Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 2/1 kr. 18-23
  • Nisan 14​—Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Wɔkae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nisan 14​—Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Wɔkae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkae Da
  • Dɛn Na Esii? Na Ɛkyerɛ Dɛn?
  • Anuonyam, Ɔdɔ, Ne Biakoyɛ
  • Nea Enti a Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi ma Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 2/1 kr. 18-23

Nisan 14​—Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Wɔkae

“Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!”​—1 KORINTOFO 11:24.

1. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii wiase so nkonim?

“MOMMA mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” Awerɛkyekye ne nkuranhyɛ nsɛm a ɛte sɛɛ na Yesu de hyɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no den anadwo ansa na ɔrebewu no. Ná Yesu ada no adi sɛ ɔyɛ obi a wadi wiase so nkonim! Ná watumi ako atia mmɔden biara a ne Tamfo, Satan Ɔbonsam bɔe sɛ ɔbɛma wagyae nokwaredi ma Yehowa no mu no. Na afei, bere a ɔrebehyia asɛndua ho wu wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no, na ɔwɔ ahotoso sɛ obekura ne mudi mu wɔ nokwaredi mu akodu awiei.​—Yohane 16:33; Hebrifo 12:2.

2. Dɛn nti na Yesu de “Awurade anwummeduan” no sii hɔ?

2 Saa asɛm a ɛyɛ nea ɛho hia wɔ amansan nyinaa mu yi sii wɔ mfe apem ahankron ne aduonum abien a atwam no mu wɔ Nisan a ɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo kalenda kronkron no so no da a ɛto so 14 mu. Ná saa da yi bɛyɛ nea n’akyidifo anokwafo a wodi n’anammɔn akyi werɛ remfi da. Sɛnea ɛbɛma wahu sɛ n’akyidifo anokwafo remmu wɔn ani ngu ade a na nea ɛrebesi no kyerɛ so no, Yesu de anwummeduan a ɛyɛ nkae ade titiriw bi a ɔsomafo Paulo frɛɛ no “Awurade anwummeduan” no sii hɔ. Wɔ honhom akwankyerɛ ase no, Paulo da no adi sɛ wɔ saa bere yi mu no Yesu hyɛɛ n’asuafo a na wɔwɔ hɔ no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (1 Korintofo 11:20, 24, NW) Sɛ ɛyɛ w’ahiasɛm sɛ wobɛyɛ Yesu akyidifo no mu biako a, so wuhu nea enti a ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ saa, nea ɛkyerɛ wo sɛ yɛ, ne nea ebetumi akyerɛ ama wo daakye no?

Nkae Da

3. Dɛn nti, ne wɔ tebea horow bɛn mu, na wodii kan maa Nisan 14 yɛɛ da a ɛsɛ sɛ wɔkae?

3 Ná ɛnyɛ eyi ne nea edi kan wɔ onipa abakɔsɛm mu a wɔayi Nisan 14 asi hɔ sɛ ɛda a ɛsɛ sɛ wɔake. Wɔ 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa nam n’akoa Mose so hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Ɛda [Nisan 14] yi nyɛ mo nkae, na monhyɛ ho fa mma [Yehowa], mo awo ntoatoaso mu.” Dɛn na ɛmaa afahyɛ no ho behiae saa bere no? Yehowa ankasa ma mmuae sɛ: “Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma [Yehowa] a otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misrifo na oyii yɛn afi fii mu no.”​—Exodus 12:14, 27.

4. Ná nsɛm atitiriw bɛn na ɛwɔ gye a wobegye Israel afi Misraim no mu?

4 Saa anwonwa kwan a wɔnam so gyee Israelni biara abakan wɔ Misraim a ɛfa onipa ne aboa ho no sii saa Nisan 14 anadwo no. Ɛno na ɛbɛyɛɛ nea etwa to wɔ ɔhaw ahorow akron a na wɔadi kan de atia adaemone anyame a na Misrifo som wɔn no mu a esii Yehowa atirimpɔw a odii kan daa no adi kyerɛɛ ɔhantanfo Farao no so dua: “Eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.” Yehowa din ne ne tumi daa adi bio nna kakraa bi akyi bere a ogyee Israelfo ɔpepem pii ne afrafrafo dɔm kɛse wɔ Po Kɔkɔɔ no mu na ɔmaa Farao asraafo dɔm no memee no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mose ne Israelfo no too dwom sɛ: “Mɛto [Yehowa] dwom, na ɔma na wama ne ho so”!​—Exodus 9:16; 15:1.

5. Twam afahyɛ no dii atirimpɔw bɛn ho dwuma?

5 Bere a Israelfo no duu asase a wɔde hyɛɛ wɔn agyapanyin Abraham bɔ no so na wɔtraa ase no, na ɛsɛ sɛ ɔman mũ no nyinaa hyɛ Twam no ho fa pɛnkoro afe biara wɔ Yerusalem de di ahyɛde a ɛwɔ Deuteronomium 16:1-8 no so. Enti Yehowa hyehyɛe sɛ ɛsɛ sɛ Nisan 14 tra nkurɔfo a na wɔyɛ ne de ankasa no adwene mu pefee bere nyinaa. Ná eyi bedi atirimpɔw bɛn ho dwuma? Ná ɛbɛyɛ da a wɔde bɛma Yehowa din so, nea wɔde bɛkae ade kɛse a ɔyɛe de gyee wɔn no. Enti wɔ mfehaha pii akyi no, na nea Twam no kyerɛ no bɛba abɛyɛ ade titiriw wɔ Yesu awofo koma ne wɔn nsusuwii mu, a wɔn na wɔka kyerɛ yɛn sɛ na ‘wɔkɔ Yerusalem daa afirihyia twam afahyɛ ase’ no. Sɛnea Yudafo amanne te no, ná wɔn ba Yesu bɛka wɔn ho.​—Luka 2:41, 42.

6. Dɛn nti na na Yesu pɛ sɛ ɔne n’asomafo anokwafo no bedi Twam no wɔ 33 Y.B. mu?

6 Ɛda adi sɛ ebia bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ Yordan mu na ofii ne som dwuma no ase akyi no, ɔne Maria, ne na wɔ asase so, ne ne mmabarima a wɔyɛ ne nuanom no bɛkɔ so adi Twam afahyɛ no. Nanso, Nisan 14, 33 Y.B. mu de, Yesu yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne n’asomafo 12 no bedi afahyɛ no. Luka kyerɛwtohɔ no kyerɛ yɛn sɛnea Yesu tee nka wɔ saa bere yi ho: “Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.” (Luka 22:15) Dɛn nti na na Yesu wɔ ɔpɛ kɛse a ɛte saa? Efisɛ na onim nea nsɛm a ɛrenkyɛ ebesisi wɔ saa nkae da no mu, a efii ase bere a owia akɔtɔ, no kyerɛ. Ná Yesu nim nso sɛ nsɛm a ɛrebesisi yi bɛyɛ nea ɛsen nea esii wɔ 1513 A.Y.B. mu no. Ná ɛbɛma Yehowa din so kɛse asen bere biara a atwam na ɛbɛma wɔanya nea awiei koraa no wobegyina so ahyira asase so mmusua horow nyinaa. Afei nso na ɔwɔ nsɛm pii ka kyerɛ n’asuafo no ansa na wawu, sɛ́ ɔbɛma wɔanya akokoduru na wɔakɔ so ara ayɛ n’akyidifo anokwafo. Asɛmpa no kyerɛwtohɔ ahorow no ma yetumi tie nea Yesu kae na ɔyɛe no.​—Yohane 12:31; 17:26.

Dɛn Na Esii? Na Ɛkyerɛ Dɛn?

7. (a) Nsɛm bɛn na esisii wɔ Yesu Twam afahyɛ a etwa to no mu ansa na ɔde ne wu Nkaedi no resi hɔ? (Yohane 13:1-30) (b) Kyerɛkyerɛ ɔkwan a Yesu faa so de Awurade Anwummeduan no sii hɔ no mu.

7 Bere a adidi no rekɔ so no, Yesu sɔree na ɔhohoroo n’asuafo no nan ase na ɔnam saa yɛ so yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Afei Yesu kae sɛ, “Mo mu biako beyi me ama.” Bere tiaa bi akyi no, ɔdanee ne ho kyerɛɛ Yuda na ɔkae sɛ, “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm.” Yohane kyerɛwtohɔ no bɔ amanneɛ sɛ: “Ntɛm ara na ofii adi; ná ɛyɛ anadwo.” (Yohane 13:21, 27, 30) Ɛyɛ eyi akyi na Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ. Momma yentie sɛnea Mateo a na ɔwɔ hɔ no kyerɛkyerɛ nea esii no mu: “Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo sebɔw, na ohyiraa so no, obubui na ɔde maa asuafo no, ɔkae sɛ: ‘Munnye nni. Eyi kyerɛ me nipadua.’ Afei nso ɔfaa kuruwa na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: ‘Mo nyinaa monnom bi; na eyi kyerɛ me “mogya a ɛyɛ apam de” a bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri. Na mise mo, efi nnɛ rekɔ yi, merennom bobe aba yi bi bio, de kosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu.’ Afei wɔtoo ayeyi dwom akyi no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.”​—Mateo 26:26-30, NW; hwɛ Marko 14:22-26, Luka 22:19, 20, 1 Korintofo 11:23-26 nso.

8. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yɛbɛte nea na Yesu nsɛm ne ne nneyɛe kyerɛ bere a na ɔde Nkaedi no resi hɔ no ase?

8 Dɛn na nea Yesu kae na ɔyɛe wɔ saa bere no mu no kyerɛ ankasa? Paulo sii hia a ɛho hia sɛ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn nyinaa behu eyi no so dua sɛ: “Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.” Ampa wɔn a wɔasra wɔn no mu biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛyɛ nea ‘ɔnsɛ’ wɔ Yehowa ani so na ama wabu atɛn atia no. Bio nso, “nnipakuw kɛse” no bɛpɛ sɛ wobu wɔn sɛ wɔfata sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no nnamfo. Enti, bere a Nkaedi foforo rebɛn wɔ Yawda, April 4, 1985 mu no, ɛyɛ bere pa sɛ yɛn nyinaa bɛsan abom ahwehwɛ asɛm yi mu akɔ akyiri.​—1 Korintofo 11:27.

9. (a) Dɛn nti na Yesu asɛm no a wɔka no sɛ, “Eyi kyerɛ me nipadua” no a nea ɛteɛ sen, “Eyi ne me nipadua”? (Hwɛ soro hɔ asɛm no.) (b) Yesu maa abodoo no bɛyɛɛ nea ɛkyerɛ biribi titiriw bɛn? (d) Bobesa no nso ɛ?

9 Yesu kae sɛ, “Eyi kyerɛ me nipadua.”a Bere a Yesu kaa asɛm yi no, ɔmaa abodoo no bɛyɛɛ nea ɛkyerɛ biribi titiriw bi​—na ɛyɛ n’ankasa nipadua a bɔne nnim a ɔde ‘mae wiase nkwa nti’ no ho sɛnkyerɛnne (Yohane 6:51) Saa ara na bere a ɔkaa kuruwa a bobesa wom no ho asɛm sɛ, “Eyi kyerɛ me ‘mogya a ɛyɛ apam de’ a . . . wɔrehwie agu ama bɔne fafiri” no, na ɔde bobesa a ɛwɔ kuruwa mu a ahuru no redi dwuma sɛ n’ankasa mogya ho sɛnkyerɛnne. Ná saa mogya yi so na wobegyina de “apam foforo” no adi dwuma. Ná ne mogya a obehwie agu no bɛyɛ nea wɔnam so de “bɔne fafiri” bɛba nso.​—Mateo 26:28; Yeremia 31:31-33; Hebrifo 9:22.

10. Dɛn na abodoo no a wobedi na wɔanom bobesa no bi no kyerɛ?

10 Ɛnde, dɛn na ɛkyerɛ ma wɔn a wodi abodoo na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi afahyɛ no ase no? Adeyɛ no ankasa da no adi kyerɛ wɔn a wodi bi, ne bɛhwɛadefo no sɛ wɔanya Kristo Yesu ogye afɔre no mu mfaso dedaw wɔ ɔkwan titiriw bi so ne wɔ atirimpɔw titiriw bi mu. Ɔkwan bɛn so na eyi yɛ yiye? Esiane gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo afɔrebɔ no mu ne wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa nti, Onyankopɔn ma wonya Yesu ɔdesani afɔre no mu mfaso. Ma atirimpɔw bɛn? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama wɔanya ɔdesani pɛyɛ na wɔnam so anya trenee gyinabea wɔ Onyankopɔn anim. Afei Yehowa nam ne honhom kronkron no so wo eyinom ma wɔbɛyɛ ne honhom mu mma. Afei de wobetumi agyae hokwan a wɔwɔ sɛ wɔtra asase so no mu de anya ɔsoro agyapade. Eyi nyinaa ayɛ hɔ ansa na wɔrenya Awurade Anwummeduan no mu kyɛfa.​—Romafo 5:1, 2, 8; 8:15-17; Yakobo 1:18.

11, 12. (a) Nneɛma afoforo abien bɛn na bobesa no a wɔnom no kyerɛ? (b) Kyerɛkyerɛ apam a Yesu ne wɔn a wodi na wonom bi yɛ no mu.

11 Afei susuw nea bobesa no a wɔbɛnom no kyerɛ no nso ho. Ɛwom sɛ Yehowa de trenee ahyɛ ne honhom mu mma no mu na ɔde wɔn ayɛ mma de, nanso wɔda so ara wɔ honam a ɛtɔ sin mu. Wɔyɛ nnipa a wɔyɛ bɔne ara na wogye eyi tom. Bere a wɔnom bobesa no, wɔnam saa yɛ so gye wɔn ho a wɔde to Kristo Yesu mogya a “bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri” no so da biara no tom.​—1 Yohane 1:9, 10; 2:1.

12 Nanso biribi wɔ hɔ bio a bobesa a wɔbɛnom no kyerɛ. Wɔn a wɔnom no di adanse sɛ wɔde wɔn aba “apam foforo” a Yehowa nam odiyifo Yeremia so kaa ho asɛm too hɔ bere tenten no mu. Saa apam yi fii ase dii dwuma denam Yesu mogya no so. Wɔn a wɔwɔ saa apam no mu ne Yehowa Nyankopɔn ne ne honhom mu mma a wɔka bom yɛ honhom mu Israel no. Onyankopɔn na ɔpaw emuni biara. Yesu ne apam no Ntamgyinafo a ɛno so na ɔnam boa apam no mufo 144,000 no ma wɔbɛyɛ Abraham asefo. (Yeremia 31:31-34; 2 Tesalonikafo 2:13; Hebrifo 8:10, 12; 12:22-24; Galatifo 3:29) Eyinom nso ne wɔn a Yesu ne wɔn yɛ ‘ahenni apam’ no. Esiane eyi nti, awiei koraa no, wɔde wɔn bedi dwuma a wɔn Hene Yesu Kristo ka ho na wɔama asase so mmusua horow nyinaa nsa aka Yehowa nkwa nhyira ahorow no.​—Luka 22:28-30, NW; Yohane 6:53, Adiyisɛm 5:9, 10; Genesis 22:15-18.

13. Dɛn ne nneɛma ahorow a ɛse sɛ yɛkae mprempren wɔ Nisan 14?

13 Ampa, bere a yɛhwehwɛ nea Yesu nsɛm a ɔkae wɔ da a ɛsɛ sɛ wɔkae yi mu no kyerɛ ankasa no mu no, ɛhyɛ yɛn ma yɛkae Yehowa dɔ a ɔwɔ sɛ ɔyɛɛ nsiesiei a ɛfa ne Dɔba no ho no. Ɛkae yɛn ɔdɔ a Yesu wɔ sɛ ɔde ne nkwa mae sɛ agyede maa adesamma a wogye di nyinaa no. (Yohane 3:16; Romafo 5:8; 1 Timoteo 2:5, 6) Nanso, nokware afoforo a ɛsom bo wɔ hɔ a Yesu ne n’akyidifo no kaa ho asɛm saa anadwo no. Wɔ Bible akyerɛwfo no nyinaa mu no, ɔsomafo Yohane nkutoo na ɔkyerɛw nkɔmmɔbɔ a emu yɛ den yi ho asɛm.

Anuonyam, Ɔdɔ, Ne Biakoyɛ

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Nkaedi afahyɛ no biara hyɛ Yehowa anuonyam? (b) Dwuma bɛn na ɔdɔ di wɔ Yesu a wɔkae no no mu, na obi ankasa ho mu a ɔbɛhwehwɛ bɛn na ɛsɛ sɛ eyi ma ɛba wɔn a wonya mu kyɛfa nyinaa adwene mu?

14 Yesu kae sɛ: “Afei wɔahyɛ onipa ba no anuonyam, na Onyankopɔn anya no mu anuonyam.” (Yohane 13:31) Efi bere a wogyee Israel fii Misraim no, Nisan 14 ayɛ nea wɔde bata Yehowa din ho tew, n’ahenni ne ne tumidi ho. Afei ɛdenam Yesu nokwaredi kosi owu mu ne n’anuonyam wusɔre a ɛbae akyiri yi denam Onyankopɔn tumi so no, ɛde nidi ne anuonyam kɛse san baa Onyankopɔn din no so. (Fa toto Mmebusɛm 27:11 ho.) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wobedi asuafo a wɔyɛ no ho adanse denam “ahyɛde foforo” a wobetie ‘adodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no’ so. (Yohane 13:34, 35) Sɛnea yɛn nuadɔ no mu den te kyerɛ sɛnea yɛn ani sɔ ɔdɔ a Yesu yii adi kyerɛɛ yɛn saa bere no.​—1 Yohane 4:19.

15. (a) Nkwa ho anidaso bɛn na wɔde asi wɔn a wodi na wɔnom no sɛnea ɛsɛ no anim? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔnam da ɔdɔ ma Yesu adi?

15 Anidaso a ɛne sɛ da bi wɔbɛtra ɔsoro fie no ka anigye a wɔde asi wɔn a wɔapaw wɔn ma wɔne Kristo ayɛ mfɛfo adedifo anim no ho. (Adiyisɛm 20:6) Yesu daa anidaso yi adi, sɛ: “Merekɔ makosiesie baabi mama mo. . . . Mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn.” (Yohane 14:2-4) Ofie-kɔ bɛn ara na ɛretwɛn wɔn a wɔkɔ so di nokware kodu awiei no sɛɛ yi! Enti, Yesu tu fo sɛ: “Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so!” Eyi kyerɛ n’ahyɛde nyinaa a ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkyerɛkyerɛ na yɛnyɛ asuafo no ka ho.​—Yohane 14:15, 21; Mateo 28:19, 20.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu sii hia a biakoyɛ ho hia wɔ n’akyidifo mu no so dua, na dɛn nti na biakoyɛ yi ho hia kɛse? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo nyinaa hyia, na dɛn na ɛboa wɔn ma wɔyɛ eyi?

16 Hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ Yesu akyidifo no ne no ne wɔn ho wɔn ho bɛyɛ biako! Yesu de bobe ne n’abaa ho mfatoho no di dwuma de si nokwasɛm yi so dua. Biakoyɛ de aba sow ba na eyi nso hyɛ Agya no anuonyam. (1 Korintofo 1:10; Yohane 15:1, 5, 8) Yesu akyidifo no nyinaa hyia ɔtaa ne ɔsɔretia. Nanso hwɛ sɛnea ɛhyɛ gyidi den sɛ wobehu sɛ Yesu kuraa ne mudi mu sɛ obi a wadi wiase so nkonim a Satan ntua ahorow no nyinaa mfa ho!​—Yohane 15:18-20; 16:2, 33.

17. Kyerɛ nneɛma ahorow a Yesu srɛe wɔ ne mpaebɔ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yohane ti 17 mu no bi.

17 Yesu de anwummere no dwumadi no baa awiei denam n’Agya no a ofi koma mu bɔɔ no mpae no so. N’Agya no a wɔbɛhyɛ no anuonyam di kan wɔ n’adesrɛ no mu. Ɔbɔ mpae sɛ wɔmmɔ n’akyidifo no ho ban mfi ɔbɔne no, Satan, nsam bere a wɔkɔ so twe wɔn ho fi wiase no ho no. Na ɔbɔ mpae nso sɛ biakoyɛ a ɔdɔ wom a ɛwɔ ɔne Agya no ntam no ara bɛkɔ so ayɛ kɛse wɔ n’akyidifo a wodi n’anammɔn akyi a wɔn dodow rekɔ anim bere nyinaa no mu.​—Yohane ti 17.

18. Sɛ wususuw nnipa dodow a wɔbaa Nkaedi no ase wɔ 1984 mu no ho a, dɛn nti na nnipa kakraa bi na wodii abodoo no na wɔnom bobesa no bi.

18 Nokware ne nsusuwii ahorow a ɛsom bo a Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo saa anadwo no, bɛyɛ mfirihyia 1,952 a atwam ni no, kakraa bi ho na yɛasusuw no, nanso ampa eyinom boa yɛn ma yɛte nea enti a Nisan 14 yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ wɔkae ampa no ase. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ afe a etwaam no Yehowa Adansefo ne wɔn nnamfo 7,416,974 huu hia a ɛho hia sɛ wobehyiam ma wɔahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fa no. Nanso nnipadɔm kɛse yi mu 9,081 pɛ na wodii abodoo no na wɔnom bobesa no bi. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu fã kɛse no ara hu wɔn ho sɛ wɔka “nnipakuw kɛse” a wogyinagyina “ahengua no ne oguammaa no awim” no ho. Eyinom hwɛ kwan sɛ wɔbɛtra okyinsoromma a ɛyɛ Asase yi so sɛ wɔn daa fie, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛtra soro, faako a 144,000 no ne “[Kristo] bedi ahene mfirihyia apem” no.​—Adiyisɛm 7:9; 20:6; Dwom 37:11.

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ dapɛn a edi hɔ adesua no mu, na dɛn nti na ɛho bia sɛ obiara ba?

19 Nanso, nsemmisa bi asɔre a ɛfa sɛnea Awurade Anwummeduan no fa “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” ho no ho. (Yohane 10:16) Ɛnde, ɛyɛ nea ɛfata sɛ yebesusuw nsɛm yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya ntease a ɛnteɛ bere a Nkaedi foforo bɛn no.

[Ase hɔ asɛm]

a Bible nkyerɛase ahorow bi kenkan sɛ, “Eyi ne me nipadua.” (Hwɛ Twi Bible Foforo, King James Version, Catholic Douay Version, The New English Bible, ne nnɛyi nkyerɛase ahorow mu.) Nanso, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “ne” no ne e.stin a ntease a ɛwɔ mu ne, ɛkyerɛ, egyina hɔ ma. (Hwɛ ase hɔ asɛm a ɛwɔ Mateo 26:26 wɔ NW Ref. Bi. mu no.) Hela asɛmfua koro no ara pue wɔ Mateo 9:13 ne 12:7 na wɔ n’abien nyinaa mu no wɔkyerɛ ase sɛ “ɛkyerɛ” (KJ, NE ne nnɛyi nkyerɛase afoforo).

So Wutumi Kae​—

◻ Wɔn a wodi Nkae abodoo no na wɔnom bobesa no?

◻ Nsɛntitiriw a ɛsɛ sɛ Nkaedi no ma yɛkae no?

◻ Sɛnea wɔda Yesu a wɔkae no da biara adi no?

◻ Asɛntitiriw a ɛbata Nisan 14 ho bere nyinaa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena