-
Kristofo Nkyerɛkyerɛ Ka Ɔmanfo Asetena Dɛn?Ɔwɛn-Aban—2012 | May 1
-
-
Asɛm a Yesu kae sɛ ‘yɛnkɔyɛ asuafo’ no, ɛne asɛm a ɔkae sɛ yɛnyɛ nkyene ne hann mma wiase no wɔ biribi yɛ. (Mateo 5:13, 14) Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Nkɛntɛnso bɛn na saa adwuma no benya wɔ nnipa so?
-
-
Kristofo Nkyerɛkyerɛ Ka Ɔmanfo Asetena Dɛn?Ɔwɛn-Aban—2012 | May 1
-
-
Mfatoho a ɔde hann yɛe no nso ɛ? Sɛnea ɔsram nya hann fi owia hɔ no, saa ara na Kristo akyidifo nso nya “hann” fi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Asɛmpa a ebue nnipa aniwa a wɔka, ne nnwuma pa a wɔyɛ no ma wɔhyerɛn sɛ kanea.—1 Petro 2:12.
Yesu kaa asɛm foforo de kyerɛe sɛ hann a obi bɛyɛ no ne osuani a ɔbɛyɛ no wɔ biribi yɛ. Ɔkae sɛ: “Wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kɛntɛn ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” Sɛ wɔsɔ kanea a, wɔde si kaneadua so na atumi ahyerɛn baabiara. Saa ara na asɛnka adwuma ne nnwuma pa a nokware Kristofo yɛ no, ɛsɛ sɛ ɛda adi ma obiara hu. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kae sɛ Onyankopɔn na wɔn a wohu saa nnwuma pa no bɛhyɛ no anuonyam, na ɛnyɛ Kristofo no.—Mateo 5:14-16.
Obiara Asɛde
Bere a Yesu kae sɛ, “Mone wiase hann” na “momma mo kanea nhyerɛn” no, na ɔne n’asuafo nyinaa na ɛrekasa. Adwuma a Yesu de gyaw wɔn no, ɛnyɛ ade a nnipa mmiako mmiako bi a wɔwowɔ asɔre asɔre mu betumi ayɛ. Mmom no, gyidifo nyinaa yɛ “hann.” Yehowa Adansefo ɔpepem ason a wɔtete nsase bɛboro 235 so no gye di sɛ ɛyɛ wɔn nyinaa asɛde sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn akɔka asɛm a Kristo pɛ sɛ n’akyidifo bɔ ho dawuru no.
-