Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Ne Onyankopɔn Trenee
    Ɔwɛn-Aban—1990 | October 1
    • 1, 2. Kyerɛwfo ne Farisifo no dan nnwuma a eye ma ɛbɛyɛɛ dɛn, na kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’akyidifo?

      KYERƐWFO ne Farisifo no hwehwɛɛ trenee wɔ wɔn ankasa kwan, a na ɛnyɛ Onyankopɔn kwan so. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom sɛ wɔyɛ ade a eye a, wɔdan no ma ɛyɛ nyaatwom nneyɛe a nnipa behu. Ɛnyɛ Onyankopɔn na na wɔresom no, na mmom wɔn ankasa ahuhude. Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ wɔ agorudi a ɛte saa no ho: “Monhwɛ yiye ma moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wonhu mu; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.”​—Mateo 6:1.

  • Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Ne Onyankopɔn Trenee
    Ɔwɛn-Aban—1990 | October 1
    • 3. (a) Ɔkwan bɛn so na kyerɛwfo no ne Farisifo no nya wɔn akatua wɔ nea wɔde mae no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na na Yesu gyinabea wɔ ɔma ho no yɛ soronko?

      3 Ná Hela asɛmfua ma “wɔanya . . dedaw” (a·peʹkho) no yɛ asɛm a na ɛtaa pue wɔ adwuma mu sika tua so nhoma so. Dwuma a wɔde dii wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu (Mateo 6:2, 5, 16) no da no adi sɛ “wɔanya wɔn akatua dedaw,” kyerɛ sɛ, “wɔde wɔn nsa ahyɛ wɔn akatua so nhoma ase: wɔahu hokwan a wɔwɔ sɛ wogye wɔn akatua no, a ɛte sɛ nea wode ɛso nhoma ama dedaw.” (An Expository Dictionary of New Testament Words, a W. E. Vine yɛe) Ná wɔhyɛ adɔe a wɔbɛyɛ ahiafo no ho bɔ baguam wɔ “mmorɔn so. Ná wɔbɔ wɔn a wɔma bi no din wɔ hyia adan mu. Ná wɔhyɛ wɔn a wɔma sika akɛse no anuonyam titiriw denam rabifo no a wɔma wɔtra wɔn nkyɛn ɔsom mu no so. Wɔmaa ade sɛnea nnipa behu wɔn; nnipa huu wɔn na wɔhyɛɛ wɔn anuonyam; enti na wobetumi atim wɔn akatua a efi ma a wɔma no mu ba no so nhoma no so sɛ “Wɔatua ne Nyinaa.” Hwɛ sɛnea na ɛno yɛ soronko wɔ Yesu gyinapɛn no ho: Yɛ adɔe “kokoam; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.”​—Mateo 6:3, 4; Mmebusɛm 19:17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena