‘Akoa Nokwafo No’ Ne Ne Sodikuw
“Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?”—MATEO 24:45.
1. Dɛn nti na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔde tumi bɛma afoforo, na hena titiriw na wama no tumi?
YEHOWA yɛ nhyehyɛe Nyankopɔn. Afei nso ɔne tumi a ɛfata nyinaa Fibea. Esiane sɛ Yehowa wɔ n’abɔde anokwafo nokwaredi mu ahotoso nti, ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde tumi bɛma afoforo. Nea wama no tumi a ɛsen biara ne ne Ba Yesu Kristo. Nokwarem no, Onyankopɔn ‘de ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa ti ama asafo no.’—Efesofo 1:22.
2. Paulo frɛ Kristofo asafo no dɛn, na henanom na Kristo ama wɔn tumi?
2 Ɔsomafo Paulo frɛ Kristofo asafo no “Onyankopɔn fi” na ose wɔde Yehowa Ba nokwafo Yesu Kristo sii saa ofi yi so. (1 Timoteo 3:15; Hebrifo 3:6) Kristo nso de tumi ma Onyankopɔn fi no mufo. Yebetumi ahu eyi afi Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:45-47 no mu. Ɔkae sɛ: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa a ne wura ba a, obehu sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.”
Afeha a Edi Kan Ofiehwɛfo No
3. Henanom na wɔka bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na wɔfrɛ wɔn dɛn sɛ ankorankoro?
3 Yefi Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu a yɛyɛ no yiye no mu nim sɛ bere pɔtee biara mu no, Onyankopɔn fifo a wɔde honhom asra wɔn no na ɛka bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” “ofiepanyin,” anaasɛ “ofiehwɛfo” no. Sɛ́ ankorankoro no, wɔfrɛ Onyankopɔn fifo no “asomfo” anaa “asomfo kuw.”—Mateo 24:45; Luka 12:42; Reference Bible, asehɔ asɛm.
4. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, asɛm bɛn na obisae, na ɔde ne ho totoo hena ho?
4 Aka asram kakraa bi ma Yesu awu no, obisaa asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Luka 12:42 yi, sɛ: “Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu?” Afei, aka nna kakraa bi ma Yesu awu no, ɔde ne ho totoo ɔbarima bi a ɔrebetu kwan akɔ akyirikyiri na ɔfrɛɛ ne nkoa de nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa ho.—Mateo 25:14.
5. (a) Bere bɛn na Yesu de nea ɔwɔ hyɛɛ afoforo nsa? (b) Dwumadi a emu atrɛw bɛn na Kristo de maa wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ ne fiehwɛfo no mufo no?
5 Bere bɛn na Yesu de dwumadi hyɛɛ afoforo nsa sɛ wɔnhwɛ nea ɔwɔ so no? Eyi bae wɔ ne wusɔre no akyi. Wɔ Kristo nsɛm a yenim no yiye a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no mu no, odii kan de ɔkyerɛkyerɛ ne asuafoyɛ adwuma a wɔatrɛw mu hyɛɛ ne fiehwɛfo kuw no nsa. Ɛdenam adanse a asomfo no bedi ‘de akɔpem asase ano nohɔ’ sɛ ankorankoro no so no, na wɔbɛtrɛw mmeae a wɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma a Yesu fii ase yɛɛ mu adwuma wɔ n’asase so som adwuma no mu no mu. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Nea na ɛka eyi ho ne sɛ wɔbɛyɛ ‘abɔfo ma Kristo.’ Sɛ́ “Onyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo” no, na wɔbɛyɛ asuafo na wɔama wɔn honhom mu aduan.—2 Korintofo 5:20; 1 Korintofo 4:1, 2.
Ofi no Sodikuw
6. Dɛn na wofi soro de honhom kaa afeha a edi kan ofiepanyin kuw no sɛ ɔmfa mma?
6 Sɛ kuw no, na Kristofo a wɔasra wɔn no bɛyɛ owura no ofiepanyin, anaasɛ ofiehwɛfo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma ankorankoro a wɔwɔ Onyankopɔn fi no honhom mu aduan. Mfe 41 Y.B. ne 98 Y.B. mu hɔ no, wofi soro de honhom kaa afeha a edi kan ofiepanyin kuw no mufo ma wɔkyerɛw abakɔsɛm nhoma ahorow anum, nkrataa 21, ne Adiyisɛm nhoma no ma ɛho aba wɔn nuanom no mfaso. Kyerɛw ahorow a efi honhom mu yi kura honhom mu aduan a eye a wɔde ma asomfo, kyerɛ sɛ Onyankopɔn fifo ankorankoro a wɔasra wɔn no.
7. Atirimpɔw bɛn nti na Kristo paw mmarima kakraa bi fii akoa kuw no mu no?
7 Bere a Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa ka bom yɛ Onyankopɔn fifo no, adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Kristo paw mmarima kakraa bi fii akoa kuw no mu ma wɔsomee sɛ sodikuw a wotumi hu wɔn. Asafo no mfiase abakɔsɛm kyerɛ sɛ na asomafo 12 a na Matia ka ho no na na wɔyɛ afeha a edi kan sodikuw no fapem. Asomafo no Nnwuma 1:20-26 ma yehu eyi. Wɔka “ne hwɛ adwuma” ne “ɔsom yi ne asomafodwuma” ho asɛm wɔ obi a na wɔhwehwɛ no asi Yuda Iskariot ananmu no mu.
8. Dɛn na na ɛka afeha a edi kan sodikuw no asɛyɛde ahorow ho?
8 Na nea ɛka ɔhwɛ adwuma a ɛte saa no ho ne asɛyɛde a ɛda asomafo no so sɛ wɔbɛpaw mmarima a wɔfata de dwumadi ahorow ahyehyɛ wɔn nsa, na wɔayɛ ɔsom adwuma no ho nhyehyɛe. Nanso na pii ka ho. Na nea ɛka ho nso ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ na wɔama nkyerɛkyerɛ ahorow mu ada hɔ fann. Wɔ Yesu bɔhyɛ a ɛwɔ Yohane 16:13 no mmamu mu no, na “nokware honhom” bɛkyerɛ Kristofo asafo no kwan nkakrankakra akɔ nokware no nyinaa mu. Efi mfiase pɛɛ no, wɔn a wogyee asɛm no na wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔɔ so kuraa “asomafo no kyerɛ” mu. Nokwarem no, nea enti a wɔpaw mmarima baason a na wɔakamfo wɔn akyerɛ sɛ wɔnhwɛ nneɛma a ehia a ɛne sɛ wɔbɛkyekyɛ honam fam aduan so no ne sɛ na ɛbɛma “dumien no” anya kwan ‘akura mpaebɔ ne asɛm no som mu.’—Asomafo no Nnwuma 2:42; 6:1-6.
9. Ɔkwan bɛn so na tete sodikuw no mufo dodow so tew bɛyɛɛ 11, nanso ɛda adi sɛ dɛn nti na wɔamfa obi ammɛka ho amma wɔanyɛ 12 ntɛm ara?
9 Ɛte sɛ nea mfiase no na Yesu asomafo no nkutoo na wɔyɛ sodikuw no mufo. Nanso so saa ara na na ɛbɛkɔ so ayɛ? Bɛyɛ afe 44 Y.B. mu no, Herode Agripa I kum ɔsomafo Yakobo a na ɔyɛ Yohane nua no. (Asomafo no Nnwuma 12:1, 2) Ɛda adi sɛ wɔammɔ mmɔden biara sɛ wɔde obi besi n’ananmu sɛ ɔsomafo, sɛnea wɔyɛe wɔ Yuda asɛm no mu no. Dɛn nti na wɔanyɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛte saa efisɛ Yakobo dii nokware koduu wu mu, a na ɔne asomafo 12 no mu nea odii kan wui. Ɔkwan foforo so no, na Yuda yɛ ɔbɔnefo a ɔmanee na na ɛsɛ sɛ wɔde obi si n’ananmu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan anya honhom mu Israel twea bo atitiriw a wɔn dodow yɛ 12 no.—Efesofo 2:20; Adiyisɛm 21:14.
10. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wɔtrɛw afeha a edi kan sodikuw no mu, na ɔkwan bɛn so na Kristo de dii dwuma de kyerɛɛ Onyankopɔn fifo kwan?
10 Na afeha a edi kan sodikuw no mufo a wodi kan no ne asomafo, mmarima a wɔne Yesu nantewee na wɔyɛɛ ne wu ne ne wusɔre ho adansefo no. (Asomafo no Nnwuma 1:21, 22) Nanso na saa tebea yi bɛsakra. Bere a mfe no twaam no, Kristofo mmarima afoforo nyinii honhom mu na wɔpaw wɔn sɛ mpanyimfo wɔ Yerusalem asafo no mu. Anyɛ yiye koraa no, ebeduu afe 49 Y.B. mu no, na sodikuw no mu atrɛw ma ɛnyɛ asomafo no nkaefo nkutoo na wɔwom na mmom mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no mu afoforo pii nso. (Asomafo no Nnwuma 15:2) Enti wɔanyɛ wɔn a wɔbɛyɛ sodikuw no mufo no kyenkyenenn, na mmom ɛda adi sɛ Onyankopɔn kyerɛɛ nneɛma kwan ma enti ɛsakrae ma ɛne ne nkurɔfo nsɛm tebea horow hyiae. Sɛ́ asafo no Ti a ɔyɛ nnam no, Kristo de sodikuw a wɔatrɛw mu yi dii dwuma de siesiee ɔkyerɛkyerɛ mu asɛm a na ɛho hia a na ɛfa Kristofo a wɔnyɛ Yudafo a wobetwa wɔn twetia na wɔabrɛ wɔn ho ase ama Mose Mmara no ho no. Sodikuw no kyerɛw krataa de kyerɛkyerɛɛ wɔn gyinaesi no mu na wɔde ahyɛde ahorow mae sɛ wonni so.—Asomafo no Nnwuma 15:23-29.
Ofiehwɛfo no Akontaabu Bere
11. So anuanom no kyerɛɛ sodikuw no akanni a na emu yɛ den no ho anisɔ, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyiraa saa nhyehyɛe yi so?
11 Sɛ ankorankoro ne asafo ahorow no, tete Kristofo no kyerɛɛ sodikuw no akanni a emu yɛ den yi ho anisɔ. Bere a asafo a na ɛwɔ Siriafo kurow Antiokia mu no kenkan sodikuw no krataa no, wɔn ani gyei nkuranhyɛ no ho. Bere a asafo afoforo gyee amanneɛbɔ no na wodii ahyɛde ahorow no so no, ‘wɔyɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.’ (Asomafo no Nnwuma 16:5) Ɛda adi yiye sɛ Onyankopɔn hyiraa saa nhyehyɛe yi so.—Asomafo no Nnwuma 15:30, 31.
12, 13. Nneɛma bɛn na Yesu ka siei wɔ ne mmɛ a ɛfa mmɛnnaa ne talente ho no mu?
12 Nanso momma yɛhwɛ asɛm a ɛho hia yi fã foforo nso. Wɔ Yesu bɛ a ɛfa mmɛnnaa ho no mu no, ɔde ne ho totoo ɔdehye bi a otuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye ahenni tumi na wasan aba no ho. (Luka 19:11, 12) Sɛ nea efii Yesu Kristo wusɔre wɔ 33 Y.B. mu no mu bae no, wɔmaa no so kɔtraa Onyankopɔn nifa, faako a na ɔbɛtra kosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso no.—Asomafo no Nnwuma 2:33-35.
13 Wɔ ɛbɛ bi a ɛne no di nsɛ a ɛne talente ho bɛ no mu no, Yesu kyerɛe sɛ bere tenten bi akyi no, owura no san bae na ɔne ne nkoa no bebuu akontaa. Owura no ka kyerɛɛ akoa a odii nokware no sɛ: “Woadi kakraa yi ho nokware, mede wo mesi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!” Nanso wɔ akoa bɔne no ho de, ɔkae sɛ: “Nea ɔwɔ po, wobegye afi ne nsam. Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyri sum no mu.”—Mateo 25:21-23, 29, 30.
14. Dɛn na na Yesu hwɛ kwan fi ne nkoa a wɔde honhom asra wɔn no hɔ?
14 Bere tenten bi—bɛyɛ mfeha 19—akyi no, wɔde ahenni tumi maa Kristo wɔ 1914 mu, wɔ “amanaman no bere” no awiei. (Luka 21:24) Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔne ne nkoa, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no “bebuu akontaa.” Enti Yesu hwɛɛ kwan sɛ obiara bɛyɛ sɛnea n’ahoɔden betumi. (Mateo 25:19) Dɛn na na Yesu hwɛ kwan fi wɔn hɔ sɛ ankorankoro ne sɛ kuw? Ofiepanyin adwuma no kɔɔ so sɛnea na ɛte fi afeha a edi kan mu no. Kristo de talente hyɛɛ obiara nsa—“sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te.” (Mateo 25:15) Susudua a ɛwɔ 1 Korintofo 4:2 no yɛ adwuma wɔ ha, nea ese: “Nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo ho ne sɛ wohu no ɔnokwafo” no. Talente no a wɔde bɛyɛ adwuma kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn abɔfo wɔ nokwaredi mu, wɔbɛyɛ asuafo na wɔama wɔn honhom mu aduan.—2 Korintofo 5:20.
“Akoa” no ne Ne Sodikuw Bere a Awiei no Bɛn No
15. (a) Dɛn na na Kristo hwɛ kwan fi ne fiehwɛfo kuw no hɔ? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Kristo hwɛ kwan sɛ akoa kuw no bɛyɛ eyi ansa na waba abɛsra ne fi?
15 Na Yesu hwɛ kwan sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bɛka abom asom sɛ ofiehwɛfo nokwafo, na wɔama n’asomfo kuw no “wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu.” (Luka 12:42) Sɛnea Luka 12:43 kyerɛ no, Kristo kae sɛ: “Nhyira ne akoa a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa.” Eyi kyerɛ sɛ bere bi ansa na Kristo bɛba na ɔne ne nkoa a wɔde honhom asra wɔn no abebu akontaa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wɔma Kristofo asafo no mufo, Onyankopɔn fifo no honhom mu aduan. Hena na Kristo behuu no sɛ ɔreyɛ saa bere a ɔsan de ahenni tumi bae wɔ 1914 mu na ofii ase sɛ ɔresra Onyankopɔn fi wɔ 1918 mu no?—Malaki 3:1-4; Luka 19:12; 1 Petro 4:17.
16. Bere a Kristo bae sɛ ɔbɛsraa Onyankopɔn fi wɔ 1918 mu no, dɛn nti na wanhu sɛ Kristoman asɔre horow no de honhom mu aduan rema ɛbere a ɛsɛ mu?
16 Bere a bere tenten a Yesu de atwɛn wɔ Onyankopɔn nifa no rebɛn n’awiei no, nkakrankakra no, onii a na ɔde honhom mu aduan rema Kristo fifo ansa na 1914 reba mpo no daa adi. So wususuw sɛ na ɛyɛ Kristoman asɔre horow no? Ɛda adi yiye sɛ ɛnte saa, efisɛ na wɔde wɔn ho ahyɛ amansɛm mu denneennen. Na wofi wɔn pɛ mu ayɛ nnwinnade a wɔde pɛ atubrafo ntrɛwmu na na wɔabɔ mmɔden sɛ obiara bɛsen ne yɔnko de akyerɛ sɛ wɔyɛ ɔmamma pa, na wɔnam saayɛ so hyɛɛ ɔmampɛ ho nkuran. Ankyɛ na eyi de mogyahwiegu baa wɔn so, bere a wogyinaa amammui nniso horow a na wɔde wɔn ho ahyɛ wiase ko a edi kan no mu no akyi denneennen no. Honhom mu no, na Nnɛɛmmasɛm ama wɔn gyidi mu ayɛ mmerɛw. Honhom mu ahokyere bae efisɛ ɔkasatia a emu yɛ den ne adannandi bu faa wɔn asɔfo no pii so wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Na wɔrentumi nhwɛ honhom mu aduan biara kwan mfi Kristoman asɔfo no hɔ!
17. Dɛn nti na Kristo pow Kristofo a wɔasra wɔn no binom, na ekowiee dɛn maa wɔn?
17 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, na honhom mu aduan biara ntumi mfi Kristofo a wɔasra wɔn a na wodwen wɔn ankasa nkwagye ho kɛse sen Owura no talente no a wɔde bɛyɛ adwuma no nkyɛn. Wɔbɛyɛɛ ‘anihafo’ a wɔmfata sɛ wɔbɛhwɛ nea Owura no wɔ so. Enti, wɔtoo wɔn guu “akyirikiyri sum no mu,” faako a Kristoman asɔre horow no da so ara wɔ no.—Mateo 25:24-30.
18. Henanom na Owura no hui sɛ wɔrema n’asomfo kuw no honhom mu aduan wɔ bere a ɛsɛ mu, na dɛn na edi eyi ho adanse?
18 Enti, bere a Owura a ɔne Yesu Kristo no bae sɛ ɔrebɛsra ne nkoa wɔ 1918 mu no, henanom na ohuu wɔn sɛ wɔrema n’asomfo kuw no aduan a ɛyɛ wɔn de ɛbere a ɛsɛ mu no? Wiɛ, ɛde besi saa bere no, henanom na na wɔama nokware hwehwɛfo komapafo ogye afɔre, Onyankopɔn din, Kristo sanba a aniwa ntumi nhu, ne hia a 1914 ho hia no mu ntease pa? Henanom na na wɔapa atoro a Baasakoro, ɔdesani kra a enwu da, ne hellgya yɛ no ho ntama? Na henanom na na wɔabɔ asiane a ɛwɔ adannandi ne ahonhonsɛmdi mu no ho kɔkɔ? Nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ na ɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no kuw a na wɔne Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence a mprempren wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban [a] Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no akyerɛwfo bɔ fekuw no.
19. Ɔkwan bɛn so na akoa nokwafo kuw bi daa ne ho adi ansa na 1918 reba, ɔkwan bɛn so na ɔnam akyekyɛ honhom mu aduan, na fi bere bɛn?
19 Watchtower a ɛbae wɔ November 1, 1944 mu no kyerɛe sɛ: “Wɔ 1878 mu, bere a na aka mfe aduanan ansa na Awurade abɛsra asɔrefi hɔ wɔ 1918 mu no, na Kristofo a wɔasra wɔn kuw a wɔatew wɔn ho afi mpanyinni ne asɔfo ahyehyɛde ahorow ho na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsom Kristosom bi wɔ hɔ . . . Afe a edi hɔ, July, 1879 mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyɛ nokware ahorow a Onyankopɔn nam Kristo so de ama sɛ ‘aduan wɔ bere a ɛsɛ mu’ no ama ne mma a wɔasra wɔn a wɔwɔ ne fie no daa nti, wofii ase tintim Watchtower nsɛmma nhoma yi.”
20. (a) Ɔkwan bɛn so na nnɛyi Sodikuw no bae? (b) Dɛn na na Sodikuw no mufo reyɛ, na wɔ hena akwankyerɛ ase?
20 Bere a Watchtower a ɛbae December 15, 1971 no de sɛnea ɛyɛe a nnɛyi Sodikuw no bae ho nsɛm rema no, ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mfe anum akyi [wɔ 1884 mu] no, wɔde Zion’s Watch Tower Tract Society no hyɛɛ mmara ase sɛ adwumakuw na ɛsomee sɛ ‘yɛmafo’ a ɛde honhom mu aduan bɛma nnipa komapafo ɔpepem pii a wɔhwehwɛ sɛ wobehu Onyankopɔn na wɔate n’Asɛm ase no . . . Kristofo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ na wɔasra wɔn de wɔn ho bɛbɔɔ saa Asafo no wɔ ne dumadibea ti wɔ Pennsylvania. Sɛ́ ɛyɛ nea na wɔka Akwankyerɛfo Boayikuw no ho anaasɛ dabi no, wɔde wɔn ho maa ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no adwuma titiriw no. Wɔboae wɔ akoa kuw no aduanma ne akwankyerɛ no mu, na saa kwan no so na sodikuw no bae. Ɛda adi sɛ na eyi yɛ Yehowa adeyɛ tumi a aniwa nhu anaasɛ honhom kronkron no akwankyerɛ. Afei nso, na ɛyɛ Kristofo asafo no Ti a ɔne Yesu Kristo no akwankyerɛ.”
21. (a) Henanom na Kristo behuu wɔn sɛ wɔrekyekyɛ honhom mu aduan, na ɔkwan bɛn so na otuaa wɔn ka? (b) Dɛn na na ɛda ho twɛn akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no?
21 Wɔ 1918 mu, bere a Yesu Kristo kɔsraa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ne nkoa no, ohuu amanaman ntam Kristofo kuw bi sɛ wotintim Bible mu nokware ahorow ma wɔde di dwuma wɔ asafo no ne asɛnka adwuma no nyinaa mu. Wɔ 1919 mu no, ɛbɛyɛɛ sɛnea na Kristo aka asie no ara pɛ: “Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:46, 47) Saa nokware Kristofo yi kɔɔ wɔn Wura anigye mu. Esiane sɛ na ‘wɔadi kakraa yi ho nokware’ nti, Owura no de wɔn ‘sii ade pii so.’ (Mateo 25:21) Na wɔde akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no asi hɔ, a na wɔasiesie wɔn ho ama dwumadi a emu atrɛw. Anigye bɛn ara na ɛsɛ sɛ yenya sɛɛ yi sɛ eyi te saa, efisɛ Kristofo anokwafo renya mfaso kɛse afi akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no ahofama adwuma no mu!
Nsɛntitiriw a Ɛsɛ sɛ Wɔkae
◻ Hena ne Onyankopɔn fi no Ti, na henanom na saa Onii yi ama wɔn tumi?
◻ Kuw adwuma bɛn na Kristo de maa akoa kuw no?
◻ Kuw foforo bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ akoa kuw no mu, na na ne nnwuma pɔtee ne dɛn?
◻ Bere a Kristo bae sɛ ɔbɛsra Onyankopɔn fi no, henanom na na wɔrema emufo no honhom mu aduan?
◻ Ɔkwan bɛn so na nnɛyi Sodikuw no bae?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Na afeha a edi kan “akoa” no wɔ sodikuw a na asomafo no ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo na wɔwom