Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/1 kr. 8-13
  • “Hann No Aba Wiase”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Hann No Aba Wiase”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Yɛ Hann”
  • “Mene Wiase Hann”
  • Onyankopɔn ‘Ɔnanmusifo Panyin’
  • “Ade Nyinaa So Ti”
  • “Hann Mma”
  • “Mone Wiase Hann”
  • ‘Monhyɛ Hann Akode’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Di Wiase Hann No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Onyankopɔn Hann Hyerɛn Esum Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Henanom Na Wodi Wiase Hann No Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/1 kr. 8-13

“Hann No Aba Wiase”

“Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no.”​—YOHANE 3:19.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obiara ma Onyankopɔn atemmu yɛ n’ahiasɛm?

NNIPA a wɔwɔ hɔ nnɛ mu dodow no ara mfa Onyankopɔn atemmu nhaw wɔn ho. Ebinom susuw sɛ wɔkɔ asɔre daa na wɔnyɛ wɔn yɔnkonom bɔne biara a, Onyankopɔn bebu wɔn bem. Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛfa hell-gya ne purgatory ho no ama nnipa pii nni ɔsoro atemmu mu gyidi koraa bio. Nanso anibiannaso a nnipa bebree yɛ ne Kristoman atosɛm rentumi nsakra nokwasɛm a ɛne sɛ awiei koraa no, Onyankopɔn bebu onipa biara atɛn no. (Romafo 14:12; 2 Timoteo 4:1; Adiyisɛm 20:13) Na nneɛma pii begyina atemmu yi so. Wɔn a wobebu wɔn bem no nsa bɛka Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa, na wɔn a wobebu wɔn fɔ no nsa bɛka bɔne so akatua nyinaa: owu.​—Romafo 6:23.

2. Onyankopɔn atemmu gyina dɛn so?

2 Enti, nokware Kristofo susuw Onyankopɔn atemmu ho, na wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛsɔ n’ani. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Yesu ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yohane 3:19. Ose: “Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.” Yiw, Onyankopɔn atemmu begyina sɛ́ ebia yɛdɔ hann no mmom na ɛnyɛ sum no so.

“Onyankopɔn Yɛ Hann”

3. Dɛn ne sum no, na dɛn ne hann no?

3 Honhom fam no, sum kyerɛ nimdeɛ ne anidaso a enni Satan wiase no mu​—ɛwom sɛ Satan taa yɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” de. (2 Korintofo 4:4; 11:14; Efesofo 6:12) Nanso, hann no yɛ ntease ne nhumu a efi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Paulo kaa hann no ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.” (2 Korintofo 4:6) Sɛnea honhom fam hann fi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn no maa ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Onyankopɔn yɛ hann.”​—1 Yohane 1:5; Adiyisɛm 22:5.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama hann? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a yɛwɔ ma hann no adi?

4 Yehowa ama hann denam n’asɛm a nnɛ wotumi nya no kwa wɔ Kyerɛw Kronkron a wɔakyerɛw mu no so. (Dwom 119:105; 2 Petro 1:19) Enti, na odwontofo no reka ɔdɔ a ɔwɔ ma hann no ho asɛm ankasa bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae. Me kra di w’adansesɛm so, na medɔ no kɛse.” (Dwom 119:97, 167) So wodɔ hann no yiye sɛnea ɛda adi sɛ na ɛte wɔ odwontofo no fam no? So wokenkan Onyankopɔn Asɛm daa, susuw ho, na woyere wo ho sɛ wode nea ɛka no bedi dwuma? (Dwom 1:1-3) Sɛ ɛte saa a, wopɛ sɛ Yehowa bu wo bem.

“Mene Wiase Hann”

5. Ɔsoro hann twe adwene si hena so?

5 Hann a ɛma nkwa a efi Yehowa nkyɛn no twe adwene si Yesu Kristo so. Yɛkenkan wɔ Yohane Asɛmpa no nnianim nsɛm no mu sɛ: “[Yesu] mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann; na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.” (Yohane 1:4, 5) Nokwarem no, hann a Yesu wɔ no ma wɔfrɛ no “nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara.” (Yohane 1:9) Yesu ankasa kae sɛ: “Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.”​—Yohane 9:5.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na wɔabu no bem a ɛbɛma wanya daa nkwa?

6 Enti, wɔn a wɔdɔ hann no dɔ Yesu na wɔwɔ ne mu gyidi. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obi bɛkwati Yesu na wɔabu no bem. Yiw, sɛ yɛde yɛn ho to no so sɛ nea Onyankopɔn nam ne so de nkwagye ba nkutoo a, na wobebu yɛn bem. Yesu kae sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.” (Yohane 3:36) Nanso, dɛn na gyidi a wɔkyerɛ wɔ Yesu mu no kyerɛ?

7. Yesu mu gyidi kyerɛ gyidi wɔ hena nso mu?

7 Nea edi kan no, Yesu ankasa kae sɛ: “Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no; na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no. Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antra sum mu.” (Yohane 12:44-46) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Yesu na wɔkyerɛ ne mu gyidi no nya ɔdɔ kɛse ma Yesu Nyankopɔn ne n’Agya, Yehowa, na wonya ne mu gyidi nso. (Mateo 22:37; Yohane 20:17) Wɔn a wɔde Yesu din di dwuma wɔ wɔn som mu nanso wɔmfa nidi kɛse mma Yehowa no mu biara nkyerɛ hann no ho nokware dɔ.​—Dwom 22:27; Romafo 14:7, 8; Filipifo 2:10, 11.

Onyankopɔn ‘Ɔnanmusifo Panyin’

8. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro hann twee adwene sii Yesu so ansa na wɔrewo no sɛ onipa mpo?

8 Yesu mu gyidi a wɔkyerɛ no nso kyerɛ sɛ wogye dwuma a odi wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mu no tom. Wosii sɛnea ne dwumadi yi ho hia so dua bere a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Yesu ho adansedi nti na wɔhyɛ nkɔm.” (Adiyisɛm 19:10, New World Translation; Asomafo no Nnwuma 10:43; 2 Korintofo 1:20) Efi nkɔmhyɛ a edi kan a wɔde mae wɔ Eden no so no, nkɔmhyɛ ahorow a wofi soro de mae nyinaa fa Yesu ne afã a ɔwɔ wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mmamu mu no ho titiriw. Saara na Paulo ka kyerɛɛ Galatifo Kristofo no sɛ na Mmara apam no yɛ wɔn “yɛnfo a ɛkyerɛ [wɔn] Kristo so kwan.” (Galatifo 3:24) Wɔyɛɛ saa tete Mmara apam no na asiesie ɔman no ama Yesu ba sɛ Mesia no. Enti ansa na wɔrewo Yesu no, hann a efi Onyankopɔn nkyɛn no twee adwene sii no so.

9. Efi 33 Y.B. reba no, hann no a obi dɔ no ma ɔyɛ dɛn?

9 Wɔ 29 Y.B. mu no, Yesu kɔe sɛ wɔmmɔ no asu, na wɔde honhom kronkron sraa no ma ɔbɛyɛɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Wɔ 33 Y.B. mu no, owui sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, wonyanee no, na ɔforo kɔɔ soro de ɛbo a ne nkwa som no kɔmae wɔ hɔ maa yɛn bɔne. (Hebrifo 9:11-14, 24) Nsɛm a esisi toatoaa so yi hyɛɛ nsakrae titiriw a ɛbaa sɛnea Onyankopɔn ne adesamma di nsɛm fa mu no agyirae. Na afei Yesu abɛyɛ ‘Nkwa Ɔnanmusifo Panyin,’ ‘Nkwagye Ɔnanmusifo Panyin,’ ‘yɛn gyidi Ɔnanmusifo Panyin ne Pɛyɛfo.’ (Asomafo no Nnwuma 3:15; Hebrifo 2:10; 12:2; Romafo 3:23, 24) Efi 33 Y.B. reba no, wɔn a wɔdɔ hann no ahu, na wɔagye atom sɛ Yesu akyi no, “nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”​—Asomafo no Nnwuma 4:12.

10. Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yetie Yesu nsɛm na yedi so?

10 Yesu mu gyidi a wɔbɛkyerɛ no nso kyerɛ sɛ wobegye no atom sɛ “Asɛm no,” “Nwonwa Ɔfotufo” no. (Yohane 1:1; Yesaia 9:6) Nsɛm a Yesu ka no da ɔsoro nokware adi bere nyinaa. (Yohane 8:28; Adiyisɛm 1:1, 2) Tie a yebetie no no bɛkyerɛ nkwa anaa owu ama yɛn. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so Yudafo no sɛ: “Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.” (Yohane 5:24) Afeha a edi kan Y.B. mu no, wogyee wɔn a wodii Yesu nsɛm ho dwuma no fii Satan wiase no sum mu na wɔbaa nkwa mu, sɛ yɛbɛka no saa a. Wobuu wɔn bem sɛ wɔn a wɔne no bɛyɛ yɔnko adedifo wɔ ne soro Ahenni no mu (Efesofo 1:1; 2:1, 4-7) Yesu nsɛm a wotie nnɛ no bue kwan ma wobu pii bem sɛ wɔn a wobetwa Harmagedon na wɔanya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ wiase foforo no mu.​—Adiyisɛm 21:1-4; fa toto Yakobo 2:21, 25 ho.

“Ade Nyinaa So Ti”

11. Tumi a ɛkorɔn bɛn na wɔde maa Yesu wɔ 33 Y.B. mu?

11 Yesu daa hann ho ade foforo bi adi kyerɛɛ n’akyidifo no wɔ ne wusɔre akyi. Ɔkae sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Na wɔnam saa kwan yi so rema Yesu dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Yehowa amansan ahyehyɛde no mu. Paulo de ɛho nsɛm pii ma bere a ɔka sɛ: “[Onyankopɔn] nyan [Yesu] fii awufo mu, na ɔde no traa ne nifa ɔsoro [wɔ] panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wi yi ase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu. Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo a ɛne ne nipadua [no].” (Efesofo 1:20-23; Filipifo 2:9-11) Efi 33 Y.B. reba no, Yesu dibea a ɛkorɔn yi a wogye tom no abɛka nea ɛkyerɛ sɛ obi dɔ hann no ho.

12. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no de anigye agye atom fi mfiase pɛɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔada eyi adi sɛnea ɛfata?

12 Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa gye Yesu tumi tom. (Mateo 24:30; Adiyisɛm 1:7) Nanso, wɔn a wɔdɔ hann no de anigye agye atom fi mfiase pɛɛ. Kristofo asafo no mufo a wɔasra wɔn no gye Yesu tom sɛ “nipadua a ɛne asafo no ti.” (Kolosefo 1:18; Efesofo 5:23) Sɛ wɔbɛyɛ saa nipadua no fã a, ‘woyi wɔn fi sum tumi ase de wɔn ba ne dɔba ahenni mu.’ (Kolosefo 1:13) Efi saa bere no, wɔde mmɔdenbɔ di Yesu akyi wɔ wɔn asetra afã biara mu, na wɔakyerɛkyerɛ “nguan foforo” no ma wɔyɛ saara wɔ yɛn bere yi so. (Yohane 10:16) Yesu tiyɛ a wogye tom no yɛ ahwehwɛde titiriw a ɛma wobu obi bem.

13. Bere bɛn na Yesu fii ase dii Ahenni tumi, na dɛn na adi ɛno akyi aba wɔ asase so ha?

13 Bere a Yesu kɔɔ soro wɔ 33 Y.B. mu no, wamfa ne tumi nyinaa anni dwuma. Ɛwom sɛ na ɔne Kristofo asafo no Ti de, nanso ɔtwɛn kosii sɛ bere a ɛfata sɛ odi adesamma nyinaa so tumi koraa no bedu. (Dwom 110:1; Asomafo no Nnwuma 2:33-35) Saa bere no bae wɔ 1914 Y.B. mu, bere a wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene, na wiase yi “nna a edi akyiri” no fii ase no. (2 Timoteo 3:1) Efi 1919 reba no, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo anoboaboa no akɔ so akodu awiei. Titiriw fi 1935 reba no, Yesu repaapae adesamma mu sɛ “nguanten” a wobenya “ahenni a wɔasiesie ama [wɔn]” no adi, ne “mpapo” a ‘wobefi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu’ no.​—Mateo 25:31-34, 41, 46.

14. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse ada no adi sɛ wɔdɔ hann no, na dɛn na wobenya afi mu?

14 Nea ɛyɛ anigye ne sɛ nguan no adɔɔso wɔ nna a edi akyiri yi mu. Wɔahu wɔn mu nnipakuw kɛse a wɔn dodow adu ɔpepem pii sɛ “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” aba. Te sɛ wɔn mfɛfo a wɔasra wɔn no, wɔn a wɔte sɛ nguan yi dɔ hann no. “Wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu,” na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no dea.” Esiane eyi nti, sɛ kuw no, wobebu nnipakuw kɛse no bem. Emufo no “fi ahohia kɛse no mu,” na wotwa Harmagedon sɛe a ɛbɛba wɔn a wɔdɔ sum no so no.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 14.

“Hann Mma”

15. Ɔkwan bɛn so na yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Ɔhene Yesu Kristo?

15 Nanso, ɔkwan a ɛfata bɛn so na wɔn a wɔdɔ hann no, sɛ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa nguan foforo no, brɛ wɔn ho ase ma Yesu sɛ nea Onyankopɔn de no asi ahengua so sɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo? Ɔkwan biako ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ayɛ nnipa a wɔsɔ Yesu ani. Bere a Yesu wɔ asase so no, n’ani sɔɔ su horow te sɛ nokwaredi, koma nyinaa mu a wofi yɛ ade, ne nokware no ho anigye, na ɔno ankasa yɛɛ su horow yi ho nhwɛso. (Marko 12:28-34, 41-44; Luka 10:17, 21) Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem a, ɛsɛ sɛ yenya su horow a ɛte saa.

16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yeyi sum mu nnwuma gu?

16 Eyi yɛ nokware titiriw esiane sɛ Satan wiase no mu sum kɔ so yɛ kabii bere a awiei no rebɛn no. (Adiyisɛm 16:10) Enti nsɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no fata yiye: “Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn, enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode. Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu.” (Romafo 13:12, 13) Ɛwom sɛ daa nkwa yɛ Onyankopɔn akyɛde de, nanso yɛn nneyɛe di sɛnea yɛn gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma hann no yɛ nokware fa no ho adanse. (Yakobo 2:26) Enti, atemmu a yɛn nsa bɛka no begyina faako a yɛyɛ nnwuma pa na yɛkwati nnwuma bɔne kodu so titiriw.

17. Dɛn na ‘Awurade Yesu Kristo a wɔbɛhyɛ no’ no kyerɛ?

17 Ɔsomafo Paulo de n’afotu a ɛwɔ Romafo 13:12, 13 mae akyi no, ɔde baa awiei sɛ: “Monhyɛ Awurade Yesu Kristo no, na mommma ɔhonam so hwɛ nnnan nnkɔ akɔnnɔ mu.” (Romafo 13:14) Dɛn na ‘Awurade Yesu Kristo a wɔhyɛ no’ no kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo di Yesu akyi pɛɛ, na ɛyɛ sɛ nea wɔahyɛ ne nhwɛso ne ne suban te sɛ atade, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ sɛ Kristo. Petro kae sɛ: “Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.”​—1 Petro 2:21.

18. Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem a, nsakrae akɛse bɛn na ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ?

18 Eyi taa ma Kristoni yɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetra mu. Paulo kae sɛ: “Na kan no anka moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma, efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu.” (Efesofo 5:8, 9) Wɔn a wɔyɛ sum mu nnwuma biara nyɛ wɔn a wɔdɔ hann no, na sɛ wɔanyɛ nsakrae a, wɔremmu wɔn bem.

“Mone Wiase Hann”

19. Akwan horow bɛn so na Kristoni betumi ama hann ahyerɛn?

19 Nea etwa to no, hann no a yɛdɔ no kyerɛ sɛ yɛbɛma hann no ahyerɛn ma afoforo ahu na atwetwe wɔn. Yesu kae sɛ: “Mone wiase hann.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:14, 16) Nea ɛka Kristoni nneyɛe pa ho ne sɛ ɔbɛda papayɛ ne trenee ne nokware biara adi, efisɛ nneyɛe pa a ɛte sɛɛ no de nokware no ho adanse a ahoɔden wom ma. (Galatifo 6:10; 1 Petro 3:1) Nea ɛka ho titiriw ne afoforo a ɔne wɔn ka nokware no ho asɛm. Nea eyi kyerɛ nnɛ ne sɛ obenya kyɛfã wɔ ka a wɔka “ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no mu. Ɛkyerɛ nso sɛ ɔde boasetɔ bɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye, ne wɔn asua Bible no, na waboa wɔn ma wɔn nso ayɛ hann nnwuma.​—Mateo 24:14; 28:19, 20.

20. (a) Hann no hyerɛn yiye kodu he nnɛ? (b) Nhyira ahorow bɛn na wɔn a wɔyɛ hann no ho adwuma no nya?

20 Wɔ yɛn bere yi so no, esiane Kristofo anokwafo asɛnka dwumadi a wɔyɛ no nnam so nti, wɔrete asɛmpa no wɔ bɛboro nsase 200 so, na hann no rehyerɛn sen bere biara a atwam. Yesu kae sɛ: “Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.” (Yohane 8:12) Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yebenya bɔhyɛ yi mmamu mu kyɛfã sɛɛ yi! Esiane sɛ mprempren de yenni Satan wiase mu sum no mu bio nti, yɛn asetra ayɛ anigye sen sɛnea na anka ɛte. Na nokwarem no, yɛwɔ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye efisɛ yɛrehwɛ kwan sɛ Ɔtemmufo a Yehowa apaw no no bebu yɛn bem. (2 Timoteo 4:8) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhosɛm sɛ, bere a yɛaba hann no mu no, yɛbɛsan akɔ sum mu na yɛanya afobu! Yebesusuw sɛnea yebetumi atra gyidi no mu pintinn no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Onyankopɔn atemmu gyina dɛn so?

◻ Adwuma titiriw bɛn na Yesu yɛ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yesu sɛ nea Yehowa asi no Hene?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ “hann mma”?

◻ Ɔkwan bɛn so na hann no rehyerɛn sen bere biara a atwam wɔ wiase yi sum no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa gye Yesu tumi a ɛkorɔn no tom

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ hann no bere a yɛma ɛhyerɛn ma afoforo no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena