“Kommyɛ Wɔ Ne Bere, Na Ɔkasa Wɔ Ne Bere”
MPƐN ahe na wode ahonu aka sɛ, “Me yam a, anka manka saa”? Nanso ebia wobɛkae mmere foforo a woantumi ankasa akokoduru so. Bere a worekaakae no, ebia w’adwene yɛɛ wo sɛ, ‘Me yam a, anka mekaa biribi.’
Bible ka sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Enti, ɛha na ɔhaw no wɔ—sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu bere a ɛsɛ sɛ wokasa ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ komm. Yɛn sintɔ a efi awo mu no taa ma yɛyeyɛ nneɛma keka nsɛm wɔ bere a ɛnsɛ mu. (Romafo 7:19) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi yɛn tɛkrɛma a wɔbara no a ɛmmara no so?—Yakobo 3:2.
Akwan a Wɔfa so Dwudwo Tɛkrɛma No
Yenhia nsɛm bebree a ɛfa tebea biara a yebetumi ahyia ho na aboa yɛn ma yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm. Mmom no, su horow a ɛyɛ Kristofo nipasu no fã titiriw na ehia sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan. Dɛn ne su horow yi?
Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔdɔ ne su titiriw a ɛkanyan n’asuafo. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Dodow a yeyi onuadɔ a ɛte saa adi no, dodow no ara na yebedi yɛn tɛkrɛma so.
Su horow abien a ɛwɔ abusuabɔ nso bɛboa kɛse. Eyi mu biako ne ahobrɛase. Ɛma yetumi ‘bu yɛn yɔnkonom kyɛn yɛn ankasa ho.’ (Filipifo 2:3) Nea ɛka ho ne odwo, a ɛma ‘yɛbrɛ yɛn ho ase bɔne ho’ no. (2 Timoteo 2:24, 25) Yenya nhwɛso a ɛyɛ pɛ fa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde su horow yi di dwuma ho fi Yesu Kristo hɔ.
Esiane sɛ ɛyɛ den kɛse sɛ yebedi yɛn tɛkrɛma so bere a biribi haw yɛn nti, momma yensusuw anadwo a Yesu rebewu no ho—bere a na ne “ho yeraw no” no. (Mateo 26:37, 38) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu tee nka saa efisɛ na adesamma nyinaa daakye a enni awiei gyina Onyankopɔn a obedi no nokware so.—Romafo 5:19-21.
Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi yɛ bere a ɛsɛ sɛ Yesu ne ne soro Agya no kasa. Enti ɔkɔbɔɔ mpae, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no baasa sɛ wɔnwɛn. Bere bi akyi no, obehuu wɔn sɛ wɔadeda. Na osee Petro sɛ: “So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako?” Ɔde nsɛm a na ɛkyerɛ sɛ ɔte wɔn mmerɛwyɛ ahorow ase kaa animka a ɔdɔ wom yi ho. Ɔkae sɛ: “Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.” Akyiri yi, Yesu san behuu n’asuafo no sɛ wɔadeda. Ɔne wɔn kasaa ayamye so na “ogyaw wɔn kɔe . . . kɔbɔɔ mpae ne mprɛnsa so.”—Mateo 26:36-44.
Bere a Yesu huu asuafo no sɛ wɔadeda ne mprɛnsa so no, wampoopoo n’ani ankyerɛ wɔn na mmom ɔkae sɛ: “Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi onipa ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.” (Mateo 26:45) Obi a ɔdɔ ahyɛ ne koma ma, na ɔwɔ odwo ne ahobrɛase su ankasa nkutoo na obetumi de ne tɛkrɛma adi dwuma saa wɔ bere a emu yɛ den saa mu.—Mateo 11:29; Yohane 13:1.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔkyeree Yesu a na wɔredi n’asɛm. Ɛha na yesua sɛ ɛtɔ mmere bi a ne papa mu ne sɛ yɛbɛyɛ komm bere a yɛreyɛ yɛn Kristofo som adwuma mpo no. Esiane sɛ na asɔfo mpanyimfo no asi wɔn bo sɛ wobedi atoro atia Yesu nti, na wonni ɔpɛ biara sɛ wobesua nokware no. Enti wɔ tebea a na ebetumi de basabasayɛ aba ntɛm yi mu no, Yesu muaa n’ano.—Fa toto Mateo 7:6 ho.
Nanso, Yesu anyɛ komm bere a ɔsɔfo panyin no kaa eyi no: “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!” (Mateo 26:63) Esiane sɛ na wɔaka ntam ahyɛ Yesu nti, na ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa. Enti obuae sɛ: “Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.”—Mateo 26:64.
Wɔ saa da titiriw no, Yesu dii ne tɛkrɛma so koraa. Ne fam no, na ɔdɔ, odwo, ne ahobrɛase yɛ ne nipasu fi awo mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de saa su horow yi adi yɛn tɛkrɛma so bere a biribi haw yɛn no?
Tɛkrɛma no a Yebedi so Bere a Yɛn Bo Afuw
Sɛ yɛn bo fuw a, mpɛn pii no yentumi nni yɛn tɛkrɛma so. Sɛ nhwɛso no, bere bi Paulo ne Barnaba adwene anhyia wɔ asɛm bi ho. “Barnaba kae sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho. Nanso Paulo susuwii sɛ enye sɛ wɔbɛfa nea ɔtwee ne ho fii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho. Ɛnna akasakasa a emu yɛ den bae, na ɛma wɔpaapaee mu.”—Asomafo no Nnwuma 15:37-39.
Michaela a ɔde mfe bi ayɛ adansi adwuma no ka sɛ: “Na obi wɔ faako a yɛresi dan bi a na minim no yiye na mibu no. Nanso na ɛte sɛ nea onya m’adwuma ho mfomso bere nyinaa. Ɛhaw me na ɛhyɛɛ me abufuw, nanso manna me nkate adi. Da bi, asɛm no menee me bere a ɔkasa tiaa adwuma bi a na meyɛe nkyɛe.
“Miyii abufuw a ɛhyɛ me mu nyinaa adi. Abufuw no nti, mansusuw adwene a ɛnteɛ a ebia wɔn a na wɔatwa yɛn ho ahyia no nyinaa benya ho. Mampɛ sɛ me ne no bɛkasa anaa mehu no bio mpo saa da no. Seesei mihu sɛ manni asɛm no ho dwuma yiye. Anka ɛbɛyɛ papa mmom sɛ mɛyɛ komm na makasa bere a me koma atɔ me yam no.”
Anigyesɛm ne sɛ, Kristofo dɔ kaa saa nnipa baanu yi ma wosiesiee asɛm no. Michael kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ kaa nsɛm pefee akyi no, obiara bɛtee ne yɔnko ase yiye, na seesei yɛwɔ adamfofa a emu yɛ den.”
Sɛnea Michael hui no, sɛ yehu sɛ yɛn bo afuw a, ɛtɔ mmere bi a nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ komm. Mmebusɛm 17:27 ka sɛ: “Nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” Nhumu ne onuadɔ bɛboa yɛn ma yɛadi nkate a ɛbɛma yɛakeka nsɛm a ɛyɛ yaw so. Sɛ obi ayɛ biribi atia yɛn a, momma yɛne onii no nkutoo nkasa odwo ne ahobrɛase honhom mu, a adwene no ne sɛ yɛrehwehwɛ asomdwoe. Na sɛ yɛayɛ ade abufuw so dedaw nso ɛ? Ɛnde ɔdɔ bɛka yɛn ma yɛadi ahantan so, na yɛde ahobrɛase asiesie nsɛm. Eyi ne bere a wɔde kasa da ahonu adi, na wɔnam nkɔmmɔbɔ a edi mũ so di nea wɔayɛ afoforo a ɛhaw wɔn ho dwuma.—Mateo 5:23, 24.
Bere a Wɔmfa Kommyɛ Nni Nsɛm Ho Dwuma
Abufuw ne ahisɛm betumi ama yɛne nea wahyɛ yɛn abufuw no ayɛ aka. Eyi betumi asɛe ade kɛse. Maríab ka sɛ: “Afe a edi kan wɔ yɛn aware mu no, ɛtɔ mmere bi a na menkasa me kunu ho nna pii. Mpɛn pii no, na emfi ɔhaw akɛse, na mmom, na efi ahisɛm nketenkete a aboaboa ano. Na mekɔ so dwennwen saa abufusɛm yi nyinaa ho kosi sɛ ɛbɛyɛ akwanside a ɛte sɛ bepɔw. Afei ekodu baabi a na mintumi nnyina ano bio, na na menkasa me kunu ho koraa kosi sɛ m’abufuw no bedwo.”
María de ka ho sɛ: “Bible mu asɛm pɔtee bi—‘mma owia nnkɔtɔ a wo bo afuw’—boaa me ma misiesiee me nsusuwii. Me ne me kunu bɔɔ mmɔden kɛse maa yɛn nkɔmmɔbɔ tuu mpɔn ma enti ɔhaw ahorow ammoaboa ano ammɛyɛ kɛse. Ɛnyɛɛ mmerɛw, nanso yɛn aware akyi mfe du no, ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ kommyɛ a ɛmfata no ntaa mma pii. Nanso, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ meda so ara rebɔ mmɔden sɛ medi saa su yi so.”—Efesofo 4:26.
Sɛnea María hui no, sɛ akameakame wɔ nnipa baanu ntam a, gyae a wobegyae kasa no nyɛ ano aduru. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, akyinnye biara nni ho sɛ menasepɔw no mu bɛyɛ den, na ebetumi asɛe abusuabɔ no. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛne yɛn nua bom ntɛm.’ (Mateo 5:25) “Asɛm a wɔka a ɛfata” betumi aboa yɛn ma ‘yɛadi asomdwoe akyi.’—Mmebusɛm 25:11; 1 Petro 3:11.
Sɛ yehia mmoa a, ɛho hia nso sɛ yɛkasa. Sɛ honhom fam haw bi nti yɛrehu amane a, ebia yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde bɛhaw afoforo adwene. Nanso sɛ yɛyɛ komm a, ɔhaw no betumi ayɛ kɛse mmom. Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn dwen yɛn ho, na sɛ yɛma wɔn kwan a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa.—Yakobo 5:13-16.
Nea ɛsen biara no, ɛsɛ sɛ yɛkasa kyerɛ Yehowa daa wɔ mpaebɔ a efi komam mu sɛnea Yesu yɛe no. Nokwarem no, momma ‘yenyi yɛn yam’ nkyerɛ yɛn soro Agya no.—Dwom 62:8; fa toto Hebrifo 5:7 ho.
‘Bere a Wɔka’ Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm
Kristofo som adwuma no yɛ adwuma a Onyankopɔn de ama a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na awiei no aba. Enti ɛho hia sɛ Yehowa asomfo ka Ahenni ho asɛmpa no sen bere biara a aba atwam. (Marko 13:10) Te sɛ asomafo no, nokware Kristofo ‘ntumi, gye sɛ wɔka nea wɔahu na wɔate.’—Asomafo no Nnwuma 4:20.
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ɔte asɛmpa no. Nokwarem no, bere a Yesu resoma n’asuafo no ma wɔakɔka asɛm no, otuu wɔn fo sɛ ‘wɔnhwehwɛ wɔn a wɔsɛ.’ Esiane sɛ Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no nti, yɛrenyɛ asoɔden nkɔ so nkasa nkyerɛ obi a ɔboapa pow Ahenni asɛm no. (Mateo 10:11-14) Nanso yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka Yehowa nniso ho asɛm akyerɛ wɔn a ‘wɔayi wɔn yam ama daa nkwa no.’—Asomafo no Nnwuma 13:48; Dwom 145:10-13.
Ɔdɔ, odwo, ne ahobrɛase yɛ su horow a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn sintɔ a ɛbɛma yɛakasa a yensusuw ho anaasɛ yɛnkasa obi ho koraa so. Bere a yenyin wɔ saa su horow yi mu no, ebesiesie yɛn kɛse ma yɛahu nsonsonoe a ɛda bere a ɛfata sɛ yɛkasa ne bere a ɛmfata mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.
b Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.
[Kratafa 23 mfonini]
Yebetumi asiesie nsɛnnennen denam nkɔmmɔbɔ pa so