Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/1 kr. 30-31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔagye Wɔn Afi “Awo Ntoatoaso Abɔnefo” Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • 1914​—Awo Ntoatoaso A Ɛrentwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/1 kr. 30-31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ 1 Petro 2:9 no, “King James Version” no frɛ Kristofo a wɔasra wɔn no “awo ntoatoaso a wɔapaw wɔn.” So ɛsɛ sɛ eyi ka adwene a yɛwɔ wɔ asɛm “awo ntoatoaso” a Yesu de dii dwuma wɔ Mateo 24:34 no?

Asɛm “awo ntoatoaso” no pue wɔ nkyerɛase ahorow bi mu wɔ saa nsɛm yi mu. Sɛnea King James Version kyerɛ no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Na moyɛ awo ntoatoaso a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wɔda nsow; sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.” Na Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.”—1 Petro 2:9; Mateo 24:34.

Wɔ asɛm a edi kan no mu no, ɔsomafo Petro de Hela asɛmfua geʹnos, na edii dwuma, na wɔ Yesu asɛm no mu no, yehu ge·ne·aʹ. Ɛte sɛ nea saa Hela nsɛmfua abien yi sɛ na wonya fii faako; nanso nsɛmfua no nyɛ ade koro, na ekura ntease soronko. New World Translation of the Holy Scriptures—With References ka wɔ 1 Petro 2:9, ase hɔ asɛm bi mu sɛ: “‘Abusua,’ Hela, geʹnos; ɛyɛ soronko wɔ ge·ne·aʹ, a ɛkyerɛ ‘awo ntoatoaso’ te sɛ nea ɛwɔ Mat. 24:34 no ho.” Ase hɔ asɛm a ɛte saa ara wɔ Mateo 24:34.

Sɛnea saa ase hɔ nsɛm no kyerɛ no, geʹnos yɛ nea wɔkyerɛ ase yiye wɔ Engiresi kasa mu sɛ “abusua,” sɛnea wɔtaa hu wɔ Engiresi nkyerɛase ahorow mu no. Wɔ 1 Petro 2:9 no, Petro de nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 61:6 no dii dwuma maa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no. Saafo yi fi aman ne mmusua pii mu, nanso bere a wɔbɛyɛ honhom mu Israel man no mufo no, nea obi fi ankasa mfa ho bio. (Romafo 10:12; Galatifo 3:28, 29; 6:16; Adiyisɛm 5:9, 10) Petro huu wɔn sɛ, wɔbɛyɛ nnipa a wɔbɛda nsow wɔ honhom fam—“abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.”

Nanso wɔ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:34, wɔ Hela nkyerɛwee mu no, yehu asɛmfua ge·ne·aʹ. Ɛyɛ nea wogye tom yiye sɛ na Yesu reka nnipa a wɔtra ase bere tenten bi mu ho asɛm, na ɛnyɛ nnipa “abusua” biara.

Bɛyɛ mfe ɔha a atwam ni no, Charles T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, maa eyi mu daa hɔ, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛwom sɛ wobetumi aka sɛ nsɛm ‘awo ntoatoaso’ ne ‘abusua’ fi asɛm biako mu anaa efi faako de, nanso ɛnyɛ ade koro; na sɛnea wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu no yɛ soronko koraa. . . . Wɔ kyerɛwtohɔ ahorow abiɛsa a ɛfa saa nkɔmhyɛ yi ho mu no, wɔkyerɛ sɛ yɛn Awurade de Hela asɛm foforo koraa (genea) a ɛnkyerɛ abusua na mmom ne ntease te sɛ Engiresi asɛmfua ma abusua, na edii dwuma. Sɛnea wɔde saa Hela asɛmfua (genea) no di dwuma wɔ akwan foforo so no di adanse sɛ wɔmfa nni dwuma mfa nkyerɛ abusua, na mmom ɛfa nnipa a wɔtra ase wɔ bere koro mu ho.”—The Day of Vengeance, nkratafa 602-3.

Nnansa yi ara, A Handbook on the Gospel of Matthew (1988), a wɔyɛ maa wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no kae sɛ: “[New International Version no] kyerɛ awo ntoatoaso yi ase sɛnea ɛte ara, nanso ɛde ase hɔ asɛm bi toa so, ‘Anaasɛ abusua.’ Na Apam Foforo ho ɔbenfo bi gye di sɛ ‘Mateo nkyerɛ awo ntoatoaso a edii Yesu akyi no, na mmom Yudafo awo ntoatoaso a wɔpow no no nyinaa.’ Nanso, yenni nsɛmfua ho adanse biara a yɛde bɛhyɛ eyi mu biara mu den, ma enti ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so sɛ ɛyɛ mmɔden a nkurɔfo bɔ sɛ wɔbɛkwati ne ntease ankasa. Sɛnea ɛte ankasa no, na ɛfa Yesu ankasa bere sofo nkutoo ho.”

Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ nkratafa 10 kosi 15 no, Yesu buu ne bere so Yudafo awo ntoatoaso no, ne bere sofo a wɔpow no no, fɔ. (Luka 9:41; 11:32; 17:25) Nsɛm a ɔde dii dwuma maa saa awo ntoatoaso no ne “abɔnefo ne awaresɛefo” ‘wɔn a wonni gyidi na wɔakɔntɔn,’ ne “awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo.” (Mateo 12:39; 17:17; Marko 8:38) Bere a Yesu de asɛm “awo ntoatoaso” dii dwuma nea etwa to no, na ɔne asomafo baanan na ɛwɔ Ngo Bepɔw no so. (Marko 13:3) Akyinnye biara nni ho sɛ na mmarima a wonnya mfaa honhom nsraa wɔn, na wɔnyɛ Kristofo asafo no fã no, nyɛ nnipa “awo ntoatoaso” anaa abusua biara. Ɛwom, na wɔte asɛm “awo ntoatoaso” a Yesu de dii dwuma bere a na ɔreka ne bere sofo ho asɛm no ase. Enti na ɛyɛ nea ntease wom sɛ wɔbɛte nea na ɛwɔ Yesu adwene mu bere a ɔkaa “awo ntoatoaso yi” ho asɛm nea etwa to no ase.a Ɔsomafo Petro, a na ɔwɔ hɔ saa bere no, hyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ: “Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu.”—Asomafo no Nnwuma 2:40.

Mpɛn pii na yɛatintim adanse a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm wɔ saa ɔkasa koro yi ara mu (te sɛ, akokoakoko, asasewosow ahorow, ne aduankɔm) nyaa ne mmamu fi bere a ɔhyɛɛ saa nkɔm no kosi Yerusalem sɛe so wɔ 70 Y.B. Pii nyaa mmamu nanso ɛnyɛ ne nyinaa. Sɛ nhwɛso no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ “onipa Ba no sɛnkyerɛnne” no daa adi bere a Romafo to hyɛɛ Yerusalem so (66-70 Y.B.) no akyi, maa “asase so mmusuakuw nyinaa” bɔɔ abubuw no. (Mateo 24:30) Ne saa nti, na mmamu a enyae fi 33 Y.B. kosi 70 Y.B. no bɛyɛ mfiase ara kwa, na ɛnyɛ mmamu foforo a na ebenya wɔ ɔkwan kɛse so a na Yesu rekyerɛ no.

G. A. Williamson kyerɛwee wɔ Josephus nhoma The Jewish War a ɔkyerɛɛ ase no nnianim asɛm mu sɛ: “Mateo ka kyerɛ yɛn sɛ, asuafo no bisaa [Yesu] nsɛm abien—nea ɛfa Asɔrefi no sɛe ho ne nea ɛfa Ɔno ankasa ba a etwa to ho—na Ɔde mmuae abien na ɛmaa wɔn, ne fã a edi kan ne nea ɛkaa nneɛma a Josephus kyerɛkyerɛɛ mu yiye ho asɛm kɔɔ akyiri no.”

Yiw, wɔ ne mmamu a edi kan mu no, “awo ntoatoaso yi” kyerɛ nea na ɛkyerɛ bere nyinaa no—Yudafo a wonnye nni awo ntoatoaso a wɔtraa ase bere koro. Ná saa “awo ntoatoaso” no rentwam a wonhu nea Yesu kaa ho asɛm siei no. Sɛnea Williamson kaa ho asɛm no, enyaa ne mmamu wɔ mfe a edii Yerusalem sɛe anim no mu, sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ohui no kyerɛkyerɛɛ mu no.

Wɔ ne mmamu kɛse anaa nea ɛto so abien mu no, ntease wom sɛ “awo ntoatoaso yi” bɛyɛ nnipa a wɔtra ase wɔ bere koro mu. Sɛnea asɛm a efi ase wɔ kratafa 16 no kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ na Yesu reka mfe pɔtee bi a ɛbɛyɛ “awo ntoatoaso” biako ho asɛm.

Nea ɛne no bɔ abira no, nneɛma titiriw abien na wobetumi aka wɔ bere tenten a “awo ntoatoaso” biara di ho. (1) Wɔrentumi mmu nnipa awo ntoatoaso sɛ ɛyɛ mfe dodow pɔtee bi, te sɛ mmere a wɔkyerɛ ne tenten pɔtee (mfe du anaa afeha). (2) Sɛ wɔyɛ ntotoho a, awo ntoatoaso mu nnipa tra ase bere tiaa bi, ɛnyɛ nea ɛkyɛ.

Enti, bere a asomafo no tee sɛ Yesu reka “awo ntoatoaso yi” ho asɛm no, dɛn na na wobesusuw? Bere a nea asi ho adanse ama yɛahu sɛ Yerusalem sɛe wɔ “ahohiahia kɛse” no mu bae mfe 37 akyi no, na asomafo a woretie Yesu no ntumi nhu eyi. Mmom no, adwene a na “awo ntoatoaso” a ɔkaa ho asɛm no betumi ama wɔanya ne nnipa a ntotoho kwan so na wɔtra ase wɔ bere tiaa mu, na ɛnyɛ bere tenteenten. Ɛte saa wɔ yɛn fam pɛpɛɛpɛ. Ɛnde, hwɛ fata ara a Yesu nsɛm a ɛtoa so yi fata: “Da no ne dɔn ko de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko. . . . Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.”—Mateo 24:36, 44.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ asɛm “awo ntoatoaso yi” mu no, houʹtos a ɛyɛ edinnsiananmu a wɔde kyerɛ biribi no ne Twi asɛmfua “eyi” no hyia. Ebetumi akyerɛ biribi a ɛrekɔ so anaa esii ansa na ɔkasafo no reba. Nanso ebetumi akyerɛ nneɛma foforo nso. Exegetical Dictionary of the New Testament (1991) ka sɛ: “Asɛmfua [houʹtos] kyerɛ asɛm a asi foforo. Enti [aion houʹtos] yɛ ‘wiase a ɛwɔ hɔ mprempren yi’ . . . na [geneaʹ haute] kyerɛ ‘awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ mprempren yi’ (nhwɛso, Mat. 12:41 ase hɔ asɛm, 45; 24:34).” Ɔbenfo George B. Winer kyerɛw sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a edinnsiananmu [houʹtos] no mfa biribi a ɛbɛn pɛɛ ho na mmom nea ɛwɔ akyiri, a sɛ́ asɛmti titiriw no, nea ɛba adwene mu ntɛm sen biara, nea ɔkyerɛwfo no adwene kɔ so ntɛm sen biara.”—A Grammar of the Idiom of the New Testament, nea ɛto so 7, 1897.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena