Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 10/15 kr. 12-17
  • Fi Komam Fa Firi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fi Komam Fa Firi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Yehia Fafiri—Na Wɔde Afiri Yɛn
  • Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Fafiri Ho Mmɔden
  • Munsiesie Mo Ntam—Momfa Mfiri
  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Bɔne Firi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Wode Firi te Sɛ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 10/15 kr. 12-17

Fi Komam Fa Firi

“Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.”—MATEO 18:35.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na obi a na wonim no yiye sɛ ɔdebɔneyɛfo no kyerɛɛ Yesu ho anisɔ? (b) Mmuaema mu no, asɛm bɛn na Yesu kae?

ƐDA adi sɛ na ɔyɛ oguamammɔfo, obi a wonhwɛ kwan sɛ wubehu no wɔ obi a osuro Nyankopɔn fie. Sɛ ɛyɛɛ ebinom nwonwa sɛ wohuu no wɔ hɔ a, ɛnde nea ɔyɛe wɔ hɔ no maa wɔn ho dwiriw wɔn kɛse. Ɔkɔɔ ɔbarima a ne bra ye sen biara no nkyɛn kɔkyerɛɛ ne nnwuma ho anisɔ, de ne nusu hohoroo ne nan ho, na ɔde ne ti nhwi popae.

2 Saa ɔbarima no, Yesu, antwe ne ho amfi ɔbea yi a ‘wobu no ɔdebɔneyɛfo wɔ kurow no mu’ no ho. Nanso na ɛhaw Simon, Farisini a na wɔwɔ ne fie no sɛ ɔbea no yɛ ɔdebɔneyɛfo. Yesu kaa mmarima baanu bi a na wɔde obi ka ho asɛm de buaa asɛm no. Ná obiako de ka bebree—bɛyɛ ɔpaafo mfe abien akatua. Na na ɔfoforo no ka bɛyɛ ɛno mu nkyem du mu biako—nea ennu asram abiɛsa akatua. Bere a na wɔn mu biara ntumi ntua ɛka a wɔde no, sika wura no de “kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa.” Ɛda adi pefee sɛ na ɛsɛ sɛ nea wɔde bebree kyɛɛ no no tumi kyerɛ ɔdɔ kɛse. Bere a Yesu de ɔbea no ayamye totoo ho no, ɔde nnyinasosɛm yi kaa ho sɛ: “Nea wɔde kakraa firi no no, ɔdɔ kakraa.” Afei ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.”—Luka 7:36-48.

3. Dɛn na ehia sɛ yesusuw ho wɔ yɛn ho?

3 Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ anka mene ɔbea no anaasɛ anka mewɔ tebea a ɛte saa ara mu na wohuu me mmɔbɔ a, so anka mɛma me tirim ayɛ den wɔ afoforo so?’ Ebia wubebua sɛ, ‘Dabida!’ Nanso, so wugye di ampa sɛ wode bɔne firi? So saa na wote? So wotaa yɛ saa a wommrɛ ho, na so afoforo ka wo ho asɛm sɛ wode firi? Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara fi ne komam susuw asɛm yi ho.

Ná Yehia Fafiri—Na Wɔde Afiri Yɛn

4. Yɛn ho nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

4 Sɛnea wunim no yiye no, wotɔ sin. Sɛ wobisa wo a, wubegye atom mpo, na ebia akae wo nsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 1:8 no: “Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu.” (Romafo 3:23; 5:12) Wɔ ebinom fam no, ebia na wɔayɛ bɔne a anibere wom a ɛyɛ ahodwiriw. Nanso sɛ wonyɛɛ bɔne bi a ɛte saa mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ wonam akwan horow so abu Onyankopɔn mmara so mpɛn pii—woayɛ bɔne. So ɛnte saa?

5. Dɛn ho aseda na ɛsɛ sɛ yɛde ma Onyankopɔn?

5 Ne saa nti, wo tebea betumi ayɛ sɛ nea ɔsomafo Paulo kae yi: “Mo a anka moyɛ awufo mfomso ne mo honam momonotoyɛ mu no, wama mo ne no [Yesu] nkwa bi, sɛ ɔdom de mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn.” (Kolosefo 2:13; Efesofo 2:1-3) Hyɛ asɛm ‘ɔdom de mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn’ no nsow. Ɛno kyerɛ pii. Sɛnea Dawid yɛe no, ɛfata sɛ yɛn mu biara srɛ sɛ: ‘Yehowa, wo din nti fa me bɔne firi me, na ɛdɔɔso pii.’—Dwom 25:11.

6. Ɛdefa Yehowa ne fafiri ho no, dɛn mu ahotoso na yebetumi anya?

6 Ɔkwan bɛn so na wobetumi de afiri wo—anaa yɛn mu biara? Ɛne sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔde befiri. Ɛno yɛ ne nipasu. (Exodus 34:6, 7; Dwom 86:5) Sɛnea ntease wom no, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛde nkotosrɛ bɛba n’anim wɔ mpaebɔ mu, asrɛ ne hɔ fafiri. (2 Beresosɛm 6:21; Dwom 103:3, 10, 14) Na ɔnam mmara kwan so ayɛ nhyehyɛe a ɔnam so de befiri yɛn—Yesu ogye afɔre no.—Romafo 3:24; 1 Petro 1:18, 19; 1 Yohane 4:9, 14.

7. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wusuasua Yehowa?

7 Ɔpɛ a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔde firi no nti, ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea ɛsɛ sɛ wo ne afoforo di. Paulo twee adwene sii eyi so, na ɔkyerɛwee sɛ: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.” (Efesofo 4:32) Akyinnye biara nni ho sɛ nea Paulo asɛm no kyerɛ ara ne sɛ ɛsɛ sɛ yesua biribi fi Onyankopɔn nhwɛso no mu, efisɛ nkyekyem a edi so no de toa so sɛ: “Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Woahu sɛnea ɛte? Yehowa Nyankopɔn de firii wo, enti,—Paulo hyɛ wo nyansa sɛ—suasua No na ‘ma wo yam nhyehye wo, na fa firi’ afoforo. Nanso bisa wo ho sɛ, ‘So mereyɛ saa? Sɛ ɛnyɛ saa na mete a, so merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saa de asuasua Onyankopɔn denam firi a mede befiri so?’

Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Fafiri Ho Mmɔden

8. Ɛdefa nnipa a wɔwɔ yɛn asafo mu ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu?

8 Ɛbɛyɛ papa sɛ yebesusuw sɛ hokwan a yebenya de ada su pa a ɛne bɔne fafiri adi wɔ Kristofo asafo no mu no yɛ kakraa bi pɛ. Nanso ɛnte saa koraa. Ɛyɛ nokware sɛ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea rebɔ mmɔden sɛ wobedi Yesu ɔdɔ nhwɛso no akyi. (Yohane 13:35; 15:12, 13; Galatifo 6:2) Wofi bere tenten abɔ wɔn ho mmɔden, na wɔda so ara reyere wɔn ho sɛ wɔbɛkwati wiase bɔne yi nsusuwii, kasa, ne ne nneyɛe. Nokwarem no, wɔpɛ sɛ wɔda nipasu foforo no adi. (Kolosefo 3:9, 10) Nanso, yentumi mmu yɛn ani ngu nokwasɛm yi so sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔwɔ wiase nyinaa asafo no, ne asafo biara mu. Ne nyinaa mu no, woye sen sɛnea na wɔte kan no, nanso wɔnyɛ pɛ ara.

9, 10. Sɛ nsɛm sisi anuanom ntam a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa?

9 Onyankopɔn fi ne pɛ mu ka kyerɛ yɛn wɔ Bible mu sɛ yebetumi ahwɛ sintɔ kwan wɔ asafo no mu, wɔ yɛn nuanom mmarima ne mmea ntam. Sɛ nhwɛso no, susuw Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Kolosefo 3:13 no ho hwɛ: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”

10 Nea ehia titiriw wɔ ha ne sɛ, Bible no kae yɛn abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn fafiri, yɛn asɛyɛde, ne hia a ehia sɛ yɛde firi afoforo no ntam. Dɛn nti na eyi yɛ den? Efisɛ Paulo gye toom sɛ obi ne ‘obi betumi anya asɛm.’ Ohui sɛ nsɛm a ɛtete saa bɛba. Ɛbɛyɛ sɛ na ebi wɔ afeha a edi kan no Kristofo “ahotefo” a na wɔwɔ ‘ɔsoro anidaso’ no mpo mu. (Kolosefo 1:2, 5) Enti, yebetumi de yɛn adwene abu sɛ ɛremma saa nnɛ, bere a nokware Kristofo dodow no ara nni adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ ‘nnipa a Onyankopɔn apaw wɔn, ahotefo ne adɔfo’ no anaa? (Kolosefo 3:12) Ne saa nti sɛ nsɛm si afoforo ntam—mfomso bi a asi anaa wɔkyerɛ sɛ asi ho yawdi—a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ mfomso bi a ɛyɛ nwonwa a ɛso nni asi yɛn asafo no mu.

11. Dɛn ho kɔkɔbɔ na osuani Yakobo de maa yɛn?

11 Yesu nuabarima Yakobo nsɛm no nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, ɛwom ara a, yebehyia tebea horow bi a ɛbɛhwehwɛ sɛ yɛde firi yɛn nuanom. “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu. Na sɛ mowɔ nitammɔne ne atutuw mo koma mu a, ɛnde monnhoahoa mo ho, na munnni atoro nntia nokware.” (Yakobo 3:13, 14) So “nitammɔne ne atutuw” wɔ nokware Kristofo komam? Yiw, Yakobo nsɛm no kyerɛ pefee sɛ biribi a ɛte saa sii wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu, na ebesi nnɛ nso.

12. Asɛm bɛn na ɛsɔree wɔ tete Filipi asafo no mu?

12 Ɛho nhwɛso biako ankasa ne nea esii wɔ Kristofo baanu a na wɔasra wɔn a na wɔbɔ wɔn din pa sɛ wɔne Paulo yɛɛ adwuma no ntam no. Ebia wobɛkae sɛ woakenkan Euodia ne Sintike, a na wɔwɔ Filipi asafo no mu no ho asɛm. Ɛwom sɛ wɔankyerɛkyerɛ asɛm no mu ankɔ akyiri de, nanso Filipifo 4:2, 3 ma ɛda adi sɛ na asɛm bi wɔ wɔn ntam. So asɛm bi a wɔansusuw ho, na ɛyɛ yaw a wɔkae, obusuani bi a wosusuwii sɛ wɔabu no animtiaa, anaa ninkuntwe bi na ɛkɔfa bae? Sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛɛ asɛnkɛse araa ma Paulo tee ho asɛm wɔ Roma nohoa. Ɛbɛyɛ sɛ na honhom fam anuanom mmea baanu yi ne wɔn ho wɔn ho nkasa, ma enti na obiara mmɛn ne yɔnko wɔ nhyiam ase anaasɛ na wodi wɔn ho wɔn ho nseku kyerɛ nnamfo a aka no.

13. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Euodia ne Sintike, na asuade bɛn na yenya fi mu?

13 So biribi a ɛte saa ne nea asi wɔ ebinom ntam wɔ w’asafo mu hyia, anaasɛ ɛfa asɛm bi a na w’ankasa wo ho wom ho? Ebetumi aba sɛ asɛnnennen bi a ɛte saa mpo kakra hyehyɛ hɔ nnɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ? Wɔ asɛm a esii tete no mu no, Paulo hyɛɛ anuanom mmea baanu a wɔahyira wɔn ho so no nkuran sɛ “wonnwen ade koro Awurade mu.” Ɛbɛyɛ sɛ wogye toom sɛ wɔbɛtra ase asusuw asɛm no ho ma obiara ate ne yɔnko ase, na wɔada ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde befiri adi, na afei wɔasuasua Yehowa fafiri su no ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ Euodia ne Sintike tumi siesiee wɔn ntam, na saa ara na yɛn nso yebetumi ayɛ. Yebetumi de fafiri su a ɛte saa adi dwuma ma ayɛ yiye nnɛ.

Munsiesie Mo Ntam—Momfa Mfiri

14. Dɛn nti na mpɛn pii no, eye sɛ yebegyae yɛn ntam nsɛmnsɛm mu ma aka?

14 Dɛn na egye ankasa na sɛ wo ne Kristoni foforo nya asɛm a woatumi de afiri no? Nokwarem no, yenni ɔkwantiaa biara, nanso Bible no ma yɛn nhwɛso horow a mfaso wɔ so, ne afotu a ebetumi aboa. Nea wɔkamfo kyerɛ titiriw—ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegye atom de adi dwuma de—ne sɛ wobɛma wo werɛ afi asɛm no na woagyae mu ama aka. Mpɛn pii no, sɛ asɛm bi te sɛ nea esii wɔ Euodia ne Sintike ntam no si a, obiara susuw sɛ mfomso no fi ɔfoforo no. Enti wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛrenyɛ nwonwa sɛ wubesusuw sɛ Kristoni foforo no na mfomso no fi no anaasɛ wadi mfomso kɛse. Ne nyinaa mu no, so wubetumi de afiri agyae nsɛm mu ma aka? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛte sɛ nea Kristoni foforo no na mfomso no nyinaa fi no mpo a, wo na ɛsɛ sɛ wudi kan de firi na wugyae asɛm no mu ma ɛka, na ɛto twa.

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Mika kaa Yehowa ho asɛm? (b) ‘Twa a Onyankopɔn twa mmarato ho’ no kyerɛ dɛn?

15 Mommma yɛn werɛ mmfi sɛ Onyankopɔn ne yɛn nhwɛsofo wɔ fafiri mu. (Efesofo 4:32–5:1) Ɛdefa sɛnea Ɔma mfomso twam ho no, odiyifo Mika kyerɛwee sɛ: “Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ firi na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ.”—Mika 7:18.

16 Bere a Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ‘otwa mmarato ho’ no, ɛnkyerɛ sɛ ontumi nkae mfomso no, te sɛ obi a ne werɛ taa fi ade. Susuw Samson ne Dawid a wɔyɛɛ bɔne a anibere wom no ho hwɛ. Onyankopɔn tumi kae bɔne ahorow a ɛtete saa bere tenten bi akyi; na yenim wɔn bɔne no bi mpo esiane sɛ Yehowa ma wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nti. Ne nyinaa akyi no, yɛn Nyankopɔn a ɔde firi no huu nnipa baanu yi mmɔbɔ, de wɔn yɛɛ nhwɛso maa yɛn sɛ gyidi ho nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua.—Hebrifo 11:32; 12:1.

17. (a) Ɔkwan bɛn na sɛ yɛfa so a ebetumi aboa yɛn ma yɛatwa afoforo mfomso anaa mmarato ho? (b) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ saa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

17 Yiw, Yehowa tumi ‘twaa’a mmarato ho, sɛnea Dawid srɛɛ no mpɛn pii sɛ ɔnyɛ no. (2 Samuel 12:13; 24:10) So yebetumi asuasua Onyankopɔn wɔ eyi mu, na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebetwa nsɛm nketenkete ne mfomso a yɛn mfɛfo asomfo yɛ esiane sɛ wɔyɛ nnipa a wɔtɔ sin nti no ho? Fa no sɛ wote wimhyɛn a ɛde mmirika rebetu mu. Bere a wohwɛ abɔnten no, wuhu sɛ obi gyina nkyɛn a ɔretwetwe ne tɛkrɛma ayi wo ahi. Wunim sɛ ne bo afuw, na ebia wo na ne bo afuw wo. Anaasɛ ebia ɛnyɛ wo ho koraa na ɔredwen. Sɛnea ɛte biara no, bere a wimhyɛn no tu no, wofa ɔbea a afei de wayɛ ketekete wɔ w’ani so no atifi. Bɛyɛ dɔnhwerew biako ntam no, wutwa akwansin ɔhaha pii du akyirikyiri, na wonkae ahi a oyii wo no koraa. Saa ara na mpɛn pii no, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yehowa na yɛafi nyansam atwa mfomso ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde afiri. (Mmebusɛm 19:11) So ebedu mfe du sɛ nnɛ, anaasɛ mfe ahanu wɔ Mfirihyia apem no mu no, na saa animtiabu ketewaa no so nkatae? Dɛn nti na wuntwa ho nkɔ?

18. Sɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegyae asɛm bi mu a, afotu bɛn na yebetumi de ayɛ adwuma?

18 Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a ebia wobɛbɔ asɛm bi ho mpae na woabɔ mmɔden sɛ wode befiri, nanso wuhu sɛ wuntumi nnyae mu. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ? Yesu hyɛe sɛ yɛnkɔ nea yɛne no anya asɛm no nkyɛn na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛne no besiesie asɛm no wɔ kokoam ma asomdwoe aba. “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.”—Mateo 5:23, 24.

19. Bere a yɛpɛ sɛ yesiesie yɛne yɛn nua ntam no, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

19 Nea ɛho hia no, Yesu anka sɛ kɔ wo nua nkyɛn kɔma onhu sɛ w’asɛm yɛ dɛ, na ɔno na wadi mfomso. Ebetumi aba sɛ ɛyɛ ɔno na wadi mfomso. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ mfomso no bi fi mo baanu nyinaa. Sɛnea ɛte biara no, ɛnyɛ botae no ne sɛ wobɛma nea wo ne no wɔ asɛm no agye ne mfomso atom, na sɛnea yɛbɛka no no, ɔde amemenemfe agye atom. Sɛ ɔkwan a ɛte saa so na wofa ka asɛm no a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenyɛ yiye. Saa ara nso na ɛho renhia sɛ mobɛsan ati asɛm a mususuw sɛ ɛbae no nyinaa mu bio. Sɛ mufi odwo mu de Kristofo dɔ susuw asɛm no ho na sɛ ɛbɛda adi sɛ asɛm bi hyɛ hɔ a, mo baanu nyinaa betumi abɔ mmɔden asiesie saa asɛm no. Sɛ mpo mususuw asɛm no ho na sɛ ntease anyɛ adwuma a, so bere nyinaa na ehia sɛ obiara te ne ho ase koraa? Anyɛ yiye koraa no, so ɛrenyɛ papa sɛ mo baanu nyinaa begye atom sɛ mufi komam pɛ sɛ mosom yɛn Nyankopɔn a ɔde firi no? Sɛ muhu saa nokwasɛm no a, ebia ɛrenyɛ den mma mo mu biara sɛ obefi komam aka sɛ, “Ɛyɛ me yaw sɛ yɛn sintɔ nti, asɛm yi baa yɛn ntam. Mesrɛ wo, ma yennyae mma ɛnka.”

20. Dɛn na yebetumi asua afi asomafo no nhwɛso no mu?

20 Kae sɛ na asomafo no nso adwene nhyia esiane sɛ na wɔn mu binom pɛ dibea akɛse nti. (Marko 10:35-39; Luka 9:46; 22:24-26) Ɛno de huhuhuhu, ne ebia abufuw kɛse baa wɔn mu. Nanso wotumi buu wɔn ani guu nsɛmnsɛm yi so kɔɔ so boom yɛɛ adwuma. Akyiri yi wɔn mu biako kyerɛwee sɛ: “Na nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, onyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm. Onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.”—1 Petro 3:10, 11.

21. Fafiri ho afotu a edi mũ bɛn na Yesu de mae?

21 Yɛadi kan ahu adeyɛ yi fã a edi kan: Sɛ Onyankopɔn de bɔne pii a yɛayɛ bere bi a atwam no firi yɛn, enti ɛsɛ sɛ yesuasua no na yɛde firi yɛn nuanom. (Dwom 103:12; Yesaia 43:25) Nanso adeyɛ yi fã foforo wɔ hɔ. Bere a Yesu de mpaebɔ nhwɛso no mae akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso.” Bɛboro afe akyi no, ɔsan tii ɛso mfaso no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.” (Mateo 6:12, 14; Luka 11:4) Afei aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa mfiri no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso afiri mo.”—Marko 11:25.

22, 23. Ɔkwan bɛn so na yɛn pɛ mu a yebefi de afiri no betumi aka yɛn daakye?

22 Yiw, sɛ yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn nkyɛn fafiri a, ɔfã kɛse no ara gyina yɛn pɛ mu a yebefi de yɛn nuanom mfomso afiri wɔn no so. Sɛ asɛm bi sɔre wɔ Kristofo ntam a, bisa wo ho sɛ, ‘So Onyankopɔn nkyɛn fafiri a menya no ho nhia nsen sɛ mɛma me nua ahu sɛ wadi mfomso wɔ asɛm ketewa bi ho, anaasɛ nnipa sintɔ ada adi wɔ ne ho?’ Wunim mmuae no.

23 Na sɛ asɛm no nyɛ asɛnketewa bi anaa mfomso bi kɛkɛ na mmom ɛyɛ aniberesɛm nso ɛ? Na bere bɛn na wotumi de Yesu afotu a wɔakyerɛw wɔ Mateo 18:15-18 no di dwuma? Momma yensusuw eyinom ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɔbenfo bi ka sɛ, woyii Hebri kasakoa a wɔde dii dwuma wɔ Mika 7:18 no “fii sɛnea ɔkwantuni yɛ n’ade bere a ɔbɔ biribi tra a ɔnhaw ne ho sɛ ɔbɛhwɛ dekode no mu. Ɛnyɛ adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ, Onyankopɔn nhu bɔne, anaasɛ obu no sɛ biribi a esua anaa ɛho nhia, na mmom ommu ho akontaa sɛnea ɛbɛyɛ a obegyina so de atwe aso; ne sɛ ɛnyɛ asotwe na ɔpɛ na mmom, fafiri.”—Atemmufo 3:26; 1 Samuel 16:8.

So Wokae?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde bɔne firi no ho nhwɛso kyerɛ yɛn?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no mu no ho?

◻ Mpɛn pii no, dɛn na ɛsɛ sɛ yetumi yɛ wɔ nsɛm ne mfomso nketenkete ho?

◻ Sɛ ɛho behia a, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛasiesie yɛne yɛn nua ntam?

[Kratafa 15 mfonini]

Sɛ wo ne Kristoni bi nya asɛm a, bɔ mmɔden sɛ wubegyae mu ma aka; bere kɔ so no, asɛm no de nkakrankakra bɛyera

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena