TI 9
‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
Sɛ okuafo hu sɛ ne nnɔbae dɔɔso dodo ma enti ɔno nko ara rentumi ntwa a, dɛn na obetumi ayɛ?
1-3. (a) Sɛ okuafo nnɔbae dɔɔso dodo ma enti ɔno nko ara rentumi ntwa a, dɛn na ɔyɛ? (b) Ɔhaw bɛn na Yesu hyiae wɔ afe 33 Y.B. mu wɔ osutɔbere mu, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?
NÁ OKUAFO bi ho akyere no paa. Abosome kakra a atwam no, ofuntum n’asaase guu aba wɔ so. Bere a aba no hyɛɛ ase fifii no, na ɔrehwɛ kwan denneennen sɛ ebenyin. Nkakrankakra aba no nyin bɛyɛɛ afifide kɛse, na ɛsow aba maa n’ani gyei. Afei, na twabere no adu. Ná bere aso sɛ onya adwumaden a ɔyɛe no nyinaa so mfaso. Nanso nea na ama okuafo no ho akyere no ne sɛ, na ne nnɔbae no dɔɔso dodo ma enti ɔno nko ara rentumi ntwa. Nea ɛbɛyɛ na wayi saa haw yi afi hɔ no, ɔyɛɛ n’ade nyansam. Ɔbɔɔ adwumayɛfo bi paa ma wɔbɛyɛɛ n’afuw no mu adwuma. Ná wei yɛ ne kwan so, efisɛ na bere a aka a ɔde betwa ne nnɔbae a ɛsom bo no sua.
2 Biribi a ɛte saa sii wɔ osutɔbere mu, afe 33 Y.B. Saa bere no, Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no hyiaa ɔhaw a ɛte sɛ okuafo no de no. Bere a na ɔwɔ asaase so a ɔreyɛ ɔsom adwuma no, oguu nokware aba pii. Afei, na twabere adu, na na ne nnɔbae no nso dɔɔso. Nnipa pii a wɔtiee asɛm no, na ɛsɛ sɛ wɔboaboa wɔn ano ma wɔbɛyɛ n’asuafo. (Yohane 4:35-38) Dɛn na Yesu yɛe wɔ ɔhaw yi ho? Bere a aka kakra ma wakɔ soro no, ɔne n’asuafo no hyiae wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea, na ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ wɔnkɔhwehwɛ adwumayɛfo pii. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.
3 Sɛ obi betumi ayɛ Yesu Kristo kyidini mapa a, gye sɛ odi saa ahyɛde yi so. Enti momma yensusuw nsɛmmisa mmiɛnsa bi ho. Adɛn nti na Yesu kaa sɛ n’asuafo nkɔhwehwɛ adwumayɛfo pii? Ntetee bɛn na ɔde maa n’asuafo no na ama wɔatumi ayɛ saa adwuma no? Ahyɛde a Yesu de mae no fa yɛn ho sɛn?
Nea Enti a Na Adwumayɛfo Pii Ho Hia
4, 5. Adɛn nti na na Yesu rentumi nwie adwuma a ofii ase no, na henanom na na wɔbɛtoa so bere a wasan kɔ soro no?
4 Bere a Yesu fii ne som adwuma ase wɔ afe 29 Y.B. mu no, na onim sɛ adwuma a ɔrefi ase no, ɔno nko ara rentumi nyɛ nwie. Esiane sɛ na aka bere tiaa bi ama wafi asaase so nti, na ɔrentumi nka Ahenni asɛm no nkyerɛ obiara wɔ baabiara. Ɛwom, ɔkaa asɛm no kyerɛɛ “Israel fi nguan a wɔayera no” titiriw, kyerɛ sɛ, Yudafo ne amanaman mufo a wɔabɛyɛ Yudafo no. (Mateo 15:24) Nanso, saa “nguan a wɔayera no,” na wɔapete Israel man no mu nyinaa. Yɛreka yi nso, na Israel man no sõ. Ɛno pa ho a, na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa nso.—Mateo 13:38; 24:14.
5 Yesu hui sɛ ne wu akyi no, na adwuma pii bɛka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Enti ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, nea ogye me di no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen eyinom, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.” (Yohane 14:12) Esiane sɛ na Ɔba no resan akɔ soro nti, na ɛsɛ sɛ n’akyidifo toa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so. Ná saa akyidifo yi nyɛ n’asomafo no nko ara, na mmom na asuafo a akyiri yi wɔbɛba nyinaa ka ho bi. (Yohane 17:20) Yesu fi ahobrɛase mu gye toom sɛ n’akyidifo no ‘bɛyɛ nnwuma akɛse asen’ no. Ɔkwan bɛn so? Ná wɔbɛyɛ saa wɔ akwan mmiɛnsa so.
6, 7. (a) Akwan bɛn so na na Yesu akyidifo bɛyɛ nnwuma akɛse asen nea ɔyɛe no? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ahotoso a na Yesu wɔ wɔ n’akyidifo mu no fata?
6 Nea edi kan no, na Yesu akyidifo bɛka asɛmpa no wɔ mmeae pii asen no. Ɛnnɛ, wɔadi adanse atra baabi a Yesu kaa asɛm no koraa, na akɔ ara akɔpem asaase ano nohoa. Nea ɛtɔ so mmienu no, na wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipa pii asen Yesu. Ankyɛ koraa na asuafo kakraa a Yesu gyaw wɔn no dodow bu bɔɔ ho bɛyɛɛ mpempem pii. (Asomafo Nnwuma 2:41; 4:4) Ɛnnɛ wɔyɛ ɔpepem pii, na afe biara wɔbɔ asuafo foforo mpempem pii asu. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Yesu akyidifo de bere tenten bɛka asɛm no asen no. Yesu de mfe mmiɛnsa ne fã pɛ na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no, nanso n’akyidifo de, wɔaka asɛmpa no ara abesi nnɛ, bɛyɛ mfe 2,000 ni.
7 Bere a Yesu kaa sɛ wɔbɛyɛ “nnwuma akɛse asen eyinom” no, na ɔrekyerɛ sɛ ɔwɔ n’akyidifo no mu ahotoso. Ná ɔde adwuma a ɛho hia no sen biara no rehyɛ wɔn nsa. Saa adwuma no ne “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no” a wɔbɛka na wɔde akyerɛkyerɛ afoforo no. (Luka 4:43) Ná ogye wɔn di sɛ wɔbɛyɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ sɛnea ɔkyerɛɛ wɔn no. Dɛn na wei kyerɛ ma yɛn nnɛ? Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no a, yɛma ɛda adi sɛ ahotoso a na Yesu wɔ wɔ n’akyidifo mu no, ɛyɛ ne kwan so a. Wei yɛ hokwan kɛse paa!—Luka 13:24.
Ɔtetee Wɔn Sɛ Wɔnni Adanse
Ɔdɔ na ɛka yɛn ma yɛka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara a yebehu wɔn
8, 9. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ asɛnka adwuma no mu, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua?
8 Yesu tetee n’asuafo no maa asɛnka adwuma no yiye paa. Nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ no, ɔyɛɛ ho nhwɛso pɛpɛɛpɛ maa wɔn. (Luka 6:40) Ti 8 no mu no, yehuu adwene a na Yesu wɔ wɔ asɛnka adwuma no ho. Yɛmfa asuafo a wɔdii Yesu akyi bere a na ɔreyɛ n’asɛnka adwuma no nyɛ nhwɛso. Wɔhuu sɛ ɔkaa asɛm no wɔ atare ho ne mmepɔw so, nkurow mu ne gua so, afie mu ne baabiara a nnipa wɔ. (Mateo 5:1, 2; Luka 5:1-3; 8:1; 19:5, 6) Wɔhui sɛ ɔyɛ odwumayɛni a ɔyɛ nsi, efisɛ na ɔsɔre ntɛm fi n’adwuma ase, na na ɔyɛ adwuma kosi anadwo. Anokwa, na asɛnka adwuma no hia Yesu yiye! (Luka 21:37, 38; Yohane 5:17) Akyinnye biara nni ho sɛ, na n’akyidifo no tumi hu sɛ ɔdɔ kann a ɔwɔ ma nkurɔfo no na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ asɛnka adwuma no. Wɔhwɛ n’anim a, ebia na wɔtumi hu sɛnea ne yam hyehye no ma afoforo no. (Marko 6:34) Nea Yesu yɛe nyinaa, wohwɛ a sɛn na ɛkaa n’asuafo no? Sɛ wowɔ hɔ saa bere no a, anka wobɛte nka sɛn?
9 Yɛyɛ Kristo akyidifo, enti yesuasua ne nhwɛso wɔ asɛnka adwuma no mu. Hokwan biara a yenya no, yɛde di “adanse frenkyemm.” (Asomafo Nnwuma 10:42) Yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu sɛnea Yesu yɛe no. (Asomafo Nnwuma 5:42) Sɛ ehia sɛ yɛsesa bere a yɛde kɔ asɛnka mpo a, yɛyɛ saa na ama yɛato nnipa wɔ fie. Afei nso, yɛde anifere ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ kar kwan ho, baabi a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, sotɔɔ ahorow mu, nnwuma mu, ne baguam baabiara. Yɛyɛ “adwumaden na yɛyere yɛn ho” wɔ asɛnka adwuma no mu, efisɛ asɛnka adwuma no hia yɛn paa. (1 Timoteo 4:10) Afei nso, esiane sɛ yefi koma mu dɔ afoforo nti, bere biara ne baabiara a yebenya nkurɔfo no, yɛde hokwan no ka asɛm no kyerɛ wɔn.—1 Tesalonikafo 2:8.
“Na 70 no de anigye san bae”
10-12. Asuade a ɛho hia bɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no ansa na ɔresoma wɔn ama wɔakɔka asɛm no?
10 Ɔkwan foforo a Yesu faa so tetee n’asuafo no ne sɛ, ɔde asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ a edi mu maa wɔn. Ansa na Yesu resoma asomafo 12 no, ɔne wɔn hyiae, na ɔmaa wɔn adwuma no ho akwankyerɛ a ɛkɔ akyiri. Saa ara na ɔyɛe akyiri yi bere a na ɔresoma asuafo 70 no. (Mateo 10:1-15; Luka 10:1-12) Ntetee a ɔde maa wɔn no sow aba pa, efisɛ Luka 10:17 ka sɛ: “Na 70 no de anigye san bae.” Nneɛma a ehia a Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn no, momma yɛnhwɛ emu mmienu. Bere a yɛreyɛ saa no, momma sɛnea na Yudafo yɛ wɔn ade saa bere no ntena yɛn adwene mu.
11 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommpɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu, na mommfa aduan kotoku nntu kwan no, anaa ntaade abien, anaa mpaboa anaa poma, efisɛ odwumayɛni aduan fata no.” (Mateo 10:9, 10) Saa bere no, na akwantufo taa fa sika abɔso ne aduan kotoku, na na wɔfa mpaboa foforo ka nea ɛhyɛ wɔn no ho.a Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho fa nneɛma a ɛte saa no, na nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ: “Momfa mo ho nto Yehowa so, efisɛ ɔbɛma moanya nea muhia nyinaa.” Ná Yehowa bɛma wɔn a wɔbetie asɛmpa no ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn, sɛnea na Israelfo amammerɛ te no.—Luka 22:35.
12 Yesu san kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nneɛma a ɛho nhia gye wɔn adwene. Ɔkaa sɛ: “Munnkyia obiara wɔ kwan so.” (Luka 10:4) Ná Yesu reka akyerɛ wɔn sɛ mma wɔne nnipa mmmɔ anaa? Ɛnte saa koraa. Saa bere no, na nkyia nyɛ tiawa te sɛ nnɛ. Sɛ wɔrekyia obi a, na wɔgyina bɔ nkɔmmɔ yɛ nneɛma pii. Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Sɛnea ɛnnɛ yetumi bɔ yɛn mu ase kakra anaa yɛtene yɛn nsa kyia obi no, na nnipa a ɛwɔ Apuei fam nkyia nte saa. Mmom na wɔbam wɔn ho mpɛn pii, wɔbɔ wɔn mu ase kyɛ, na na wɔda fam mpo. Ná wei nyinaa gye bere pii.” Enti, bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ mma wɔnnkyia nkurɔfo a wɔhyia wɔn wɔ kwan so no, na nea ɔrekyerɛ ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ mode mo bere di dwuma yiye, efisɛ asɛm a morekɔka no gye ntɛmpɛ.”b
13. Akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo wɔ ne bere so no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛde reyɛ adwuma?
13 Akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo wɔ ne bere so no, yɛn nso yɛde yɛ adwuma. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so. (Mmebusɛm 3:5, 6) Yenim sɛ, sɛ ‘yɛkɔ so hwehwɛ Ahenni no kan’ a, nea yehia wɔ yɛn asetena mu remmɔ yɛn da. (Mateo 6:33) Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa ka Ahenni no ho asɛm wɔ wiase nyinaa no betumi adi adanse sɛ, sɛ edu bere a emu yɛ den mpo a, Yehowa nsa nyɛ tiaa. (Dwom 37:25) Ade foforo a ɛsɛ sɛ yehu nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma gye yɛn adwene. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn ani bɛba yɛn ho so no, na wiase yi awia yɛn. (Luka 21:34-36) Nanso, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma gye yɛn adwene. Esiane sɛ nkurɔfo nkwa da asiane mu nti, yɛn asɛm no gye ntɛmpɛ. (Romafo 10:13-15) Sɛ yɛma sɛnea asɛm no gye ntɛmpɛ no tena yɛn adwene mu a, yɛremma nneɛma a ɛwɔ wiase yi mu no nnye bere ne ahoɔden a yebetumi de ayɛ asɛnka adwuma no. Kae sɛ, afuw no mu nnɔbae a ɛsɛ sɛ wɔtwa no dɔɔso, nanso bere a aka no sua.—Mateo 9:37, 38.
Adwuma a Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Yɛ Bi
14. Dɛn na ɛma yehu sɛ ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:18-20 no fa Kristo akyidifo nyinaa ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
14 Yesu a wɔanyan no no de asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛɛ n’akyidifo nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’ Ɛnyɛ asuafo a na ɔne wɔn wɔ Galilea bepɔw no so saa da no nko ara ho adwene na na ɛwɔ ne tirim.c Adwuma a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no, nea na ɛkyerɛ ne sɛ, wɔnka asɛm no nkyerɛ nnipa a wɔwɔ “aman nyinaa” mu, na na saa asɛnka adwuma no bɛkɔ so ara akosi “wiase yi awiei bere.” Biribiara kyerɛ sɛ, saa ahyɛde no kɔ ma Kristo akyidifo nyinaa, na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ka ho. Enti momma yɛnto yɛn bo ase nhwehwɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 28:18-20 no mu.
15. Adɛn nti na nyansa wom sɛ yedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ asuafo no so?
15 Ansa na Yesu de adwuma no rehyɛ n’asuafo nsa no, ɔkaa sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.” (Nkyekyɛm 18) Ɛyɛ ampa sɛ Yesu wɔ tumi kɛse a ɛte saa anaa? Yiw! Ɔyɛ ɔbɔfo panyin a odi abɔfo ɔpepem pii anim. (1 Tesalonikafo 4:16; Adiyisɛm 12:7) Esiane sɛ Yesu yɛ “asafo no ti” nti, ɔwɔ n’akyidifo a wɔwɔ asaase so no so tumi. (Efesofo 5:23) Efi afe 1914 reba na wadi tumi sɛ Mesia Ahenni no so Hene wɔ soro. (Adiyisɛm 11:15) Ɔwɔ tumi a ɔde benyan awufo mpo. (Yohane 5:26-28) Sɛnea Yesu dii kan kaa tumi kɛse a ɔwɔ no ho asɛm no, ɛma yehu sɛ nsɛm a ɔka toaa so no yɛ ahyɛde, na ɛnyɛ nyansahyɛ kɛkɛ. Nyansa wom sɛ yebetie ne nsɛm no, efisɛ ɛnyɛ ɔno ara na ɔkɔperee tumi maa ne ho, na mmom Onyankopɔn ankasa na wama no tumi.—1 Korintofo 15:27.
16. Bere a Yesu de ahyɛde mae sɛ “monkɔ” no, dɛn na na ɔpɛ sɛ yɛyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn adi ahyɛde yi so?
16 Afei, Yesu kaa ahyɛde no. Asɛmfua baako pɛ na ɔde fii ase. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ.” (Nkyekyɛm 19) Ná ɔnam saa asɛm no so reka akyerɛ yɛn sɛ, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yefi yɛn pɛ mu kɔka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so adi ahyɛde yi so. Afie afie asɛnka adwuma no ne ɔkwan titiriw a yɛfa so ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo. (Asomafo Nnwuma 20:20) Afei nso, yɛhwehwɛ akwan foforo a yebetumi afa so adi adanse bɔnnɔ so, na yɛbɔ mmɔden sɛ da biara da, yɛbɛka asɛmpa no wɔ baabiara a ɛbɛyɛ yiye. Ebia yɛbɛhwɛ baabi a yɛte ne tebea a ɛwɔ hɔ no so adannan yɛn nsɛm mu bere a yɛreka asɛm no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma ade baako yi tena yɛn adwene mu: ‘Yɛrekɔ’ akɔhwehwɛ wɔn a wɔfata.—Mateo 10:11.
17. Ɔkwan bɛn na yɛfa so ma afoforo ‘bɛyɛ asuafo’?
17 Yesu toaa so kyerɛkyerɛɛ atirimpɔw a enti ɔde saa ahyɛde no mae no mu sɛ, “monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” (Nkyekyɛm 19) Ɔkwan bɛn so na yɛma afoforo ‘bɛyɛ asuafo’? Nea ɛte ne sɛ, osuani yɛ obi a osua biribi, anaa wɔrekyerɛkyerɛ no biribi. Nanso, ɛnyɛ nimdeɛ a yɛbɛma nkurɔfo anya kɛkɛ na ɛkyerɛ sɛ yɛayɛ wɔn asuafo. Sɛ yɛne wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho resua Bible a, yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa wɔn ama wɔabɛyɛ Kristo akyidifo. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn asuafo no adwene si Yesu nhwɛso so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu sɛ Yesu ne wɔn Kyerɛkyerɛfo ne nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no sua no. Ɛno bɛma wɔabɔ wɔn bra te sɛ Yesu, na wɔayɛ adwuma a ɔyɛe no bi.—Yohane 13:15.
18. Adɛn nti na asubɔ yɛ ade a ɛho hia paa wɔ osuani biara asetena mu?
18 Yesu ahyɛde no fã foforo a ehia paa ne nea edi so yi: “Mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Nkyekyɛm 19) Asubɔ ne ade a ɛho hia paa wɔ osuani biara asetena mu. Obi bɔ asu a, ɔde kyerɛ sɛ ofi ne koma nyinaa mu ahyira ne ho so ama Onyankopɔn. Enti, ɛho hia paa na ama obi anya nkwagye. (1 Petro 3:21) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ osuani a wabɔ asu no yɛ nea obetumi biara wɔ Yehowa som mu a, obetumi ahwɛ kwan sɛ obenya nhyira a enni awiei wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. Woaboa obi ama wabɛyɛ Kristo suani a wabɔ asu da anaa? Biribiara nni hɔ a ɛma Kristoni ani gye wɔ asɛnka adwuma no mu sen saa.—3 Yohane 4.
19. Dɛn na yɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ asuafo foforo no, na adɛn nti na sɛ wɔbɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛkyerɛ wɔn?
19 Yesu kyerɛkyerɛɛ adwuma no fã a edi hɔ no mu sɛ: “Monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Nkyekyɛm 20) Yɛkyerɛkyerɛ asuafo foforo ma wɔdi Yesu ahyɛde so. Ahyɛde no bi ne sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn, wɔbɛdɔ wɔn yɔnko, na wɔayɛ afoforo asuafo. (Mateo 22:37-39) Bible mu nokware a wɔresua no ne nneɛma a wɔabegye adi no, yɛboa wɔn nkakrankakra ma wɔhu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo. Sɛ wɔma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ asɛnka a, yɛne wɔn bom yɛ adwuma, na yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe boa wɔn ma wɔtumi yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛboa afoforo ma wɔbɔ asu a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛawie ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Ebia asuafo a wɔabɔ asu foforo no bɛkɔ so ahia akwankyerɛ ne mmoa na ama wɔatumi adi Kristo akyi, ɛmfa ho ɔhaw a wɔbehyia no.—Luka 9:23, 24.
“Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
20, 21. (a) Sɛ yɛreyɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro? (b) Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛtew da. Adɛn ntia? Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
20 Nsɛm a etwa to a ɛwɔ Yesu ahyɛde no mu no ma yenya awerɛhyem paa. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.” (Mateo 28:20) Ná Yesu nim sɛ adwuma yi ho hia paa. Ná onim nso sɛ ɛtɔ da a adwuma yi nti, asɔretiafo bɛtan n’akyidifo ani. (Luka 21:12) Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro ɔkwan biara so. Yɛn Kannifo no nhwɛ kwan sɛ yɛn nko ara bɛyɛ adwuma no a obiara mmoa yɛn. Nea “wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” ama no no ka yɛn ho, na ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa yi. Wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa.
21 Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ ɔbɛka wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu mfe pii de akosi “wiase yi awiei bere.” Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no kosi sɛ awiei no bɛba. Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛtew da. Honhom fam otwa adwuma kɛse bi rekɔ so! Wɔreboaboa nnipa pii a wɔretie asɛm no ano. Yɛyɛ Kristo akyidifo, enti momma yɛnyere yɛn ho nyɛ adwuma a ɛho hia a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa bedi Kristo ahyɛde a ɔde maa yɛn yi so: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’
a Ná abɔso yɛ sika kotoku bi a wɔde sika (coins) gu mu. Aduan kotoku de, na ɛyɛ bag kɛse bi a mpɛn pii no wɔde aboa nhoma ayɛ. Ná nkurɔfo de aduan ne nneɛma afoforo gu mu de to wɔn akyi.
b Bere bi, odiyifo Elisa nso de akwankyerɛ a ɛte saa mae. Bere a ɔresoma ne somfo Gehasi ama wɔakɔ ɔbea bi a na ne babarima awu fie no, Elisa kaa sɛ: “Obiara a wubehyia no wɔ kwan so no, nkyia no.” (2 Ahene 4:29) Ná adwuma a Gehasi rekɔyɛ no gye ntɛmpɛ, enti na ɛnsɛ sɛ ɔsɛe bere koraa.
c Esiane sɛ na Yesu akyidifo no mu dodow no ara wɔ Galilea nti, ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔnyanee Yesu a oyii no ho adi kyerɛɛ nnipa “bɛboro 500” no, saa bere no na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Mateo 28:16-20 no. (1 Korintofo 15:6) Enti bere a Yesu kaa sɛ wɔnyɛ asuafoyɛ adwuma no, na nnipa pii na wɔahyiam wɔ hɔ.