Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 1/1 kr. 25-31
  • Gyina Yehowa Ahyehyɛde No So Hyehyɛ Wo Daakye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyina Yehowa Ahyehyɛde No So Hyehyɛ Wo Daakye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyehyɛe Dedaw Yi Nni Daakye Biara!
  • Hyehyɛ Wo Daakye Nyansam
  • Botae Horow Bi A Eye
  • Hyehyɛ A Daakye A Ahotɔ Wom
  • Yehowa Ahyehyɛde no Rekɔ N’anim​—Wo ne no Rebɔ Anan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ma Yehowa Da no Ntra W’adwenem Yiye
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Onyankopɔn Israel Anosɔw
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Wogye Wɔn Nkwa Twa Ahohiahia Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 1/1 kr. 25-31

Gyina Yehowa Ahyehyɛde No So Hyehyɛ Wo Daakye

“Suro Yehowa daa nyinaa. Efisɛ ɛno mu na wubenya daakye, na wɔrentwa nea w’ani da so nkyene.”​—MMEBUSƐM 23:17, 18, New New Translation.

1, 2. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, dɛn na ɔsomafo Yohane hui wɔ ɛrekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei mu hɔ?

YEHOWA da nea ɛbɛba daakye adi kyerɛ ne nkurɔfo na eyi ma wɔyɛ ade nyansam. (Yesaia 42:9) Sɛ nhwɛso no, ɛrekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei mu hɔ no, Onyankopɔn maa ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakora no nyaa anisoadehu bi a ɛfa daakye a ɛma wonya anidaso ho. Hwɛ yɛn ani ara a ebetumi agye sɛ Yohane dii “nea ohui nyinaa” ho adanse na wɔakyerɛw ato ‘hɔ wɔ Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no mu!​—Adiyisɛm 1:1, 2.

2 Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, Yohane huu “abɔfo baanan” a wokurakura “mframa” a ɛde “ahohiahia kɛse” bɛba no mu. Bere tenten ahe na wɔbɛma abɔfo no asiw ɔsɛe mframa no ano? Ɔbɔfo foforo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde agyirae besisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma so.”​—Adiyisɛm 7:1-3, 14; Mateo 24:21, 22.

3. Ansa na “mframa” a wobegyaa mu no de ɔsɛe bɛba Satan ahyehyɛde no so no, dɛn na ɛbɛkɔ so ansa, na ɛdenam dɛn so?

3 “Mframa” no a wobegyaa mu de ɔsɛe bɛba Satan ɔbonsam asase so ahyehyɛde no so na ayɛ no pasaa. (Fa toto Yeremia 25:32, 33 ho.) Nanso ansa na ɛno bɛba no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔne Yesu Kristo bedi hene wɔ soro no nkaefo no agyirae. Wɔnam Onyankopɔn honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi, a ɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no soro adedi no ho sɛnkyerɛnne no so na wɔhyɛ “yɛn Nyankopɔn nkoa moma so” agyirae (2 Korintofo 1:21, 22; Efesofo 1:12-14) Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka wɔ “nna a edi akyiri” no mu ma wowie “wɔn a wɔapaw” yi anoboaboa no.​—Mika 4:1; Mateo 24:14, 31.

4. “Yɛn Nyankopɔn nkoa” baahe na wɔbɛhyɛ wɔn agyirae akosi daa, na ɔkwan bɛn so na wubetumi afi Kyerɛwnsɛm mu akyerɛ sɛ eyi te saa?

4 “Yɛn Nyankopɔn nkoa” baahe na wɔbɛhyɛ wɔn agyirae akosi daa? Yohane a na ɔyɛ wɔn mu biako no bɔɔ amanneɛ wɔ nokwarem sɛ: “Metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: mpem ɔha aduanan anan.” Eyinom na wɔka bom yɛ “Onyankopɔn Israel,” honhom mu Israel a wɔyɛ mmusuakuw 12 a 12,000 wɔ emu biara mu no. (Adiyisɛm 7:4-8; Galatifo 6:16) Ahyehyɛde bɛn ara ni! Wɔ Ɔhene Yesu Kristo ase no, 144,000 no bɛyɛ “ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.”​—Adiyisɛm 5:10; 14:1-4.

5. (a) Henanom na wɔde wɔn ho abɔ honhom mu Israel nkaefo no ho mprempren? (b) Wɔn a wosuro Yehowa nyinaa ka bom yɛ dɛn, na sɛnea Mmebusɛm 23:17, 18 kyerɛ no, dɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn?

5 Bere a ɔsomafo Yohane ahu honhom mu Israel akyi no, ohuu “nnipakuw kɛse” a na onhu nnipa ko a wɔyɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” Wɔn a wɔka bom yɛ “nnipakuw kɛse” no ne Ahenni no mma a wɔwɔ asase so no, na wɔka too hɔ sɛ “oguammaa,” Yesu Kristo, ‘de wɔn bɛkɔ nkwa asuti ho’​—yiw, daa nkwa mu wɔ paradise asase so. (Adiyisɛm 7:9, 14, 17; Luka 23:43) Mprempren saa “nguan foforo” yi ne Ahenni adedifo nkaefo no aka abom ayɛ “kuw biako,” na wɔn a wosuro Yehowa yi nyinaa na wɔka bom yɛ Onyankopɔn asase so ahyehyɛde no. (Yohane 10:16) Ɛdenam nokware a wɔbɛkɔ so adi no so no, wobenya daakye a nhyira wom, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Suro Yehowa daa nyinaa. Efisɛ ɛno mu na wubenya daakye, na wɔrentwa nea w’ani da so nkyene.”​—Mmebusɛm 28:17, 18, NW.

Nhyehyɛe Dedaw Yi Nni Daakye Biara!

6. Ɛhe na yɛadu mprempren wɔ mmere no mu?

6 Yɛadu akyiri mprempren wɔ nneɛma nhyeyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Wiase nsɛm a asisi ne Bible mmerebu da nokwasɛm no adi sɛ Yesu Kristo fii ase dii tumi wɔ soro wɔ 1914 twa bere mu. (Dwom 110:1, 2) Da biara, nsɛm ho amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ Yesu “ba a waba” ne nhyehyɛe yi awiei ho “sɛnkyerɛnne” no yɛ nea ada adi. (Mateo, ti 24, 25, NW) Ampa, “awo ntoatoaso” a na ɛwɔ hɔ bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 mu no rekɔ anim kɛse wɔ mfe mu. Nanso Yesu asɛm no kyerɛ sɛ ‘ɛrentwam’ ansa na “ahohiahia kɛse” no ama adesamma amumɔyɛfo wiase yi a ‘ɛda ɔbɔne,’ Satan ɔbonsam tumi mu no aba awiei. Bere bɛn na ɛno bɛba? Ɛrenkyɛ, efisɛ afe a ɛto so 71 ni a Ahenni no dii tumi!​—Mateo 24:21, 34; 1 Yohane 5:19.

7. (a) Dɛn na ebesi wɔ “ahohiahia kɛse” no mfiase? (b) Dɛn na ebesi bere a wɔasɛe atoro som no akyi bere tiaa bi?

7 “Ahohiahia kɛse” no befi ase mpofirim. (Mateo 24:36-44) Nea ɛde befi ase ne ɔsɛe a ɛbɛba “Babilon Kɛse,” wiase atoro som ahemman no so no. Ɔsɛe a ɛbɛba Satan nhyehyɛe no fã titiriw yi so no bɛka amammui ne aguadi nhyehyɛe a ɛwom no. Wɔ eyi mu no, ɔsomafo Yohane daa no adi sɛ “asase so ahene” besu no sɛ: “Due, due, kurow kɛse Babilon, kurow ‘a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.” Na aguadi nhyehyɛe no nso ɛ? Yohane de ka ho sɛ: “Asase so aguadifo besu no na wɔadi no ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio.” (Adiyisɛm 18:1-19) Bere a wɔasɛe atoro som akyi bere tiaa bi no, Yesu Kristo bɛma ne soro dɔm no asɛe nhyehyɛe bɔne yi fã a aka no. Ɛbɛsɛe wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu.​—Adiyisɛm 16:14-16; 19:11-21.

8. Ahyehyɛde bɛn nkutoo na ɛwɔ daakye a ɛtra hɔ daa, na dɛn nti na eyi te saa?

8 Dɛn na eyi kyerɛ ma wɔn a wɔwɔ Yehowa ho osuro pa no? Ɛdɛn, ɛkyerɛ sɛ daakye biara nni hɔ mma wiase a ɛwɔ Satan tumi ase yi! Bere a ɛwɔ no reyɛ asa! Enti, Yehowa ahyehyɛde no nkutoo ne nea ɛsɛ sɛ yegyina so hyehyɛ daakye a ɛwɔ hɔ daa.

9. (a) Esiane nea ɛda yɛn anim no nti, nsɛm bɛn na wobetumi abisa ama afata? (b) Afotu a ɛyɛ ne bere mu de bɛn na wohu wɔ 1 Timoteo 6:17-19?

9 Ɛnde, esiane nea ɛda yɛn anim no nti, so yɛbɛkyerɛ gyidi, anaasɛ mpo adwempa, sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyehyɛ daakye a ahotɔ wom wɔ nhyehyɛe a ɛrebɛsɛe yi fã bi mu? Sɛ nhwɛso no, wiase ahyehyɛde anaa adwumayɛkuw bɛn na wubetumi agyina so ahyehyɛ daakye a ɛwɔ hɔ daa a ɔhaw biara nni ho? Ebi nni hɔ! Enti so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛma nea yedi ne nea yɛde kata yɛn ho no ara adɔɔ yɛn so bere a yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu no? (Mateo 6:33; 1 Timoteo 6:7-12; 2 Timoteo 2:4) Nea ɛyɛ ne bere mu de mprempren titiriw ne ɔsomafo Paulo afotu no: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ, na wɔmfa nhyehyɛ ase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.”​—1 Timoteo 6:17-19.

Hyehyɛ Wo Daakye Nyansam

10. Esiane sɛ “ahohiahia kɛse” no wɔ yɛn anim pɛɛ nti, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn ahiasɛm titiriw?

10 Kari a wobekari pɛ wɔ honhom mu bɛn ara na ɛda adi wɔ ɔsomafo no asɛm no mu sɛɛ yi! Yehowa nkurɔfo hu biribi titiriw a ɛbɛma wɔanya nkwa wom. Ɛne eyi: Hu afã a ɛfata a ɛsɛ sɛ honam fam nneɛma nya, na hu sɛ ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wosi so dua ne “ahonyade a enni hɔ daa” na mmom ‘ahonya wɔ nnwuma pa fam.’ Nea ɛka ho ne ho a wɔde hyɛ Kristofo som adwuma no mu nnam so bere nyinaa. Esiane sɛ “ahohiahia kɛse” no mframa ano afi ase reboaboa dedaw nti, eyi nyɛ bere a wɔde yɛ daakye a yiyedi wom ho nhyehyɛe wɔ wiase adwumayɛkuw bi anaa nnwuma akɛse ahorow mu. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa de bɔ kɔkɔ wɔ asiane a ɛreba a wɔnhwɛ kwan no ho. Bio nso, Yesu Kristo de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛm na yɛnyɛ asuafo. Enti, ɛno na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn ahiasɛm titiriw sɛ́ Yehowa Adansefo.​—Mateo 24:14; 28:19, 20; Yesaia 43:10-12.

11. Dɛn na ɛbɛyɛ Kristofo som adwuma mu mfaso horow a ɛtra hɔ daa no bi?

11 Nnwuma ahorow pii a nnipa a wɔwɔ wiase no mu di akyi mprempren bɛba awiei koraa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Ampa, nnwuma ahorow bi wɔ hɔ a wɔbɛhyehyɛ no foforo wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mu. Nanso so wunim adwuma bi a ɛwɔ hɔ mprempren a mfaso wɔ so pii te sɛ Kristofo som adwuma no? Honhom mu nkɔso ne onyin a adwuma a Onyankopɔn de ama yi de ba no bɛyɛ nea ɛho wɔ mfaso sen biara wɔ nhyehyɛe foforo no mu. Abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne Yehowa nya wɔ ɔsom adwuma no mu bɛkɔ so akodu Nhyehyɛe Foforo no mu. Na nkɔso a wonya wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu betumi ayɛ nea ɛbɛboa ma wɔakyerɛkyerɛ ɔpepem pii a na wɔanyan wɔn saa bere no.​—Yesaia 54:13; Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:12.

12. Sɛ́ Yehowa asomfo no, akwanhwɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn na yɛwɔ, nanso dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ?

12 Sɛ nea ehia yɛn titiriw mprempren ne sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani na yɛayɛ n’apɛde a, ɛnde yɛwɔ akwanhwɛ ahorow a ɛyɛ anigye ampa. (Dwom 40:8; Romafo 12:1, 2) Nokwarem, sɛ ‘yesuro Yehowa a, ɛnde daakye bi wɔ hɔ ma yɛn na wɔrentwa nea yɛn ani da so no nkyene.’ (Mmebusɛm 23:17, 18) Sɛ yɛkɔ so nantew “nkwa kwan” no so wɔ Onyankopɔn ho suro mu a, yebenya daa nkwa. (Dwom 16:11) Nanso, bere a yɛreyɛ saa no, ɛho hia sɛ yɛde teokrase botae horow a eye sisi yɛn anim na yedu ho.

Botae Horow Bi A Eye

13. (a) Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔakɔ so ama Yehowa som so? (b) Wɔ ɔkwan bi so no, botae horow a mpem ɔhaha pii adu ho no bi ne nea ɛwɔ he?

13 Afei ara na ebinom afi ase reforo “[Yehowa] ofi bepɔw no.” Efi 1914-18 ɔko mfe no so no, wɔakɔ so ama Yehowa a na bere bi mu no n’asɔredan anaa ne “fi” si bepɔw so wɔ Yerusalem no som so. Wɔde ‘atim hɔ ataa mmepɔw’ a wɔasisi atoro anyame asɔrefi wɔ so no “atifi.” Enti Yehowa som yɛ nea “wɔama so asen nkoko nyinaa.” Yehowa som a wɔama so no mu na nnipakuw pii resen yuu aba. (Mika 4:1-4; Yesaia 2:2-4) Bere a wɔanya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a edi mu akyi no, wɔsakra wɔn adwene, wɔdan wɔn ho, wohyira wɔn ho so ma Yehowa wɔ mpaebɔ mu na wɔde nsu mu asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. (Yohane 17:3; Asomafo no Nnwuma 2:38; 3:19) Wɔ ɔkwan bi so no, eyinom yɛ botae horow a nnipa mpem ɔhaha pii a wofi aman nyinaa mu redu ho a wɔ ɛno akyi no wɔsom Yehowa nokwarem sɛ n’asase so ahyehyɛde no mufo. Hwɛ wɔn ani ara a agye sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ nokware Nyankopɔn koro no som a wɔama so no mu! Na wo nso ɛ? So woayɛ nneɛma ahorow yi?

14. Bere a yɛafi ase resom Yehowa akyi mpo no, ɛsɛ sɛ yɛpere kɔ dɛn mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

14 Bere a yɛafi ase ne Yehowa nkurɔfo resom no akyi mpo no, ɛho hia sɛ yɛma yɛn kɔn dɔ honhom mu nneɛma pa bere nyinaa. Bere a yɛasua “mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no,” ɛsɛ sɛ ‘yɛpere kɔ onyin mu’ denam honhom mu nsiesiei horow a Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so reyɛ no nyinaa a yɛde bedi dwuma no so. (Hebrifo 6:1-3; Mateo 24:45-47) Enti wubetumi abisa wo ho ma afata sɛ: So mekenkan Onyankopɔn Asɛm no daa? So meyɛ nhoma horow a wode ma denam “akoa” kuw no so no ho osuani pa?​—Hebrifo 5:11-14.

15. (a) Afotu bɛn na Paulo de mae wɔ Hebrifo 10:24, 25, nanso dɛn na ebinom yɛ? (b) Sɛ ɛsɛ sɛ wo ankasa wunya nkɔso wɔ nhyiamkɔ anaasɛ Kristofo som adwuma no mu a, dɛn na wɔhyɛ ho nyansa?

15 Afei nso ɛsɛ sɛ yetie Paulo afotu no: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Kristofo nhyiam horow a yɛbɛkɔ bere nyinaa yɛ yɛn ɔsom kronn no fã. Nanso baguam ɔkasa no nkutoo ase na ebinom ko dapɛn biara, na bere nyinaa wofi Ahenni Asa so ansa na Ɔwɛn-Aban adesua no afi ase. Afoforo ntaa nnya ɔsom Nhyiam mu kyɛfa. So abɛyɛ nea ɛnsom bo ahe biara mma wɔn esiane sɛ wɔnnyare wɔn ho kɛse wo afie afie adansedi adwuma no ne Kristofo som adwuma no afã afoforo mu nti anaa? Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ wo ankasa wunya nkɔso wɔ eyinom mu biara mu a, dɛn nti na wommɔ Yehowa mpae wo nsɛm a ɛtete sɛɛ ho na wonsrɛ sɛ ɔmmoa wo na wode wo ho ahyɛ “ɔsom kronn” afã horow no nyinaa mu bere nyinaa na wode ayɛ nhwɛso?​—Hebrifo 12:25-29.

16. (a) Teokrase botae horow a eye bɛn na wɔbɔ din wɔ ha? (b) Sɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde horow mma obi ntumi nnu botae horow yi ho mpo a, dɛn na obetumi ayɛ ara?

16 Teokrase botae afoforo a eye no bi ne nea ɛwɔ he? Nnipa a wɔn dodow rekɔ anim bere nyinaa wo ho mprempren a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo. So wubetumi atrɛw wo som adwuma no mu wɔ akwan horow a ɛte sɛɛ so? Ɛwom, sɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow mma wuntumi nnu botae horow a ɛte sɛɛ ho mpo a, wubetumi aboa bere nyinaa asɛnkafo no bere a w’ankasa woyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea wo nsɛm tebea ma kwan no. Ɛdenam ɔsom a ɛyɛ nokware na ɛde ayeyi brɛ Yehowa so no, yɛn nyinaa betumi akyerɛ sɛ ‘yɛmmfa yɛn ani nnto ahonyade a enni ho daa so na mmom yɛde to Onyankopɔn so.’ Na wɔ wɔn a wobetumi de wɔn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu fam no, eyi yɛ akwan horow a eye sen biara a wonam so ‘so nokware nkwa no mu’ no mu biako.​—1 Timoteo 6:17-19.

17. (a) Mmerante ne mmabaa titiriw betumi asusuw asom hokwan bɛn ho? (b) Anigye bɛn na Betel abusua mufo wɔ?

17 Sɛ́ wobɛsom wɔ Betel afie a ɛwɔ wiase nyinaa no biako mu nso yɛ hokwan kɛse a mmerante ne mmabaa titiriw betumi asusuw ho yiye wɔ mpaebɔ mu. Betel som adwuma ma wonya ntetee a ɛsen biara wɔ nnipa ntam abusuabɔ mu, efisɛ Betel adwumayɛfo de biakoyɛ ma Ahenni nneɛma nya nkɔso. Nimdeɛ ahorow bi a wonya wɔ Betel betumi ayɛ nea mfaso wɔ so wɔ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a wobɛyɛ wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu no mu. Ampa, esiane sɛ pii de twɛn ho hyɛ Betel adwuma mu ntɛm wɔ asetra mu nti, wonni pii wɔ honam fam. Nanso wɔma nea wodi ne nea wode kata wɔn ho no ara dɔɔ wɔn so na wonya anigye kɛse bere a wohu sɛ wɔn adwuma no ho ba afoforo pii mfaso honhom mu no.​—Ɔsɛnkafo 3:12, 13.

18. Bere nyinaa som adwuma mu a wɔde ho hyɛ betumi akyerɛ obi dɛn, na ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ eyi te saa?

18 Ho a wɔde hyɛ bere nyinaa som adwuma no afã horow mu betumi akyerɛ obi ho a ɔde to Yehowa Nyankopɔn so kɛse. Wiasefo a wɔde wɔn ho to “ahonyade a enni hɔ daa so” no taa nya adwene a ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ obi hwɛ n’ankasa ho. Nanso bere nyinaa asomfo titiriw tumi hu sɛ Yehowa yɛ nsiesiei kɛse ma wɔn a ‘wɔhwehwɛ Ahenni no ne ne trenee kan’ no. (Mateo 6:25-34) Mpempem pii a wɔde mfe pii asom sɛ akwampaefo no bedi nokwasɛm no ho adanse sɛ asetra mu nneɛma atitiriw a ɛho hia no nhiaa wɔn da. Wo ne wɔn nkasa na wubehu sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu ne odwontofo Dawid yɛ adwene, ɔno na ɔkae sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”​—Dwom 37:25.

Hyehyɛ A Daakye A Ahotɔ Wom

19, 20. (a) Esiane sɛ bere ayɛ tiaa ama nneɛma nhyehyɛe yi nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Enti ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ ade nyansam wɔ daakye ho?

19 Sɛ yɛyɛ Yehowa adansefo a wɔyɛ anokwafo a, yehu sɛ bere ayɛ tiaa ama nhyehyɛe yi. Enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade nyansam ma ɛne ɔsomafo Petro asɛm yi hyia: “Esiane sɛ nneɛma yi nyinaa bɛsɛe nti, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa ahofama nneyɛe mu, bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba no tra mo adwene mu yiye, a emu na ɔsoro bɛhyew asɛe, na ne mfitiasede hyew a ayɛ nti, ɛbɛnnan no.”​—2 Petro 3:11, 12, NW.

20 Ɔsomafo Yohane nso maa emu daa hɔ sɛ wiase yi retwam. (1 Yohane 2:15-17) Ɛrenkyɛ, nhyehyɛe dedaw yi befi hɔ. Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wosuro Onyankopɔn nyinaa de wɔn ho hyɛ ‘abrabɔ kronkron ne onyamesom pa ahofama nneyɛe mu’ mprempren ‘bere a wɔtwɛn na wɔma Yehowa da no ba tra wɔn adwene mu yiye’ no. Mma wo werɛ mfi sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no nkutoo na ebetwa nhyehyɛe a ɛresɛe yi awiei no. Enti, yɛ w’ade nyansam na yɛ daa nkwa ho nhyehyɛe denam Yehowa ahyehyɛde no so a wubegyina ahyehyɛ wo daakye no so.

Ntĩmu

◻ Wɔn a wosuro Yehowa nyinaa ka bom yɛ dɛn, na Mmebusɛm 23:17, 18 ma wonya awerɛhyem bɛn?

◻ Ahyehyɛde bɛn nkutoo no ɛwɔ daakye, na dɛn nti na wubua saa?

◻ Esiane sɛ “ahohiahia kɛse” no abɛn kɛse nti, dɛn no ɛsɛ sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo ahiasɛm titiriw?

◻ Teokrase botae horow a pii betumi adu ho no bi ne nea ɛwɔ he?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Ɛnnɛ, wɔn a wosuro Onyankopɔn nokwarem nyinaa wɔ Yesu sɛ wɔn Guanhwɛfo na wɔbom som wɔ biakoyɛ mu sɛ Yehowa asase so ahyehyɛde

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

So woregyina Yehowa ahyehyɛde no so ahyehyɛ wo daakye? Akwampae adwuma ne Betel som ka teokrase botae pa ahorow a pii adu ho no ho

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

“Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”​—1 Yohane 2:15-17.

[Kratafa 28 mfoni]

Esiane ɔsoro nhyira a ɛwɔ Ahenni asɛnka adwuma no so nti, nnipadɔm kɛse resen yuu aba Yehowa som a wɔama so no mu

February Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena