Awofo ne Mmofra: Momfa Onyankopɔn Nni Kan!
“Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so.”—ƆSƐNKAFO 12:13.
1. Osuro bɛn na ɛho hia sɛ awofo ne mmofra nya, na dɛn na ɛde bɛbrɛ wɔn?
NKƆMHYƐ bi a ɛfa Yesu Kristo ho kae sɛ “[Yehowa] suro bɛyɛ no huam.” (Yesaia 11:3) Ná ne suro no yɛ obu ne nidi a emu dɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no titiriw, osuro a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani esiane sɛ ɔdɔɔ no nti. Ɛho hia sɛ awofo ne mmofra nya Onyankopɔn suro te sɛ Kristo de no na ama wɔanya anigye sɛnea Yesu nyae no. Ɛho hia sɛ wɔde Onyankopɔn di kan wɔ wɔn asetra mu denam n’ahyɛde a wobedi so no so. Sɛnea Bible kyerɛwfo bi kyerɛ no, “eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.
2. Dɛn ne Mmara nsɛm no mu nea ɛkyɛn so, na wɔde maa henanom titiriw?
2 Wɔde Mmara nsɛm no mu nea ɛkyɛn so a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛdɔ Yehowa, fi yɛn koma, yɛn kra, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu,’ no maa awofo titiriw. Mmara no mu nsɛm a wɔtoaa so kae da eyi adi: “Fa [Yehowa a ɛsɛ sɛ wodɔ no ho nsɛm yi] kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:4-7; Marko 12:28-30) Enti wɔhyɛɛ awofo sɛ wɔmfa Onyankopɔn nni kan denam dɔ a wɔn ankasa bɛdɔ no, na wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔn nso ayɛ saa ara so.
Ɛyɛ Kristofo Asɛyɛde
3. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa hia a ɛho hia sɛ wɔma ani kũ mmofra ho adi?
3 Yesu kyerɛɛ hia a ɛho hia sɛ wɔma ani kũ mmofra nkumaa mpo ho. Bere bi, ɛde rekɔ Yesu asase so som adwuma awiei no, nkurɔfo fii ase de wɔn nkokoaa brɛɛ no. Ɛda adi sɛ esiane sɛ na asuafo no susuw sɛ Yesu nni adagyew koraa, na wɔbɛhaw no nti, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesiw nkurɔfo no kwan. Nanso Yesu kaa n’asuafo no anim sɛ: “Momma mmofra no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan!” Yesu ‘yɛɛ mmofra no atuu’ mpo, de kyerɛɛ sɛnea ɛho hia sɛ wɔma ani kũ mmofra ho wɔ ɔkwan a ɛka koma so.—Luka 18:15-17; Marko 10:13-16.
4. Henanom na wɔmaa wɔn ahyɛde sɛ ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo,’ na dɛn na eyi bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ?
4 Yesu daa no adi pefee nso sɛ n’akyidifo no wɔ asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo ka wɔn ankasa mma ho. Wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, “ɔmaa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko”—a na awofo bi ka ho. (1 Korintofo 15:6) Ɛda adi sɛ eyi sii wɔ Galilea bepɔw bi so, baabi a na n’asomafo 11 no ahyiam no. Ɛhɔ na Yesu ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . Na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:16-20) Kristoni biara ntumi mmu n’ani ngu saa ahyɛde yi so ma ɛmfata! Sɛ agyanom ne ɛnanom bedi so a, ɛhwehwɛ sɛ wɔhwɛ wɔn mma na wonya baguam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu kyɛfa.
5. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa mpo a, na asomafo no mu dodow no ara yɛ awarefo, na enti na ebetumi aba sɛ wɔwɔ mma? (b) Afotu bɛn na na ehia sɛ mmusua ti fa no aniberesɛm?
5 Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ na ɛsɛ sɛ asomafo no mpo ma wɔn mmusua mu asɛyɛde ne ahyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛm no na wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw no kari pɛ. (Yohane 21:1-3, 15-17; Asomafo no Nnwuma 1:8) Eyi te saa efisɛ, sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa mpo a, na wɔn mu dodow no ara yɛ awarefo. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yenni ho kwan sɛ yɛde onuawa a ɔyɛ ɔyere kyini, sɛ asomafo a aka no ne Awurade ne nuanom ne Kefa?” (1 Korintofo 9:5; Mateo 8:14) Ebetumi aba nso sɛ na asomafo no binom wɔ mma. Tete abakɔsɛm akyerɛwfo te sɛ Eusebius, ka sɛ na Petro wɔ bi. Na ɛho hia sɛ tete Kristofo a wɔyɛ awofo nyinaa tie Kyerɛwnsɛm mu afotu yi: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”—1 Timoteo 5:8.
Asɛyɛde a Edi Kan
6. (a) Asɛnnennen bɛn na Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ mmusua wɔ? (b) Dɛn ne ɔpanyin asɛyɛde a edi kan?
6 Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ mmusua nnɛ wɔ tebea a ɛte sɛ asomafo no de no ara mu. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn asɛyɛde a ɛne wɔn mmusua honhom fam ne honam fam ahiade ho dwumadi ne ahyɛde a wɔwɔ a ɛne sɛ wɔbɛka asɛm wɔ baguam na wɔayɛn Onyankopɔn nguankuw no kari pɛ. Dwumadi bɛn na ɛsɛ sɛ edi kan? September 1, 1964, Ɔwɛn-Aban, no kae sɛ: “[Agya] asɛyɛde a edi kan ne n’abusua, na nokwarem no, sɛ wanni asɛyɛde yi ho dwuma a, ontumi nyɛ n’adwuma yiye.”
7. Ɔkwan bɛn so na agyanom a wɔyɛ Kristofo de Onyankopɔn di kan?
7 Enti ɛsɛ sɛ agyanom de Onyankopɔn di kan denam ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnyɛn wɔn mma Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no a wobedi so no so. (Efesofo 6:4) Wontumi nnan saa asɛyɛde no mma obi foforo, ɛwom mpo sɛ ebia na agya bi wɔ asɛyɛde sɛ ɔhwɛ Kristofo asafo no mu dwumadi ahorow so de. Ɛbɛyɛ dɛn na agyanom a wɔte saa atumi adi wɔn asɛyɛde ahorow—wɔn mmusua a wɔbɛma wɔn honam fam, honhom fam, ne nkate fam ahiade—no ho dwuma, na bere koro no ara, wɔayɛ ɔhwɛ adwuma ne nneɛma foforo wɔ asafo no mu?
Mmoa a Ɛho Hia a Wɔde Bɛma
8. Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin yere betumi aboa no?
8 Ɛda adi pefee sɛ, mpanyimfo a wɔwɔ mmusua mu asɛyɛde ahorow betumi anya mmoa a afoforo de bɛma wɔn so mfaso. Ɔwɛn-Aban a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no kae sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni betumi aboa ne kunu. Ɛkae sɛ: “Obetumi ayɛ nea obetumi biara ma no anya kwan asiesie ne dwumadi ahorow, na waboa ma ɔbarima no ne ɔno ankasa akwati bere sɛe denam bere nhyehyɛe pa a ɔbɛyɛ wɔ fie, awie aduan bere ano, asiesie wɔn ho akɔ asafo nhyiam bere ano no so. . . . Wɔ ɔyere a ɔyɛ Kristoni kunu akwankyerɛ ase no, obetumi ayɛ pii wɔ tete a wɔbɛtete mmofra no wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so na ama wɔasɔ Yehowa ani no so.” (Mmebusɛm 22:6) Yiw, wɔbɔɔ ɔyere sɛ ɔmmɛyɛ “boafo,” na nyansa wom sɛ ne kunu bɛkyerɛ ne mmoa no ho anigye. (Genesis 2:18) Mmoa a ɔbea no de bɛma no no bɛboa ɔbarima no ma wadi n’abusua ne asafo mu asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye.
9. Henanom na wɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ Tesalonika asafo no mu sɛ wɔmmoa asafo no mufo foforo?
9 Nanso, ɛnyɛ Kristofo mpanyimfo yerenom nkutoo na wobetumi adi dwuma de aboa ɔhwɛfo bi a ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛn Onyankopɔn nguankuw’ na ɔhwɛ n’ankasa fie so no. (1 Petro 5:2) Henanom bio na wobetumi aboa? Ɔsomafo Paulo hyɛɛ anuanom a wɔwɔ Tesalonika no nkuran sɛ wommu wɔn a ‘wodi wɔn so mpanyin’ no. Nanso, ɔretoa so akasa akyerɛ saa anuanom yi—wɔn a na wɔnyɛ ahwɛfo no titiriw—no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.”—1 Tesalonikafo 5:12-14.
10. Nkɛntɛnso pa bɛn na mmoa a anuanom nyinaa fi ɔdɔ mu de ma no nya wɔ asafo no so?
10 Hwɛ fɛ a ɛyɛ bere a ɔdɔ ka anuanom a wɔwɔ asafo bi mu ma wɔkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, wɔboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, wotu wɔn a wɔnam basabasa fo, na wonya ntoboase ma nnipa nyinaa! Anuanom a wɔwɔ Tesalonika a na wɔagye Bible nokware no atom foforo a ahohia kɛse a wɔfaa mu mfa ho no, de Paulo afotu a ese wɔnyɛ eyi no dii dwuma. (Asomafo no Nnwuma 17:1-9; 1 Tesalonikafo 1:6; 2:14; 5:11) Susuw nkɛntɛnso pa a mmoa a wofi ɔdɔ mu de mae no nyae wɔ asafo mũ no nyinaa so, na ɛhyɛɛ wɔn den ma wɔyɛɛ biako no ho hwɛ! Saa ara na ɛnnɛ sɛ anuanom kyekye wɔn ho wɔn ho werɛ, hyɛ wɔn ho wɔn ho den, tutu wɔn ho wɔn ho fo a, ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ mpanyimfo no a mpɛn pii no wɔwɔ mmusua a wɔhwɛ wɔn no bedi wɔn nguanhwɛ adwuma no ho dwuma.
11. (a) Dɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ na asɛm “anuanom” no fa mmea nso ho? (b) Mmoa bɛn na Kristoni bea bi a ne ho akokwaw betumi de ama mmabaa nnɛ?
11 Ná mmea ka “anuanom” a ɔsomafo Paulo kasa kyerɛɛ wɔn no ho? Yiw, esiane sɛ mmea bebree bɛyɛɛ gyidifo nti, na wɔka ho. (Asomafo no Nnwuma 17:1, 4; 1 Petro 2:17; 5:9) Mmoa bɛn na na mmea a wɔte saa no betumi de ama? Wiɛ, na mmabaa wɔ asafo ahorow no mu a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedi wɔn ‘nna ho akɔnnɔ’ so anaasɛ wɔbɛyɛɛ wɔn a na “wɔn koma atu.” (1 Timoteo 5:11-13) Mmea binom wɔ ɔhaw ahorow a ɛtete saa ara nnɛ. Ebia nea wobehia titiriw ne obi a ɔbɛyɛ aso atie wɔn anaa obi a obenya tema ama wɔn. Mpɛn pii no Kristoni bea bi a ne ho akokwaw ne obi a ɔfata a obetumi de mmoa a ɛte saa ama. Sɛ nhwɛso no, obetumi ne ɔbea foforo a ɔwɔ ɔhaw bi asusuw ho a anka Kristoni barima bi ankasa ntumi nni ho dwuma yiye. Bere a Paulo reka ɛbo a mmoa a ɛte saa som ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mmerewa nso . . . wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa, na wɔde atew mmabaa adwenem ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.”—Tito 2:3-5.
12. Henanom akwankyerɛ na ɛho hia sɛ asafo no mufo nyinaa di akyi?
12 Hwɛ nhyira a anuanom mmea ahobrɛasefo yɛ ma asafo bi, sɛ wɔne wɔn kununom ne mpanyimfo no yɛ biako boa wɔn a! (1 Timoteo 2:11, 12; Hebrifo 13:17) Mpanyimfo a wɔwɔ mmusua mu asɛyɛde nya mfaso kɛse bere a obiara de biakoyɛ boa wɔn ho wɔn ho wɔ ɔdɔ mu, na wɔn nyinaa brɛ wɔn ho ase hyɛ nguanhwɛfo a wɔapaw wɔn no akwankyerɛ ase no.—1 Petro 5:1, 2.
Awofo, Dɛn na Mode Di Kan?
13. Ɔkwan bɛn so na agyanom bebree di wɔn mmusua huammɔ?
13 Mfe bi a atwam no, obi a ogye afoforo ani a wagye din kae sɛ: “Mihu mmarima a wɔhwɛ nnwumakuw a mmarima ɔhaha pii wom so yiye; wonim sɛnea wodi tebea biara ho dwuma, sɛnea wɔde nteɛso ma na wɔbɔ nkurɔfo aba so wɔ adwuma mu. Adwuma a ɛsõ sen biara a wɔrehwɛ so ne wɔn mmusua, nanso wɔnhwɛ so yiye.” Dɛn ntia? Ɛnyɛ nnwuma ne nneɛma foforo a ɛho hia wɔn a wɔde di kan na wobu wɔn ani gu Onyankopɔn afotu so ntia? N’Asɛm ka sɛ: ‘Nsɛm yi a merehyɛ wo yi, fa kyerɛkyerɛ wo mma.’ Na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi da biara da. Ɛho hia sɛ awofo fi ayamye mu de wɔn bere ma—na ne titiriw no, wɔn dɔ, na wodwen wɔn ho kɛse.—Deuteronomium 6:6-9.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ awofo hwɛ wɔn mma? (b) Dɛn na ɛka ntetee pa a wɔde ma mmofra ho?
14 Bible kae yɛn sɛ mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. (Dwom 127:3) Wohwɛ wo mma sɛ Onyankopɔn agyapade, sɛ akyɛde bi a ɔde ahyɛ wo nsa? Sɛ wofa wo ba to wo nsa so a, wonam saayɛ so kyerɛ sɛ wufi ɔdɔ mu dwen ne ho, na w’ani kũ ne ho, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛkyerɛ ho anigye. (Marko 10:16) Nanso ‘sɛ wobɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so’ no hwehwɛ pii sen sɛ wobɛyɛ no atuu na woafew n’ano ara kɛkɛ. Sɛ abofra benya nyansa a ɛbɛma watumi akwati asetram asiane ahorow a, ohia nteɛso a ɔdɔ wom nso. Ɔwofo da nokware dɔ adi denam ‘nteɛso a ɔde ma ne ba’ no so.—Mmebusɛm 13:1, 24; 22:6.
15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ awofo nteɛso ho hia?
15 Yebetumi ahu hia a awofo nteɛso ho hia wɔ sukuu ɔfotufo bi nsɛm a ɔka fa mmofra a wɔba n’adwumam ho no mu: “Wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ, wɔahaw, na wonni anidaso biara. Sɛ wɔreka sɛnea nneɛma te ankasa ho asɛm a, wosu. Wɔn mu bebree—wɔdɔɔso sen sɛnea obi betumi asusuw koraa—abɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho, a ɛnyɛ wɔn ani a agye mmoroso nti; na mmom wɔn werɛ a ahow kɛse, dwen a wonnwen wɔn ho, ne adwennwen a ɛhyɛ wɔn so esiane sɛ wonnyinii na ‘wɔhwɛ wɔn ho’ nti, na ɛyɛ den ma wɔn dodo sɛ wobetumi agyina ano.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛyɛ hu ma abofra sɛ obehu sɛ ɔno na nneɛma ahorow ho dwumadi hyɛ ne nsa.” Ɛyɛ nokware sɛ ebia mmofra bɛpow nteɛso de, nanso wɔn ani sɔ awofo akwankyerɛ ne anohyeto ahorow ankasa. Wɔn ani gye sɛ wɔn awofo dwen wɔn ho kɛse na wɔma wɔn anohyeto ahorow. Abofra bi a n’awofo yɛɛ saa kae sɛ: “Ayi adesoa kɛse afi me so.”
16. (a) Dɛn na ɛto mmofra binom a wɔtete wɔn wɔ Kristofo afie mu? (b) Dɛn nti na fom a abofra bi fom kwan no nkyerɛ ankasa sɛ ntetee a awofo de maa no no nyɛ papa?
16 Nanso, ɛmfa ho sɛ mmofra binom wɔ awofo a wɔdɔ wɔn na wɔma wɔn ntetee pa no, wɔpow awofo akwankyerɛ na wɔfom kwan te sɛ ɔba hohwini a ne ho asɛm wɔ Yesu mfatoho no mu no. (Luka 15:11-16) Nanso, ɛno ankasa nkyerɛ sɛ awofo no anni wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛtete wɔn ba no yiye, sɛnea Mmebusɛm 22:6 kyerɛ no, ho dwuma. Wɔde asɛm a ɛfa ‘abofra a wɔbɛkyerɛ no ɔkwan a ɔmfa so na amma wamfi ho’ no mae sɛ ahyɛde a ɛfa obiara ho. Nea ɛyɛ awerɛhow no, te sɛ ɔba hohwini no, mmofra binom ‘bebu osetie a wɔbɛyɛ ama ɔwofo no animtiaa.’—Mmebusɛm 30:17.
17. Dɛn mu na awofo a wɔn mma afom betumi anya awerɛkyekye afi?
17 Agya bi a ne babarima afom kwan bɔɔ abubuw sɛ: “Mabɔ mmɔden biara sɛ medu ne koma mu. Minhu nea menyɛ efisɛ masɔ nneɛma bebree ahwɛ. Emu biara ankosi hwee.” Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, bere kɔ so no, mmofra a wɔafom kwan saa no bɛkae ntetee a ɔdɔ wom a wonyae no, na wɔasan aba sɛnea ɔba hohwini no yɛe no. Nanso, nokwasɛm no da so wɔ hɔ sɛ mmofra binom tew atua bɔ bra bɔne ma epira wɔn awofo kɛse. Awofo betumi anya awerɛkyekye afi nim a wonim sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn no mpo huu yi a Yuda Iskariot a na ɔde bere tenten ayɛ ne suani no yii no mae no mu. Na akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ankasa werɛ howee bere a n’ankasa honhom mu mma bebree antie n’afotu na wɔtew atua a na mfomso no mfi no no.—Luka 22:47, 48; Adiyisɛm 12:9.
Mmofra—Hena na Mobɛsɔ N’ani?
18. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi akyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn di kan?
18 Yehowa hyɛ mo mmofra nkuran sɛ: “Muntie mo awofo asɛm Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Mmofra de Onyankopɔn di kan bere a wɔyɛ eyi no. Munnnyimi! Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ogyimfo tew n’agya nteɛso ahi.” Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode ahantan susuw sɛ mubetumi atra ase a munhia nteɛso. Nokwasɛm ne sɛ “nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho tew wɔn ankasa ani so, nanso wonguaree wɔn mfii wɔn fĩ mu ɛ.” (Mmebusɛm 15:5; 30:12) Enti muntie Onyankopɔn akwankyerɛ—mo awofo mmara nsɛm ne nteɛso no, ‘muntie,’ ‘momfa nsie,’ ‘mma mo werɛ mmfi,’ ‘monyɛ aso mma,’ ‘munni so,’ na ‘munnnyaw.’—Mmebusɛm 1:8; 2:1; 3:1; 4:1; 6:20.
19. (a) Ntease horow a emu yɛ den bɛn na mmofra wɔ a enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi akyerɛ sɛ wɔwɔ anisɔ ma Onyankopɔn?
19 Wowɔ ntease horow a emu yɛ den nti a ɛsɛ sɛ woyɛ osetie ma Yehowa. Ɔdɔ wo, na ɔde ne mmara ama wo, a mmara a ɛka sɛ mma ntie wɔn awofo asɛm no ka ho, na abɔ wo ho ban aboa wo ma woanya asetra a anigye wom. (Yesaia 48:17) Wama ne Ba no abewu ama wo nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye wo afi bɔne ne owu mu na ama woanya daa nkwa. (Yohane 3:16) Wokyerɛ anisɔ? Onyankopɔn fi soro hwɛ wo, na ɔrehwehwɛ wo komam ahwɛ sɛ wodɔ no ampa a, sɛ ebia wokyerɛ ne nsiesiei ahorow ho anisɔ a. (Dwom 14:2) Satan nso rehwɛ wo, na ɔrebɔ Onyankopɔn ahohora sɛ worentie No. Sɛ woyɛ Onyankopɔn so asoɔden a, woma Satan ani gye, na Yehowa ‘werɛ how.’ (Dwom 78:40, 41) Yehowa ka kyerɛ wo sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Yiw, asɛm no ne sɛ, Hena na wobɛsɔ n’ani, Satan anaa Yehowa?
20. Ɔkwan bɛn so na abofra bi kuraa akokoduru a ɔde som Yehowa mu ɛmfa ho mpo sɛ ehu kaa no no?
20 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn apɛde bere a wuhyia nhyɛso a Satan ne ne wiase no de ba wo so no. Ebetumi ayi hu. Abofra biako kae sɛ: “Sɛ ehu ka wo a, ɛte sɛ nea awɔw de wo. Wubetumi ayɛ ho biribi.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ awɔw de wo a, wohyɛ atade a wɔde ko awɔw. Sɛ awɔw no kɔ so de wo a, wohyɛ foforo gu so. Na wokɔ so hyɛ bi gu so araa kosi sɛ awɔw no begyae na ɛnne wo bio. Enti Yehowa mpae a wobɛbɔ bere a ehu aka wo no te sɛ nea wohyɛ ntade a wɔde ko awɔw bere a awɔw de wo no. Sɛ mebɔ mpae biako wie na meda so bɔ hu a, mebɔ mpae bio, meyɛ saa araa kosi sɛ ehu no befi hɔ koraa. Na ɛboa. Ayi me afi asiane mu!”
21. Sɛ yɛbɔ mmɔden de Yehowa di kan wɔ yɛn asetra mu a, ɔkwan bɛn so na obegyina yɛn akyi?
21 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Onyankopɔn bedi kan wɔ yɛn asetra mu ankasa a, Yehowa begyina yɛn akyi. Ɔbɛhyɛ yɛn den, na sɛ ɛho hia a ɔbɛma abɔfo abɛboa yɛn, sɛnea ɔyɛ maa ne Ba no ara pɛ. (Mateo 18:10; Luka 22:43) Mo, awofo ne mmofra nyinaa munnya akokoduru. Munnya Kristo suro no bi, na ɛbɛma moanya anigye. (Yesaia 11:3) Yiw, “suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.
Wubetumi Abua?
◻ Asɛyɛde ahorow bɛn na na ɛho hia sɛ Yesu tete akyidifo no ma ɛkari pɛ?
◻ Asɛyɛde bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo awofo di ho dwuma?
◻ Mmoa bɛn na Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ mmusua no wɔ?
◻ Dwuma a ɛsom bo bɛn na anuanom mmea betumi adi wɔ asafo no mu?
◻ Afotu ne akwankyerɛ bɛn na ɛho hia sɛ mmofra di akyi?
[Kratafa 15 mfonini]
Mpɛn pii no, Kristoni bea bi a ne ho akokwaw betumi de mmoa a ɛho hia ama ababaa bi
[Kratafa 17 mfonini]
Awerɛkyekye bɛn na awofo a wɔn mma fom kwan betumi anya wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?