Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
“Ɔwɛn-Aban” a ɛbae November 1, 1995, no twee adwene sii nea Yesu ka faa “awo ntoatoaso yi” ho, sɛnea yɛkenkan wɔ Mateo 24:34 no so. So eyi kyerɛ sɛ adwenem naayɛ bi wɔ Onyankopɔn Ahenni no a wɔde sii hɔ 1914 wɔ soro no ho?
Nkyerɛkyerɛmu a wɔde baa saa Ɔwɛn-Aban no mu no amfa nsakrae biara amma yɛn nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛfa 1914 ho no mu. Yesu kyerɛɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛkyerɛ sɛ waba wɔ Ahenni tumi mu. Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ saa sɛnkyerɛnne yi akɔ so abam fi 1914. Yɛn nyinaa betumi aka aduankɔm, yaredɔm, asasewosow, ne adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yesu reyɛ adwuma sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene fi 1914 no ho asɛm. Eyi kyerɛ sɛ yɛatra nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu fi saa bere no.
Ɛnde, na dɛn na Ɔwɛn-Aban no rema mu ada hɔ? Wiɛ, na asɛm no ne sɛnea Yesu de “awo ntoatoaso” dii dwuma wɔ Mateo 24:34 no. Ɛhɔ kan sɛ: “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa abam ansa.” Dɛn na Yesu de asɛm “awo ntoatoaso” no kyerɛe, wɔ ne bere so ne yɛn bere so?
Kyerɛw nsɛm pii si so dua sɛ Yesu amfa asɛm “awo ntoatoaso” no annyina hɔ amma kuw ketewa anaa kuw soronko bi, te sɛ Yudafo akannifo no anaa n’asuafo anokwafo no. Mmom no, ɔde asɛm “awo ntoatoaso” no dii dwuma de buu Yudafo no nyinaa sɛ kuw no fɔ. Nanso nea ɛyɛ anigye no, na ankorankoro betumi ayɛ nea ɔsomafo Petro hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ Pentekoste da no, sɛ wɔnsakra na “wonnye wɔn mfi awo ntoatoaso kɔntɔnkye yi mu.”—Asomafo no Nnwuma. 2:40, NW.
Emu da hɔ pefee sɛ na ɛnyɛ nnipa a wɔadi mfe pɔtee bi anaa bere tenten bi ho asɛm na Petro reka, na saa ara nso na wanka sɛ “awo ntoatoaso” no yɛ bere pɔtee bi. Wanka sɛ nnipa mma wonnye wɔn mfi awo ntoatoaso a wɔwoo wɔn afe koro no ara a wɔwoo Yesu no, anaa wɔwoo wɔn afe 29 Y.B. mu. Ná Petro reka Yudafo a na wonnye nni saa bere no—ebia mmofra ne mpanyin—a wɔtee Yesu nkyerɛkyerɛ no, wohuu n’anwonwade ahorow no anaa wɔtee, nanso wɔannye no antom sɛ Mesia no, ho asɛm.
Ɛda adi sɛ eyi ne ɔkwan a Petro faa so tee sɛnea Yesu de “awo ntoatoaso” dii dwuma bere a na ɔne asomafo baasa no wɔ Ngo Bepɔw no so no ase. Sɛnea Yesu nkɔmhyɛ no kyerɛ no, na Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no—Yesu bere sofo no titiriw—behu anaa wɔbɛte akosɛm, asasewosow, aduankɔm, ne adanse foforo a na ɛbɛkyerɛ sɛ Yudafo nhyehyɛe no awiei abɛn. Nokwarem, na saa awo ntoatoaso no ntwam ansa na awiei no aba afe 70 Y.B.—Mateo 24:3-14, 34.
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛtee Yesu nsɛm no ase saa kwan no so. Ɛyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ su sɛ wɔbɛhyɛ bere pɔtee bi a awiei no bɛba. Kae sɛ asomafo no mpo pɛe sɛ wohu bere pɔtee bi, na wobisae sɛ: “Awurade, saa bere yi na wode ahenni no bɛma Israel anaa?”—Asomafo no Nnwuma 1:6; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Bere a Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no kura adwempa a ɛte saa ara no, wɔabɔ mmɔden sɛ wobegyina nea Yesu ka faa “awo ntoatoaso” ho no so abu bere pɔtee bi afi 1914. Sɛ nhwɛso no, ade biako a wɔasusuw ho ne sɛ awo ntoatoaso biara tenten bɛyɛ mfe 70 anaa 80, a wɔyɛ nnipa a wɔanyinyin sɛ wobetumi ate wiase nyinaa ko a edi kan no ne nneɛma foforo a esisii no ase; enti yebetumi abu akontaa ahu sɛnea awiei no abɛn afa.
Nanso, ɛmfa ho adwempa a na ɛwɔ nsusuwii a ɛte saa mu no, so na ɛne afotu a Yesu toaa so de mae no hyia? Yesu kae sɛ: “Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko. . . . Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.”—Mateo 24:36-42.
Enti “awo ntoatoaso yi” ho asɛm a ɛbaa Ɔwɛn-Aban mu nnansa yi no ansesa ntease a yɛwɔ wɔ nea esii 1914 mu no ho. Nanso, ɛma yɛtee sɛnea Yesu de asɛm “awo ntoatoaso” no dii dwuma no ase yiye, na ɛboaa yɛn ma yehui sɛ sɛnea ɔde dii dwuma no nyɛ nea yebetumi agyina so abu bere ho akontaa—fi 1914—de ahu sɛnea yɛabɛn awiei no afa.