Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 86 kr. 200-kr. 201 nky. 1
  • Yesu nyanee Lasaro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu nyanee Lasaro
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • “Migye Di”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • “Owusɔreɛ ne Nkwa”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Owusɔre​—Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 86 kr. 200-kr. 201 nky. 1
Lasaro a wɔanyan no ne ne nuabeanom; Maria ne Marta

ADESUA 86

Yesu Nyanee Lasaro

Ná Yesu wɔ nnamfo mmiɛnsa bi. Ná wɔte Betania na na ɔpɛ wɔn asɛm paa. Wɔn ne Lasaro ne ne nuabeanom Maria ne Marta. Da bi, na Yesu wɔ Yordan akyi baabi. Maria ne Marta soma ma wɔkɔkaa asɛm bi a ɛho hia paa kyerɛɛ no sɛ: ‘Lasaro yare paa. Enti yɛsrɛ wo yɛ ntɛm bra!’ Nanso Yesu ankɔ da no ara. Ɔtwɛn nna mmienu, ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betania. Lasaro ada, enti merekonyan no.’ Asomafo no kaa sɛ: ‘Sɛ wada de a, ɛnde sɛ ɛbɛma ne ho atɔ no.’ Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’

Bere a Yesu duu Betania no, na wɔasie Lasaro ama adi nnannan. Ná nnipa bebree aba hɔ rebɛkyekye Marta ne Maria werɛ. Bere a Marta tee sɛ Yesu aba no, otuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo nua no benyan. Marta, wugye wei di anaa?’ Marta nso kaa sɛ: ‘Minim sɛ ɔbɛsɔre wɔ owusɔre no mu.’ Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.”

Afei Marta kɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Yesu aba.’ Ɛnna Maria tuu mmirika kɔɔ Yesu nkyɛn, na nnipadɔm no nso dii n’akyi. Oduu hɔ no, obutuw Yesu nan ase sui. Ɛnna ɔkaa sɛ: ‘Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka yɛn nua no anwu!’ Yesu huu sɛnea Maria redi awerɛhow no, ɔno nso fii ase sui. Bere a nnipadɔm no huu sɛ Yesu resu no, wɔkaa sɛ: ‘Ei, ɔpɛ Lasaro asɛm paa oo.’ Nanso ebinom kaa sɛ: ‘Adɛn nti na ɔhwɛ maa n’adamfo no wui?’ Dɛn na na Yesu bɛyɛ?

Yesu kɔɔ baabi a wɔsiee no no. Ná wɔde ɔbo kɛse bi ato ɔda no ano. Yesu kaa sɛ: “Munyi ɔbo no.” Ɛnna Marta kaa sɛ: ‘Seesei de, ɛbɔn, efisɛ adi nnanan!’ Nanso wɔyii ɔbo no, na Yesu bɔɔ mpae sɛ: ‘Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Minim sɛ wutie me daa; nanso nnipadɔm a wɔgyinagyina ha no nti na merekasa den na ama wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.’ Afei ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!” Anwanwasɛm bi sii: Wɔnkɔhwɛ a, Lasaro na wapue afi ɔda no mu reba yi! Ná ntama kyekyere ne ho nyinaa. Yesu kaa sɛ: “Monsan no na momma ɔnkɔ.”

Wɔn a wɔhui no pii gyee Yesu dii. Ebinom de, wɔkɔka kyerɛɛ Farisifo no. Efi saa da no, Farisifo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbekum Lasaro ne Yesu. Asomafo 12 no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot wiaa ne ho kɔɔ Farisifo no nkyɛn kobisaa wɔn sɛ: ‘Sɛ miyi Yesu ma mo a, sika sɛn na mode bɛma me?’ Farisifo no kaa sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika 30. Efi saa da no, Yuda fii ase hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi Yesu ama Farisifo no.

“Nokware Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn; Awurade Tumfo Yehowa na ogye onipa fi owu mu.”—Dwom 68:20

Nsɛmmisa: Ka ɔkwan a Yesu faa so nyanee Lasaro no ho asɛm. Bere a Farisifo no tee sɛ wɔanyan Lasaro no, dɛn na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ?

Mateo 26:14-16; Yohane 11:1-53; 12:10

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena