Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mpaebɔ—Nsɛm A Wotĩ Mu Ka Anaasɛ Efi Nkate Mu?
    Nyan!—1992 | August 8
    • Dɛn Na Kristo Yesu Kae?

      “Na sɛ mobɔ mpae a, monnka asɛm koro mpɛn pii sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn.”a(Mateo 6:7) Nkyerɛase ahorow ka no ɔkwan yi so sɛ: “Mo mpaebɔ mu no, monnkasa basabasa te sɛ abosonsomfo.” (The New English Bible) “Wɔ mo mpaebɔ mu no monnnkansɛm huhuw te sɛ Amanaman mufo.” (Revised Standard Version).

      Nnipa pii di mfomso susuw sɛ kasa mmoroso kyerɛ nyamesuro, anotew kyerɛ ahofama, ntĩm ne kasa tenten kyerɛ sɛ wobenya mmuae. Nanso, ɛnyɛ mpaebɔ tenten na ɛma ɛsom bo wɔ Onyankopɔn anim. Ɛda adi sɛ na Yesu mpɛ sɛ n’akyidifo fa ɔkwan katee bi so bɔ mpae anaasɛ wotĩ wɔn mpaebɔ mu ka. Enti, mfaso a ɛtra hɔ daa bɛn na ɛwɔ rosary, mpaebɔ nhoma, anaasɛ nkyimii a mpaebɔ wom no so?

      Bere a Yesu aka nea ɛwɔ atifi hɔ akyi no, ɔmaa n’asuafo no mpaebɔ nhwɛso—Awurade Mpaebɔ a wonim no yiye no. (Mateo 6: 9-13) Nanso so na ɔpɛ sɛ wɔkɔ so ka saa nsɛm no bi pɛpɛɛpɛ? Dabi. Nokwarem no, bere a Yesu mpo san kaa bio ɛno akyi afe no, wanka emu nsɛm no pɛpɛɛpɛ (Luka 11:2-4) So kyerɛwtohɔ bi wɔ hɔ sɛ tete Kristofo no yɛɛ saa anaasɛ wotĩĩ mpaebɔ afoforo a wɔahyɛ da asua bi mu kae? Ɛha nso dabi.

  • Mpaebɔ—Nsɛm A Wotĩ Mu Ka Anaasɛ Efi Nkate Mu?
    Nyan!—1992 | August 8
    • a Wɔde asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ka asɛm koro mpɛn pii” (bat·ta·lo·geʹo) no di dwuma pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu na ɛkyerɛ “‘sɛ wɔbɛkasa basabasa’ a adwene no ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ama wɔabua wɔn mpaebɔ denam nsɛm a wotĩ mu ka so.—Theologlcal Dictionary of the New Testament.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena