Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/03 kr. 1
  • “Munsiesie Mo Ho Nsie”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munsiesie Mo Ho Nsie”
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Som Yehowa a Womma Biribiara Ntwetwe W’adwene
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Yɛrewɛn—Yɛmma Biribiara Nnye Yɛn Asabawmu?
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Siesie Wo Ho Ma Yehowa Da No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Wodɔ Me Sen Eyinom Anaa?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 11/03 kr. 1

“Munsiesie Mo Ho Nsie”

1 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho mu no, ɔde kɔkɔbɔ mae sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma asetra mu nneɛma gye yɛn adwene. (Mat. 24:36-39; Luka 21:34, 35) Esiane sɛ ahohiahia kɛse no betumi aba wɔ bere biara mu nti, ɛho hia paa sɛ yetie Yesu afotu yi: “Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” (Mat. 24:44) Dɛn na ebetumi aboa yɛn wɔ eyi mu?

2 Dadwen ne Nneɛma a Ɛtwetwe Adwene a Yɛbɛko Atia: Honhom fam asiane ahorow a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho no mu biako ne “asetra mu dadwen.” (Luka 21:34) Wɔ aman bi mu no, ohia, adwuma a wonnya nyɛ, ne nneɛma bo a ɛyɛ den no ma ɛyɛ den sɛ wobenya wɔn asetrade. Wɔ aman foforo so no, nea aba so ne sɛ wobenya honam fam nneɛma. Sɛ honam fam nneɛma ho dadwen fi ase gye yɛn adwene a, ɛnde na yɛwɔ asiane a ɛbɛma yɛayi yɛn adwene afi Ahenni ho nneɛma so mu. (Mat. 6:19-24, 31-33) Kristofo nhyiam horow boa ma yɛde yɛn adwene si so. So wode yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ nhyiam biara?—Heb. 10:24, 25.

3 Nneɛma a ɛtwetwe adwene a ebetumi ama yɛasɛe bere a yɛde bɛyɛ biribi pa ahyɛ nnɛ wiase mu mã. Sɛ obi de bere pii hwehwɛ Intanɛt so, kenkan nkrataa a wɔde fa kɔmputa so mena anaa odi kɔmputa so agoru a, dwuma a ɔde kɔmputa di no betumi asum no afiri. Yebetumi asɛe bere pii wɔ television, sini, anigyede, wiase nhoma akenkan ne agumadi ho, na ɛmma yennya bere anaa ahoɔden kɛse mfa nni honhom fam nneɛma akyi. Ɛwom sɛ anigyede ne ahomegye betumi ama yɛanya bere tiaa mu ahoɔden bi de, nanso kokoam ne abusua adesua betumi ama yɛanya mfaso a ɛtra hɔ daa. (1 Tim. 4:7, 8) So wugye bere de susuw Onyankopɔn Asɛm ho da biara?—Efe. 5:15-17.

4 Yebetumi anya anisɔ kɛse sɛ Yehowa ahyehyɛde no ayɛ honhom fam nneɛma ho nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe na aboa yɛn ma ‘yɛatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na yɛatumi agyina onipa ba no anim’! (Luka 21:36) Ɛmmra sɛ yɛde nsiesiei yi bedi dwuma akosi ase na ama yɛn gyidi ada ‘ayeyi ne anuonyam ne nidi adi wɔ Yesu Kristo ahoyi mu.’—1 Pet. 1:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena