Ɛdɛn Na Esiw Wo Asubɔ Ho Kwan?
“Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”—ASOMAFO NO NNWUMA 8:36.
1. Dɛn na na ɛrekɔ so wɔ ɔkwan a na ɛda Yerusalem ne Gasa ntam no so?
NÁ YEHOWA bɔfo akasa na na biribi titiriw bi resi wɔ anhweatam kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so. Na nea ɔte teaseɛnam a ɛrekɔ no mu no yɛ Etiopiani bi a ɔrekenkan Kyerɛwnsɛm no. Wɔ bere tiaa bi mu no na ɔbarima foforo bi retu mmirika wɔ afiri no nkyɛn. Obisae sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” Etiopiani no buae sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me?” Ɔsɛnkafo Filipo a na ɔbɔfo asoma no no de saa akwankyerɛ no mae. Bere a Filipo kɔtraa teaseɛnam no mu no, ɔde Yesaia nkɔmhyɛ bi fii ase na ɔkaa “Yesu ho asɛmpa no.”
2, 3. (a) Etiopiani no gyee asɛmpa no so dɛn? (b) Nsemmisa bɛn na nea esii yi ma ɛsɔre?
2 Wɔ ɔkwan no mu baabi no, Etiopiani no teɛɛm sɛ: “Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Bere a ɔkaa saa no, ɔhyɛe sɛ wonnyina teaseɛnam no. Mmarima baanu no nyinaa kɔɔ nsu no mu na Filipo bɔɔ no asu. Afei Yehowa honhom de ɔsɛnkafo no kɔɔ baabi foforo na Etiopiani no de ahurusidi kɔɔ ne kwan.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
3 Sɛ wo ne Yehowa Adansefo bɔ nanso wɔmmɔɔ wo asu a, nsɛm a esisii yi betumi ama woabisa sɛ: Dɛn nti na wɔbɔɔ Etiopiani no asu ntɛm saa? Ɛsɛ sɛ wɔbɔ asu dɛn? Ɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Na dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?
Wɔammɔ No Asu Ntɛm Dodo
4. Na Etiopiani no yɛ hena?
4 Esiane sɛ na Etiopiani no ‘aba Yerusalem abɛsɔre’ nti, na ɔyɛ obi a ogye Yudafo som tom a wɔatwa no twetia. Na ɔyɛ “piani” nanso na ɛnyɛ honam fam ntease mu, efisɛ na mmarima a wɔapɛtɛw wɔn hweaa anaasɛ wɔatwa wɔn barima mma Israelfo bagua mu. (Deuteronomium 23:1) Wɔ ne fam no, na “opiani” no kyerɛ ɔpanyin, efisɛ na ɔyɛ ‘Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a ɔhwɛ ne sika nyinaa so.’—Asomafo no Nnwuma 8:27.
5. Dɛn na ɛma wɔbɔɔ Etiopiani piani no asu ntɛm saa?
5 Na Etiopiani no yɛ amanaman muni. Nanso esiane sɛ na wasakra aba Yudafo som mu nti, na wobetumi abɔ no asu sɛ Kristo suani ansa na Ahenni asɛm no akɔ Amanaman mufo te sɛ Kornelio nkyɛn wɔ 36 Y.B. mu. Sɛ́ obi a na wagye Yudafo som atom no, na Etiopiani no nim Onyankopɔn ne N’Asɛm, ɛwom sɛ na ohia honhom mu mmoa de. Enti wɔkyerɛɛ Filipo kwan sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ ɔbarima yi na na obetumi abɔ no asu ansa na asɛmpa no akɔ Amanaman mufo nkyɛn.
Tete Kristofo Asubɔ
6. Wɔbɔɔ Etiopiani no asu dɛn, na dɛn nti na wubua saa?
6 Wɔbɔɔ Etiopiani no asu dɛn? Asɛmfua “asubɔ” no fi Hela asɛmfua ba·ptiʹzo mu, na ɛkyerɛ sɛ ‘wɔde bɔ mu, wɔde wura mu.’ Sɛnea wɔde saa asɛm koro no ara gyina hɔ ma “bɔ mu” no pue wɔ 2 Ahene 5:14 wɔ Greek Septuagint no mu. Na nea yɛhyɛ no nsow ne sɛ Etiopiani no pɛe sɛ wɔbɔ no asu bere a na ɔne Filipo adu “asu bi so.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ no asu no nti, wɔn baanu “sian kɔɔ nsu no mu,” na ɛno akyi no, wofii “nsu no mu” bae. (Asomafo no Nnwuma 8:36-39) Enti wɔbɔɔ Etiopiani piani no asu denam wura a wɔde no wuraa nsu mu no so.
7. Dɛn na na edi nsu mu asubɔ kan?
7 Wɔbɔɔ Yesu ankasa asu denam nsu mu a wɔde no wurae no so. Ɛno nti na wɔ ne Yordan Asubɔnten mu asubɔ no akyi no, wɔkae sɛ “ofii nsu no mu.” (Mateo 3:13, 16) Nokwarem no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane suboni no bɛbɔ nkurɔfo asu no nti, na wapaw Yordan bon a ɛbɛn Salim no sɛ beae a ɛfata ma asubɔ. Dɛn ntia? “Efisɛ na asuasu pii wɔ hɔ.” (Yohane 3:23) Enti nsu mu asubɔ na Kyerɛwnsɛm no ma ho kwan.
8. Farisifo ne Yudafo afoforo nneyɛe ma yɛde nsɛm ba awiei dɛn wɔ asubɔ ho?
8 Sɛ yesusuw Farisifo no ne Yudafo afoforo amanne ahorow ho a yebetumi de asubɔ ho asɛm no aba awiei wɔ ɔkwan pa so. Asɛmpa kyerɛwfo Marko kae sɛ: “Sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho denam nsu a wɔde pete wɔn ho [Hela, ran·tiʹzo] so a, wonnidi; na amanne pii keka ho a wɔagye sɛ wobekura mu, nkuruwa ne mpɔre ne kɔberesɛn asubɔ ahorow [ba·pti·smousʹ].” (Marko 7:3, 4, NW) Na saa nkurɔfo yi de nsu pete wɔn ho so de dwira wɔn ho de kyerɛ sɛ wɔn ho tew ansa na wɔadidi bere a wɔafi gua so aba no. Nanso wɔbɔɔ nneɛma ahorow a wɔde dii dwuma wɔ adidi ahorow ase no asu anaasɛ wɔde nuu nsu mu.
9. Dɛn na Tertulian kae wɔ asubɔ ho?
9 Bere a awaefo bae akyi mpo no, “asɔre agya” Tertulian (bɛyɛ 160-230 Y.B. mu) kaa asubɔ ho asɛm sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma nnipa adwene yɛ mpi saa sen sɛnea ɔsoro nnwuma a ɛda adi wɔ adeyɛ no mu no yɛ tiawa, sɛ wɔde toto anuonyam a wɔde ahyɛ ɛho bɔ sɛ nea efi mu ba no ho a; ma enti esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛyɛ adeyɛ tiawa koraa a apɔmpɔmpɛ biara nka ho, ennye ahosiesie foforo a ɛkɔ akyiri biara, awiei koraa no, wɔmmɔ ho ka biara, wɔde onipa no wura nsu ase, na bere a wɔka nsɛm kakraa bi no wɔde nsu petepete ne so, na afei wɔma no so bio a ne ho ntewee ahe biara (anaasɛ ɛntewee koraa) no nti, ná wobu daa asetra a wobetumi anya no sɛ nea wontumi nnye nni yiye.” Hyɛ no nsow sɛ Tertulian kae sɛ, “wɔde onipa no wura nsu ase . . . na afei wɔma no so bio.”
10. Dɛn na nhomanimfo ka wɔ ɔkwan a akyɛ sen biara a na wɔfa so bɔ Kristofo asu no ho?
10 Nhomanimfo ka nso sɛ mfiase no Kristofo bɔɔ nkurɔfo asu denam nsu ase a wɔde wɔn wurae koraa no so. France encyclopedia bi a agye din se: “Wɔbɔɔ Kristofo a wodi kan no asu denam nsu ase a wɔde wɔn wurae no so wɔ beae biara a wobenya nsu.” Na The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ tete kwan a akyɛ sen biara a wɔde dii dwuma no ne nsu ase a wɔde wɔn wura no.”—Po II, kratafã 261 (1907 de).
Sɛ Wɔbɛkyerɛkyerɛ na Wɔabɔ Asu
11. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’asuafo?
11 Ansa na wɔbɛbɔ obi asu no, na ɛsɛ sɛ wanya nokware nimdeɛ na ɔde di dwuma. Wɔmaa eyi mu daa hɔ bere a Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 28:19, 20.
12. Asu a wɔbɔ no “Agya no din mu” no kyerɛ dɛn?
12 Asu a wɔbɔ no “Agya no din mu” no kyerɛ sɛ onii a wɔbɔ no asu no hu Agya no dibea ne ne tumi. Wohu Yehowa sɛ ɔne “Ɔsosoroni asase nyinaa so,” Ɔbɔadeɛ ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ. (Dwom 36:9; 83:18; 2 Ahene 19:15) Saa onipa no gye Yehowa tom nso sɛ ne Temmufo, Mmara Hyɛfo ne ne Hene.—Yesaia 33:22; Dwom 119:102; Adiyisɛm 15:3, 4.
13. ‘Ɔba no din mu a wɔbɔ obi asu’ no kyerɛ dɛn?
13 ‘Ɔba no din mu a wɔbɔ asu’ no kyerɛ sɛ wobegye Kristo dibea ne ne tumi atom na wɔahu no sɛ nea Onyankopɔn nam ne so de “nnwensa” ama. (1 Timoteo 2:5, 6) Wɔ Yesu wu sɛ mudi mu kurafo no akyi no, “Onyankopɔn ama no so kɛse,” na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no gye Kristo tom sɛ “Awurade mma Agya Onyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:9-11) Ɛsɛ sɛ wogye Yesu tom nso sɛ Yehowa “Dansefo Nokwafo” ne “ahene mu Hene.”—Adiyisɛm 1:5; 19:16.
14. ‘Honhom kronkron din mu’ a wɔbɔ asu no hwehwɛ dɛn?
14 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi asu wɔ honhom kronkron no din mu nso. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ honhom kronkron no nyɛ onipa na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi a ɔde bɔɔ ade, ɔde kaa Bible akyerɛwfo ne nea ɛkeka ho. (Genesis 1:2; 2 Samuel 23:1, 2; 2 Petro 1:21) Ɛsɛ sɛ obu Yehowa honhom no sɛ nea ɛho hia yiye a ɛbɛma wate “Onyankopɔn ade a emu dɔ no ase” na ama wasow honhom aba a ɛyɛ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” (1 Korintofo 2:10; Galatifo 5:22, 23) Afei nso, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Onyankopɔn honhom no ho hia na ama watumi ayɛ asɛmpaka adwuma no—Yoel 2:28, 29.
Nea Asubɔ Yɛ Ho Sɛnkyerɛnne
15. Dɛn nti na Kristofo asubɔ nhohoro bɔne?
15 Honhom kronkron no na na egyina Yohane Osuboni akyi bere a ɔbɔɔ nkurɔfo asu no. (Asomafo no Nnwuma 13:24) Wammɔ wɔn asu sɛ ɔde rehohoro wɔn bɔne na mmom sɛ wɔn adwensakra ho sɛnkyerɛnne. (Asomafo no Nnwuma 19:4) Yohane bɔɔ Yesu a “wanyɛ bɔne” no nso asu. (1 Petro 2:22) Na Anania hyɛɛ Saul a ofi Tarso sɛ: “Sɔre, ma wɔmmɔ wo asu na hohoro wo bɔne denam [Yesu] din a wobɛbɔ so.” (Asomafo no nnwuma 22:12-16, NW) Enti, Kristofo nsu mu asubɔ nhohoro bɔne. Ɛnyɛ asubɔ na mmom Yesu mogya a wohwie gui ne ‘ne din a wɔbɛbɔ’ no na ɛma bɔne a wɔde firi tumi yɛ yiye.—Hebrifo 9:22; 1 Yohane 1:7.
16. (a) Esiane sɛ asubɔ nhohoro bɔne nti, ɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (b) Wɔ nsusuwso kwan so no, dɛn na ɛba bere a wɔabɔ obi asu no?
16 Ɛwom sɛ Kristofo asubɔ nhohoro bɔne de, nanso ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ onii a wɔrebɔ no asu no ahyira ne ho so korakora ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so. (Fa toto Mateo 16:24 ho.) Sɛ wohyira biribi so no kyerɛ “sɛ wɔma wohu, sɛ wosi no pi kyerɛ, sɛ wotu biribi ma.” Ahosohyira ma Onyankopɔn no kyerɛ adeyɛ a emu no obi tu ne ho si hɔ korakora denam pene a wapene sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde denam Kristo so no so. Sɛnkyerɛnne kwan so no, “wɔkora” onii a wɔbɔ no asu no bere tiaa bi wɔ nsu no ase na afei wɔma no so bio a ɛkyerɛ sɛ owu ma ne kan kwan na afei wonyan no ma asetra kwan foforo sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde koraa.—Fa toto Romafo 6:4-6 ho.
17. Dɛn nti na nkokoaa asubɔ nyɛ papa?
17 Ɛda adi pefee sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm. Nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu no yɛ mfomso efisɛ akokoaa ntumi nte biribi ase na wasi ho gyinae na wayɛ osuani. (Mateo 28:19, 20) Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Filipo som adwuma a ɔyɛe wɔ Samaria no mu no yɛ “mmarima ne mmea” a na wɔnyɛ nkokoaa ara kwa. (Asomafo no Nnwuma 8:4-8, 12) Asubɔ yɛ wɔn a wɔanyin a wobetumi asua ade na wɔanya mu ntease na wɔakyerɛ mu gyidi dea. (Yohane 17:3; Asomafo no nnwuma 5:14; 18:8; Hebrifo 11:6) Ɛdefa eyi ho no, nyamesom ho abakɔsɛm kyerɛwfo Ɔbenfo Augustus Neander kyerɛwee sɛ: “Gyidi ne asubɔ na ɛnam bere nyinaa; enti ɛda adi pefee sɛ na wonnim adeyɛ a ɛne nkokoaa asubɔ no [wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu]. . . . Sɛ́ wodii kan gye toom sɛ na ɛyɛ asomafo no amanne wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no mmere no mu no yɛ adanse a ɛsɔre tia mmom sen sɛ anka ɛbɛkyerɛ ogye a wogye tom sɛ efi asomafo no.”—History of the Planting and Training of the Christian Church by the Apostles (New York, 1864), kratafa 162.
18. (a) Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, dɛn na egye na obi abɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako? (b) Gyidi ho adanse bɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ wobetumi abɔ obi asu? (d) Ɔkwan bɛn so na wosi agyede no mu gyidi so dua kyerɛ wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no?
18 Kyerɛwnsɛm no ka asu a wɔbɔ gyidifo no ho asɛm mpɛn pii. (Asomafo no Nnwuma 4:4; 5:14; 8:13; 16:27-34; 18:8; 19:1-7) Ɛnde ansa na obi bɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ gyidini—obi a ɔkyerɛ gyidi na wɔabɔ no asu. Mpo ansa na wɔbɛbɔ no asu no, saa gyidi no da adi wɔ abrabɔ kronkron, Yehowa mu ahotoso, kyɛfa a onya wɔ Ahenni no ho asɛnka adwuma mu ne Yesu ogye afɔre no a ogye tom no mu. Wosi agyede no mu gyidi no so dua kyerɛ asubɔfo no, efisɛ nsemmisa ahorow abien a ɔkasafo no bisa wɔn no mu nea edi kan no se: “So wugyina Yesu Kristo afɔrebɔ no so anu wo ho wɔ wo bɔne ahorow ho na woahyira wo ho so ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa?” Bere a onii no gye so wɔ ɔpene pa mu na afei ɔte ase nso sɛ n’ahosohyira ne asubɔ no ma wohu no sɛ Yehowa Adansefo mu biako a ɔde ne ho abɔ ahyehyɛde a Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛ no kwan no nkutoo na ɔfata sɛ ogye nsu mu asubɔ.
Ahosohyira Wɔ Mpaebɔ mu
19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosohyira ma Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu?
19 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɔ wɔn asu no nya gyidi wɔ Onyankopɔn ne Kristo mu. Nanso dɛn nti na Yehowa Adansefo ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosohyira ma Nyankopɔn wɔ mpaebɔ mu no? Efisɛ ɛfata sɛ yɛka gyinae a yɛasi sɛ yɛde ahofama a edi mu a ɛfata Yehowa no bɛma no no kyerɛ no wɔ mpaebɔ mu. (Deuteronomium 5:8, 9; 1 Beresosɛm 29:10-13) Ɛda adi sɛ ɛyɛ mpaebɔ mu na Yesu daa ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔde ɔsom kronn bɛma n’Agya a ɔwɔ soro no adi no. (Hebrifo 10:7-9) Ɛdɛn, na Yesu “rebɔ mpae” bere a na wɔrebɔ no asu no mpo! (Luka 3:21, 22) Enti ɛda adi fann sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosohyira ma Onyankopɔn no wɔ mpaebɔ mu.
20. Dɛn nti na ebetumi ayɛ nokware sɛ tete Kristofo no hyɛɛ asuafo afoforo ma wɔyɛɛ ahosohyira ma Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu?
20 Akyinnye biara nni ho sɛ tete Kristofo no hyɛɛ asuafo afoforo sɛ wɔnyɛ wɔn ahosohyira wɔ mpaebɔ mu efisɛ Tertulian kae akyiri yi mpo sɛ: “Na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no bɔ mpae, di mmuada na wobu nkotodwe ntoatoaso.” Ansa na ɔreka ɛno no, na Justin Martyr (bɛyɛ sɛ 100-165 Y.B.) akyerɛw sɛ: “Afei nso mɛka ɔkwan a yɛfaa so hyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn bere a na wɔnam Kristo so ayɛ yɛn foforo . . . Dodow a wogye dii sɛ nea yɛkyerɛkyerɛ no yɛ nokware na wogyei sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne no ahyia no, yɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae na wɔmfa mmuadadi nsrɛ Onyankopɔn nhwehwɛ wɔn kan bɔne ho fafiri, na yɛne wɔn bɔɔ mpae dii mmuada.”
21. Sɛ wɔansi ahosohyira so dua ankyerɛ wo bere a wɔbɔɔ wo asu wɔ mfe bi a atwam no mu no mpo a, dɛn na ɛda adi pefee sɛ woyɛe?
21 Sɛ wɔansi ahosohyira so ankyerɛ yɛn bere a wɔbɔɔ yɛn asu wɔ mfe a atwam no mu a, ɛno mma yɛn asubɔ no nyɛ hunu. Mpo wɔ saa nna no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ na nnipa no pii te sɛ ɔbarima bi a ɔkae yiye sɛ ɔkotow bɔɔ mpae de yɛɛ n’ahosohyira bere a ɔyɛ abrantewaa wɔ nea ɛboro mfe 40 a atwam ni no. Wɔ saa nna no mu no, sɛ na obi nhyiraa ne ho so wɔ mpaebɔ mu dedaw mpo a, ɔde kɔɔ mpaebɔ mu bere a wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no ne afoforo boom bɔɔ mpae wɔ asubɔ da no a wɔma asubɔ kasa no.
Nea Enti a Ebinom Twentwɛn Wɔn Nan Ase
22. Dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔabɔ wɔn asu?
22 Esiane sɛ Yehowa Ɔdansefo a wahyira ne ho so a obi bɛyɛ yɛ hokwan a nhyira wom sɛɛ nti, dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔabɔ wɔn asu? Nokware dɔ a wonni no yɛ ade biako nti a ebinom nyɛ osetie mma Onyankopɔn asɛm, wonni Yesu akwankyerɛ akyi na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. (1 Yohane 5:3) Ɛwom, wɔn a wɔmmɔɔ asu no ntaa nka sɛ wonni Yesu nhwɛso akyi anaasɛ wɔnnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmom no, wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ wiase nsɛm mu araa ma wonnya bere a wɔde bɛhwehwɛ honhom mu nneɛma. Sɛ ebia eyi ne w’asɛnennen a, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛsakra w’akɔnnɔ, w’anigye ne wo botae ahorow? Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ampa no ntumi nnɔ wiase yi nso. (1 Yohane 2:15-17) Na mma “ahonyade nnaadaa” kwan nnaadaa wo sɛ wowɔ ahobammɔ. (Mateo 13:22) Wonya nokware ahobammɔ wɔ abusuabɔ pa a wɔnam ahosohyira so ne Yehowa Nyankopɔn nya no mu.—Dwom 4:8.
23. Dɛn nti na ebinom pow sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne?
23 Afoforo ka sɛ wɔdɔ Onyankopɔn nanso wonhyira wɔn ho so efisɛ wɔte nka sɛ wɔnam saayɛ so kwati asɛyɛde na ɛmma wɔnhwehwɛ akontaabu biara mfi wɔn hɔ. Wɔbɛpɛ sɛ wɔtra ase wɔ paradise nanso ɛde besi sesɛɛ nyinaa no kakraa bi pɛ na wɔayɛ anaasɛ wɔnyɛ ho hwee. (Mmebusɛm 13:4) Ankorankoro a wɔte saa no rentumi nkwati akontaabu efisɛ asɛyɛde no bɛdaa wɔn so bere a wɔtee Yehowa asɛm no. (Hesekiel 33:7-9) Sɛ wɔyɛ ahosohyira a, anka wɔbɛma ada adi sɛ wɔte Onyankopɔn apɛde ase na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ. Sɛ́ anka ɛde adesoa duruduru bɛto wɔn so mmom no, saa osetieyɛ no de Yehowa nhyira bɛba na nea ebefi mu aba ne anigye efisɛ wɔbɛma wɔn asetra akyerɛ sɛ wɔdɔ no.
24. Ntease bɛn nti na afoforo nso twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔabɔ wɔn asu?
24 Nka a afoforo te sɛ wonnim ade ma enti wontumi nkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu no nso ma wɔkwati asubɔ. Nanso Etiopiani piani no siesiee ne ho sɛ ɔbɛyɛ n’ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ ɔne Filipo nkɔmmɔbɔ wɔ teaseɛnam no mu no akyi. Nokwarem no, mfiase no Etiopiani no antumi ammua nsemmisa ahorow no nyinaa na ɔkaa eyi ho nokware. Nanso nea ɔtee no ho anisɔ yɛɛ ne koma ma na ehu ansiw no kwan. “Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu.” (1 Yohane 4:18) Ɛnyɛ eti a mmuae ayɛ no ma na mmom koma a ɔdɔ ayɛ no ma na ɛma obi hyira ne ho so ma Onyankopɔn ma wɔbɔ no asu.—Luka 10:25-28.
25. Dɛn na Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan fi wɔn a wɔka sɛ wɔdɔ no no hɔ?
25 Sɛ mprempren wɔmmɔɔ wo asu a, bisa wo ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn hwɛ kwan afi wɔn a wɔka sɛ wɔdɔ no no nkyɛn? Ɔpɛ ahofama a edi mũ na ɔhwehwɛ wɔn a wɔbɛsom no wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24; Exodus 20:4, 5; Luka 4:8) Etiopiani piani no de saa ɔsom no mae, na bere a onyaa asubɔ hokwan no, wantwentwɛn no ase. So ɛnsɛ sɛ wode wo ho so a woahyira ama Yehowa no kɔ mpaebɔ mu mprempren na wubisa wo ho sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”
Ntimu Nsemmisa
◻ Dɛn nti na Etiopiani piani no bɔɔ asu ntɛm saa?
◻ Na dɛn ne ɔkwan a wɔfa so bɔ asu wɔ tete Kristofo no mu?
◻ Asu a wɔbɔ wɔ Agya, Ɔba ne honhom kronkron din mu no kyerɛ dɛn?
◻ Dɛn na Kristofo asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa wɔ mpaebɔ mu?
◻ Ntease horow bɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase wɔ ahosohyira ne asubɔ ho?