-
Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka SoƆwɛn-Aban—1990 | October 1
-
-
17. Ɔkwan a eye sen “aniwa nsi aniwa ananmu na ɛse nsi ɛse ananmu” bɛn na Yesu kyerɛe?
17 Yesu kae bio sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu. Na me de, mise mo sɛ, mo ne ɔbɔne no nni asi, na nea ɔpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no.” (Mateo 5:38-42) Ɛha no, na Yesu nnka akuturuku a wɔde pira obi ho asɛm na mmom aniso a wɔde nsa akyi pae de yeyaw obi. Nngu w’anim ase denam obi a wone no bɛyaw so. Pow sɛ wode bɔne betua bɔne so ka. Mmom no, fa papa tua ka, na saayɛ mu no “fa papa di bɔne so nim!”—Romafo 12:17-21.
-
-
Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka SoƆwɛn-Aban—1990 | October 1
-
-
20. Sɛ anka Yesu de Mose Mmara no bɛto nkyɛn mmom no, ɔkwan bɛn so na ɔmaa tumi a ɛwom no mu trɛwee na emu dɔe na ɔma ɛyɛɛ nea ɛkorɔn mpo?
20 Enti bere a Yesu kaa Mmara no afã bi ho asɛm na ɔde kaa ho sɛ, “na me de, mise mo sɛ,” no, na ɛnyɛ nea ɔde Mose Mmara no reto nkyɛn na ɔde biribi foforo abesi ananmu. Dabi, na ɔrema tumi a ɛwom no mu adɔ na emu atrɛw denam honhom a ɛwɔ akyi a ɔkyerɛe no so. Onuadɔ ho mmara a ɛkorɔn bu atɛn sɛ obi ho adwemmɔne a wɔma ɛkɔ so no yɛ awudi. Kronnyɛ ho mmara a ɛkorɔn no bu akɔnnɔ bɔne nsusuwii a wɔma ɛkɔ so no sɛ awaresɛe. Aware ho mmara a ɛkorɔn no pow awaregyae basabasa sɛ adeyɛ a ɛde san a wɔsan ware awaresɛe kwan so no ba. Nokware ho mmara a ɛkorɔn kyerɛ sɛ ntam a wotĩ mu keka ho nhia. Odwo ho mmara a ɛkorɔn mma wɔnnyɛ bi ntua ka. Ɔdɔ ho mmara a ɛkorɔn hwehwɛ sɛ wonya Onyankopɔn dɔ a enni anohyeto.
-