Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 4/1 kr. 25-28
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Onipa Ayɛ Onyankopɔn Sɛso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Onipa Ayɛ Onyankopɔn Sɛso?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Su Ahorow
  • Mmɔden a Yɛbɛbɔ De Asuasua Onyankopɔn
  • Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi Asɛ Onyankopɔn Kɛse Nnɛ?
  • Asɛmpaka No
  • Kamfo Yehowa sɛ Nokware Nyankopɔn Koro No
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nnipa—Sɛnea Wofii Ase
    Nyan!—1980
  • ‘Sɛɛ Na Onyankopɔn Dɔɔ Yɛn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Atɛntreenee Ma Aman Nyinaa Nnansa Yi Ara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 4/1 kr. 25-28

Ɛbɛyɛ Dɛn na Onipa Ayɛ Onyankopɔn Sɛso?

“ONYANKOPƆN bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” Saa na kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka, nanso ɛkyerɛ dɛn? Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no wɔ Onyankopɔn suban so?—Genesis 1:27.

So na wɔte sɛ Onyankopɔn wɔ nipadua mu? Dabi, entumi mma saa. Onipa yɛ ɔdesani, ɔhonam a wɔyɛɛ no ma watra asase so. Onyankopɔn yɛ honhom a ɔte soro anuonyam bi a enni kabea mu, beae a ɔdesani biara ntumi mmɛn hɔ. (Exodus 33:18-20; 1 Korintofo 15:50) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so? Ɛne sɛ wɔmaa onipa tumi a ɛbɛma ɔde Onyankopɔn su atitiriw—ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi—ne ne su afoforo adi dwuma.

Yehowa Su Ahorow

Yehowa Nyankopɔn su ahorow da adi wɔ n’abɔde nyinaa mu, nanso ɔdaa no adi kɛse wɔ ɔne nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa nsɛnnii mu. (Romafo 1:20) Wohuu ne dɔ wɔ asase a ɔbɔe a na ɛyɛ pɛ ma onipa asetra no mu. Yehowa bɔɔ ɔyere a na ɔyɛ pɛ maa onipa ma ɔbɛyɛɛ ne hokafo ne ɛna maa ne mma. Ɔde wɔn baanu koduaa turo fɛfɛ bi mu na ɔmaa wɔn nneɛma pii a na ɛho behia ma wɔakɔ so atra ase anigye mu. Nea na ɛyɛ anigye sen biara no, Onyankopɔn maa wɔn daa asetra hokwan.—Genesis 2:7-9,15-24.

Onyankopɔn nyansa daa adi wɔ nnipa baanu a wodi kan no a ɔsɔɔ wɔn hwɛe no mu. Sɛ na wɔbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn amansan abusua no mufo na wɔatra ase daa sɛ adesamma abusua no awofo a, ná ɛho hia sɛ wɔyɛ nhwɛso wɔ nokwaredi ne nokware som mu. Enti, Yehowa maa wonyaa hokwan a wɔde bɛda nea na ɛwɔ wɔn komam ankasa adi wɔ sɔhwɛ bi a na ɛfata mu—ná ɛnsɛ sɛ wodi papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no. Hwɛ nyansa a ɛwom sɛ Yehowa ma nnipa da wɔn setieyɛ ne wɔn dɔ a wɔwɔ ma no no adi ansa na ɔde hokwan ahorow a ɛyɛ anigye a ɛwɔ ne tirim no ama wɔn!

Wohuu Onyankopɔn atɛntrenee wɔ ne gyinapɛn ahorow a ɛsom bo a ɔhwehwɛ sɛ n’abɔde de di dwuma ne gyae a wannyae saa gyinapɛn ahorow no mu ansiesie no mu. Wohuu n’atɛntrenee no wɔ hokwan biara a ɔde maa Adam ne Hawa a ɛbɛma wɔayɛ nea ɛteɛ no mu nso. Na bere a wodii nkogu wɔ nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ mu no, wohuu n’atɛntrenee no wɔ atɛn a obuu wɔn ma wohuu atuatew no ho asotwe a na waka ato hɔ dedaw no mu.

Wohuu Yehowa tumi wɔ n’atemmu a ɔhwɛ maa ɛyɛɛ adwuma no mu. Ná Satan, otuatewfo kɛse no, aka sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo, na na Satan de nneɛma akɛse ahyehyɛ Hawa bɔ a sɛ ɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden a ɔde bɛma no. (Genesis 3:1-7) Nanso Satan antumi amma ne bɔhyɛ no amma mu. Wantumi ansiw pam a Yehowa pam Adam ne Hawa fii turo no mu no kwan, na wantumi ansiw Onyankopɔn nsɛm a na waka akyerɛ Adam no mmamu kwan: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Nanso, Yehowa ankum wɔn amonom hɔ ara, na ɔdaa ne dɔ adi wɔ eyi mu nso. Ɔmaa Adam ne Hawa kwan ma wɔwoo mma na awiei koraa no ɔnam saayɛ so ama ne mfitiase atirimpɔw ma adesamma no abam.—Genesis 1:28.

Nea edi akyiri koraa no, Yehowa atɛntrenee, ne dɔ, ne tumi, ne ne nyansa daa adi wɔ ne bɔhyɛ a ɛfa aseni a ɔbɛsɛe Satan nnwuma na wayi awerɛhosɛm a afi atua a edi kan a wɔtew tiaa ɔsoro tumidi mu bae no afi hɔ no ho mu. (Genesis 3:15) Ɔbɔadeɛ a ne ho yɛ nwonwa bɛn ara na yɛwɔ yi!

Mmɔden a Yɛbɛbɔ De Asuasua Onyankopɔn

Ɛwom sɛ nnipa nyɛ pɛ de, nanso wobetumi ada Onyankopɔn su ahorow adi. Enti, Paulo hyɛɛ ne bere so Kristofo nkuran sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Nanso, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa pii ada obu a wonni mma Onyankopɔn su ahorow no adi. Wɔ Noa bere so no, na nnipa aporɔw araa ma Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe adesamma nyinaa gye Noa ne n’abusua nko. Ná Noa yɛ “onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu.” Na ɔnam Onyankopɔn ahyɛde ahorow a odii so so daa ne dɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn adi. “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:9, 22) Noa yii ɔdɔ a na ɔwɔ ma ne mfɛfo nnipa ne dɔ a na ɔdɔ atɛntrenee no adi denam “treneekafo” a ɔyɛe no so. (2 Petro 2:5) Ɔdaa nyansa adi na ɔde n’ahoɔden dii dwuma ɔkwampa so denam Onyankopɔn akwankyerɛ akyi a odii, pam adaka kɛse, de nnuan siee mu, boaboaa mmoa ano kɔɔ mu, na otiee Yehowa ahyɛde kɔɔ adaka no mu no so. Ɔdaa ne dɔ a na ɔwɔ ma trenee no nso adi denam sɛe a wamma nnipa a ɔne wɔn te a na wɔn bra asɛe no ansɛe no no so.

Bible no ka nnipa afoforo pii a wɔdaa su pa a ɛte saa ara adi ho asɛm. Wɔn mu otitiriw ne Yesu Kristo a na ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ wɔ suban mu ma enti otumi kae sɛ: “Nea wahu me ahu agya no” no. (Yohane 14:9) Yesu su ahorow a ɔdaa no adi nyinaa mu no, nea ɛda nsow ne ɔdɔ. Ɔdɔ a ɔwɔ ma n’Agya ne adesamma kaa no maa ogyaw ne soro fie na ɔbɛtraa asase so sɛ onipa. Ɛkaa no ma ɔnam trenee nneyɛe so hyɛɛ n’Agya anuonyam na ɔkaa nkwagye ho asɛmpa kyerɛɛ adesamma. (Mateo 4:23; Yohane 13:31) Afei, ɔdɔ kaa no ma ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae maa adesamma nkwagye, na nea ɛho hia titiriw no, ɔde tew Onyankopɔn din ho. (Yohane 13:1) Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Onyankopɔn no, so nhwɛso pa bi wɔ hɔ a ɛsen Yesu Kristo de no a yebedi akyi?—1 Petro 2:21.

Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi Asɛ Onyankopɔn Kɛse Nnɛ?

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Onyankopɔn su ahorow adi na yɛayɛ yɛn ade wɔ ne suban so nnɛ? Nea edi kan no, susuw su a ɛne ɔdɔ ho. Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” Ɔkwan bɛn so na yeyi ɔdɔ adi kyerɛ Onyankopɔn? Ɔsomafo Yohane bua sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.”—Mateo 22:37; 1 Yohane 5:3.

Ampa, ɛsɛ sɛ yehu Yehowa mmara ahorow no ansa na yɛatumi adi so. Nea eyi kyerɛ ne Onyankopɔn Asɛm Bible no ne Bible nhoma ahorow a yɛbɛkenkan, asua, na yɛasusuw ho. Te sɛ odwontofo no, ɛsɛ sɛ yetumi ka sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dwom 119:97) Bere a yɛkɔ so nya Onyankopɔn Asɛm mu ntease a emu dɔ no, yebenya sɛnea Onyankopɔn susuw nsɛm ho mu ntease yiye. Yɛbɛdɔ trenee na yekyi amumɔyɛ. (Dwom 45:7) Ɛha na Adam dii mfomso. Ná onim Yehowa mmara, nanso wannya ɛho dɔ kɛse na ama no abata ho. Sɛ yɛrekenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bisa yɛn ho bere nyinaa sɛ, ‘Eyi fa me ho dɛn? Dɛn na metumi ayɛ na ama me nneyɛe ne Onyankopɔn su horow ahyia yiye?’

Yesu kae nso sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:39) Onipa biara a n’adwenem da hɔ dɔ ne ho na ɔhwehwɛ nea eye ma ne ho. Ɛno nyɛ mfomso. Nanso so yɛda ɔdɔ a ɛte saa ara adi kyerɛ yɛn yɔnko? So yedi Bible ahyɛde yi: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no” so?—Mmebusɛm 3:27; Galatifo 6:10.

Na nyansa nso ɛ? Pɛ a yɛpɛ sɛ yɛda saa su yi adi no ma yesua Bible no efisɛ ɛno ne ɔsoro nyansa korabea. Dwom 119:98-100 kenkan sɛ: “Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa. Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene. Mihu ade mu mesen mpanyimfo, na mehwɛ wo nsiesiei midi so.” Wɔka nyansa ho asɛm wɔ Mmebusɛm 3:18 sɛ “nkwa dua.” Sɛ yenya nyansa na yɛde di dwuma a, yebenya Onyankopɔn anim dom ne akatua a ɛne daa nkwa.—Ɔsɛnkafo 7:12.

Na atɛntrenee nso ɛ? Wɔ wiase bɔne yi mu no, atɛntrenee yɛ su a ɛho hia ma wɔn a wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no. Yesu dɔɔ trenee (atɛntrenee) na okyii amumɔyɛ. (Hebrifo 1:9) Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ saa ara. Atɛntrenee ka wɔn ma wɔkyerɛ su pa ahorow ho anisɔ. Wɔkwati wiase yi akwammɔne no, na wɔma Onyankopɔn apɛdeyɛ bɛyɛ wɔn asetram ade titiriw.—1 Yohane 2:15-17.

Sɛ yɛreka tumi ho asɛm a, ɛnde yɛn mu biara wɔ kakra. Yefi awosu mu wɔ honam ne adwene mu tumi, na bere a yenyin sɛ Kristofo no, yenyin wɔ honhom fam tumi mu. Yehowa de ne honhom boa yɛn ma yenya tumi kɛse araa ma yetumi yɛ Yehowa apɛde, ɛwom sɛ ɛte sɛ nea yɛyɛ mmerɛw de. Paulo kae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa honhom a, yebetumi anya ahoɔden a ɛte saa ara.

Asɛmpaka No

Wohu yi a yeyi Onyankopɔn su atitiriw anan no adi yiye no wɔ ahyɛde yi a yedi so no mu: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.’ (Mateo 28:19, 20) Ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛte saa de nkwagye brɛ wɔn a wotie. Hwɛ ɔkwan pa a yɛfa so yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a mpɛn pii wɔyɛ nkurɔfo a yennim wɔn da koraa!

Afei nso, nkyerɛkyerɛ a ɛte saa yɛ nyansa kwan. Ɛsow aba a ɛtra hɔ daa. Adwuma bɛn bio na wobetumi aka ho asɛm sɛɛ: “Woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”? (1 Timoteo 4:16) Obiara nhwere biribi wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Wɔn a wotie ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛ no nyinaa nya daa nhyira.

Wɔ atɛntrenee ho de, Kristofo rekyerɛkyerɛ wɔn a wɔne wɔn sua Bible no trenee nnyinasosɛm ankasa. Yɛreboa wɔn ma wɔasom Yehowa, ‘atɛntrenee Nyankopɔn no.’ (Malaki 2:17) Wobu wɔn a wohyira wɔn nkwa so nnɛ som Yehowa na wɔkɔ so di nokware no atreneefo, na wɔabu wɔn bem a ɛbɛma wɔatwa Harmagedon.—Romafo 3:24; Yakobo 2:24-26.

Hwɛ tumi ara a woyi no adi wɔ asɛmpa no a wɔka na wɔkyerɛkyerɛ wɔ wiase nyinaa no mu! (Mateo 24:14) Egye boasetɔ na wɔakɔ so aka asɛm no wɔ nsasesin a emu nnipa dodow no ara ntie no mu. Nanso Yehowa nam ne honhom no so ma ahoɔden a yehia na yɛde agyina akodu awiei no.—Yesaia 40:30, 31; Mateo 24:13; Luka 11:13.

Ampa, sɛ́ Adam asefo a yɛnyɛ pɛ no, yentumi nna saa su pa ahorow yi adi pɛpɛɛpɛ. Nanso, kae sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so, na sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛsɛ Onyankopɔn a, ɛnde na yɛredi nea enti a yɛte ase no fã bi ho dwuma. (Ɔsɛnkafo 12:13) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi biara na yɛsrɛ bɔne fafiri bere a yɛyɛ bɔne a, ɛnde yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛkɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu, baabi a awiei koraa no yɛbɛyɛ pɛ no. Saa bere no, yɛbɛtra paradise asase a nnipa a wɔayɛ pɛ na wɔn nyinaa reda Yehowa Nyankopɔn su ahorow no adi pɛpɛɛpɛ na wɔte so so. Anigye bɛn ara ni! Awiei koraa no, nnipa bɛyɛ Onyankopɔn sɛso sɛnea asɛm no kyerɛ ankasa.

[Kratafa 25 mfonini]

Yesu kyerɛɛ yɛn sɛnea yebetumi anya Yehowa su pa ahorow no

[Kratafa 26 mfonini]

Awiei koraa no, nnipa bɛyɛ Onyankopɔn sɛso koraa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena