Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 1/1 kr. 9-14
  • ‘Fa Mpaebɔ Ne Ɔsrɛ Nyinaa Di Dwuma’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Fa Mpaebɔ Ne Ɔsrɛ Nyinaa Di Dwuma’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ONYANKOPƆN A YEBEYI NO AYƐ MPAEBƆ MU
  • ASEDA A YƐDE BƐMA YEHOWA
  • ABISADE A WƆDE TO YEHOWA ANIM
  • NE NKOTƆSRƐ
  • ƐHO HIA SƐ YƐBƆ YƐN BRA MA ƐNE NO HYIA
  • SO YEBETUMI AMA SƐNEA YƐN MPAEBƆ TE NO ATU MPƆN
  • MFASO HOROW A ƐYƐ TẼE NE NEA ƐNYƐ TẼE
  • “Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn Na Wo Mpaebɔ Ka Fa Wo Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 1/1 kr. 9-14

‘Fa Mpaebɔ Ne Ɔsrɛ Nyinaa Di Dwuma’

“Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa.”​—Efe. 6:18.

1. (a) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ Yehowa Nyankopɔn ho bere a yɛba n’anim wɔ mpaebɔ mu? (b) Mpaebɔ titiriw anan bɛn na ɛwɔ hɔ?

ƆBƆADEƐ, Yehowa Nyankopɔn, nyɛ Mfitiase Ade Bi ara kwa, na mmom onipa ankasa a ɔwɔ nkate. Otumi hu ade na ɔte asɛm. Yɛpɛ sɛ yesusuw ne ho wɔ saa kwan yi so daa, bere a yɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu no. Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛmfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa’ nyɛ saa. (Efe. 6:18) Dɛn na ɛka eyi ho? Mpaebɔ atitiriw anan na ɛwɔ hɔ​—ayeyi, aseda, abisade ne nkotɔsrɛ.

ONYANKOPƆN A YEBEYI NO AYƐ MPAEBƆ MU

2, 3. Dɛn ne mpaebɔ bi a ɛfata na ɛkorɔn sen biara, na dɛn ne nneɛma ahorow pii a enti ɛfata Yehowa Nyankopɔn no binom?

2 Ayeyi yɛ mpaebɔ a anuonyam wom na ɛfata. Ɛfata Ɔbɔadeɛ no esiane ne su horow ne dwumadi ahorow nti. Sɛ́ “ɔsorosoroni Awurade Yehowa” no, obiara ne no nsɛ wɔ tumi mu. (2 Sam. 7:28) Esiane sɛ onni mfiase anaasɛ awiei nti, Yehowa Nyankopɔn ne “mmeresanten Hene” a onni ɔdedifo. (1 Tim. 1:17) N’anuonyam sõ araa ma onipa ntumi nhu no na ɔntra ase. (Ex. 33:20) Obiara ne Ɔsorosoroni no nsɛ, ne tumi ne ne nimdeɛ nni ano, ɔyɛ treneeni ɔkwan biara so na ɔyɛ ɔdɔ ankasa a pɛsɛmenkomenya biara nni mu. (Deut. 32:4; Hiob 37:23; Rom. 11:33; 1 Yoh. 4:8) Ɔno na ɔyɛɛ ade nyinaa na enti amansan yi nyinaa yɛ ne de. (Gen. 1:1, 31; Dw. 50:10) Wɔ edin ne anuonyam mu no, obiara ne no nsɛ. Enti ɔno nkutoo na obetumi aka ma afata sɛ; “Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ?” “Mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ mo nni hɔ koraa.”​—Yes. 46:5, 9

3 Nea ɛsen afoforo nyinaa no, Onyankopɔn a obiara ne no nsɛ na onni adedifo biara no fata ayeyi. Ne saa nti, efi Exodus 15:11 kosi Adiyisɛm 19:6 no, wɔde nkuranhyɛ ma mpɛn pii sɛ yenyi Yehowa ayɛ. Nea ɛne eyi hyia no, mommma yɛnnkɔ so nnyi ɔsorosoroni no ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu nkutoo, na mmom momma yɛn da biara da nkɔmmɔ nnan adwene nkɔ ne so mmom sen sɛ ɛbɛtwetwe adwene aba yɛn ankasa so. Anyɛ yiye koraa no, biribiara nni hɔ a yɛwɔ a yɛannya, na sɛ yɛkwati no a, yɛrentumi nyɛ hwee ankasa.​—Dw. 127:1; 1 Kor. 4:7.

ASEDA A YƐDE BƐMA YEHOWA

4, 5. Dɛn na Bible akyerɛwfo ahorow no ka wɔ aseda a yɛde bɛma Yehowa no ho, na dɛn ne nneɛma ahorow pii a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no binom?

4 Nea ɛbata ayeyi a yɛde ma Yehowa ho pɛɛ ne aseda a yɛde ma no. Ɛyɛ nea ɛteɛ ara sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ nea Yehowa ayɛ, nea ɔreyɛ ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no nyinaa ho. Ɛda adi sɛ nnwom no akyerɛwfo huu fata a ɛfata sɛ yɛde aseda ma Yehowa no titiriw. Bere ne bere nyinaa mu no yɛkenkan nsɛm te sɛ: “Wɔnkamfo Yehowa, n’adɔe ho, ne n’anwonwade nnipa mma mu.” (Dw. 107:8, 15, 21, 31) Paulo nso tu yɛn fo sɛ yɛmfa ‘ɔsrɛ ne aseda’ nka mpaebɔ ho. Yiw, ɛsɛ sɛ ‘yɛda Agya Nyankopɔn ase daa ade nyinaa so.’​—Fil. 4:6; Efe. 5:20.

5 Hwɛ nneɛma ahorow a enti ɛsɛ sɛ yɛda yɛn soro Agya no ase daa! Ɛsɛ sɛ yɛda no ase wɔ ɔhonam fam nneɛma a yenya fi ne nkyɛn a ɛnyɛ sɛ ɛma yetumi tra ase nko na mmom ɛma asetra yɛ nea anigye wom nso no nyinaa ho. (Yak. 1:17) Nso yɛn ani sɔ honhom fam nhyira horow a Yehowa de ma ne nkurɔfo no​—Kristo afɔrebɔ no ho mfaso horow, Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom, Kristofo asafo no ne mpaebɔ hokwan a ɔde ama yɛn no? So yɛn ani sɔ nhyira a ɛwɔ mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn bɔ fekuw no mu, hokwan a ɛyɛ sɛ yebedi afoforo ahiade ho dwuma, ne Ahenni anidaso a enni kabea no? Sɛ saa a, momma yɛnna ase wɔ yɛn mpaebɔ mu. Ampa, ebia yɛrenkae anaasɛ yɛrentumi mmobɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no nyinaa daa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛnea odwontofo no tee no: “Me kra, hyira Yehowa, na mma wo werɛ mfi ne nneyɛe pa nyinaa.”​—Dw. 103:2.

ABISADE A WƆDE TO YEHOWA ANIM

6. Nneɛma ahorow abiɛsa bɛn ho abisade na yebetumi de ama, na dɛn titiriw na Yesu kyerɛe sɛ yenni kan mmɔ ho mpae?

6 Ɛyɛ awerɛkyekye kɛse sɛ yetumi de “nnam” ba Yehowa anim bere a yɛde yɛn abisade reto n’anim. (Heb. 4:16; 1 Yoh. 3:21) Sɛnea Yesu daa no adi wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu no, yɛn abisade taa yɛ nea ɛfa nneɛma abiɛsa ho titiriw​—trenee nkonimdi, yɛn honhom fam ahiade ne honam fam ahiade ho. Nea ɛfata no, Yesu kae sɛ yenni kan mmɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew, n’ahenni mmra na wɔnyɛ n’apɛde wɔ asase so. Yesu ankasa bɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam!” (Mat. 6:10; Yoh. 12:28) Nea ɛka abisade a ɛtete saa ho ne sɛ Yehowa bɛma adwuma a ne nkoa yɛ wɔ asase so no akɔ so na wahyɛ wɔn a ne din nti wɔrehu amane no den. (Dw. 118:25) Na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu afotu a Paulo de mae sɛ yɛmmɔ mpae mma wɔn a wodi tumi nyinaa “na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesompa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu” no so.​—1 Tim. 2:2.

7, 8. Nneɛma a ɛfa yɛn ankasa ho bɛn na yebetumi de ɛho abisade ato Yehowa anim afei?

7 Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ nso ma ɛda adi sɛ yɛn honhom fam tebea ho asɛm hia yɛn. Nea ɛka eyi ho ne srɛ a yɛbɛsrɛ yɛn soro Agya no sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn. “Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yoh. 1:8-2:1) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae nso srɛ Onyankopɔn honhom no pii na yɛanhow ne werɛ. (Luka 11:13; Efe. 4:30) Bere a yedi tebea horow a ɛyɛ den ho dwuma no, wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ yɛmmɔ mpae nsrɛ nyansa. (Yak. 1:5-8) Afei nso, yebetumi na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ onhyira yɛn som kronn, a yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ wɔ adansedi mu ka ho no so. Mpaebɔ a ɛte saa ma ɛda adi sɛ yegye nnyinasosɛm no tom sɛ, bere a yedua na yegugu so no, Onyankopɔn na ɔma nneɛma nyin, na ɔma ɛkɔ so.​—1 Kor. 3:7.

8 Na, bere a yɛde yɛn abisade to Onyankopɔn anim no, mommma yemmmu yɛn ani nngu asɛm bi a ebia ɛwɔ yɛne yɛn nua Kristoni ntam, yɛne yɛn aware mu ɔhokafo anaasɛ yɛn abusua no muni foforo bi ntam no so. Bere a ɛte saa mu no ebia yɛne onii no begyae kasa​—ade a ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ nanso ɛyɛ nea nyansa nni mu na ɛyɛ pɛsɛmenkomenya kwan. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ akwankyerɛ ne ahoɔden a yɛde besiesie asɛm a ɛwɔ yɛne onipa foforo ntam no. Momma yɛmmɔ mpae nsrɛ mmoa a ɛbɛma yɛatumi de bɔne afiri na yɛn werɛ afi, na yɛamfa nsɛm anhyɛ yɛn yam.​—Mat. 6:12.

9, 10. Kyerɛwsɛm mu nnyinaso bɛn na yɛwɔ a enti yebetumi asrɛ Yehowa wɔ honam fam nneɛma ho?

9 Honhom fam nneɛma akyi no, Yesu kyerɛe sɛ ɛfata nso sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔmma yɛn yɛn daa aduan, nneɛma a ɛho hia yɛn ɔhonam fam. (Mat. 6:11) Yiw, yebetumi de biribiara a ɛho hia yɛn, ma da biara da, no ato Yehowa Nyankopɔn anim. Eyi ne nea Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no hyia: “Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.”​—Mat. 6:34.

10 So yɛn adwuma abɔ yɛn, a yenni adwuma? Ɛnde yebetumi asrɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ onhyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya adwuma no so. So ɔyare abɔ yɛn? Yebetumi abɔ mpae asrɛ nyansa, ahoɔden ne boasetɔ ma yɛde adi yɛn yare no ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ yiye. Ɛyɛ awerɛkyekye ampa sɛ yetumi de yɛn ahiasɛm nyinaa to Yehowa anim, sɛnea yɛkenkan sɛ: “Monnna nnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom” no. (Fil. 4:6) Na, wɔ nsɛm a ɛtete saa nyinaa mu no yɛbɔ mpae srɛ sɛ​—‘sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a,’ sɛnea Yesu bɔɔ mpae wɔ Getsemane turo no mu no.​—Mat. 26:39; 1 Kor. 4:19; Yak. 4:15.

NE NKOTƆSRƐ

11-13. (a) Nkotɔsrɛ a wɔde bɔ Yehowa mpae no kyerɛ dɛn, na nsɛm bɛn ho na eyi fata titiriw? (b) Osuahu a abofra bi nyae no da eyi adi dɛn?

11 Wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa’ mmɔ mpae (Efe. 6:18) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nkotɔsrɛ ka yɛn adebisa ho? Efisɛ nkotɔsrɛ kɔ akyiri sen adebisa. Ɛyɛ mpaebɔ a anibere wom, adesrɛ a efi komam ankasa. Wɔkyerɛ nkotɔsrɛ ase sɛ “adesrɛ a ahobrɛase ne anibere wom.” Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua a wɔde dii dwuma no yɛ nea ɛfa Onyankopɔn ho bere nyinaa. Enti esi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, nea ɛka mpaebɔ mu daa a yebekura ho no, ɛho hia sɛ yɛma ɛyɛ yɛn ahiasɛm ankasa so dua. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ adebisa nyinaa na ɛyɛ nkotɔsrɛ. Nanso ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn mpaebɔ ho. Yɛkenkan mpo sɛ Yesu Kristo de “nkotɔsrɛ . . . [ne] nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.” (Heb. 5:7) Saa nso na, sɛ yɛte sɛ wɔde ɔtaa a emu yɛ den aba yɛn nuanom so a, ɛnyɛ mpae nko na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɔ srɛ Onyankopɔn ma wɔn, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde nkotɔsrɛ srɛ Onyankopɔn ahoɔden ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi agyina na wɔadi ɔtaa no atirimpɔw so nkonim.​—Fa toto 2 Korintofo 1:8-11 ho.

12 Bere a yɛresrɛ Yehowa ma waboa yɛn wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nipadua so no mu no, yɛba n’anim sɛ adesrɛfo. (Rom. 7:15-24; 1 Kor. 9:27) So ɛyɛ den ma obi sɛ obedi n’adwene anaasɛ ne koma so? Ɛnde, ade a wayɛ ma ahaw obi ho dwuma a obedi akyi no, ɛsɛ sɛ ɔde ahobrɛase srɛ Yehowa Nyankopɔn hɔ mmoa. Na sɛ asɛm no fa adidi anaasɛ ɔnom ho nso ɛ? Bio nso, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ ɔsrɛ Yehowa mmoa na ɔhwehwɛ abusua no mufo ne anaasɛ asafo no mu mpanyimfo hɔ mmoa.

13 Sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn yiye a, mmofra mpo betumi asrɛ Yehowa ma watie wɔn. Sɛ nhwɛso no, abofra bi a wadi mfe du kyerɛw nea edi so yi brɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no: “November 20, awiabere nnɔnmiɛnsa no, mmofra baanu baa me so wɔ sukuu, na wɔn mu biako de sekan baa memene ase kae sɛ wobekum me. Mebɔɔ Yehowa mpae na saa bere no ara polisifo kar bi betwaam na mmofra no guanee.”

ƐHO HIA SƐ YƐBƆ YƐN BRA MA ƐNE NO HYIA

14, 15. Dɛn na ɛno hia sɛ wɔn a wɔbɔ mpae no yɛ, na dɛn ne Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso horow bi a ɛda saa nnyinasosɛm yi adi?

14 Nanso, sɛ yɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de. Ɔhene Dawid ansrɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ mmere a emu yɛ den mu nko, na mmom ɔyɛɛ ho biribi. (2 Sam. 15:31-17:14) Yehowa nokware asomfo afoforo, te sɛ Yakob, yɛɛ saa ara. (Gen. 32:9-21) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn nneyɛe ne yɛn abisade no hyia.

15 So yɛbɔ mpae srɛ yɛn daa aduan? Ɛnde ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma, efisɛ “sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.” (Mat. 6:11; 2 Tes. 3:10) So yɛbɔ mpae sɛ mma wɔmmfa yɛn mma sɔhwɛ mu? Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛkwati yɛn ho a yɛde bɛhyɛ tebea a ebetumi de sɔhwɛ aba yɛn so mu. (Mat. 6:13) So yɛbɔ mpae sɛ asomdwoe ntra yɛn ntam? Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe (Dw. 122:6-9; 1 Pet. 3:11) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanhaw afoforo anaasɛ yɛankɔfa asɛm bi a ɛho nhia amma. Ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma nketenkete haw yɛn mmoroso. So yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn adwuma nkɔ so? Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘pii wɔ Awurade adwuma mu.’ (1 Kor. 15:58) So yɛbɔ mpae srɛ nyansa? Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛde nsiesie a Onyankopɔn ayɛ no nyinaa di dwuma de hwehwɛ nyansa.​—Yak. 1:5-8; Dw. 119:105; 2 Tim. 3:16, Heb. 10:23-25.

SO YEBETUMI AMA SƐNEA YƐN MPAEBƆ TE NO ATU MPƆN

16, 17. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn, ma emu ayɛ hyew na ayɛ nea ntease wom?

16 Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ da sɛnea yesusuw honhom fam nneɛma ho adi ankasa. So yebetumi ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn, na sɛ saa a, yɛbɛyɛ no dɛn? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛfa yɛn mpaebɔ aniberesɛm na yefi yɛn koma mu bɔ mpae. Ɛdenam Onyankopɔn papayɛ ne n’ayamye ho a yesusuw, ɛdenam ne ho a yedwen sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ na ogyina pintinn ma nea ɛteɛ no so no, yebetumi ama yɛn mpaebɔ ayɛ nea emu yɛ hyew na nkate wom. Ampa, yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma mu kasa kyerɛ Onyankopɔn, ahobrɛase mu. Enti, ɛnsɛ sɛ yetutu mmirika wɔ yɛn mpaebɔ mu. Ɛwom sɛ ebia yebebu ani agu nneɛma afoforo bi so, nanso ɛnsɛ sɛ yebu ani gu yɛn mpaebɔ so da.

17 Yebetumi nso ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn denam mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛrenka asɛm koro no ara bere nyinaa no so. (Mat. 6:7) Nsɛm koro no ara a wɔka mpɛn pii no betumi ama mpaebɔ ayɛ nea nkate ne ntease titiriw biara nni mu. Nsɛm a wosua gu tirim no yɛ nea ɛtaa fi tirim ba mmom sen koma mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wodi anim wɔ abusua mpaebɔ mu no hwɛ yiye titiriw wɔ eyi ho. Nsɛm koro no ara a wɔbɛka no da biara da no betumi ama wɔn a wotie no adwene afi so. Kyerɛwnsɛm mu nneɛma ho a yebesusuw bere nyinaa na yɛanya anisɔ kɛse ama ayamye a ɛnsɛ yɛn a Yehowa yi adi kyerɛ yɛn no betumi aboa na yɛn mpaebɔ ayɛ nea emu yɛ hyew na ntease wom.

MFASO HOROW A ƐYƐ TẼE NE NEA ƐNYƐ TẼE

18. Dɛn nti na ebia ebinom a wɔnyɛ nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ wɔ mpaebɔ a ɛsɔ ani mu no susuw sɛ wɔanya wɔn abisade ho mmuae?

18 Mpaebɔ yɛ ɔsom mu adeyɛ bi a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa. Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn bua wɔn mpaebɔ, ɛwom mpo sɛ wɔn adesrɛ no ne nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ mpaebɔ mu no nhyia de. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ saa asɛm a ɛte sɛnea ɛbɔ abira yi mu? Ade biako ne sɛ, ebetumi ayɛ biribi a ɛba mpofirim ara kwa. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛ sɛ asraafo a wɔwɔ akono nyinaa bɔ mpae. Esiane sɛ wɔn mu dodow no tumi san ba fie dwoodwoo nti, ebia wɔn a wɔte saa no benya adwene no sɛ Onyankopɔn abua wɔn mpaebɔ. Anaasɛ, ebetumi ayɛ akwanhyia ara kwa. Afei nso, ebetumi ayɛ nea egyina nkɛntɛnso a adwene no wɔ wɔ nipadua no so ho nnyinasosɛm no so.

19. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn boa wɔn a wɔyɛ ne nkurɔfo ampa na wɔyɛ nea ɔhwehwɛ wɔn mpaebɔ ho no mpaebɔ?

19 Nanso, wɔn a wɔyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ mpaebɔ ho no wɔ adanse a ɛda adi pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn bua wɔn mpaebɔ ampa. Wɔabu Yehowa nhyira wɔ wɔn mmɔdenbɔ sɛ kuw anaasɛ ankorankoro so. Ne saa nti ‘nea osua koraa no adan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.’ (Yes. 60:22) Wɔn mpaebɔ ho mmuaema mu no, Yehowa ayɛ ma ‘akode biara a wɔbɔ hyɛ wɔn no nyɛ yiye.’​—Yes. 54:17.

20. Akwan horow bɛn so na Yehowa nam bua abisade a nokwaredi wom a wɔde to n’anim no?

20 Yehowa de n’asomfo a wɔwɔ soro ne asase so nyinaa di dwuma wɔ abisade a nokwaredi wom a, wɔde to n’anim ho mmuaema mu. Ɛtɔ da bi a, ɔbɔfo ma Yehowa asomfo mu biako kɔsra obi a ɔnam mpaebɔ so hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan no wɔ ne fie. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:30-33; 17:26, 27 ho.) Afei nso, Yehowa nam asase so nhyehyɛe horow so ma mpaebɔ pii ho mmuae. Obetumi de ahyɛ ne nkurɔfo mu biako adwenem ma wayi ɔdɔ anaasɛ ayamye adi akyerɛ obi a ɔfata a biribi ahia no. Anaasɛ, ebia obi mpaebɔ ho mmuae nam Onyankopɔn Asɛm no sua so na ɛbɛba, anaasɛ ɛdenam kyerɛw nsɛm a egyina Bible so no sua so, anaasɛ ɛdenam nea mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no twe n’adwene kɔ so no so. Eyi te saa efisɛ mpɛn pii no mpae a Yehowa nkurɔfo bɔ ne sɛ ɔbɛma wɔanya honhom mu ntease anaasɛ nyansa wɔ asɛm pɔtee bi ho dwumadi mu.

21. Dɛn ne mpaebɔ ho nhwɛso horow a ɛnyɛ tee no binom?

21 Nea ɛka ho no, yetumi nya mfaso afoforo a ɛnyɛ tee fi mpaebɔ mu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛde yɛn adesoa ato Yehowa, yɛn soro Agya, no so no ma yɛte nka sɛ yɛbɛn no. Ɛdenam ayeyi ne aseda so a yɛnam da anisɔ adi kyerɛ no so no, ɛboa yɛn ma yenya akomatɔyam. Ɛdenam nkotɔsrɛ ‘a yɛde to n’anim nnam so no so no, ɛboa yɛn ma yenya ahobrɛase na yɛde yɛn ho to no so mmom sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa nhumu ne ahoɔden so. (Mmeb. 3:5, 6; Fil. 4:13) Na, ɛyɛ ampa nso sɛ, bere a yɛrebɔ mpae no na yɛn adwene wɔ nneɛma a ɛma nkɔso so. (Fil. 4:4-8) Sɛ nhwɛso no, sɛ yentumi nna anadwo a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɔ ahenni ne honhom mu nneɛma ho mpae mmom sen sɛ yɛbɛda apere, asusuw yɛn haw ahorow ho, ayɛ nhyehyɛe ahorow a ɛho nni mfaso anaasɛ ɛbɛma yɛn adwene adan akɔ ɔhonam fam nneɛma so titiriw. Yiw, yɛpɛ sɛ ‘yɛdan yɛn adesoa to Yehowa so, efisɛ osusuw yɛn ho.’ Sɛ yɛamfa biribiara anhintaw yɛn soro Agya no a, eyi bɛboa yɛn ma yɛapɛɛpɛɛ yɛn ho mu ahwɛ na ɛbɛma yɛabɛn no kɛse na yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den.​—1 Pet. 5:7; 2 Kor. 13:5.

22. Sɛ yɛbɛfa yɛn mpaebɔ aniberesɛm no kyerɛ dɛn, na ahotoso bɛn na yebenya?

22 Ampa, mpaebɔ a ayeyi, aseda ne nkotɔsrɛ ka ho no yɛ hokwan a ɛsom bo, na yebenya mfaso kɛse sɛ yɛfa mpaebɔ aniberesɛm a. Mpae a yɛbɔ kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ampa. Nokwarem no, yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia, ɛnsɛ sɛ yetutu mmirika wɔ yɛn mpaebɔ mu, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛma atu mpɔn daa, yɛmpɛ sɛ ɛyɛ sɛ asɛm koro no ara na yɛka bere nyinaa. Saa a yɛbɛyɛ no ho bɛba yɛn mfaso akwan horow so, na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira yɛn denam mpaebɔ a ɛne ne pɛ hyia a obebua no so.

[Kratafa 11 mfoni]

Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase wɔ n’Asɛm, asetra mu ahiade ahorow, Kristofo asafo no ne mpaebɔ ne ɔsom hokwan ahorow a yɛwɔ no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena