Ahobrɛase Koma a Yɛde Bɛbɔ Mpae wɔ Afoforo Anim
NÁ ƐYƐ anigye da wɔ Israelfo abakɔsɛm mu. Ná Ɔhene Dawid ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔmfa Yehowa Adaka no mmra ahenkurow foforo, Yerusalem, mu. Ɔde anigye yii Yehowa ayɛ wɔ ɔman no nyinaa anim, na ɔde nsɛm yi wiee ne mpaebɔ a efi komam no: “Nhyira ne [Yehowa], Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.” Wɔn a wɔretiee no de wɔn koma nyinaa “kae sɛ Amen, yii [Yehowa] ayɛ.”—1 Beresosɛm 16:36.
Wɔ tete mmere no mu no na ɛtaa ba sɛ onipa a ɔfata wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no gyina afoforo ananmu bɔ mpae wɔ saa kwan yi so. Na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ saa ara. Asafo nhyiam ahorow, nhyiam akɛse, abusua adidi bere, ofie Bible adesua, yɛ mmere horow a Kristofo mmarima —ne ɛtɔ bere bi a mmea—nya hokwan gyina afoforo ananmu bɔ mpae no bi. (1 Korintofo 11:4, 5) Dɛn na efi mu ba? Te sɛ nea na ɛte wɔ Dawid bere so no, ɛhyɛ wɔn a wotie na wɔka sɛ “Amen” no den na wɔte nka sɛ wɔne Yehowa abusuabɔ no mu ayɛ den.
Afoforo ananmu a wogyina bɔ mpae yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru. Ɛsɛ sɛ nea ɔrebɔ mpae no ka asɛm a ɛda nea ɛwɔ wɔn a wɔretie no komam adi yiye. Ne mpaebɔ no kã wɔn honhom mu yiyedi. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wonya hokwan yi no bɔ mmɔden na wɔde Dawid adesrɛ no yɛ wɔn de, sɛ: “Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam.”—Dwom 141:2.
Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn mpaebɔ ma ayɛ sɛ ohuam wɔ Yehowa anim? Ɛdenam nea yɛreka no a yebedi kan asusuw ho wɔ akwankyerɛ a Yehowa de ama no mu so. Mpaebɔ ho nhwɛso horow ne afei nso afotu pa ahorow a ɛfa mpaebɔ ho pii wɔ Bible no mu. Asɛm yi ho a yebesusuw bɛma yɛahu nnyinasosɛm a ɛho hia a ɛboa yiye bere a yɛbɔ mpae ma afoforo te na yegyina wɔn ananmu yɛ saa no.
Ahobrɛase Koma A Wɔde Yɛ Saa
Nnyinasosɛm no mu biako ne sɛ Yehowa tie mpae a ahobrɛasefo bɔ. (2 Beresosɛm 13:14) Odwontofo no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na [Yehowa] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.” (Dwom 138:6) Sɛ́ eyi ho nhwɛso no, susuw Ɔhene Salomo ahobrɛase wɔ mpae a ɔbɔe wɔ baguam bere a wɔrebue asɔrefi no ano no ho. Ná afei ara na wasi adan a ɛyɛ fɛ sen biara a wɔahu wɔ asase yi so pɛn no mu biako awie, nanso eyi amma wanhoran. Mmom no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Na so ampa sɛ Onyankopɔn bɛtra nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ ɔsoro ne ɔsoro mu soro antumi ankora wo na menne ɔdan yi a masi yi.”—2 Beresosɛm 6:18.
Ɛsɛ sɛ yɛn nso yeyi ahobrɛase adi, ne titiriw no, bere a yegyina afoforo ananmu bɔ mpae no. Ɛwom, ɛsɛ sɛ Kristofo kwati atoro ahobrɛase anaasɛ nyaatwom adeyɛ. Nanso mpaebɔ a efi ahobrɛase mu nyɛ nea wɔde nsɛm akɛse anaasɛ biribi a ɛte saa di dwuma wom. (Mateo 6:5) Yeyi ahobrɛase adi nso denam nea yɛka no so. Sɛ yɛbɔ mpae wɔ ahobrɛase mu a, yɛremma ɛnyɛ te sɛ nea yɛrehyɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ nneɛma bi. Mmom no, yɛbɛsrɛ no sɛ ɔnnom nyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛne ne pɛ hyia so.—Fa toto Dwom 118:25 ho.
Bio nso, ahobrɛase bɛma yɛakwati mpaebɔ a yɛde bedi dwuma de akyerɛ sɛnea asɛm bi yɛ nokware anaasɛ de afotu ama ankorankoro. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛreyi honhom a Farisini no yii adi wɔ Yesu bɛ ahorow no biako mu no adi. Yesu kaa Farisini ne towgyeni bi a na wɔn nyinaa rebɔ mpae bere koro mu wɔ asɔrefi no ho asɛm. Farisini no kae sɛ: “Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi. Midi mmuada dapɛn mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntoto so du du mema.” Nanso towgyeni no kɔɔ so de ne nsa bɔɔ ne koko, sɛ: “Nyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!” Dɛn na Yesu kae? “Oyi [towgyeni no] de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako [Farisini] no.”—Luka 18:9-14.
Yehowa asomfo a wɔyɛ ahobrɛasefo ampa no hu wɔn gyinabea wɔ n’anim no nso. Wɔba fam kakra sen abɔfo, bere a Yehowa ne Amansan Nyinaa Hene a ɔkorɔn a ɔwɔ hɔ daa no. (Dwom 8:3-5, 9; 90:1-4) Sɛ nkurɔfo nya hokwan sɛ wɔne ahemfo anaasɛ sodifo ahorow a wɔwɔ wiase yi mu bɛkasa a, wɔde obu ne nidi na ɛtaa yɛ saa, na wɔn ani sɔ hokwan a wɔanya no kɛse So ɛnsɛ sɛ yeyi obu ne anisɔ a ɛte saa ara adi bere a yɛrekasa akyerɛ “Onyankopɔn teasefo ne daa hene” no? (Yeremia 10:10) Ɛte saa. Enti, nsɛm te sɛ, “Mema wo aha, Yehowa” anaasɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛkasa kyerɛ wo, Yehowa” mfata wɔ mpaebɔ mu, na saa ara na ɛte wɔ nsɛm a wɔde bɔ nkɔmmɔ te sɛ, “Wo ho te dɛn nnɛ?” “Fa yɛn dɔ nkyia ma Yesu,” ne nea ɛtete saa no ho.—Fa toto Ɔsɛnkafo 5:1, 2 ho.
So ɔsomafo Paulo anka sɛ yɛmfa “ɔkasa mu ahofadi” mmra Yehowa anim“? (Hebrifo 4:16, NW; fa toto 1 Yohane 3:21, 22 ho.) So ɛno mma yennya hokwan a yɛde kasa sɛnea yehu sɛ ɛfata? Ɛnte saa ankasa. Paulo asɛm a ɔkae no retwe adwene asi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ esiane Yesu afɔrebɔ no nti yetumi kɔ Yehowa anim a abɔnefo a yɛyɛ no mfa ho no so. Yebetumi akɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu bere biara wɔ asɛm biara ho. Nanso bere a yɛde ɔkasa mu ahofadi rebɔ mpae mpo no, ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu hu sɛ a yɛnsɛ hwee no. Enti Yehowa kae sɛ: “Nea mɛhwɛ no ni: nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.”—Yesaia 66:2.
Kɔkɔbɔ Afotu
Yesu Kristo de afotu foforo mae wɔ mpaebɔ ho wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Emu na ɔde kɔkɔbɔ mae sɛ, Sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo’ no. (Mateo 6:7) Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so ara bɔ ade koro bi ho mpae (bere dodow a yenim sɛ ɛyɛ ade a eye a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae no) . Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Mummisa. na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.” (Mateo 7:7) Mmom no, nea Yesu kɔkɔbɔ no kyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so ara tĩ asɛm koro no ara mu ma ɛba bɛyɛ nea ntease biara nnim. Anaasɛ “Munntĩ asɛm a aba nnim mu nka mpɛn pii.”—Mateo 6:7, Ref. Bi. asehɔ asɛm.
Nnipa binom taa tĩ mpaebɔ bi mu nsɛm mu ka mpɛn pii a wonsusuw emu nsɛm no ho. Ɛtɔ bere bi a nsɛm yi yɛ nea ɛwɔ ɔkasa a nea ɔrebɔ mpae no nte mu. ‘Asɛm a aba nnim a wotĩ mu ka’ no bi nen. Foforo nso ni: Susuw Kristoni a ofi anibiannaso mu taa de nsɛm koro no ara di dwuma da biara bere a ɔde aseda rema Yehowa wɔ mpaebɔ mu no ho. Awiei koraa no, asɛm no ba bɛyɛ nea enni mu. Edin kronkron, Yehowa, no mpo yɛ nea wobetumi de adi dwuma wɔ saa kwan yi so. Ampa, wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Yehowa din. (Dwom 105:1) Nanso sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛbɔ saa din no wɔ yɛn mpaebɔ no mu asɛm biara awiei a, ɛnde ɛba bɛyɛ biribi a enni mũ anaasɛ ‘asɛm a aba nni mu a wotĩ mu ka.’
Paulo kaa nnyinasosɛm a ɛho hia foforo ho asɛm bere a ɔkyerɛw eyi no: “Sɛ mebɔ mpae ɔkasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpae, na m’adwene de, ɛnsow aba. . . . Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔnte ase no begye aseda no so sɛ Amen, ná onnim nea woka?” (1 Korintofo 14:14-16) Wɔ Paulo bere so no, Kristofo binom nyaa anwonwa kwan so kasa foforo akyɛde no, na ɛda adi sɛ ebinom de kasa foforo yi bi bɔɔ mpae wɔ asafo no anim. Nanso sɛnea Paulo kyerɛe no, na ɛnyɛ nea asafo no mufo a wɔaka no te nea wɔreka no.
Ɛnnɛ yenni anwonwa kwan so akyɛde a ɛte saa. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔregyina afoforo ananmu abɔ mpae no yɛ saa wɔ ɔkwan a wɔbɛte ase so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔrebefi baguam ɔkasa ase a, wɔto nsa frɛ ɔmanfo a wɔaba no sɛ wɔnka yɛn ho ma yɛmmɔ mpae. Wɔ mpaebɔ a ɛte sɛɛ mu no, ɛyɛ nea eye sɛ wɔremfa nsɛm a ɛbɛyɛ den ama ahɔho a wɔaba no sɛ wɔbɛte ase bedi dwuma.
Bere Tenten Ahe Na Ɛsɛ Sɛ Mpaebɔ Gye?
Kokoam mpaebɔ betumi agye bere tenten biara a yɛpɛ. Ansa na Yesu repaw asomafo 12 no, ɔbɔɔ mpae anadwo no nyinaa. (Luka 6:12) Nanso bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ baguam mpaebɔ gye? Wiɛ, ansa na Yesu de abodoo ne nsa no rema bere a ɔde ne wu ho Nkaedi no resi hɔ no, ‘ohyiraa so’ na ‘ɔdaa ase’ a ɛda adi sɛ ɔyɛɛ saa wɔ mpaebɔ tiaa mu. (Mateo 26:26-28) Wɔ ɔkwan foforo so no, mpae a Salomo bɔe bere a wɔrebue asɔrefi no ano no ware kakra. Na saa na mpae a Yesu bɔe anadwo ansa na ɔrewu no nso te.—2 Beresosɛm 6:14-42; Yohane 17:1-26.
Enti, mmara biara nni hɔ a ɛfa bere tenten a ɛsɛ sɛ baguam mpaebɔ gye ho. Nanso mpaebɔ a ɛyɛ tenten nkyerɛ sɛ ɛne nea edi mũ titiriw. Nokwarem no, Yesu kasa tiaa kyerɛwfo a ‘wɔmene akunafo adan, na wɔbɔ mpae atenten kyerɛ’ no. (Luka 20:46, 47) Ɛsɛ sɛ mpae a wɔbɔ ma afoforo yɛ nea wɔbɔ wɔn nsɛm tebea anaasɛ wɔn ahiade no din pefee wom, na ɛsɛ sɛ ne tenten yɛ nea ɛfata tebea no. Ɛho nhia sɛ yɛbɛbɔ mpae tenten aka nsɛm pii a ɛmfa ho. Sɛ yɛde aseda rema wɔ aduan ho a, ɛho mpaebɔ no betumi ayɛ tiaa kakra. Saa ara na ɛho nhia sɛ mpaebɔ a wɔde bue Kristofo nhyiam no yɛ tenten pii. Obi a ogyina abusua no ananmu wɔ da no mfiase anaasɛ n’awiei, anaasɛ obi a ɔde mpaebɔ wie nhyiam bɛpɛ sɛ ɔka nneɛma pii a ɛfata tebea no ho asɛm.
Mpae a wogyina afoforo ananmu bɔ bɛyɛ nea etu mpɔn, sɛ ɛyɛ nea efi ahobrɛase koma mu a wɔbɔ wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na ɛfata so a. Ɛbɛhyɛ wɔn a wɔretie no honhom den na ɛbɛma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no mu ayɛ den. Enti, te sɛ wɔn a wonyaa Dawid mpaebɔ a efi ne komam no mu kyɛfa bere a wɔde apam adaka no baa Yerusalem no, ɛbɛka wɔn a wɔretie nyinaa ‘ma wɔaka sɛ Amen, na wɔayi [Yehowa] ayɛ.’—1 Beresosɛm 16:36.
[Kratafa 28 adaka]
So ɛfata sɛ atiefo bɛka sɛ “Amen” ama wɔate wɔ baguam mpaebɔ awiei?
Yiw, sɛ wɔpɛ anaasɛ wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa a. Paulo kaa “Amen” a wɔn a na wɔretie mpaebɔ bi kae ho asɛm, ɛwom sɛ wankyerɛ pɔtee sɛ eyi yɛ nea epuei, anaasɛ ɛyɛ nea wɔkae wɔ wɔn komam. (1 Korintofo 14:16) Nanso, wɔ Mose Mmara no ase no, na bere bi wɔ hɔ a wɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ Israelfo sɛ ɛsɛ sɛ wɔka “Amen!” ma wɔte. (Deuteronomium 27:14-26) Enti, sɛ onipa a ɔrebɔ mpae no ka “Amen” de kyerɛ sɛ ne mpaebɔ no aba awiei a, ɛyɛ nea ɛfata sɛ atiefo no bɛka sɛ “Amen” wɔ wɔn komam anaasɛ wɔbɛka ma wɔate no kakraa bi. Ɛsɛ sɛ awofo tete wɔn mma ma wɔkyerɛ anisɔ a ɛfata wɔ ɔkwan a wɔde nne a ɛba fam gye “Amen” so no mu.
[Kratafa 29 adaka]
Sɛ abofra bi fi ase su, telefon bi gyigye anaasɛ biribi foforo bi a ɛhaw adwene kɔ so bere a wɔrebɔ mpae wɔ asafo mu a, so ɛyɛ nea ɛnkyerɛ obu sɛ atiefo no mu biako bɛkɔ akodi tebea no ho dwuma?
Dabi. Nokwarem no, ɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ asafo mu ɔsomfo befi beae a asafo no rebɔ mpae no komm akodi tebea no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. (1 Korintofo 14:40) Saa kwan yi so no, asafo no mufo a wɔaka no betumi abɔ mpae no a biribiara nhaw wɔn. Nea okodii tebea no ho dwuma no betumi abɛka asafo no ho bere a wɔayɛ saa awie no.