yi? Ɔkwan bɛn so na wogye no nkwa? Na ɔkwan bɛn so na ne nkwagye no ka aman afoforo nyinaa? Wiɛ, bere a tumi a Britania wɔ wɔ Palestina so no baa awiei wɔ 1948 mu no, Yudafo gyee asase no fã wɔ abran so na wɔde Israel Kwasafoman no sii hɔ. Ɛdenam Arabfo dɔm a wodii wɔn so nkonim wɔ nnansia ɔko no mu wɔ 1967 mu so no, Israelfo no trɛw wɔn kwasafoman no ahye mu. Nanso ɛde fi bere a wɔde Israel Kwasafoman no sii hɔ no, ayɛ nea akɔ so atra ase denam akodi so. Sɛ́ ɛyɛ nea nnɛyi Israel wɔ nuklea atopae a wɔaboaboa ano a wɔde bɛkora wɔn man no so anaasɛ wonni bi no, ɛyɛ nea ɛmfa ne ho nto ‘ogyefo a ofi Sion’ biara so. Ɛdɛn, amammui man foforo yi ne Amanaman mufo aman ahorow ka Amanaman Nkabom no ho! Ɛda adi sɛ kwasafoman yi nyɛ teokrase de, sɛnea Israel man no bɛyɛe wɔ Mose bere so wɔ 1513 A.Y.B. mu no.
2. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔde Israel Kwasafoman no sii hɔ no yɛ soronko wɔ Yudafo a wɔsan de wɔn baa wɔn asase so wɔ 537 A.Y.B. mu no ho?
2 Austria ne Israelni Theodor Herzl a ɔhyehyɛɛ Zionist World Organization (Sionfo Wiase Ahyehyɛde) no wɔ 1897 mu no kae sɛ na Yudafo no yɛ ɔman na enti ɛsɛ sɛ woyi asase to hɔ na wɔde kyekye Yudafo man. Nanso wɔ nea akɔ so a ɛfa Israel Kwasafoman no ho nyinaa mu no, biribiara nni hɔ a ɛne Yudafo a wɔsan de wɔn baa wɔn asase so wɔ 537 A.Y.B. mu a na ɛyɛ Persia ɔhempɔn Kores Ɔkɛsɛe afe a edi kan no hyia. Ba a wɔsan de wɔn bae wɔ tete mmere no mu no maa Israel Nyankopɔn, Yehowa, atirimpɔw a wada no adi no baa mu, sɛnea wɔka too hɔ wɔ Yesaia 45:1-5 no. (2 Beresosɛm 36:22, 23; Esra 1:1-4) Nanso bere a wɔde Israel, Kwasafoman no resi hɔ no, yɛanhu asomdwoe kwan biara a wɔfaa so a na wɔwɔ tete Israel Nyankopɔn no mu gyidi kɛse. Enti wɔrentumi nkyerɛ eyi ase sɛ ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow no mmamu; na saa ara na ɛnyɛ nea edi adanse sɛ Yudafo Mesia no ba no abɛn.
3. Bere bi mu no na Amanaman Ntam Bible Asuafo no te “Israel nyinaa” a ebenya nkwa no ase dɛn, nanso dɛn na ɛbae a ɛfa eyi ho wɔ 1932 mu?
3 Ɛde rebedu afe 1929 mu no na Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no mufo susuw sɛ Yudafo ankasa no da so ara yɛ nnipa a Onyankopɔn apaw wɔn, ne sɛ ɔbɛsan aboaboa wɔn ano akɔ Palestina wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, ne sɛ ɛhɔ na wɔbɛdan wɔn aba Yesu nkyɛn sɛ Abraham Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no, ne sɛ saa bere no na wɔbɛyɛ asase so ɔman a edi kan a wɔde behyira adesamma nyinaa no. Nanso wɔ 1932 mu no ɛbɛdaa adi sɛ eyi yɛ Bible nkɔmhyɛ mu ntease a ɛnteɛ, a asɛm a ɛwɔ Romafo 11:26 a ɛfa “Israel nyinaa” a ebenya nkwa ho no ka ho.—Hwɛ Thy Kingdom Come nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no tintimii wɔ 1891 mu no Adesua VIII.
Henanom Na Wɔbom Yɛ “Israel Nyinaa” No?
4. Tebea horow bɛn na ɛkyerɛ nnɛ sɛ ɛnyɛ Israel Kwasafoman no ne “Onyankopɔn Israel” no?
4 Nea Yudani ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw Romafo 11:26 frɛɛ no “Israel nyinaa” no, ɔfrɛɛ no “Nyankopɔn Israel” nso wɔ Galatifo 6:16. Nanso sɛ ɛnyɛ Yudafo a wɔwɔ Israel Kwasafoman no mu ne wɔn a wɔwɔ wiase nyinaa no na wɔka bom yɛ “Israel nyinaa” no a, ɛnde henanom ne emufo? Asemmisa yi yɛ nea ɛho hia, efisɛ honam fam Yudafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nnim Israel mmusuakuw 12 no mu nea wofi mu. Wɔwɔ akyerɛkyerɛfo ahorow nanso wonni asɔfokuw, wonni ɔsɔfo panyin biara wɔ asase so, wonni asɔrefi biara wɔ Yerusalem na wonni afɔremuka biara wɔ hɔ a wɔbɛbɔ so afɔre sɛnea Mmara, a Onyankopɔn nam Mose so de maa wɔn no kyerɛ no. Eyinom nyinaa ayɛ nea enni hɔ fi bere a Romafo sɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no. Adanse biara nso nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn a wɔapow ne din no ne wɔn da so ara wɔ hɔ sɛ ɔman. Nanso, Yehowa Nyankopɔn wɔ Israel wɔ asase so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu mpo. Enti henanom ne emufo?
5, 6. Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ sɛ́ wɔbɛyɛ “Onyankopɔn Israel” no nyɛ nea egyina awo anaa honam fam tebea horow so?
5 Honam fam Yudani Saul a ofi Tarso a onyaa hokwan bɛyɛɛ Kristoni ɔsomafo Paulo no de mmuae a ɛma akomatɔyam ma. Bɛyɛ afe 56 Y.B. mu no, ɔde krataa tenteenten bi kɔmaa “Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no.” (Romafo 1:1, 7) Wɔ saa krataa no mu no, Paulo kyerɛɛ wɔn a Onyankopɔn bu wɔn sɛ nokware Israelfo no—ɛnyɛ Israelfo wɔ honam fam na mmom wɔ honhom mu. Paulo kyerɛwee sɛ:
6 “Ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa ne Israel, nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti, wɔn nyinaa yɛ mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo. Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo. . . . Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma ano te sɛ mpoano anhwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa; efisɛ [Yehowa] bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa. Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ asafo [Yehowa] annyaw aba amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛsɛ Gomora.”—Romafo 9:6-9, 27-29.
7, 8. Dɛn nti na wɔannya sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua a wɔaka ho asɛm wɔ Romafo ti 11 no nnubaa dodow a wɔhwehwɛ no amfi honam fam Israelfo no mu?
7 Akyiri yi, wɔ Romafo ti 11 no, Paulo de Israel man no totoo ngo dua ho a ɛfa “Onyankopɔn adamfo,” agyapanyin Abraham ho. (Yakobo 2:23) Bere a saa “adamfo” no ada osetie su adi akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:18) Esiane sɛ honam fam Yudafo no mu pii annya wɔn tete agya Abraham gyidi no bi na wɔantie Onyankopɔn nti, wotwaa saa Yudafo a wonnye nni no fii sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua a ne ntini ne Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, no ho. Wɔde Amanaman mufo anaa wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wogye dii no sii wɔn ananmu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛnkyerɛnne kwan so dua no benya nnubaa dodow a wɔhwehwɛ no. Wɔn a wosii honam fam Israel ananmu no bɛyɛɛ “Abraham asefo” sɛ wɔn a wɔabɛyɛ Israelfo, anaa Israel denam abagye wɔ Onyankopɔn, Nea ɔyɛ kɛse sen Abraham, no fam no so. (Galatifo 3:26-29) Wɔbɛyɛɛ Israelfo wɔ honhom mu, kyerɛ sɛ, honhom mu Israelfo. Enti na Paulo kɔɔ so kae sɛ:
8 “Anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo; ɛne sɛ komapirim aba Israel afãafã mu de kosi sɛ amanaman bewie mayɛ; na ɛno ansa na Israel nyinaa benya nkwa, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ogyefo no befi Sion aba abɛdan amumɔyɛsɛm afi Yakob ho. Na apam a me ne wɔn bɛpam bere a meyi wɔn bɔne makɔ no ni.”—Romafo 11:25-27.
9. Ɛwom sɛ “amanaman mmere a wɔahyɛ” no baa awiei wɔ 1914 mu de, nanso Israel Kwasafoman no gyinabea ne dɛn wɔ apam foforo no Ntamgyinafo no ho?
9 Yehu sɛ Paulo nka sɛ ‘kosi sɛ amanaman mmere no bewie mayɛ.’ Mmom no, ɔka sɛ, “kosi sɛ amanaman bewie mayɛ,” anaasɛ “kosi sɛ nnipa a wofi amanaman mu no dodow bewie mayɛ.” Amanaman Mmere, anaa “amanaman mmere a wɔahyɛ” no baa awiei wɔ 1914 mu, afe a Wiase Ko I pae gui no. (Luka 21:24, Authorized Version) Nanso, nnɛ, wɔ mfe 70 akyi no, Israel Kwasafoman no ne honam fam Yudafo a wɔwɔ asase so nyinaa no nka sɛ wɔwɔ apam foforo a Yehowa kae sɛ ɔne Israel fi bɛyɛ no mu. (Yeremia 31:31-34) Bɛboro mfeha 19 a atwam ni, wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu, wɔ Yudafo Twam anadwo no, nea na ɔrebɛyɛ saa apam no Ntamgyinafo no de kuruwa a bobesa wom maa n’asomafo anokwafo no na ɔkaa asɛm yi: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:20) Nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, Israel Kwasafoman no nnye Yesu Kristo ntom sɛ ɔne apam a wɔkaa ho asɛm too hɔ wɔ Yeremia nkɔmhyɛ mu no Ntamgyinafo no.
10. Honam fam Yudafo a wogye dii sɛ́ Abraham “asefo” a wobehyira adesamma nyinaa no dodow te dɛn, na dɛn na ɛde bae?
10 Sɛnea Israelfo no kyerɛ no, “ogyefo no” mfii Sion mmae ɛ. (Yesaia 59:20; Romafo 11:26) Nanso wɔ Pentekoste da, afe 33 Y.B. mu no, tete Israel nkaefo bi gyee Yesu toom sɛ Mesia. Afei saa nkaefo no fii ase nyaa honhom kronkron a wɔahyɛ ho bɔ no na wɔde wɔn baa apam foforo a wɔaka ho asɛm ato hɔ no mu. Nanso na nkaefo no nyɛ wɔn a wɔdɔɔso a wɔbɛbom ama Kristo honhom mu “ayeforo” no mufo dodow a ɛyɛ nnipa 144,000 no aso. (Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-3; 21:9) Enti honam fam Israelfo a wɔdɔɔso sɛnea ɛsɛ ammɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua no fã a ne ntini wɔ Abraham Kɛse no mu a ɔno na ɔhyɛɛ bɔ sɛ tete agyapanyin no “asefo” de nhyira bɛbrɛ asase so mmusua nyinaa, Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo no.
11, 12. “Israel nyinaa” no kyerɛ Israel bɛn, na ɔkwan bɛn so na wubetumi afi Kyerɛwsɛm mu akyerɛ eyi?
11 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na na “Israel nyinaa benya nkwa” denam “ogyefo” a wɔahyɛ ne ho bɔ no so? Yɛsrɛ wo, hyɛ no nsow sɛ Paulo kyerɛw ne krataa no kɔmaa Romafo no bɛyɛ 56 Y.B. mu, bere a na wakyerɛw Galatifo no (bɛyɛ 50-52 Y.B. mu) akyi. Enti, ɔkyerɛw Romafo 11:25-27 bere a wakyerɛw ne nsɛm a ɛwɔ Galatifo 6:16 a ɛfa “Nyankopɔn Israel” ho no akyi. Saa Israel no ne nea wɔne no yɛɛ apam foforo a ɛnyɛ denam odiyifo Mose so na mmom Yesu Kristo so no. Ná Yesu yɛ Ntamgyinafo ma Kristofo Israel, honhom mu Israel, a wɔwoo no sɛ ɔman Pentekoste da, afe 33 Y.B. mu, bere a wohwiee honhom kronkron guu Yudafo a wogyee Yesu Kristo toom sɛ apam foforo no Ntamgyinafo no so no.
12 Nea na ɔwɔ hɔ bi saa bere no ne Yudani ɔsomafo Petro. Akyiri yi, ɔkyerɛw kɔmaa wɔn a “wɔapaw wɔn, sɛnea agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no” na ɔkae sɛ: “Moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, . . . mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man.” (1 Petro 1:1, 2; 2:9, 10) Eyi si nokwasɛm no so dua sɛ Israel “nyinaa” a ‘ebenya nkwa’ no nyɛ nnɛyi Israelfo kwasafoman no anaa honam fam Israelfo a wɔahwete wiase nyinaa no. Ná “Israel nyinaa” a ɛsɛ sɛ ‘wogye no nkwa’ no ne honhom mu Israel a wɔwoo no Pentekoste, afe 33 Y.B. mu a na wɔde Onyankopɔn honhom rewo wɔn saa bere no. Ná ɛyɛ “Nyankopɔn Israel” yi nti na na ɛsɛ sɛ Ogyefo a wɔahyɛ ne ho bɔ no ba no.
13. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Ogyefo a wɔahyɛ ne ho bɔ no fii Sion bae? (b) Bere tiaa bi akyi no, henanom na wɔbɛkaa “Nyankopɔn Israel” no mufo ho?
13 Yehowa, Ogyefo kɛse no bae wɔ Pentekoste, afe 33 Y.B. mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Yesu a ɔde no dii dwuma ma ohwiee honhom kronkron guu asuafo bɛyɛ 120 so wɔ abansoro bi so wɔ ɔman no ahenkurow Yerusalem mu no so. Enti saa asuafo no bɛyɛɛ “Nyankopɔn Israel” no mufo a wodi kan a wɔawo wɔn akɔ honhom mu asetra mu a wɔwɔ daa nkwa ho anidaso wɔ honhom atrae wɔ soro. Awiei koraa no wɔn a wɔde wɔn bɛkaa honhom mu Israel yi ho ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wogyee Ogyefo, a wɔahyɛ ne ho bɔ no dii. Eyi yɛ bere bɛn? Bere a Samariafo nyaa adwensakra no—ne akyiri yi Amanaman mufo ankasa, bere a Roma asraafo ha so panyin Kornelio ne n’abusua ne ne nnamfo nyaa adwensakra wɔ 36 Y.B. mu no—Yehowa, Abraham Kɛse no gyee gyidifo a wɔnyɛ Yudafo yi nyinaa yɛɛ mma na ɔde wɔn baa ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, a ɔyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua no dutan no mu. Enti na wɔn a wɔnyɛ Yudafo yi betumi asi Yudafo a wonni gyidi a wotwaa wɔn fii saa ngo dua a ɛwɔ “nnubaa” 144,000 no ho no ananmu.—Asomafo no Nnwuma, ti 10; 15:14-21.
Wɔawie Wɔn A Wɔde Wɔn Hyem Ho Adwuma No Afei
14. Ebedu mprempren yi no, adanse pa wɔ hɔ a ɛkyerɛ dɛn wɔ “Israel nyinaa” no ho?
14 Mfirihyia apem ahankron ne aduanan awotwe atwam fi bere a saa adeyɛ kɛse no kɔɔ so wɔ 36 Y.B. mu no. Nyansam no, ɛnde ebedu mprempren de, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn adwuma a ɛne “Israel nyinaa” a wobegye no no yɛ nea wawie wɔ ɔkwan a ɛso so. Ná ɛno yɛ bere a ɛware sen bere a Yudafo nkutoo de nyaa ɔsoro dom fi 1513 A.Y.B., wɔ Mose nna no mu, besi 36 Y.B. mu bere a momonotofo a wɔnyɛ Israelfo, anaa Amanaman mufo a wodi kan nyaa adwensakra no. Akyinnye biara nni ho sɛ bere tenten yi ma wonyaa bere a ɛsɛ a wɔde begye “Israel nyinaa,” sɛnea emufo dodow a ɛsɛ a wobenya no te. Eyi ho adanse pa wɔ hɔ mprempren.
15. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “wiase awiei” ho “sɛnkyerɛnne” no mu no, ɔkwan bɛn so na ɔkae sɛ wɔbɛboaboa “wɔn a wɔapaw wɔn” no ano?
15 Yesu Kristo kaa saa bere no ho asɛm bere a ɔde nkɔmhyɛ a ɛfa ne “ba” wɔ honhom mu a aniwa nhu ne “wiase awiei” ho mae no, na ɔkae sɛ: “Ɛno na onipa ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa bosu, na wobehu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu. Na ɔbɛsoma n’abɔfo ma wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔ ano.” (Mateo 24:3, 30, 31) Bere bɛn na Yesu Kristo “ba” no fii ase?
16, 17. Bere bɛn na Yesu Kristo “ba” no fii ase, na nsɛm bɛn na esisii wɔ ɛno akyi a ɛfa “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔaboaboa wɔn ano no ho?
16 Yesu “ba” no fii ase bere a Amanaman no “mmere nson” no baa awiei wɔ 1914 mu no. (Daniel 4:23-36) Saa bere no Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no de n’ani sii tumi a obedi wɔ asase a na ɔko ama ayɛ pasaa no so no so. Abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow da no adi sɛ ɔko no akyi wɔ afe 1919 mu no, Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no somaa ɔsoro abɔfo ma wɔbɛboaboaa “wɔn a wɔapaw wɔn” no ano fii asase no afã horow nyinaa. Wɔ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no akwankyerɛ ase no, wɔboaboaa wɔn ano baa wiase nyinaa biakoyɛ bi mu, na wɔde wɔn ahoɔden abom, efi saa bere no, de adi Yesu nkɔmhyɛ kwan so akwankyerɛ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo 24:14 no ho dwuma: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”
17 Wɔ nhyiam kɛse a Onyankopɔn nkurɔfo yɛe wɔ 1931 mu no ase no, wɔde biakoyɛ gyee din foforo toom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfrɛ wɔn sɛ Yehowa Adansefo. Nea edii eyi akyi bae ne Asafo no nhoma a wɔfrɛ no Jehovah a wotintimii a na ɛde Onyankopɔn din a ɛyɛ wɔn anigye kɛse sɛ wɔde bɛto wɔn so no redi dwuma no. Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa Adansefo nsa kaa saa nhoma foforo no wɔ afe 1934 mu, bere a na Nazi Sodifo, Adolf Hitler, reba abɛtɔre Adansefo no ase wɔ Europa mfinimfini no.
18. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, adeyɛ bɛn na ɛkyerɛe sɛ wɔaboaboa “wɔn a wɔapaw wɔn” no dodow no ano awie?
18 Nea edii akyi no kyerɛe sɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a “wɔapaw” wɔn” ama ɔsoro Ahenni no anoboaboa no aba awiei. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ wɔ afe 1935 mu no “wɔn a wɔapaw wɔn” no de wɔn ani nyinaa sii “nnipadɔm kɛse” a wonyaa wɔn ho anisoadehu wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no so. (AV) Ná henanom ne “nnipadɔm kɛse,” anaa “nnipakuw kɛse” yi? Wɔne nnipa a wɔde anuonyam ne nidi bɛma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a wobenya daa nkwa akatua wɔ paradise asase a wobetwam akɔ hɔ a wɔrenwu no so, a “ahohiahia” kɛse a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no mfa ho no. Eyinom a wɔadom wɔn yi na wɔdaa no adi sɛ wɔne Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo asase so “nguan foforo” no. Anigye mu no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔne “Israel nyinaa” nkaefo a wɔda so wɔ nkwa mu wɔ asase so no “kuw biako.”—Yohane 10:16.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛnyɛ Israel Kwasafoman no ne Israel a wɔka asɛm wɔ Romafo 11:26 no?
◻ Dɛn nti na wɔannya honam fam Israel dodow a ɛsɛ ma wɔanyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua no nnubaa?
◻ Hena ne Ogyefo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, na bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ofii Sion bae?
◻ Henanom na wɔbom yɛ “Israel nyinaa” no, na ebeduu bere bɛn na na wɔaboaboaa wɔn ano awie?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]
Wɔ 1935 mu no wohui sɛ “nguan foforo” a wɔde wɔn ho abɔ “Israel nyinaa” nkaefo no ho no ne “nnipakuw kɛse” no
[Kratafa 22 mfoni]
Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ no, no “kuruwa” no kyerɛ dɛn?
[Kratafa 24 mfoni]
Atiefo a wɔdɔɔso yiye a wɔwɔ 1935 nhyiam no ase wɔ Washington, D.C.