1914—Awo Ntoatoaso A Ɛrentwam
YESU kae sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) Nanso nsɛmfua “awo ntoatoaso” no kyerɛ dɛn?
Wɔ ne nhoma The Generation of 1914 no mu no, abakɔsɛm mu ɔbenfo Robert Wohl de nkyerɛkyerɛmu soronko ma bere a ɔka sɛ: “Wɔnkyerɛkyerɛ abakɔsɛm mu awo ntoatoaso ase denam ne mmerebu anaa faako a ekodu no so. Ɛnyɛ mmere pɔtee bi . . . Ɛte sɛ biribi a twebo wom a osuahu ahorow no wɔ mfinimfini. . . . Nea ɛho hia na wɔagyina so anya awo ntoatoaso ho adwene ne biribi a wɔkae yiye a wobetumi atwe adwene asi so a ɛma wohu nsakrae wɔ bere bi a atwam mu . . . Bere nyinaa wonya ade a wɔtwe adwene si so yi fi abakɔsɛm mu nsɛm akɛse a asisi te sɛ ɔko ahorow, ɔman anidan ahorow, ɔyaredɔm ahorow, ɔkɔm ne sikasɛm mu ahokyere ahorow mu.”
Sɛnea saa asɛm no kyerɛ no, 1914-18 Ɔko Kɛse no ne nea edii akyi bae no yɛ “biribi a wɔtwe adwene si so” de hyɛ awo ntoatoaso bi agyirae. Sɛnea ɔbenfo Wohl ka no: “Wiase Ko I ma wohuu nsakrae kɛse wɔ bere a atwam no mu. Wɔn a na wɔte ase wɔ ɔko no mu no werɛ rentumi mfi gye a na wogye di sɛ wiase biako baa awiei na foforo fii ase August 1914 mu no.”
Yesu de nsɛmfua “awo ntoatoaso” no dii dwuma mpɛn pii wɔ nneɛma ahorow mu ne wɔ ntease ahorow mu. Nanso dɛn na na ɔkyerɛ bere a ɔkaa ‘awo ntoatoaso a ɛrentwam’ ho asɛm no? Ebinom akyerɛ “awo ntoatoaso” ase sɛ ɛkyerɛ bere a ne tenten yɛ mfirihyia 30, 40, 70 anaa mpo 120. Nanso, awo ntoatoaso yɛ nea ɛfa nnipa ne nsɛm a esisi ho ankasa sen mfirihyia dodow bi a wɔahyɛ.
Hela asɛmfua a wɔka ho asɛm sɛ “awo ntoatoaso” wɔ Bible mu no yɛ nea wɔkyerɛ ase sɛ, “Wɔn a wɔwo wɔn wɔ bere koro mu . . . Nea ɛka eyi ho ne nkyerɛase no: obi atipɛnfo kuw, wɔn bere so.” (The New International Dictionary of New Testament Theology) “Wɔn a wɔwoo wɔn wɔ bere koro mu mfe a wɔaka abom a wɔde wɔn a na wɔte ase wɔ awo ntoatoaso bere bi a wɔde ama mu nyinaa ka ho, atipɛnfo.” (A Greek-English Lexicon, of the New Testament, efi Walter Bauer de a Ɛto so Anum, 1958 no mu) Nkyerɛkyerɛmu ahorow yi yɛ nea ɛfa wɔn a wɔwoo wɔn wɔ bere a abakɔsɛm mu asɛm bi sii ne wɔn a na wɔte ase saa bere no mu nyinaa ho.
Sɛ Yesu de “awo ntoatoaso” dii dwuma wɔ saa kwan no so na yɛn nso yɛde di dwuma wɔ 1914 ho a, ɛnde na saa awo ntoatoaso no mu nkokoaa anya mfirihyia 70 anaa nea ɛboro saa mprempren. Na afoforo a na wɔte ase wɔ 1914 mu no anya mfirihyia 80 anaa 90 na wɔn mu kakraa bi mpo anya mfirihyia ɔha. Saa awo ntoatoaso no mufo ɔpepem pii da so ara te ase. Wɔn mu binom “rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.”—Luka 21:32.
Efi 1914 mu no yɛahu wiase nyinaa ko ahorow abien ne ntawntawdi akɛse afoforo pii a aduankɔm, nsasewosow, ɔyaredɔm ne nneɛma a ɛtete saa ka ho. (Luka 21:10, 11) Nanso Yesu kae sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) Enti, ebia wubebisa sɛ: Nneɛma akɛse afoforo bɛn na aka a 1914 awo ntoatoaso no behu? Na so eyinom betumi asisi wɔ bere a aka ama saa awo ntoatoaso no mu?
Dɛn Na Ɛba Bio?
Titiriw, efi 1919 mu no, Yehowa Adansefo ama Yesu nkɔmhyɛ no anya mmamu kɛse wɔ wiase nyinaa ɔsɔretia mu, sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Yiw, eyi ne adwuma a ɛsɛ sɛ wowie no sɛnea Yehowa pɛ ansa na awiei no aba no.
Nsɛm afoforo bɛn na ɛsɛ sɛ esisi wɔ bere a aka ama 1914 awo ntoatoaso no mu? Bible no kyerɛ nsɛm akɛse bi a ebesisi a ɛbɛma “ahohiahia kɛse” a ɛba awiei wɔ Harmagedon, “ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu aba na ayɛ ne fã no pefee. (Mateo 24:21; Adiyisɛm 16:14, 16) Ɛho hia sɛ wuhu nsɛm a ebesisi yi ntɛm ara na woyɛ ade a ɛho hia a ɛbɛma woanya ahobammɔ ansa na aka akyi.—Sefania 2:3.
Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nsɛm a ebesisi yi biako ho nkɔm bere a ɔkae sɛ: “Mo ankasa munim yiye sɛ [Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Nkɔmhyɛ yi da no adi pefee sɛ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi awiei bɛba no, wɔbɛka “asomdwoe ne ahotɔ” wɔ ɔkwan soronko bi so, ebia ɛyɛ Amanaman Nkabom no na ɛbɛyɛ saa anaasɛ amammui ne nyamesom akannifo mmiako mmiako no. Dɛn na ebedi ɛno a wɔbɛka no akyi aba? Paulo kae sɛ: “Ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.”—1 Tesalonikafo 5:2, 3.
So Wo Som Fa Ho?
So saa ɔsɛe no betumi aka wo? So woyɛ wiase nyamesom ahorow pii no biako muni? So wunim sɛnea Onyankopɔn bu saa nyamesom ahorow no? Dɛn na ɛbɛba wɔn so daakye?
Wɔ “aguaman kɛse” a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” no agyiraehyɛde ase no, ɔsomafo Yohane a na honhom aka no no kaa ahyehyɛde bi a anya mfaso wɔ mfehaha no mu esiane bɔ a ɛne “asase so ahene” a wɔwɔ tumi wɔ amammuisɛm mu bɔ kɛse no nti. Saa “aguaman” yi anya mfaso nso afi bɔ a ɔne wiase yi “aguadifo” bɔ no mu. Ɛyɛ ahyehyɛde bɛn na adi “nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” nso so no? Ɛyɛ atoro som! Yiw, nyamesom ahorow nyinaa a ɛyɛ atoro wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no na ɛka bom yɛ “aguaman kɛse” yi a ɛyɛ wiase ahemman nso no. Nanso dɛn na ɛbɛba no so nnansa yi ara?—Adiyisɛm 17:1-8, 15; 18:15-17.
Adiyisɛm 17:16 kyerɛ sɛ amansɛmdifo a wɔyɛ katee wɔ Amanaman Nkabom (“aboa kɔkɔɔ”) no mu no bɛtan nyamesom mu aguaman no na wɔasɛe no. Nnipa a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu a wonnye Onyankopɔn nni na wɔmpɛ nyamesom a wɔyɛ den no afi ase dedaw sɛ wobegu nyamesom ase wɔ wɔn aman ahorow mu. Nanso yɛrehwɛ adeyɛ a emu yɛ den sen saa kwan nnansa yi ara bere a ɛnyɛ Kristoman nko na amammuifo yi sɛe no na mmom nyamesom ahyehyɛde akɛse afoforo nso no. Wɔ ɛno mu no, nnipa a wɔsɔre tia Onyankopɔn no bɛtow ahyɛ Yehowa Adansefo a wɔde nokwaredi bɔ Onyankopɔn Ahenni dawuru no so. Eyi bɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn ankasa na wɔasɔre atia no na eyi bɛma wayɛ bi atua wɔn so ka—Onyankopɔn Harmagedon ko no!—Adiyisɛm 17:3, 12-16; 16:14-16; Hesekiel 38:10-12, 18-23; Sakaria 2:8.
So Bere A Ɛdɔɔso Wɔ Hɔ?
Wɔ onipa fam no, ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ den sɛ saa nsɛm yi besisi ansa na 1914 awo ntoatoaso no atwam. Nanso nsɛm ahorow a ebesisi a wɔkaa ho asɛm too hɔ a ɛfa 1914 awo ntoatoaso no ho no mmamu nnyina nnipa adeyɛ a sɛ wɔde toto ho a ɛyɛ nyaa no so. Yehowa nkɔmhyɛ asɛm a ɛnam Kristo Yesu so no ne sɛ: “Awo ntoatoaso yi [1914 de no] rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.” (Luka 21:32) Na Yehowa a ɔne nkɔmhyɛ a efi honhom mu a enni huammɔ fibea no bɛma ne Ba no asɛm no abam wɔ bere tiaa mu.—Yesaia 46:9, 10; 55:10, 11.
So tete nhwɛso ahorow bi wɔ hɔ a ɛfa Bible nkɔmhyɛ ahorow ho a enyaa mmamu bere a na nnipa no nnye nni na wogyee ho kyim mu? Yiw, na yebetumi ahwehwɛ biako mu tiawa. Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu hyɛɛ nkɔm faa Yerusalem ne n’asɔrefi no ho sɛ: “Nneɛma a muhu yi de, nna bi bɛba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so emu a wɔrennwiriw ngu fam. Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn.”—Luka 21:6, 20.
Mfirihyia aduasa abiɛsa akyi no, Roma asraafo wɔ Cestius Gallus ase bɛtow hyɛɛ Yerusalem so a anka wɔreyɛ adi nkonim awie. Nanso wɔ ntease bi a obiara nnim mu no, Ɔsahene Gallus hyɛɛ n’asraafo dɔm no sɛ wɔnsan wɔn akyi. Esiane eyi nti ebia Yudafo no binom susuwii sɛ wɔrensɛe wɔn kurow kronkron no. Nanso nsusuwii a ɛte sɛɛ ankyɛ. Mfirihyia anan akyi no, Roma asraafo no san bae a Tito di wɔn anim na wɔbɛsɛee Yerusalem ne n’asɔredan no.
Enti Yesu nkɔmhyɛ no baa mu kosii ase pɛɛ. Sɛnea G. A. Williamson kae wɔ ne nnianim asɛm ma Josephus nhoma a wɔfrɛ no The Jewish War no mu no: “Sɛ yenni nsɛm fibea foforo biara ka nsɛmpa no ho a, anka ɛbɛma yɛasusuw sɛ Yesu kɔkɔbɔ no yɛ nea wagugum [waka ma atra so] . . . So na ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔrennyaw saa Asɔrefi kɛse no ɔbo biako a ɛda foforo so a wɔrennwiriw ngu fam? Ɛbaa saa ampa; ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm. Ɔsɛe no baa mu pɛpɛɛpɛ . . . Wodii kan kaa ɔsɛe no ho asɛm too hɔ pɛpɛɛpɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.”
Sɛnea Yesu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Yerusalem ho no baa mu wɔ afe 33 Y.B. awo ntoatoaso no nkwa nna mu no, saa ara na ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa “awiei bere” no ho no bɛbam wɔ 1914 awo ntoatoaso no nkwa nna mu. (Daniel 12:4) Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ saa awo ntoatoaso no nkutoo anim na akwanhwɛ a ɛyɛ nwonwa da na mmom wɔn a wɔte ase nnɛ nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu kaa nsɛm a ebesisi a ɛkyerɛ biribi a ɛkã saa awo ntoatoaso no nso sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”—Luka 21:28, 31.
Bɛn a Onyankopɔn Ahenni no abɛn nnɛ no kyerɛ mprempren amammui, nyamesom ne aguadi nhyehyɛe horow a emu apaapae no awiei. Ɛkyerɛ ba a trenee nniso foforo rebɛba ama adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa. Wubetumi apaw daa nkwa wɔ nhyehyɛe a ɛyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” yi ase. (2 Petro 3:13; Yohane 17:3) Yiw, ebia wobɛtra ase ahu Nhyehyɛe Foforo a wɔahyɛ ho bɔ yi a wɔn a wɔanya nkwa wɔ 1914 awo ntoatoaso—awo ntoatoaso a ɛrentwam—no mu ka ho.
[Kratafa 6 adaka]
“Onipa Adeyɛ A Nyansa Nnim” A Wobeyi Afi Hɔ
Wɔkyerɛ sɛ obi a na anka ɔyɛ Amerika ɔman kyerɛwfo panyin a wɔfrɛ no Dean Rusk kae sɛ: “Ansa na onipa adeyɛ a nyansa nnim bɛma ɔsoro fɛfɛ yi asɛe no, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn ti bom na yɛbɔ mmɔden hwehwɛ ɔkwan bi a yɛbɛfa so akwati akwankyerɛ a ɛyɛ hu yi.” Nanso so nnipa betumi adi ɔhaw no ho dwuma? Nokwarem no, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ rehu Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘nsɛnkyerɛnne a ɛbɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, a amanaman ho bɛyeraw wɔn’ ho no mmamu a ɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn ahenni abɛn.” Saa Ahenni no nkutoo na ebeyi “onipa adeyɛ a nyansa nnim” no afi hɔ.—Luka 21:25, 31; Daniel 2:44.
[Kratafa 4 mfoni]
“Wiase biako baa awiei na foforo fii ase wɔ August 1914 mu”
[Kratafa 5 mfoni]
‘Bere a wɔka “Asomdwoe ne ahotɔ!” no, mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so’
[Kratafa 6 mfoni]
Wo, ne wɔn a wobenya nkwa wɔ 1914 awo ntoatoaso no mu betumi atra ase ahu Nhyehyɛe Foforo