Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 18-19
  • Nokware Kristofo Betumi Ahwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Kristofo Betumi Ahwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Ahobammɔ Atirimpɔw
  • Wɔde Wɔn Dii Dwuma Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mmamu Mu
  • Onyankopɔn Yɛ Otirimɔdenfo?
  • Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”
    Bɛn Yehowa
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Hwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?
    Nyan!—2002
  • Yehowa—Onyankopɔn a Ɔwɔ Atirimpɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wɔyɛ ‘Nnipa a Wɔnsuaa Nhoma; Wɔnyɛ Nnipa Titiriw Biara’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 18-19

Bible No Adwene

Nokware Kristofo Betumi Ahwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?

NEA ɛbɛyɛ na Kristofo de nneɛma akɔma wɔn mfɛfo asomfo a amanehunu ato wɔn no, wɔde lɔre ahorow bɔɔ mu kɔfaa baabi a ɔko ayɛ hɔ pasaa a na wobetumi akunkum wɔn wɔ hɔ wɔ bere a wɔbɔɔ mpae akyi. Wokoduu dwoodwoo ma asraafo a wɔreko no ho dwiriw wɔn yiye. Onyankopɔn bɔfo bɔɔ wɔn ho ban?

Kristofo awarefo bi a na wɔde mfe pii asom no wuwui bere a wimhyɛn bi hwee ase wɔ baabi a na wɔreyɛ asɛmpaka adwuma no wɔ afie afie no. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔfo ankyerɛ wɔn anaa wimhyɛn no kwan ankɔ baabi foforo wɔ saa bere pɔtee no mu?—Fa toto Asomafo no Nnwuma 8:26 ho.

Sɛ yɛde saa nsɛm a esisii yi toto ho a, yebetumi abisa sɛ: Dɛn nti na Kristofo binom wuwu bere a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde, na afoforo a mpɛn pii wɔwɔ tebea a asiane kɛse wom mu no nwuwu? Kristofo betumi ahwɛ ɔsoro ahobammɔ kwan, titiriw wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu?—2 Timoteo 3:1.

Onyankopɔn Ahobammɔ Atirimpɔw

Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obehyira ne nkurɔfo na wabɔ wɔn ho ban. (Exodus 19:3-6; Yesaia 54:17) Ɔyɛɛ saa titiriw wɔ afeha a edi kan no mu, bere a na Kristofo asafo no nnyinii no. Na anwonwade ahorow abu so kɛse. Yesu maa nnuan kakraa bi yɛɛ bebree na ɔde maa nnipa mpempem pii dii; ɔne n’asuafo saa yare ne ahoɔmmerɛw biara, wotuu ahonhom a wɔwɔ tumi sen nnipa fii nnipa a na adaemone wɔ wɔn so mu, na wonyanee awufo mpo. Wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase no, asafo foforo no nyinii na ase tim yiye. Nanso, ɛmfa ho sɛ na ɛda adi sɛ Onyankopɔn gyina wɔn akyi no, nea yebetumi afrɛ no ɔpatuwu too Kristofo anokwafo pii.—Fa toto Dwom 90:10 ho.

Susuw Sebedeo mma Yakobo ne Yohane asɛm no ho. Esiane sɛ wɔpaw wɔn sɛ asomafo nti, na wɔne Petro ka Kristo nnamfo paa no ho.a Nanso wokum Yakobo wɔ afe 44 Y.B. mu, bere a ne nua Yohane traa ase koduu afeha a edi kan no awiei. Ɛda adi sɛ na wɔn baanu nyinaa yɛ Onyankopɔn apɛde. Dɛn nti na wɔmaa kwan ma Yakobo wui, na Yohane traa ase?

Ɛda adi sɛ na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn wɔ tumi a ɔde begye Yakobo nkwa. Nokwarem no, Yakobo mogya dansefo wu no akyi pɛɛ no, Yehowa bɔfo gyee Petro fii owu mu. Dɛn nti na ɔbɔfo no annye Yakobo?—Asomafo no Nnwuma 12:1-11.

Wɔde Wɔn Dii Dwuma Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mmamu Mu

Sɛ yɛbɛte nea enti a wɔde ɔsoro ahobammɔ ma ase a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔde ma kɛkɛ na ama nnipa ankorankoro atra ase akyɛ, mmom wɔde bɔ biribi a ɛho hia sen saa koraa ho ban, Onyankopɔn atirimpɔw mmamu. Sɛ nhwɛso no, wɔahyɛ bɔ sɛ Kristofo asafo mu no nyinaa rengu efisɛ wɔde bata nya a saa atirimpɔw no benya mmamu ho kɛse. Nanso, Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo pefee sɛ wɔn gyidi nti, owu betumi ato wɔn sɛ ankorankoro. Bere a Yesu kaa eyi wiei no, wansi anwonwakwan so ogye so dua, na mmom ‘gyina a wobegyina akodu awiei.’ (Mateo 24:9, 13) Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔbɔɔ ankorankoro bi ho ban, bere a wɔammɔ afoforo ho ban no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nyiyim. Onyankopɔn de onipa a na obetumi ama n’atirimpɔw abam asen biara, a awiei koraa no adesamma nyinaa benya so mfaso no, dii dwuma kɛkɛ.

Esiane sɛ ebetumi aba ankasa sɛ Kristofo bewu ɔpatuwu wɔ Onyankopɔn som adwuma mu nti, ɛsɛ sɛ wonya adwene a ɛkari pɛ a Hebrifo anokwafo baasa a Onyankopɔn som nti wobuu wɔn kumfɔ no nyae no bi. Wɔka kyerɛɛ Babilon hene sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, na obegye yɛn afi wo, ɔhene, nsam. Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.”—Daniel 3:17, 18.

Yehowa koraa Petro ne Yohane nkwa so esiane ade titiriw a wɔyɛe wɔ n’atirimpɔw mmamu mu nti. Ɔde Petro hyɛɛ asafo no “den” denam ahwɛfo adwuma a ɔyɛe, a Bible nhoma abien a efi honhom mu a ɔkyerɛwee ka ho no so. (Luka 22:32) Yohane kyerɛwee Bible mu nhoma anum na na ɔyɛ ‘odum’ wɔ tete asafo no mu.—Galatifo 2:9; Yohane 21:15-23.

Yentumi nni kan nkyerɛ bere ne ɔkwan pɔtee a Yehowa fa so de ne ho gye nsɛm mu wɔ n’asomfo asetra mu no. Nea yebetumi aka pefee ara ne sɛ Kristo hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka n’akyidifo ho “nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:20) Ne titiriw no, ‘ɔbɛka yɛn ho’ denam abɔfo a ɔbɛma wɔakyerɛ asɛnka adwuma no kwan no so. (Mateo 13:36-43; Adiyisɛm 14:6) Wɔ eyinom akyi no, yentumi nni kan nkyerɛ sɛnea ɔsoro mmoa bɛda adi no pɛpɛɛpɛ anaa nea obetumi anya ɔsoro ahobammɔ. Na sɛ Kristoni bi te nka sɛ wanya Onyankopɔn ahobammɔ ne n’akwankyerɛ nso ɛ? Esiane sɛ yentumi nkyerɛ pefee sɛ ɛte saa ampa anaa ɛnte saa nti, ɛnsɛ sɛ obiara bu nsɛm a saa onii no fi ne komam ka ho atɛn.

Onyankopɔn Yɛ Otirimɔdenfo?

Nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn ma kwan ma Kristofo wuwu no kyerɛ sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo wɔ ɔkwan bi so? Dabida. (Ɔsɛnkafo 9:11) Yehowa reyɛ adwuma de akora yɛn nkwa so daa na ɛnyɛ mfe kakraa bi anaa mfe dudu pii mpo. Ofi ne gyinabea a ɛkorɔn no dannan nsɛm ma ɛde daa yiyedi brɛ obiara a ɔdɔ no anaa ɔba ne nkyɛn no. (Fa toto Mateo 18:14 ho.) N’atirimpɔw mmamu bɛkyerɛ sɛ obeyi amanehunu biara a ato yɛn wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu—owu mpo—afi hɔ koraa. Onyankopɔn nsɛnnii asete yɛ den, na ɛyɛ pɛ araa ma ɛkaa ɔsomafo Paulo ma ɔkae sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.”—Romafo 11:33.

Esiane sɛ biribiara ntumi ntwe yɛn mfi Onyankopɔn dɔ ho nti, asɛm a ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne sɛ, ‘Mewɔ Yehowa nhyira?’ na ɛnyɛ ‘Menya Onyankopɔn ahobammɔ?’ Sɛ yɛyɛ saa a, ɔbɛma yɛn daa nkwa—ɛmfa ho nea ɛbɛto yɛn wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Sɛ yɛde nneɛma nhyehyɛe yi mu amanehunu biara—owu mpo—toto daa nkwa a ɛyɛ pɛ ho a, ɛbɛyɛ sɛ “bere tiaa bi, na ɛyɛ hare.”—2 Korintofo 4:17, NW.

[Ase hɔ asɛm]

a Petro, Yakobo, ne Yohane huu Yesu ahosakra (Marko 9:2) ne Yairo babea wusɔre no (Marko 5:22-24, 35-42); na wɔwɔ Getsemane Turo no mu bere a na wɔredi Yesu asɛm no (Marko 14:32-42); na wɔne Andrea bisaa Yesu asɛm faa Yerusalem sɛe, ne ba a na ɔbɛba daakye, ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho.—Mateo 24:3; Marko 13:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena