Ma Nsa A Ɛho Tew So Wɔ Mpaebɔ Mu
“Mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.”—1 TIMOTEO 2:8.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na 1 Timoteo 2:8 fa mpae a Yehowa nkurɔfo bɔ ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho mprempren?
YEHOWA hwehwɛ sɛ ne nkurɔfo di ɔno ne wɔn ho wɔn ho nokware. Ɔsomafo Paulo de ahotew bataa mpaebɔ ho bere a ɔkyerɛw eyi no: “Mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.” (1 Timoteo 2:8) Ɛda adi sɛ, na Paulo reka baguam mpaebɔ a wɔbɔ ‘wɔ baabiara’ a Kristofo hyiam no ho asɛm. Ná henanom na ɛsɛ sɛ wogyina Onyankopɔn nkurɔfo ananmu wɔ mpaebɔ mu wɔ asafo nhyiam ahorow ase? Mmarima a wɔn ho tew, wɔteɛ, na wɔfɛre ade, na wɔde ahwɛyiye di Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim nyinaa ho dwuma nkutoo. (Ɔsɛnkafo 12:13, 14) Ná ɛsɛ sɛ wɔn ho tew honhom ne abrabɔ fam, a akyinnye biara nni ho sɛ wɔde wɔn ho ama Yehowa Nyankopɔn koraa.
2 Asafo mu mpanyimfo titiriw na ɛsɛ sɛ ‘wɔma nsa a ɛho tew so wɔ mpaebɔ mu.’ Mpae a efi komam a wɔnam Yesu Kristo so bɔ no da no adi sɛ wodi Onyankopɔn nokware, na ɛboa wɔn ma wɔkwati akyinnyegye ne abufufa. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara a obenya hokwan agyina Kristofo asafo no ananmu abɔ mpae wɔ baguam no yɛ obi a ɔpɛ abufuw, ɔyɛ nitan, na onni Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware. (Yakobo 1:19, 20) Bible mu akwankyerɛ bɛn bio na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wonya hokwan gyina afoforo ananmu wɔ baguam mpaebɔ mu no? Na Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn kokoam ne abusua mpaebɔ mu?
Di Kan Susuw Mpaebɔ no Ho
3, 4. (a) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yebedi kan asusuw baguam mpaebɔ ho? (b) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ mpaebɔ bi tenten yɛ ho?
3 Sɛ wɔfrɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae wɔ baguam a, ɛda adi sɛ anyɛ yiye koraa no, yebedi kan asusuw yɛn mpaebɔ no ho kakra. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛatumi aka nsɛntitiriw a ɛfata, a yɛremmɔ mpae tenten nkeka nsɛm a ɛho nhia. Nokwarem no, yebetumi aka nsɛm a ɛho hia na ɛfata wɔ yɛn kokoam mpaebɔ mu nso. Yebetumi abɔ no tenten anaa tiatiaa. Yesu de anadwo bi nyinaa bɔɔ mpae ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no. Nanso, bere a ɔde ne wu ho Nkaedi no sii hɔ no, na ɛda adi sɛ mpae a ɔbɔ guu abodoo ne bobesa no so no yɛ tiaa koraa. (Marko 14:22-24; Luka 6:12-16) Na yenim sɛ Onyankopɔn tiee Yesu mpaebɔ a na ɛyɛ tiaa no koraa mpo.
4 Fa no sɛ yɛanya hokwan regyina abusua bi ananmu abɔ mpae bere a yɛrebedidi no. Mpaebɔ a ɛte saa no betumi ayɛ tiawa—nanso ɛsɛ sɛ aduan no ho aseda ba nsɛm a yɛbɛka no mu ɔkwan biara so. Sɛ yɛrebɔ mpae wɔ baguam bere a yɛrebefi Kristofo nhyiam bi ase anaa bere a yɛapɔn a, ɛho nhia sɛ yɛbɔ mpae tenten ka nsɛm pii. Yesu kasa tiaa kyerɛwfo a ‘na wɔbɔ mpae atenten kyerɛ’ no. (Luka 20:46, 47) Ɔtreneeni renyɛ saa da. Nanso ɛtɔ mmere bi a, baguam mpaebɔ a ɛware kakra betumi ayɛ nea ɛfata. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin a wɔpaw no sɛ ɔmmɔ mpae a etwa to wɔ nhyiam kɛse bi ase no di kan susuw ho, na ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔka nneɛma pii ho asɛm. Nanso, ɛnsɛ sɛ saa mpaebɔ no mpo yɛ tenten boro so.
Fa Obu Kɔ Onyankopɔn Anim
5. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu bere a yɛrebɔ mpae wɔ baguam no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ nidi ne obu mu?
5 Sɛ yɛrebɔ mpae wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ nnipa na yɛrekasa akyerɛ wɔn. Mmom no, yɛyɛ nnebɔneyɛfo a yɛde yɛn adesrɛ reto Amansan Hene Yehowa anim. (Dwom 8:3-5, 9; 73:28) Enti ɛsɛ sɛ yenya osuro pa sɛ yɛrenyɛ nea ɛnsɔ n’ani denam nea yɛka ne sɛnea yɛka no so. (Mmebusɛm 1:7) Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Me de, menam wo dom bebree so mɛba wo fi mabɛkotow masɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron, wo suro mu.” (Dwom 5:7) Sɛ yɛwɔ saa su no a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛka yɛn nsɛm bere a wɔfrɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae wɔ baguam wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase no? Wiɛ, sɛ yɛne ɔhene bi na ɛrekasa a, yɛbɛyɛ saa wɔ obu ne nidi mu. So ɛnsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nea nidi ne obu a ɛsen saa wom esiane sɛ Yehowa, ‘daa Hene,’ no na yɛrebɔ no mpae nti? (Adiyisɛm 15:3) Enti sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛkwati nsɛm te sɛ, “Yehowa, Maakye,” “Yɛde yɛn dɔ nkyia ma wo,” anaasɛ, “Nantew yiye.” Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, ankasa ankyerɛ ne soro Agya no wɔ saa kwan no so da.
6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere a ‘yɛkɔ ɔdom ahengua no anim no’?
6 Paulo kae sɛ: “Momma . . . yɛmfa ɔkasa mu ahofadi mmra ɔdom ahengua no anim.” (Hebrifo 4:16, NW) Yebetumi de “ɔkasa mu ahofadi” akɔ Yehowa nkyɛn ɛmfa ho yɛn nnebɔne esiane Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yɛwɔ nti. (Asomafo no Nnwuma 10:42, 43; 20:20, 21) Nanso, “ɔkasa mu ahofadi” a ɛte saa no nkyerɛ sɛ yɛne Nyankopɔn rebɔ nkɔmmɔ sɛ yɛn tipɛn bi; na saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛka nneɛma a ɛnkyerɛ obu kyerɛ no. Sɛ Yehowa ani bɛsɔ yɛn baguam mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔ obu ne nidi a ɛfata mu, na ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ yɛnam so de nkaebɔ bɛma, atu ankorankoro fo, anaasɛ yɛaka atiefo anim.
Bɔ Mpae Wɔ Odwo Honhom Mu
7. Ɔkwan bɛn so na Salomo daa odwo adi wɔ ne mpaebɔ mu bere a na ɔrehyira Yehowa asɔrefie no so no?
7 Sɛ́ yɛrebɔ mpae wɔ baguam anaa kokoam no, Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm titiriw a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛda odwo adi wɔ yɛn mpaebɔ mu. (2 Beresosɛm 7:13, 14) Ɔhene Salomo daa odwo adi wɔ ne baguam mpaebɔ mu bere a na ɔrehyira Yehowa asɔrefie no so wɔ Yerusalem no. Ná afei na Salomo awie adan a na ɛyɛ fɛ sen biara a wɔasi wɔ asase so pɛn no mu biako. Nanso, ɔbɔɔ mpae odwo mu sɛ: “So ampa sɛ Onyankopɔn bɛtra asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi!”—1 Ahene 8:27.
8. Akwan a wɔfa so da odwo adi wɔ baguam mpaebɔ mu no bi ne dɛn?
8 Te sɛ Salomo no, ɛsɛ sɛ yɛda odwo adi bere a yɛregyina afoforo ananmu abɔ mpae wɔ baguam no. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛda nyaatwom adeyɛ bi adi de, nanso yebetumi ada odwo adi denam ɛnne a yɛde kasa so. Mpaebɔ a efi odwo mu no nyɛ nea ahomaso anaa nyaatwom wom. Ɛntwe adwene nsi nea ɔrebɔ mpae no so, na mmom Nea wɔrebɔ no mpae no. (Mateo 6:5) Odwo nso da adi wɔ nea yɛka wɔ mpaebɔ mu no mu. Sɛ yɛbɔ mpae wɔ odwo mu a, yɛrenka nsɛm sɛnea yɛrehyɛ Onyankopɔn ma wayɛ biribi wɔ ɔkwan a yɛpɛ so. Mmom no, yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛne n’apɛde kronkron hyia so. Odwontofo no yɛɛ su a ɛfata yi ho nhwɛso bere a ɔsrɛe eyi no: “Aa, Yehowa, yɛsrɛ wo, gye nkwa! Aa, Yehowa, yɛsrɛ wo, ma ensi yiye!”—Dwom 118:25, NW; Luka 18:9-14.
Fi Komam Bɔ Mpae
9. Afotu pa bɛn na Yesu de mae a ɛwɔ Mateo 6:7, na yɛbɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma?
9 Sɛ yɛn baguam anaa kokoam mpaebɔ bɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea efi komam. Enti, ɛnyɛ mpaebɔ nhwɛso bi na yetĩ mu kɛkɛ ka no mpɛn pii a yensusuw nea yɛreka ho. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka mu no, Yesu tuu fo sɛ: “Na sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na [wodi mfomso] susuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn!” Ɔkwan foforo so no, Yesu kae sɛ: “Nworo nsɛm; nkasakasa pii kwa.”—Mateo 6:7, NW; ase hɔ asɛm.
10. Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛbɔ asɛm koro ho mpae mpɛn pii?
10 Nokwarem no, ebia ɛho behia sɛ yɛbɔ asɛm bi ho mpae mpɛn pii. Ɛno renyɛ mfomso efisɛ Yesu hyɛɛ nkuran sɛ: “Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.” (Mateo 7:7) Ebia esiane sɛ Yehowa rehyira mo hɔnom asɛnka adwuma no so nti, Ahenni Asa foforo ho abehia. (Yesaia 60:22) Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ so aka saa ahiade yi ho asɛm bere a yɛrebɔ mpae wɔ kokoam anaa bere a yɛrebɔ mpae wɔ baguam wɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam ahorow ase no. Saa a yɛbɛyɛ no nkyerɛ sɛ ‘yɛrekasakasa pii kwa.’
Kae Fa Aseda ne Ayeyi Ma
11. Ɔkwan bɛn so na Filipifo 4:6, 7 fa kokoam ne baguam mpaebɔ ho?
11 Nnipa pii bɔ mpae de hwehwɛ biribi nkutoo, nanso ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no ka yɛn ma yɛde aseda ne ayeyi ma no wɔ kokoam ne baguam mpaebɔ nyinaa mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Yiw, nea ɛka mpaebɔ ne adesrɛ ho no, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ honhom ne honam fam nhyira a ɔde ma yɛn no ho. (Mmebusɛm 10:22) Odwontofo no too dwom sɛ: “Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no.” (Dwom 50:14) Na na nsɛm a ɛka koma yi ka Dawid dwonto mpaebɔ no ho: “Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ, na mede aseda mɛkamfo no.” (Dwom 69:30) So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa ara wɔ baguam ne kokoam mpaebɔ mu?
12. Ɔkwan bɛn so na Dwom 100:4, 5 renya mmamu nnɛ, na dɛn ho na yebetumi ada Onyankopɔn ase ayi no ayɛ?
12 Ɛdefa Onyankopɔn ho no, odwontofo no too dwom sɛ: “Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’ahengua so. Monna no ase, munhyira ne din. Na [Yehowa, NW] ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.” (Dwom 100:4, 5) Ɛnnɛ, nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu reba Yehowa asɔrefie no abangua so, na yebetumi ayi no ayɛ ada no ase wɔ eyi ho. So woda Onyankopɔn ase wɔ mo asafo no Ahenni Asa no ho, na wokyerɛ anisɔ denam hyia a wo ne wɔn a wɔdɔ no behyiam hɔ daa no so? Bere a wowɔ hɔ no, so wufi komam to ayeyi ne aseda nnwom a wɔto ma yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no bi?
Mfɛre sɛ Wobɛbɔ Mpae Da
13. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adesrɛ kɔ Yehowa anim bere mpo a esiane bɔne bi nti yɛte nka sɛ yɛmfata no?
13 Sɛ esiane bɔne bi nti, yɛte nka sɛ yɛmfata mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adesrɛ a emu yɛ den kɔ Nyankopɔn nkyɛn. Bere a Yudafo no yɛɛ bɔne denam ananafo mmea a wɔwarewaree wɔn so no, Esra buu nkotodwe, trɛtrɛɛ ne nsa a ɛho tew no mu kyerɛɛ Onyankopɔn, bɔɔ mpae odwo mu sɛ: “Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn, efisɛ yɛn amumɔyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodi aso akodu soro. Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi . . . Na nea yɛn nneyɛe bɔne ne yɛn asodi kɛse nti ɛbaa yɛn so no nyinaa akyi yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woakyɛe yɛn so, woamma annu yɛn amumɔyɛ so, na woama yɛafi mu sɛ ɛte yi, so yɛnsan mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyide aman yi ho aware mu anaa? So anka wo bo remfuw yɛn nkosi sɛ yɛn nyinaa bɛsã a obi renka mfi mu anaa? [Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi: hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w’anim.”—Esra 9:1-15; Deuteronomium 7:3, 4.
14. Sɛnea ɛdaa adi wɔ Esra bere so no, dɛn na ehia na ama yɛanya Nyankopɔn hɔ fafiri?
14 Sɛ yebenya Onyankopɔn fafiri a, ɛsɛ sɛ yɛpae mu ka yɛn bɔne kyerɛ no, yenu yɛn ho, na ‘yɛsow aba a ɛsɛ adwensakra.’ (Luka 3:8; Hiob 42:1-6; Yesaia 66:2) Wɔ Esra bere so no, na nea ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden asiesie wɔn mfomso denam ananafo yerenom a na wobegyae wɔn no so. (Esra 10:44; fa toto 2 Korintofo 7:8-13 ho.) Sɛ yɛresrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri wɔ bɔne a anibere wom ho a, momma yɛnka yɛn bɔne wɔ odwo mpaebɔ mu, na yɛnsow aba a ɛsɛ adwensakra. Adwensakra honhom ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebesiesie yɛn mfomso no bɛka yɛn ma yɛahwehwɛ honhom fam mmoa afi Kristofo mpanyimfo nso hɔ.—Yakobo 5:13-15.
Nya Awerɛkyekye Fi Mpaebɔ Mu
15. Ɔkwan bɛn so na Hana suahu no kyerɛ sɛ yebetumi anya awerɛkyekye wɔ mpaebɔ mu?
15 Sɛ yedi komam yaw esiane biribi nti a, yebetumi anya awerɛkyekye afi mpaebɔ mu. (Dwom 51:17; Mmebusɛm 15:13) Ɔnokwafo Hana yɛɛ saa. Ɔtraa ase bere a na mmusua akɛse abu so wɔ Israel, nanso na onni ba. Ná ne kunu Elkana ne ne yere foforo, Penina a otwaa Hana mpoa sɛ ɔyɛ obonin no wɔ mmabarima ne mmabea. Hana bɔɔ mpae anibere so, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ ɔwo babarima a, ‘ɔde no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa.’ Bere a ne mpaebɔ no ne Ɔsɔfo Panyin Eli nsɛm maa onyaa awerɛkyekye no, Hana ‘anim anyɛ sɛ kan no bio.’ Ɔwoo ɔbabarima a ɔtoo no din Samuel. Akyiri yi, ɔde no kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ ma ɔkɔsomee. (1 Samuel 1:9-28) Esiane ayamye a Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ no ho anisɔ nti, ɔbɔɔ aseda mpae—mpae a ɛkamfoo Yehowa sɛ nea obiara ne no nsɛ. (1 Samuel 2:1-10) Te sɛ Hana no, yebetumi anya awerɛkyekye afi mpaebɔ mu, a yɛwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn tie adesrɛ biara a ɛne ne pɛ hyia no. Sɛ yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ no a, mommma ‘nsɛm nnhaw yɛn bio,’ efisɛ obeyi yɛn adesoa afi hɔ anaa ɔbɛboa yɛn ma yɛasoa.—Dwom 55:22.
16. Sɛnea ɛda adi wɔ Yakob asɛm no mu no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bere a yɛbɔ hu anaa yɛdwennwen no?
16 Sɛ tebea bi ma yɛbɔ hu, yedi komam yaw, anaa yɛdwennwen a, mommma yɛn werɛ mmfi sɛ yɛbɛdan akɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu akɔhwehwɛ awerɛkyekye. (Dwom 55:1-4) Ná Yakob suro bere a na ɔrekohyia ne nuabarima Esau a na ɔne ne ntam asɛe no bio no. Nanso, Yakob bɔɔ mpae sɛ: “M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, [Yehowa, NW] a wusee me sɛ: San kɔ w’asase so ne w’abusua mu na mɛyɛ wo yiye no, w’adɔe ne wo nokware a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, efisɛ mede me poma na mitwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuw abien. Mesrɛ wo, yi me fi me nua nsam, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me, ɛnanom ne wɔn mma nyinaa. Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w’asefo ayɛ sɛ mpoano nhwea a dodow nti wontumi nkan.” (Genesis 32:9-12) Esau anto anhyɛ Yakob ne ne dɔm so. Enti, Yehowa “yɛɛ” Yakob “yiye” saa bere no.
17. Nea ɛne Dwom 119:52 hyia no, ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi ama yɛn awerɛkyekye bere a yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no?
17 Wɔ yɛn adesrɛ mu no, yebetumi anya awerɛkyekye denam nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a yɛbɛkaakae no so. Wɔ dwom a ɛware sen biara—mpaebɔ dɛdɛ a wɔde yɛɛ nnwom—mu no, ɛbɛyɛ sɛ Ɔhene Hesekia na ɔtoo dwom sɛ: “[Yehowa, NW], mekae w’atemmu a efi teteete no, na mekyekye me werɛ” no. (Dwom 119:52) Sɛ yɛbɔ mpae odwo mu na sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, yebetumi akae Bible nnyinasosɛm anaa mmara bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ ade a ɛbɛma yɛanya awerɛkyekye ne awerɛhyem sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani.
Anokwafo Kura Mpaebɔ Mu Ara
18. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘ɔnokwafo biara bɛbɔ Onyankopɔn mpae’?
18 Wɔn a wodi Yehowa Nyankopɔn nokware nyinaa ‘bekura mpaebɔ mu ara.’ (Romafo 12:12) Wɔ Dwom 32 a akyinnye biara nni ho sɛ Dawid na ɔhyehyɛe bere a ɔne Bat-Seba yɛɛ bɔne akyi no mu no, ɔkaa ɛyaw a odii sɛ wanhwehwɛ bɔne fafiri ne ahotɔ a onyae bere a onuu ne ho na ɔkaa ne bɔne kyerɛɛ Nyankopɔn no ho asɛm. Afei Dawid too dwom sɛ: “Eyi nti [esiane sɛ wɔn a wonu wɔn ho nokwarem no na Yehowa de firi wɔn nti] teeni biara [bɛbɔ] wo mpae da a obehu wo no.”—Dwom 32:6.
19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nsa a ɛho tew so wɔ mpaebɔ mu?
19 Sɛ yɛn ani sɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ no a, yɛbɛbɔ mpae asrɛ ne mmɔborohunu denam Yesu agyede afɔrebɔ no so. Wɔ gyidi mu no, yebetumi de ɔkasa mu ahofadi akɔ ɔdom ahengua no anim akɔhwehwɛ mmɔborohunu ne mmoa a ɛyɛ ne bere mu de. (Hebrifo 4:16) Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi abɔ ho mpae! Enti mommma ‘yennnyae mpaebɔ da’—na mpɛn pii no momma yɛmfa nsɛm a ɛkyerɛ komam ayeyi ne aseda a yɛde ma Nyankopɔn na ɛnyɛ saa. (1 Tesalonikafo 5:17) Momma yɛmma nsa a ɛho tew so wɔ mpaebɔ mu daa.
Wubebua Dɛn?
◻ Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yebedi kan asusuw baguam mpaebɔ ho?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ obu ne nidi mu?
◻ Honhom bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi bere a yɛrebɔ mpae no?
◻ Sɛ yɛrebɔ mpae a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛde aseda ne ayeyi bɛma?
◻ Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛ sɛ yebetumi anya awerɛkyekye afi mpaebɔ mu?
[Kratafa 17 mfonini]
Ɔhene Salomo daa odwo adi wɔ ne baguam mpaebɔ mu bere a na ɔrehyira Yehowa asɔrefie no so no
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Te sɛ Hana no, wubetumi anya awerɛkyekye afi mpaebɔ mu