Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/1 kr. 15-21
  • Dwumadi Ahorow a Emu Atrɛw Wɔ Kristo Ba a Waba No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dwumadi Ahorow a Emu Atrɛw Wɔ Kristo Ba a Waba No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hokwan Afoforo
  • Nguan no Anoboaboa
  • Ahenni no Nkoa
  • Ɔhene no a Wɔboa No
  • Dwumadi Ahorow a Emu Atrɛw
  • “Akoa” A Ɔyɛ Ɔnokwafo Ne Ɔbadwemma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Hena Koraa Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yɛ Ade Ntɛm Ara Wɔ “Sɛnkyerɛnne” No Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Di Kristo Ne N’akoa Nokwafo No Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/1 kr. 15-21

Dwumadi Ahorow a Emu Atrɛw Wɔ Kristo Ba a Waba No Mu

“Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mu, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!”​—MATEO 25:34.

1. Ɔkwan bɛn so na Kristo pa-rou-si’a no ayɛ te sɛ “Noa nna no” ara pɛ?

KRISTO ba a waba​—ade a wɔde bere tenten atwɛn! Bere a ɛte sɛ “Noa nna,” a Yesu kaa ho asɛm faa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no dui wɔ afe 1914 mu. (Mateo 24:3, 37, New World Translation) Nanso ná dɛn na Kristo ba a waba anaa pa-rou-si’a no bɛkyerɛ ama “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nkaefo a wɔasra wɔn no? (Mateo 24:45) Ná wɔbɛkɔ so ayɛ adwuma pii sɛ hann kurafo! Ná nsɛm a ɛyɛ nwonwa rebesisi! Ná anoboaboa adwuma a ebi mmae da rebefi ase.

2. Ahotew bɛn na akɔ so ma Malaki 3:1-5 anya mmamu?

2 Nanso nea edi kan no, na ehia sɛ wɔtew Kristofo a wɔasra wɔn yi ho. Sɛnea na Malaki 3:1-5 aka asie no, Yehowa Nyankopɔn ne “n’apam bɔfo,” Yesu Kristo, bɛhwɛɛ honhom mu asɔrefi no wɔ 1918 fefɛw bere mu. Ná ɛsɛ sɛ atemmu fi ase wɔ “Onyankopɔn fi.” (1 Petro 4:17) Malaki 3:3 ka siei sɛ: “Na [Yehowa] bɛtra ase anan dwetɛ ayiyi mu, na obeyiyi Lewi mma mu, na wapaw wɔn mu sɛ sika ne dwɛtɛ.” Ná ɛyɛ nyiyim ne ahotew bere.

3. Dɛn nti na honhom mu ahotew ho behiae?

3 Bere a akoa kuw no nkaefo faa atemmu yi a ɛbaa awiei wɔ 1918 mu no, wɔtew wɔn ho fii wiase ne nyamesom mu fĩ ho. Dɛn nti na Yehowa tew wɔn ho? Efisɛ na ɛfa ne honhom mu asɔrefi ho. Eyi yɛ nhyehyɛe a ɛte sɛ asɔrefi a wogyina Yesu Kristo mpata afɔrebɔ no so som Yehowa. Ná Yehowa pɛ sɛ n’asɔrefi hɔ tew, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔde asomfo pii a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asaase so no ba hɔ a, wobehu beae a wobu n’amansan tumidi, wɔtew ne din kronkron no ho, a wodi ne trenee mmara ahorow so. Enti, wɔbɛkyerɛ anisɔ ama Yehowa ne wɔn nso aka n’atirimpɔw akɛse no ho asɛm akyerɛ.

Hokwan Afoforo

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm bi a Yesu Kristo bisae no de asɛyɛde to akoa kuw no muni biara so nnɛ? (b) Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔte nsɛm “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” ne “nea ɔwɔ” no ase? (d) Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ akoa no nsa?

4 Wɔ 1919 mu no, akoa kuw a wɔatew wɔn ho no tumi hwɛɛ kwan sɛ wɔn dwumadi mu bɛkɔ so atrɛw. Wɔ 1914 mu no, ná Yesu Kristo, wɔn Wura no, anya ɔsoro Ahenni bi. Bere a ɔsan baa ne fi adwumayɛfo nkyɛn bɛhwɛɛ “nea ɔwɔ” nyinaa no, ná wɔde ahenni nidi a na onni bere a na ɔwɔ asase so ha no afura no. Dɛn na ohui? So na akoa kuw no de nsi rehwɛ Owura no nneɛma so? Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:45-47 no, Yesu bisaa asɛm bi a ɛmaa osuani biara a wɔasra no hwehwɛɛ n’ankasa ho a ɔde ma Yehowa Mesia no mu: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.”

5 Ɛda adi sɛ akoa nokwafo yi ho asɛm a Yesu kae no mfa onipa biako biara ho. Dabi, mmom no ɛka Kristo anokwafo a wɔasra wɔn asafo no mufo nyinaa ho asɛm sɛ kuw. Nea ɔwɔ no ne Kristo akyidifo ankorankoro a wɔasra wɔn no. Ná Yesu nim sɛ ɔde n’ankasa mogya bɛtɔ saafo a wɔasra wɔn yi, enti ɔkaa wɔn nyinaa ho asɛm sɛ n’akoa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Korintofo Nhoma a Edi Kan 7:23 ka wɔ wɔn ho sɛ: “Wɔtɔɔ mo [ɛka wɔn ho asɛm sɛ kuw] aboɔden. Monnnyɛ nnipa nkoa.” Yesu hyɛɛ n’akoa kuw no sɛ wɔnkɔ so mma wɔn kanea nhyerɛn na atwetwe nkurɔfo na wɔayɛ asuafo afoforo na wɔama ne fifo aduan denam honhom mu aduan a wɔbɛma wɔn wɔ bere a ɛsɛ mu no so.

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu nsrahwɛ no akyi no, wɔmaa akoa no akatua?

6 Efi bere a Kristo bae de besi 1918 mu no, na akoa kuw no ahwehwɛ sɛ wɔde aduan a ɛyɛ ne bere mu de bɛma fie hɔfo, wɔ dimmɔne, ɔtaa ne sakasakayɛ bi mpo akyi. Eyi na Owura no hui bere a ofii ne nsrahwɛ no ase no. Awurade Yesu ani gyei, na wɔ 1919 mu no, ɔkae sɛ anigye ne saa akoa nokwafo kuw a wapene no so no. Akatua a ɛyɛ anigye bɛn na akoa no nyae wɔ nea ne Wura paw no sɛ ɔnyɛ a ɔyɛe no ho? Ɔbɔɔ n’abaso! Yiw, wɔmaa no asɛyɛde kɛse a ɔde bɛma ne Wura nneɛma anya nkɔso. Esiane sɛ saa bere no na Owura no yɛ ɔsoro Hene nti, n’asase so nneɛma bɛyɛɛ nea ɛsom bo kɛse mpo.

7, 8. (a) Owura no ‘nneɛma nyinaa’ no yɛ dɛn? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ akoa no yɛ de hwɛ nneɛma yi so?

7 Enti, dɛn ne “nea ɔwɔ nyinaa” no? Eyi yɛ honhom mu nneɛma biara a abɛyɛ Kristo asase so agyapade a ɛfa ne tumi sɛ ɔsoro Hene ho nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ ahyɛde a ese wɔnyɛ nkurɔfo Kristo asuafo, ne hokwan kɛse a ɛne sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ananmusifo mma wiase aman no nyinaa ka eyi ho.

8 Akoa kuw no abaso a wɔbɔe sɛ ɔnhwɛ Owura no nneɛma nyinaa so no hwehwɛe sɛ ogye bere pii de hwɛ ma wɔyɛ Ahenni adwuma no, yiw, wosisi adwumayɛbea akɛse ma saa adwuma no. Afei de na wanya asasesin kɛse​—asase a nnipa te so no nyinaa.

Nguan no Anoboaboa

9. Dɛn na afi akoa no dwumadi ahorow a emu atrɛw no mu aba?

9 Enti Kristo akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de osetie trɛw ne dwumadi ahorow mu. Dɛn na efii mu bae? Wɔboaboaa 144,000 a wɔasra wɔn no nkaefo a wotwa to ano. Afei Yohane anisoadehu a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no nyaa mmamu a ɛyɛ anigye. Efi 1935 titiriw no, akoa kuw no anya mmamu a anisoadehu yi kɔ so nya ntɛmntɛm no mu anigye. Mprempren “nnipakuw kɛse” ɔpepem pii fi wiase afanan nyinaa resen yuu akɔ Yehowa honhom mu asɔrefi adiwo hɔ sɛ n’asomfo. Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Yohane sɛ onipa biara ntumi nkan nnipakuw kɛse yi. Ɛno kyerɛ sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ akoa kuw no de wɔn ba Yehowa honhom mu asɔrefi hɔ no dodow nni anohyeto. Bere dodow a hokwan no da so ara wɔ hɔ no, anoboaboa adwuma no bɛkɔ so.

10. Dwumadi a ɔdɔ wom bɛn na akoa no reyɛ nnɛ?

10 Akoa nokwafo kuw no wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ “nguan foforo” a wɔkɔ so dɔɔso a wɔhwɛ wɔn no ho, na wonim sɛ Owura Yesu pɛ wɔn a wɔte sɛ nguan a wofi aman nyinaa mu yi asɛm yiye. Wɔyɛ ne nguan ankasa. (Yohane 10:16; Asomafo no Nnwuma 20: 28; 1 Petro 5: 2-4) Enti ɔdɔ a akoa kuw no wɔ ma Owura no ne nguan no nti, ɔde anigye ma nnipakuw kɛse no nsa ka wɔn honhom mu ahiade ahorow.

11-13. Asɛm a ɛfata bɛn na saa bere no Ɔwɛn Aban Asafo no titrani kae wɔ akoa no dwumadi ho?

11 Yiw, akoa no hann kura dwumadi no fã kɛse ne Onyankopɔn Ahenni no asase so nkoa yi anoboaboa. Bere a F. W. Franz a ná ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no reka akoa nokwafo no dwumadi ahorow a ɛrenya nkɔanim bere nyinaa ho asɛm no, ɔkae bere tiaa bi ansa na ɔrewu wɔ December 1992 mu sɛ:

12 “Yesu Kristo de ahyehyɛde no adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛkɔ so yɛ nwonwa kɛse so bere nyinaa, sɛnea m’asetra mfe 99 mu osuahu ama mahu no. Ɛnyɛ onipa bi kɛkɛ na ɔkyerɛ ahyehyɛde no kwan, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ Awurade Yesu Kristo. Efisɛ ayɛ adwuma kɛse wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so sen sɛnea yesusuwii no. Ɛnnɛ yɛwɔ ahyehyɛde a atrɛw afa wiase nyinaa. Ɛyɛ adwuma wɔ Kusuu ne Kesee Fam ne Apuei ne Atɔe. Onipa biako pɛ na obetumi ama ntrɛwmu a eda nsow yi aba​—Onyankopɔn Ba a ɔhwɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so no. Wakɔ so adi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma, na ɛno na ɛde ntrɛwmu kɛse a yɛahu yi aba no.

13 Ɛnyɛ onipa biako na ɔyɛ. ‘Yɛwɔ ahyehyɛde a ɛyɛ teokrase kwan so de, na ɛyɛ ​—adwuma teokrase kwan so wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase. Onipa biara nni hɔ, na nea ɔhyehyɛe Watch Tower Bible and Tract Society no mpo ntumi nka anaa ɔnkyerɛ sɛ nea wɔatumi ayɛ wɔ asase so nyinaa no fi no. Ɛyɛ nwonwa kɛkɛ.” So nnipakuw kɛse no mufo nyinaa mfi koma nyinaa mu ne Onua Franz a waka baabi no nyɛ adwene wɔ ne nsɛm yi mu? Yiw, nokwarem no, wɔde aseda a ɛsen biara ma wɔ akoa nokwafo no adwuma a emu atrɛw no ho.

Ahenni no Nkoa

14, 15.(a) Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ mu wɔ talente ho bɛ no mu (Mateo 25:14 30)? (b) Dɛn na edi hɔ wɔ Mateo ti 25 ma ɛfata?

14 Wɔ Mateo ti 25 no, Yesu nguanten ne mpapo ho bɛ no ka Onyankopɔn Ahenni no asase so nkoa anoboaboa adwuma kɛse yi ho asɛm. Wɔ Yesu bɛ a obui ansa na ɔrebu eyi, talente ho bɛ no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ asuafo a wɔasra wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne no bedi ade wɔ ne soro Ahenni no mu no yɛ adwuma ma n’asase so nneɛma yɛ pii. Ɛnde, ɛfata kɛse sɛ wɔ Yesu bɛ a edi hɔ no mu no, ɔkyerɛɛ nea wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ne soro Ahenni no nkoa yɛ no mu.

15 Hyɛ nea ɔka wɔ Mateo 25:31-33 no nsow: “Na onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum.”

16. Ɔkwan bɛn so na wɔboaboa amanaman no ano na wɔpaapae nnipa no mu?

16 Yesu baa n’anuonyam mu 1914. Ɔrefi ne dwumadi ase no, ɔne n’abɔfo nyinaa tow hyɛɛ n’adaemone atamfo so, na wɔpam wɔn nyinaa fii soro. Nea edi hɔ wɔ ne bɛ no mu no boa yɛn ma yehu sɛ anuonyam ahengua so a Yesu tra no kyerɛ sɛ obebu atɛn wɔ bere a waba no mu. Amanaman nyinaa a wɔboaboa wɔn ano wɔ Yesu anim no kyerɛ sɛ ɔyɛ amanaman no ho adwuma sɛ wɔn a wɔbɛyɛ ne nguankuw wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɛyɛ nguankuw a nguanten ne mpapo wom. Ɛwom sɛ ebia ebegye nnɔnhwerew kakra na wɔayiyi nguanten afi mpapo mu wɔ nguankuw ankasa mu de, nanso nnipa a wotumi paw nea wɔpɛ a wɔpaapae wɔn mu wɔ asase nyinaa so no gye bere tenten sen saa. Eyi te saa efisɛ mpaapaemu no gyina sɛnea wɔn mu biara yɛ n’ade so.

17. Dɛn nti na nnɛ tebea no yɛ aniberesɛm ma nnipa nyinaa?

17 Wɔ bɛ no mu no, Ɔhene-Guanhwɛfo no de wɔn a wɔte sɛ nguanten no gyina ne nifa, na ɔde wɔn a wɔte sɛ mpapo no gyina ne benkum. Nifa so no kyerɛ atemmu a ɛkɔ bemdi mu​—daa nkwa. Benkum so kyerɛ atemmu a ɛkɔ afobu mu​—daa ɔsɛe de. Nea efi Ɔhene no gyinaesi mu ba no yɛ aniberesɛm.

18. Dɛn nti na Ɔhene no a wontumi mfa aniwa nhu no no mma obiara nnya anoyi?

18 Hu a wonhu onipa Ba a ɔredi hene no wɔ ne ba a waba anaa pa-rou-si’a mu no mma obiara nnya anoyi. Ɛnnɛ nnipa a wɔte sɛ nguanten pii rebɛka akoa kuw no ho ma wɔaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa, na wɔama wɔn akanea ahyerɛn. Ampa, wɔn adansedi no adu wiase afanan nyinaa.​—Mateo 24:14.

19. Nguan kuw no su ahorow bɛn na wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nguan ne mpapo ho bɛ no mu?

19 Dɛn nti na Ɔhene-Guanhwɛfo no de daakye a nhyira wom tua wɔn a wɔte sɛ nguan no ka? Esiane Ahenni asɛnka adwuma no a wofi koma nyinaa mu boa, ne ayamye a woyi adi kyerɛ ne nuanom a wɔasra wɔn, a Yesu bu no sɛ wɔyɛ ma ɔno no nti. Enti onipa Ba a ɔyɛ ɔhene no se wɔn sɛ: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni.”​—Mateo 25:34; 28:19, 20.

Ɔhene no a Wɔboa No

20, 21. Adanse bɛn na nguan no de ma sɛ wogyina Ahenni no afã?

20 Hyɛ no nsow sɛ bere a Ɔhene no to nsa frɛ nguanten no sɛ wɔmmɛfa Onyankopɔn Ahenni no fã a ɛwɔ asase so no nni no, wɔn ho dwiriw wɔn. Wobisa no sɛ: ‘Awurade, bere bɛn na yɛyɛɛ eyinom nyinaa maa wo?’ Obua sɛ: “Nokware mise mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.” (Mateo 25:40) Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene wɔ ne wusɔre da no, ɔkaa ne honhom fam anuanom ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ me nuanom no nkyɛn.” (Yohane 20:17) Wɔ Yesu ba a waba a aniwa nhu no mu no, ne honhom fam anuanom 144,000 no mu nkaefo kakraa bi na wɔda so wɔ ɔhonam mu wɔ asase no so.

21 Esiane sɛ wontumi mfa aniwa nhu Yesu wɔ soro nti, nnipa a wɔte sɛ nguanten no nyɛ nneɛma a ɔdɔ wom yi mma no tẽẽ. Wɔde wɔn gyidi aniwa ara kwa na ehu no wɔ n’ahengua so. Yesu ani sɔ mmɔden a wɔbɔ de boa ne honhom fam anuanom, a wɔbɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ soro no nyinaa. Obu nea wɔyɛ ma ne nuanom no sɛ wɔyɛ ma n’ankasa. Wɔn a wɔte sɛ nguan no hyɛ da yɛ Kristo nuanom no papa efisɛ wogye wɔn tom sɛ wɔyɛ ne nuanom. Wonim sɛ Yesu honhom fam anuanom no yɛ Yehowa Ahenni no ahemmɔfo, na wɔpɛ sɛ wɔde adanse a edi mũ ma sɛ wɔwɔ wɔn afã wɔ saa Ahenni no ho.

22. Akatua bɛn na nguan kuw no nya? (Fa toto Adiyisɛm 7:14-17 ho.)

22 Yehowa hu siei sɛ kuw a wɔte sɛ nguanten yi beyi wɔn ho adi wɔ ne Ba no ba a waba yi mu, na ɔde akatua bi a ɛyɛ nwonwa asie ama wɔn! Nnipakuw kɛse no benya nhyira ahorow a asomdwoe wom wɔ asase so ha, wɔ Yehowa Hene, Yesu Kristo, Mfirihyia Apem Ahenni a anigye wom no mu.

23. Akwan bɛn so na nguan no hyɛ da boa Ɔhene no nuanom?

23 Sɛ yesusuw Bible nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu wɔ bere a Kristo aba ne Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no ho a, dɛn na yehu? Nea yehu ni: Ɛnyɛ nim a obi nnim sɛ ɔyɛ Ɔhene no honhom fam anuanom no papa kɛkɛ na ɛma ɔyɛ oguanten a ɔwɔ trenee gyinabea wɔ Onyankopɔn ne ne Hene no anim. Nguankuw no mufo nim nea wɔreyɛ, ɛwom mpo sɛ wɔmfa wɔn aniwa ankasa nhu Ɔhene a ɔredi ade no de. Ɛnyɛ honam fam nko na wɔbɔ mmɔden boa Ɔhene no nuanom no, na nnnom honhom fam nso. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam boa a wɔboa wɔn ma wɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa na wɔyɛ Bible adesua na ama wɔayɛ asuafo ama Kristo no so. Enti, nnɛ Onyankopɔn Ahenni no adawurubɔfo a wɔyɛ hann kurafo bɛboro ɔpepem anan na wɔwɔ hɔ.

Dwumadi Ahorow a Emu Atrɛw

24. Ɔdɔ nnwuma bɛn na ama akoa kuw no ayɛ nnipa a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so nnɛ?

24 Momma yɛnka akoa nokwafo kuw no nnwuma pa pii no bi ho asɛm. Nea edi kan no, wɔde akoa kuw no asi Owura no nneɛma nyinaa so​—n’Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so ​—na ne nneɛma yi kɔ so dɔɔso. Nea ɛto so abien, ɛnyɛ ne fifo a wɔasra wɔn no nkutoo na kuw no ma wɔn honhom fam aduan, na mmom nnipakuw kɛse a wɔkɔ so dɔɔso no nso. Nea ɛto so abiesa ne sɛ akoa kuw no redi anim wɔ Ahenni hann a wɔma ɛtrɛw no mu. Nea ɛto so anan ne sɛ dwumadi ahorow a emu trɛw kɛse sen biara no ne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no a wɔboaboa wɔn ano ba Yehowa honhom fam asɔrefi hɔ no. Nea ɛto so anum ne sɛ akoa kuw no a wɔn a wɔte sɛ nguan no fi wɔn koma nyinaa mu boa wɔn no, resisi adan akɛse ama baa dwumadibea ahorow wɔ wiase nyinaa, ne adwumayɛbea ti wɔ United States nso. Ɔdɔ nnwuma a ɛte sɛɛ no ama akoa kuw no ayɛ nnipa a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so nnɛ, na wɔama nnipa afoforo ɔpepem pii nso ani agye. Eyinom nyinaa de aseda ma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a wɔakyerɛ akoa ɔbadwemma no dwumadi ahorow a emu atrɛw no kwan no!

25. Ɔkwan bɛn so nan guan no betumi akɔ so aboa akoa kuw no, na anidaso bɛn na wɔwɔ?

25 Mprempren, akoa kuw no reyɛ nnwuma a Onyankopɔn de ama no no denneeennen sen bere biara. Ɛkame ayɛ sɛ bere a aka ma “ahohiahia kɛse” no aba no asa awiei! (Mateo 24:21) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ eyinom a wɔyɛ Onyankopɔn nguan no tra ne dom mu wɔ ne Hene-Guanhwɛfo no nifa so! Ɛnde, afei, momma yɛn nyinaa nkɔ so mfa nnamyɛ mmoa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. Eyi nkutoo na sɛ yɛyɛ a, ɛnkyɛ biara, da bi, wɔn a wɔte sɛ nguan no betumi ate saa anigye nsɛm yi: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni.”

Wubetumi Abua?

◻ Atemmu a edi kan bɛn na ɛbae bere a wɔde Ɔhene no sii ahengua so no akyi?

◻ Ɔkwan bɛn so na Mateo 24:45-47 anya mmamu nnɛ?

◻ Ɛdefa dwumadi a emu atrɛw ho no, dɛn na akoa kuw no ne nnipakuw kɛse no de aseda a ɛsen biara ma wɔ ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Mateo 25:34-40 anya mmamu wɔ pa-rou-si’a no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Owura no de nea ɔwɔ nyinaa hyɛ akoa nokwafo no nsa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yesu atra n’anuonyam ahengua so rebu adesamma atɛn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena