Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Adɛn Nti Na Bɔne Wɔ Wiase Na Nnipa Rebrɛ Saa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Wunim biribi?

      Bere a Satan kaa atosɛm a edi kan no, oguu Yehowa din ho fĩ, kyerɛ sɛ ɔsɛee Yehowa din. Ná ɔpɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ Onyankopɔn nyɛ Sodifo papa, na ɔnnɔ nnipa. Ɛrenkyɛ biara, Yehowa beyi amane a nnipa rehu nyinaa afi hɔ na ɔbɛtew ne din ho. Anaa yɛbɛka a, ɔbɛma obiara ahu sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi nnipa so. Yehowa din a ɛho bɛtew ho hia sen biribiara wɔ amansan yi mu.—Mateo 6:9, 10.

  • Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni No Bɛyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 33. Nnipa bi te asaase a wɔasiesie ayɛ no paradise no so.

      ADESUA 33

      Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni No Bɛyɛ?

      Sɛnea yɛabehu no, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi wɔ soro, na ɛrenkyɛ koraa, ɛbɛba abɛsesa nneɛma pii wɔ asaase so. Nneɛma pa a Ahenni no bɛyɛ ama yɛn no, yebesusuw bi ho wɔ adesua yi mu.

      1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no bebu atɛntrenee, na ama obiara anya asomdwoe wɔ asaase yi so?

      Armagedon ko no mu no, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no bɛsɛe abɔnefo, na wayi nnipa aban nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 16:14, 16) Bible hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio.” Armagedon ko no bɛma saa asɛm no aba mu. (Dwom 37:10) Yesu nam Ahenni no so bebu atɛntrenee, na wama asomdwoe ahyɛ asaase so ma.—Kenkan Yesaia 11:4.

      2. Sɛ obiara a ɔwɔ asaase so yɛ nea Onyankopɔn pɛ a, wohwɛ a asetena bɛyɛ sɛn?

      Sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi asaase so a, ‘asaase no bɛba abɛyɛ atreneefo dea, na wɔbɛtena so daa.’ (Dwom 37:29) Wo de, fa no sɛ obiara a ɔwɔ asaase so yɛ nneɛma pa nko ara, obiara dɔ Yehowa ne ne yɔnko nipa, na yare ne owu nni hɔ. Wohwɛ a, anka asetena bɛyɛ sɛn?

      3. Sɛ wɔsɛe abɔnefo wie a, dɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ?

      Sɛ wɔsɛe abɔnefo wie a, Yesu bedi ade mfe 1,000. Saa bere no, ɔne wɔn a wɔne no bedi ade a wɔn dodow yɛ 144,000 no bɛboa nnipa a wɔwɔ asaase so ama wɔade wɔn ho afi bɔne ho. Ɛntɔ ara sɛ mfirihyia 1000 no bɛba awiei no, na asaase nyinaa adan paradise. Saa bere no, nnipa nyinaa ani begye, efisɛ wɔde Yehowa mmara bɛyɛ adwuma. Ɛno akyi no, Yesu bɛsan de Ahenni no ama ne Papa, Yehowa. Efi saa bere no rekɔ no, Yehowa ‘din ho bɛtew,’ na obiara nni hɔ a obegu ne din ho fĩ bio. (Mateo 6:9, 10) Obiara bɛba abehu sɛ Yehowa yɛ Sodifo papa a odwen ne nkurɔfo ho. Afei Yehowa bɛsɛe Satan, abɔfo bɔne no, ne obiara a ɔbɛsɔre atia ne tumidi. (Adiyisɛm 20:7-10) Nneɛma pa ne nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba asaase so no, ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

      SUA PII KA HO

      Nneɛma a Bible ahyɛ bɔ sɛ yɛn nsa bɛka daakye no, ɔfã yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a yebetumi agye adi sɛ, Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛyɛ ama yɛn.

      4. Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ

      Bible ka sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ɔbrɛ ne amanehunu a nnipa aban akɔfa aba nyinaa, Yehowa nam n’Ahenni no so beyi afi hɔ.

      Monkenkan Daniel 2:44 ne 2 Tesalonikafo 1:6-8. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Nnipa aban ne wɔn akyitaafo nyinaa, dɛn na Yehowa ne ne Ba Yesu de bɛyɛ wɔn?

      • Wohwɛ nea woasua afa Yehowa ne Yesu ho no a, wohwɛ a, sɛ wɔrebu nnipa atɛn a, wobebu atɛnkyea anaa wobebu atɛntrenee? Adɛn nti na woreka saa?

      Ɔhene Yesu redi nnipa a wɔte Paradise asaase so no so.

      5. Yesu yɛ Ɔhene a ɔfata

      Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no bɛyɛ nneɛma pii de aboa nnipa a wɔbɛtena asaase so no. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛ, Yesu adi kan ayɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa nnipa. Wobɛsan ahu sɛ, Onyankopɔn ama no tumi a ɔde bɛyɛ saa.

      VIDEO: Yesu Ama Yɛahu Nea Ahenni No Bɛyɛ Ama Nnipa Daakye (1:13)

      Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔyɛɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ daakye. Nhyira a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan denneennen? Nhyira biara a wubedu so no, ɛyɛ a kenkan kyerɛwnsɛm a ɛka ho no.

      BERE A YESU WƆ ASAASE SO NO . . .

      SEESEI YESU WƆ SORO, NA DAAKYE . . .

      • ɔmaa mframa denneennen bi a ɛrebɔ gyaee.—Marko 4:36-41.

      • obesiesie asaase no ama asan asi ne dedaw mu.—Yesaia 35:1, 2.

      • ɔyɛɛ anwonwade ma nnipa pii nyaa aduan dii.—Mateo 14:17-21.

      • obeyi ɔkɔm afi hɔ.—Dwom 72:16.

      • ɔsaa ayarefo pii yare.—Luka 18:35-43.

      • obeyi yare nyinaa afi hɔ, na obiara benya apɔwmuden.—Yesaia 33:24.

      • onyanee awufo.—Luka 8:49-55.

      • obenyan wɔn a wɔawuwu no, na obeyi owu nso afi hɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.

      6. Onyankopɔn Ahenni no de nhyira pii bɛbrɛ yɛn

      Ná Yehowa pɛ sɛ nnipa nya asetena papa paa, wɔn ani gye, na wɔtena ase daa wɔ paradise asaase so. Ahenni no na ɛbɛma nnipa anya saa asetena no. Nneɛma a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no, ɔnam ne Ba Yesu so bɛma yɛn nsa aka. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu adwuma a Yesu reyɛ, na ama yɛn nsa aka saa nhyira no.

      VIDEO: Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Ama Yɛn No Ho Mpopoe (4:38)

      Monkenkan Dwom 145:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ Yehowa bɛma ‘ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’ Wei ma wote nka sɛn?

      EBINOM KA SƐ: “Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ baako a, anka wobetumi ayi wiase haw afi hɔ.”

      • Ɔhaw ahorow bɛn na Onyankopɔn Ahenni no beyi afi hɔ a nnipa aban rentumi nyi mfi hɔ da?

      NEA YƐASUA

      Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔnam n’Ahenni no so bɛyɛ ne nyinaa. Obesiesie asaase no ama ayɛ paradise, na ɔde ama apapafo atena so, na wɔbɛsom no afebɔɔ.

      Ntimu

      • Sɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛma Yehowa din ho atew?

      • Nhyira ahorow a Bible ahyɛ bɔ sɛ yɛn nsa bɛka no, adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma ne nyinaa abam?

      • Nhyira a Ahenni no de bɛba no, emu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan denneennen?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Armagedon kyerɛ ankasa.

      “Dɛn Ne Armagedon Ko No?” (Ɛwɔ jw.org)

      Yesu kaa sɛ “ahohiahia kɛse” bi bɛba. Sɛ saa bere no du a, nneɛma bɛn na ebesisi? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu.

      “Dɛn Ne Ahohiahia Kɛse No?” (Ɛwɔ jw.org)

      Nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba daakye no, hwɛ sɛnea mmusua betumi abom adwinnwen ho.

      Fa No Sɛ Wowɔ Paradise (1:50)

      Kenkan asɛm a yɛato din “Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu sɛnea ɔbarima bi a na ɔyɛ ɔmammɔfo nyaa ne nsɛmmisa ho mmuae.

      “Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, January 1, 2012)

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena