Ɔtan Ba Awiei Wɔ Wiase Nyinaa
BƐYƐ mfe mpem abien a atwam ni no, na nnipakuw ketewa bi na wɔtan wɔn. Tertullian kyerɛkyerɛ su a na Romafo kura wɔ tete Kristofo no ho mu sɛ: “Sɛ ɔpɛ si, sɛ asasewosow bi si, sɛ ɔkɔm anaa yare bi ba a, asɛm a wɔka ntɛm ara ne sɛ, ‘Momfa Kristofo no nkɔma agyata no!’”
Ɛmfa ho sɛ na wɔtan tete Kristofo no, wɔko tiaa sɔhwɛ a na ɛbɛma wɔadi atɛnkyea ho werɛ. Wɔ Yesu Kristo Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, ɔkae sɛ: ‘Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo. Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.’—Mateo 5:43, 44.
Ná ɛyɛ Yudafo atetesɛm a wɔde ano ka no na ɛkyerɛ sɛ ‘obi tamfo a ɔbɛtan no no’ yɛ adepa. Nanso, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn tamfo, na ɛnyɛ yɛn yɔnko nko. Eyi yɛ den nanso yebetumi ayɛ. Ɔtamfo a wobɛdɔ no no nkyerɛ sɛ wobɛpɛ n’akwan anaa ne nneyɛe nyinaa. Wonyaa Hela asɛmfua a wohu wɔ Mateo asɛm no mu no fii a·gaʹpe, a ɛkyerɛ ɔdɔ a ɛyɛ ade ma ɛne ne ho hyia no mu. Onipa a ɔda a·gaʹpe, ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so, adi no yɛ ne tamfo a ɔtan no na ɔyɛ no ayayade no mpo yiye. Dɛn ntia? Efisɛ ɛno ne ɔkwan a wɔnam so suasua Kristo, na ɛno ne ɔkwan a wɔnam so di ɔtan so nim. Helani nhomanimfo bi kae sɛ: “[A·gaʹpe] boa yɛn ma yedi yɛn abufufa ne ɛyawdi a yenya fii awosu mu no so nim.” Nanso eyi betumi ayɛ yiye wɔ nnɛ wiase a ɔtan ahyɛ mu ma no mu?
Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no nyinaa na wɔhyɛ wɔn ho sɛ wobedi Kristo nhwɛso akyi. Mmusuakuw a emufo pii ka sɛ wɔyɛ Kristofo na wodii atirimɔdensɛm a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda nnansa yi no. Pilar Díez Espelosín, a na ɔyɛ Roman Katolekni ɔbea kokorani bi a ɔde mfe 20 ayɛ adwuma wɔ Rwanda no kaa asɛm bi a ɛhaw adwene a esii ho asɛm. Ɔbarima bi baa n’asɔredan mu a okura peaw a na ɛda di sɛ ɔde redi awu. Ɔbea kokorani no bisaa no sɛ: “Dɛn nti na worekɔ aporɔw rekunkum nnipa? Wunsusuw Kristo ho?” Ɔkyerɛe sɛ osusuw ne ho, na ɔtoaa so kɔɔ asɔredan no mu, obuu nkotodwe, na ɔsee Rosary no anibere so. Nanso bere a owiei no, ɔkɔtoaa ne nnipakum no so. Ɔbea kokorani no gye toom sɛ: “Ɛkyerɛ sɛ yɛnkyerɛkyerɛ asɛmpa no yiye.” Nanso, nkogudi a ɛte saa no nkyerɛ sɛ mfaso nni Yesu asɛm no so. Nokwarem no, wɔn a wɔde nokware Kristosom bɔ wɔn bra no betumi adi ɔtan so nim.
Ɔtan a Wodi So Nim Wɔ Nneduaban Mu
Max Liebster yɛ honam fam Yudani a onyaa ne ti didii mu wɔ Okunkɛse no mu. Ɛwom sɛ ne din no ankasa kyerɛ “nea wɔdɔ no” de, nanso wahyia ɔtan ma aboro so. Ɔka nea osua faa ɔdɔ ne ɔtan ho wɔ Nazi Germany no ho asɛm.
“Wɔtetee me wɔ baabi a ɛbɛn Mannheim, Germany, wɔ 1930 mfe no mu. Hitler kyerɛe sɛ Yudafo no nyinaa yɛ adefo a wɔpɛ mfaso a wɔresisi Germanfo no. Nanso nokwasɛm no ne sɛ na me papa yɛ obi a ɔba fam a mpaboa na na ɔpam. Nanso, esiane nkɛntɛnso a Nazi nsɛm a ɛsɛe adwene no nyae wɔ n’afipamfo so nti, wofii ase tan yɛn. Bere a na meyɛ abarimaa no, okuraaseni bi hyɛɛ me de prako mogya sraa me moma so. Ná saa ahohorabɔ a ɛda adi pefee yi yɛ nea ebesi no ho nhwɛso kakraa bi pɛ. Wɔ 1939 mu no, Gestapofo kyeree me na wogyee me nneɛma nyinaa.
“Efi January 1940 kosi May 1945 mu no, na m’asetra yɛ owu ne nkwa asɛm wɔ nneduaban anum mu: Sachsenhausen, Neuengamme, Auschwitz, Buna, ne Buchenwald. Me papa a wɔde ɔno nso kɔɔ Sachsenhausen no wui wɔ 1940 awɔ bere a na ano yɛ den no mu. M’ankasa na mede ne funu kɔɔ beae a wɔhyew afunu, a na afunu pii wɔ hɔ a wɔrebɛhyew no. Wɔ ne nyinaa mu no, m’abusuafo mu nnipa baawɔtwe na wowui wɔ nneduaban ahorow no mu.
“Wɔ nneduafo no mu no, na wɔtan kapos no sen SS awɛmfo no mpo. Ná kapos no yɛ nneduafo a wɔne SS awɛmfo no yɛɛ biako, ma enti wonyaa hokwan ahorow bi. Wɔma wɔhwɛɛ aduanma so, na na wɔma wɔhwe nneduafo foforo pasaa. Wɔtaa dii bɔne ma ɛboroo so na wɔhyɛɛ afoforo so. Ná misusuw sɛ nneɛma pii nti ɛsɛ sɛ metan SS ne kapos no, nanso wɔ m’afiasenna mu no, mihui sɛ ɔdɔ wɔ tumi sen ɔtan.
“Akokoduru a nneduafo a wɔyɛ Yehowa Adansefo daa no adi no ma migye dii sɛ wɔn gyidi gyina Kyerɛwnsɛm no so—na m’ankasa mebɛyɛɛ Ɔdansefo. Ernst Wauer, Ɔdansefo bi a mihyiaa no wɔ Neuengamme nneduaban mu no hyɛɛ me nkuran sɛ minnya Kristo adwene no bi. Bible no ka sɛ, ‘Wɔyaw no, na wanyaw bi. Ohuu amane na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.’ (1 Petro 2:23) Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saara, sɛ megyaw aweredi ama Onyankopɔn a ɔyɛ nneɛma nyinaa Temmufo no.
“Mfe a midii wɔ nneduaban mu no kyerɛɛ me sɛ nkurɔfo taa di nsɛmmɔne esiane sɛ wonnim nti. Ná ɛnyɛ SS awɛmfo no nyinaa mpo na wonye—obiako bi wɔ hɔ a ɔkoraa me nkwa so. Bere bi, me yam tuu kɛse na na mayɛ mmerɛw dodo sɛ mɛnantew afi m’adwuma mu akɔ nneduaban no mu. Ná anka ɛsɛ sɛ wɔde me kɔ mframa bɔne dan a ɛwɔ Auschwitz no mu anɔpa a edi hɔ no, nanso SS ɔwɛmfo a ofi Germany mantam a mifi mu mu no srɛ maa me. Ɔmaa me adwuma wɔ SS adidibea hɔ, beae a mitumi nyaa ahomegye bi kosii sɛ me ho tɔɔ me. Da bi, ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Max, mete nka sɛ mete keteke a etu mmirika dodo a wontumi nyɛ ho hwee mu retu kwan. Sɛ mihuruw a, mewu. Sɛ metra mu a, ɛde me bɛhwe hɔ!’
“Ná saa nnipa yi hia ɔdɔ te sɛ nea na mihia no. Nokwarem no, ɛyɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu ne gyidi a minyae wɔ Onyankopɔn mu na ɛma mitumi gyinaa tebea bɔne ne ne da biara owu ho ahunahuna no ano. Mintumi nka sɛ, minyaa me ti didii mu a hwee anyɛ me, nanso me nkate mu haw sua.”
Anigye ne ayamye a Max da so ara da no adi wɔ mfe 50 akyi no yɛ nokware a ne nsɛm no yɛ ho adanse a ɛka koma. Max asɛm no nyɛ nea ebi nsii da. Ná ɔwɔ ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ odi ɔtan so—na ɔpɛ sɛ osuasua Kristo. Afoforo a wɔde Kyerɛwnsɛm no abɔ wɔn bra no ayɛ wɔn ade saa ara. Simone, Yehowa Adansefo no mu biako a ofi France no kyerɛkyerɛ sɛnea osuaa nea ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim kyerɛ ankasa mu.
“Me maame, Emma, a ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo bere tiaa bi ansa na wɔreko wiase ko a ɛto so abien no, kyerɛɛ me sɛ nkurɔfo taa yɛ nneɛma bɔne esiane sɛ wonnim biribi pa biara nti. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ yɛtan wɔn sɛnea wɔtan yɛn no a, na yɛnyɛ nokware Kristofo, efisɛ Yesu kae sɛ yɛnnɔ yɛn atamfo na yɛmmɔ mpae mma wɔn a wɔtaa yɛn no.—Mateo 5:44.
“Mekae tebea a emu yɛ den bi a ɛsɔɔ saa gyidi yi hwɛe. Bere a Nasifo faa France no, Maame huu amane kɛse wɔ ofipamfo bi nsam. Ɔkɔbɔɔ Maame sobo kyerɛɛ Gestapofo no, na enti me maame dii mfe abien wɔ German nneduaban mu, baabi a anka ɔreyɛ awu. Wɔ ɔko no akyi no, Fransefo polisifo pɛe sɛ Maame de ne nsa hyɛ krataa bi a ɛkyerɛ sɛ ɔbea yi boaa Germanfo wɔ ɔko no mu ase. Nanso, me maame ampene, na ɔkae sɛ, ‘Onyankopɔn ne papa ne bɔne ho Temmufo ne Katuafo.’ Mfe kakraa bi akyi no, akisikuru bi a enni sabea yɛɛ saa ofipamfo koro yi ara. Sɛ́ anka me maame ani begye wɔ ɔbea no amanehunu ho no, ɔde nnɔnhwerew pii traa ne ho de maa n’asetram asram a etwa to no yɛɛ nea ahotɔ wom sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Me werɛ remfi nkonim a ɔdɔ dii wɔ ɔtan so yi da.”
Saa nhwɛso abien yi kyerɛkyerɛ tumi a ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so wɔ wɔ atɛnkyea mu no mu. Nanso, Bible no ankasa ka sɛ “ɔdɔ wɔ ne bere, na ɔtan wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 8) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa?
Ɔtan Bere
Onyankopɔn nkasa ntia ɔtan ahorow nyinaa. Ɛdefa Yesu Kristo ho no, Bible no ka sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.” (Hebrifo 1:9) Nanso nsonsonoe da bɔne a wobɛtan ne onipa a ɔyɛ bɔne no a wobɛtan no no ntam.
Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛkari pɛ wɔ ɔdɔ ne ɔtan mu. Ná okyi nyaatwom, nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa nyaatwomfo ma wɔasakra ɔkwan a wɔfa so susuw nsɛm ho no. (Mateo 23:27, 28; Luka 7:36-50) Ɔkasa tiaa basabasayɛ, nanso ɔbɔɔ mpae maa wɔn a wokum no no. (Mateo 26:52; Luka 23:34) Na ɛwom sɛ wiase tan no kwa de, nanso ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wiase no nkwa. (Yohane 6:33, 51; 15:18, 25) Ogyaw yɛn ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so ne bɔne a wɔtan ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ.
Ebia amumɔyɛ bɛkanyan abufuw bi a ɛfata wɔ yɛn mu, te sɛ nea ɛyɛe wɔ Yesu mu no. (Luka 19:45, 46) Nanso, wɔmma Kristofo tumi sɛ wonni were. Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ Roma no fo sɛ: ‘Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Munnnidi mo ho were. Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim.’ (Romafo 12:17-21) Sɛ yɛn ankasa amfa obi ho tan anhyɛ yɛn mu anaa yɛamfa bɔne antua bɔne bi so ka a, ɔdɔ di nkonim.
Wiase a Ɔtan Nnim
Sɛ ɔtan befi wiase nyinaa a, ɛsɛ sɛ nnipa ɔpepem pii sakra wɔn suban bɔne a agye ntini no. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ɔbenfo Ervin Staub kamfo nea edi so yi kyerɛ: “Yɛbrɛ wɔn a yɛhaw wɔn no ase na yebu wɔn a yɛboa wɔn no. Bere a yebu nnipa a yɛboa wɔn no kɛse na yehu abotɔyam a yenya wɔ mmoa no mu no, yɛn nso yebehu yɛn ho sɛ yedwen afoforo ho na yɛboa wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛn botae ahorow no mu biako yɛ nya a yebenya ahyehyɛde a ebetumi ama yɛaboa afoforo kɛse.”—The Roots of Evil.
Wɔ ɔkwan foforo so no, ɔtan a yebetu ase no hwehwɛ sɛ yebenya wiase bi a nnipa sua sɛnea wɔbɛdɔ afoforo denam wɔn ho wɔn ho a wɔbɛboa so, ahyehyɛde bi a nnipa werɛ fi ɔtan ahorow a afoforo ho adwene a ɛnteɛ, ɔmampɛ, honam ani hwɛbea ne abusua nyiyim de ba no nyinaa. Ahyehyɛde a ɛte saa wɔ hɔ? Susuw ɔbarima bi a n’ankasa hyiaa ɔtan wɔ Amammerɛ Anidane bere mu wɔ China no suahu ho.
“Bere a Amammerɛ Anidane no fii ase no, wɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yetie obiara wɔ ‘amanyɔkuw akodi’ no mu. Ná ɔtan ne su a ɛwɔ hɔ. Mebɛyɛɛ Red Guard no muni na mifii ase hwehwɛɛ baabiara sɛ ebia menya ‘kuw no atamfo’—wɔ m’abusua mu mpo. Ɛwom sɛ saa bere no na meyɛ abarimaa de, nanso minyaa afie mu a na wɔhwehwɛ sɛ ebia yebenya ‘atamfo’ ho adanse no mu kyɛfa. Mesan dii ɔmanfo nhyiam bi a ɛkasa tiaa ‘nnipa a wɔsɔre tia anidane’ no anim. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, na saa sobo ahorow yi gyina ɔtan a wɔwɔ ma nnipa bi so sen amammuisɛm.
“Mihuu nnipa pii—mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea—a wɔhwee wɔn de twee wɔn aso atirimɔden so. Wɔde me sukuu mu akyerɛkyerɛfo no mu biako—onipa pa—kyinkyin kyerɛe wɔ mmɔnten so te sɛ nea ɔyɛ ɔsɛmmɔnedifo bi. Asram abien akyi no, mihuu me sukuu mu kyerɛkyerɛfo bi a na wobu no yiye sɛ wawu da Suzhou Asubɔnten mu, na wɔhyɛɛ me Engiresi kyerɛkyerɛfo ma odii ne ho dɔm. Me bo tui na me ho dwiriw me. Ná eyinom yɛ nnipa pa. Ná ɛyɛ bɔne sɛ wɔbɛyɛ wɔn saa! Enti me ne Red Guardfo no twaa abusuabɔ nyinaa mu.
“Minnye nni sɛ na saa ɔtan a ɛbaa China bere tiaa yi nkutoo ne asɛm a ɛte saa a asi. Ɔtan a egu ahorow pii ada adi wɔ saa afeha yi mu. Nanso, migye di sɛ ɔdɔ betumi adi ɔtan so nim. Ɛyɛ biribi a m’ankasa mahu. Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo nyaa fekubɔ no, nokware dɔ a wɔda no adi kyerɛ nnipa a ɛsono wɔn mmusua ne wɔn asetra mu nsɛm no maa m’ani gyei. Merehwɛ bere a, sɛnea Bible hyɛ bɔ no, obiara besua sɛ ɔbɛdɔ ne yɔnko no kwan.”
Yiw, Yehowa Adansefo amanaman ntam ahyehyɛde no yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ wobetumi atu ɔtan ase. Sɛnea wɔn tebea te biara no, Adansefo no rebɔ mmɔden sɛ wɔde obu besi afoforo ho adwene a ɛnteɛ ananmu na wɔayi ɔhaw biara a abusua mu nyiyim, honam ani hwɛbea anaa ɔmampɛ de aba no afi hɔ. Ade biako a ama wɔadi nkonim ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesuasua Yesu Kristo wɔ ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so a woyi adi no mu no. Ade foforo ne sɛ wɔhwɛ Onyankopɔn Ahenni no kwan sɛ ɛde atɛnkyea biara a ebia wohyia no bɛba awiei.
Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi de wiase a ɔtan nnim aba, wiase a wɔrennya bɔne a wɔbɛtan mpo. Ɔsoro nniso yi a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “ɔsoro foforo” no de wiase a atɛnkyea nnim bɛba. Ebedi “asase foforo,” anaa nnipa abusua afoforo a wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho so tumi. (2 Petro 3:13; Yesaia 54:13) Wɔde nkyerɛkyerɛ yi rema dedaw, sɛnea Max, Simone, ne afoforo pii suahu di ho adanse no. Ɛyɛ wiase nyinaa adwuma a ebeyi ɔtan ne nneɛma a ɛde ɔtan ba afi hɔ no ho mfonini.
Yehowa nam ne diyifo Yesaia so ka nea ebefi mu aba no ho asɛm sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Saa bere no na Onyankopɔn ankasa ayi ɔtan afi hɔ. Nokwarem no, ɛbɛyɛ ɔdɔ bere.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Nasifo no kyerɛw afiase nɔma bi guu Max Liebster nsa benkum ho
[Kratafa 8 mfonini]
Ɛnkyɛ, ɔtan bɛyɛ ade a atwam