Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/15 kr. 24-25
  • Yesu Te Ase!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Te Ase!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Te Ase
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Mahu Awurade!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yesu Nyan Fii Awufo Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/15 kr. 24-25

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu Te Ase!

BERE a mmea no hu sɛ Yesu ɔboda no da mpan no, Maria Magdalene tu mmirika kɔka kyerɛ Petro ne Yohane. Nanso, ɛda adi sɛ mmea a wɔaka no twɛn wɔ ɔboda no ho. Ankyɛ, ɔbɔfo bi ba na ɔfrɛ wɔn sɛ wɔmmra mu. Ɛha no, mmea no hu ɔbɔfo foforo, na abɔfo no mu biako ka kyerɛ wɔn sɛ: “Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea ɔdae! Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu.” Enti mmea yi nso de ehu ne anigye kɛse tu mmirika kɔ.

Saa bere yi na Maria ahu Petro ne Yohane, na ɔbɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.” Ntɛm ara asomafo baanu no fi ase tu mmirika. Yohane nim mmirikatu yiye​—ɛda adi sɛ ɔne akumaa​—na odu ɔboda no ho kan. Saa bere yi na mmea no kɔ, enti na obiara nni hɔ. Yohane bɔ ne mu ase na ohu ntama a wɔde kyekyeree no no, nanso wankɔ mu.

Petro bedui no, wantwentwɛn ne nan ase na ɔhyɛn mu. Ohu sɛ ntama a wɔde kyekyeree Yesu no ne nea wɔde kyekyeree ne ti no nso gu hɔ. Na wɔabobɔw ɛno nkutoo da baabi. Afei Yohane nso hyɛn ɔboda no mu, na ogye Maria amanneɛbɔ no di. Nanso Petro anaasɛ Yohane ante ase sɛ wɔanyan Yesu, ɛwom mpo sɛ na waka akyerɛ wɔn mpɛn pii sɛ wobenyan No de. Wɔn baanu no de ahodwiriw san kɔ fie, nanso Maria a wasan aba ɔboda no ho no twɛn wɔ hɔ.

Saa bere no, na mmea a wɔaka no reka wɔn ho ntɛmntɛm akɔka akyerɛ asuafo no sɛ wɔanyan Yesu, sɛnea abɔfo no hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Bere a wɔretu mmirika ntɛmntɛm sɛnea wobetumi no, Yesu hyia wɔn na ɔka sɛ: “Mema mo amo!” Wɔhwe ne nan ase, na wɔkotow sɔre no. Afei Yesu ka sɛ: “Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, ɛhɔ na wobehu me.”

Mfiase no, bere a asasewosow bae na abɔfo yii wɔn ho adi no, asraafo a na wɔwɛn hɔ no ho dwiriw wɔn na wɔyɛɛ sɛ awufo. Bere a wɔn ani so tetew wɔn no, wɔkɔɔ kurow no mu ntɛm ara na wɔkaa nea asi no kyerɛɛ asɔfo mpanyin no. Bere a wɔne Yudafo “mpanyimfo” no susuw asɛm no ho wiei no, wosi gyinae sɛ wɔbɛma asraafo no adanmude de abɔ mmɔden de akata asɛm no so. Wɔhyɛ wɔn sɛ: “Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no.”

Esiane sɛ ebia wobekum Roma asraafo no de atwe wɔn aso sɛ wɔdae wɔ wɔn adwuma mu nti, asɔfo no hyɛ bɔ sɛ: “Sɛ eyi [mo nna no ho amanneɛbɔ] du amrado asom a, yɛbɛkyerɛ no mu na mo ho anka mu.” Esiane sɛ na adanmude no so yiye nti, asraafo no yɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no. Enti, atoro amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ wowiaa Yesu amu no trɛw wɔ Yudafo no mu.

Maria Magdalene a ɛka no wɔ ɔboda no ho no di awerɛhow. Ɛhe na ɛbɛyɛ sɛ Yesu wɔ? Ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔboda no mu, na ohu abɔfo baanu a wɔhyɛ ntade fitaa a wɔasan aba no! Obiako te baabi a na Yesu amu da no atifi na ɔfoforo no te anafo. Wobisa sɛ: “Ɔbea, adɛn na wusu?”

Maria bua sɛ: “Wɔafa me wura kɔ, na minnim nea wɔde no akɔto ntia?” Afei ɔdan ne ho hwɛ n’akyi, na ohu obi a ɔsan ti asemmisa no mu sɛ: “Ɔbea, adɛn na wusu?” Na oyi ara bisa nso sɛ: “Wohwehwɛ hena?”

Esiane sɛ osusuw sɛ onipa yi ne turo a ɔboda no wom no hwɛfo nti, ɔka kyerɛ no sɛ: “Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me nea wode no akɔto, na menkɔfa no!”

Onipa no ka sɛ: “Maria!” Na ɔnam ɔkwan a Yesu fa so kasa kyerɛ no a onim no so hu ntɛm ara sɛ ɛyɛ Yesu. Ɔteɛm sɛ: “Rabuni!” (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo). Ɔde anigye a enni kabea so no mu. Nanso Yesu ka sɛ: “Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.”

Afei Maria tu mmirika kɔ faako a asomafo no ne mfɛfo asuafo no ahyia no. Ɔka n’asɛm no ka amanneɛbɔ a mmea afoforo no de ama dedaw sɛ wɔahu Yesu a wɔanyan no no ho. Nanso, ɛda adi sɛ mmarima yi a wɔannye mmea a wodi kan no anni no nnye Maria nso nni. Mateo 28:3-15; Marko 16:5-8; Luka 24:4-12; Yohane 20:2-18.

◆ Bere a Maria Magdalene hu ɔboda a ɛda mpan no akyi no, dɛn na ɔyɛ, na osuahu bɛn na mmea afoforo no nya?

◆ Bere a Petro ne Yohane hu ɔboda a ɛda mpan no, wɔyɛ wɔn ade dɛn?

◆ Dɛn na mmea afoforo no hu bere a wɔrekɔka Yesu wusɔre no akyerɛ asuafo no?

◆ Dɛn na ɛto asraafo awɛmfo no, na dɛn na asɔfo no yɛ wɔ wɔn amanneɛbɔ no ho?

◆ Dɛn na esi bere a Maria Magdalene nkutoo wɔ ɔboda no ho no, na asuafo no yɛ wɔn ade dɛn wɔ mmea no amanneɛbɔ no ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena