Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 1/15 kr. 10-15
  • So Wo Mpaebɔ ‘Te Sɛ Aduhuam’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Mpaebɔ ‘Te Sɛ Aduhuam’?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔ Mpae Wɔ Gyidi Mu
  • Yi Yehowa Ayɛ na Da No Ase
  • Fi Ahobrɛase Mu Hwehwɛ Yehowa Mmoa
  • Ma Yesu Nkyerɛ Wo Mpaebɔ
  • Yɛ Ade Ma Ɛne Wo Mpaebɔ Nhyia
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hokwan a Woanya De Bɔ Mpae No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 1/15 kr. 10-15

So Wo Mpaebɔ ‘Te Sɛ Aduhuam’?

“Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam w’anim.”—DWOM 141:2, NW.

1, 2. Aduhuam a na wɔhyew no yɛɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

YEHOWA NYANKOPƆN hyɛɛ ne diyifo Mose sɛ ɔnyɛ aduhuam kronkron a wɔde bedi dwuma wɔ Israel ɔsom ntamadan no mu. Ná ɔsoro akwankyerɛ hwehwɛ sɛ wɔde ahuamhuamnne anan na ɛfrafra yɛ. (Exodus 30:34-38) Ná ɛyɛ huam ankasa.

2 Ná Mmara apam a wɔde Israel man no baa mu no hwehwɛ sɛ wɔhyew aduhuam daa. (Exodus 30:7, 8) So na aduhuam a wɔde di dwuma no kyerɛ biribi titiriw bi? Yiw, efisɛ odwontofo no too dwom sɛ: “Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam w’anim [Yehowa Nyankopɔn], na me nsa soma nyɛ sɛ anwummere ayɛyɛde.” (Dwom 141:2, NW) Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɔsomafo Yohane ka wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn soro ahengua no anim ho asɛm sɛ wokurakura sika mfamfa a aduhuam ayɛ no mama. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: ‘Aduhuam no kyerɛ ahotefo mpaebɔ.’ (Adiyisɛm 5:8) Enti, na aduhuam a ano yɛ den a wɔhyew no yɛ Yehowa asomfo mpae a wɔbɔ no awia ne anadwo a wogye tom ho sɛnkyerɛnne.—1 Tesalonikafo 3:10; Hebrifo 5:7.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma ‘yɛn mpaebɔ yɛ sɛ aduhuam wɔ Onyankopɔn anim’?

3 Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔ Yesu Kristo din mu. (Yohane 16:23, 24) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn? Wiɛ, ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow bi a yebesusuw ho no boa yɛn ma yɛma yɛn mpaebɔ yɛ sɛ aduhuam wɔ Yehowa anim.—Mmebusɛm 15:8.

Bɔ Mpae Wɔ Gyidi Mu

4. Ɔkwan bɛn so na gyidi fa mpaebɔ a wotie ho?

4 Sɛ yɛn mpaebɔ bedu Onyankopɔn anim sɛ aduhuam a ano yɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔ gyidi mu. (Hebrifo 11:6) Sɛ Kristofo mpanyimfo hu sɛ obi a ɔyare wɔ honhom mu gye wɔn mmoa a egyina Kyerɛwnsɛm so no tom a, wɔn “gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa.” (Yakobo 5:15) Yɛn soro Agya no ani sɔ mpae a yɛbɔ wɔ gyidi mu no, na saa ara na n’ani sɔ Onyankopɔn Asɛm a yɛde mpaebɔ sua no. Odwontofo no daa su pa adi bere a ɔtoo dwom yi no: “Mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho, na madwen w’ahyɛde ho. Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi.” (Dwom 119:48, 66) Momma ‘yɛmma yɛn nsa so’ wɔ odwo mpaebɔ mu, na yennya gyidi denam Onyankopɔn mmara nsɛm a yebedi so no so.

5. Sɛ yenni nyansa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

5 Fa no sɛ yenni nyansa a ehia ma yɛde agyina sɔhwɛ bi ano. Ebia yentumi nhu sɛ Bible nkɔmhyɛ pɔtee bi renya mmamu mprempren. Sɛ́ anka yɛbɛma eyi abrɛ yɛn ase wɔ honhom mu no, momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ nyansa. (Galatifo 5:7, 8; Yakobo 1:5-8) Nokwarem no, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn betie yɛn wɔ ɔkwan soronko bi so. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛn mpaebɔ no fi komam denam nea ɔhwehwɛ fi ne nkurɔfo nyinaa hɔ a yebedi so no so. Ɛho hia sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no ma ɛhyɛ yɛn gyidi den denam nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no mmoa so. (Mateo 24:45-47; Yosua 1:7, 8) Ɛsɛ sɛ yetu mpɔn nso wɔ nimdeɛ mu denam Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam ahorow a yɛde yɛn ho behyem daa no so.—Hebrifo 10:24, 25.

6. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu fa yɛn nna yi ne Bible nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu no ho? (b) Sɛ Yehowa din a yɛbɛbɔ mpae sɛ ɛho ntew no da nkyɛn a, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Ɛnnɛ, Kristofo binom tiw honam fam nneɛma araa ma wɔn werɛ fi sɛ yɛadu akyiri wɔ “awiei bere no” mu. (Daniel 12:4) Mfɛfo gyidifo betumi abɔ mpae ɔkwampa so sɛ saafo no nka gyidi a wɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristo mmae no fii ase wɔ 1914 mu bere a Yehowa de no dii ade sɛ ɔsoro Hene ne sɛ ɔredi tumi wɔ n’atamfo mfinimfini ho no hyew anaasɛ wɔnhyɛ mu den. (Dwom 110:1, 2; Mateo 24:3) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ nsɛm a wɔka siei sɛ ebesisi te sɛ atoro som—“Babilon kɛse”—no sɛe, Gog a ofi Magog ntua bɔne a ɔde bɛba Yehowa nkurɔfo so, ne gye a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no begye wɔn wɔ Harmagedon ko mu no betumi asisi mpofirim koraa, na ne nyinaa betumi aba bere tiaa mu. (Adiyisɛm 16:14, 16; 18:1-5; Hesekiel 38:18-23) Enti momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn mmoa na ama yɛatumi awɛn wɔ honhom mu. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛbɔ mpae anibere so sɛ Yehowa din ho ntew, N’ahenni mmra, na ne pɛ nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro. Yiw, momma yɛnkɔ so nnya gyidi na yɛnkyerɛ sɛ yɛn mpaebɔ fi komam. (Mateo 6:9, 10) Nokwarem no, ɛmmra sɛ yɛn a yɛdɔ Yehowa nyinaa bɛhwehwɛ Ahenni no ne ne trenee kan, na yɛanya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse sɛnea yebetumi biara ansa na awiei no aba.—Mateo 6:33; 24:14.

Yi Yehowa Ayɛ na Da No Ase

7. Dɛn na ɛkanyan wo wɔ Dawid mpaebɔ a wɔayɛ ne fã bi ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Beresosɛm 29:10-13 no ho?

7 Ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ama ‘yɛn mpaebɔ ayɛ sɛ aduhuam’ ne sɛ yebefi komam ayi Onyankopɔn ayɛ ada no ase. Ɔhene Dawid bɔɔ mpae a ɛte saa bere a ɔne Israelfo yii Yehowa asɔrefie no si ho ntoboa no. Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Nhyira ne wo, [Yehowa, NW], yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Wo [Yehowa, NW] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdeɛ ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, [Yehowa, NW], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Beresosɛm 29:10-13.

8. (a) Ayeyi nsɛm a ɛwɔ Dwom 148 kosi 150 bɛn na ɛka wo koma titiriw? (b) Sɛ yenya nkate a wɔada no adi wɔ Dwom 27:4 no bi a, dɛn na yɛbɛyɛ?

8 Ayeyi ne aseda nsɛm a ɛyɛ dɛ bɛn ara ni! Ebia yɛrentumi mfa anotew mmɔ mpae, nanso ebetumi ayɛ nea efi komam. Aseda ne ayeyi mpaebɔ ayɛ Nnwom nhoma no ma. Yehu ayeyi nsɛm a yebetumi apaw bi de adi dwuma wɔ Nnwom 148 kosi 150. Wɔda aseda a wɔde ma Nyankopɔn adi wɔ nnwom pii mu. Dawid too dwom sɛ: “Ade biako na masrɛ [Yehowa, NW], ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra [Yehowa, NW] fi, na mahyɛ [Yehowa, NW] animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.” (Dwom 27:4) Momma yɛnyɛ ade ma ɛne mpaebɔ a ɛte saa nhyia denam nsi a yɛde benya Yehowa asafo dɔm no dwumadi nyinaa mu kyɛfa no so. (Dwom 26:12) Eyi a yɛbɛyɛ ne Onyankopɔn Asɛm a yebesusuw ho daa no bɛma yɛanya nneɛma pii a yebegyina so de komam ayeyi ne aseda akɔ Yehowa anim.

Fi Ahobrɛase Mu Hwehwɛ Yehowa Mmoa

9. Ɔhene Asa bɔɔ mpae dɛn, na dɛn na efi mu bae?

9 Sɛ yefi koma nyinaa mu resom Yehowa sɛ N’adansefo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ otie mpae a yɛbɔ de hwehwɛ mmoa no. (Yesaia 43:10-12) Susuw Yuda hene Asa ho. Ná asomdwoe wɔ ne mfe 41 adedi (977-937 A.Y.B.) no mfe 10 a edi kan no mu. Afei asraafo ɔpepem biako a na Etiopiani Serah di wɔn anim kotuu Yuda so sa. Ɛwom sɛ na ntuafo no dɔɔso sen Asa ne ne mmarima koraa de, nanso Asa ne ne mmarima no kohyiaa wɔn. Nanso, ansa na ɔko no refi ase no, Asa bɔɔ mpae anibere so. Onyaa Yehowa tumi a ɔde gye nkwa no mu ahotoso. Bere a ɔhene no resrɛ mmoa no, ɔkae sɛ: “Wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.” Nkonimdi kɛse fii mu bae bere a Yehowa gyee Yuda esiane ne din a ɛkorɔn no nti. (2 Beresosɛm 14:1-15) Sɛ́ Onyankopɔn gye yɛn fi sɔhwɛ bi mu anaasɛ ɔhyɛ yɛn den ma yegyina ano no, akyinnye biara nni ho sɛ otie yɛn adesrɛ a yɛde to n’anim hwehwɛ ne mmoa no.

10. Sɛ yennim sɛnea yebegyina ɔhaw bi ano a, ɔkwan bɛn so na Ɔhene Yehosafat mpaebɔ no betumi aboa yɛn?

10 Sɛ yennim sɛnea yebedi ɔhaw bi ho dwuma a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ a yɛde hwehwɛ ne mmoa no. Eyi daa adi wɔ Yuda hene Yehosafat a ne mfe 25 adedi fii ase 936 A.Y.B. mu no bere so. Bere a Moab, Amon, ne Seir bepɔw so asraafo boom tuu Yuda so sa no, Yehosafat srɛe sɛ: “Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.” Yehowa tiee saa mpae a ofi ahobrɛase mu bɔe no, na ɔko maa Yuda denam basabasayɛ a ɔde baa atamfo no mu ma wokunkum wɔn ho no so. Ne saa nti, aman a atwa wɔn ho ahyia no bɔɔ hu, na asomdwoe baa Yuda. (2 Beresosɛm 20:1-30) Sɛ yenni nyansa a yɛde begyina ɔhaw bi ano a, te sɛ Yehosafat no, yebetumi abɔ mpae sɛ: “Yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.” Honhom kronkron no betumi akaakae yɛn Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ehia na yɛde adi ɔhaw no ho dwuma no, anaasɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn wɔ ɔkwan a ɛboro onipa ntease so no so.—Romafo 8:26, 27.

11. Dɛn na yebetumi asua afa mpaebɔ ho afi nea Nehemia yɛe wɔ Yerusalem fasu ho no mu?

11 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn mmoa daa. Nehemia twaa dwow, sui, dii mmuada, bɔɔ mpae nna pii wɔ Yerusalem ɔfasu a na abubu ne Yudafo tebea ho. (Nehemia 1:1-11) Ɛda adi sɛ ne mpaebɔ no kɔɔ Onyankopɔn anim sɛ aduhuam a ano yɛ den. Da bi Persia hene Artasasta bisaa Nehemia a na wabotow no sɛ: “Ɛdɛn na worehwehwɛ yi?” Nehemia bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.” Wotiee saa mpaebɔ tiawa a ɔbɔɔ no koom no, efisɛ wɔmaa Nehemia kwan ma odii ade a na ɛda ne koma so no ho dwuma denam Yerusalem a ɔkɔe kosii n’afasu a na abubu no so.—Nehemia 2:1-8.

Ma Yesu Nkyerɛ Wo Mpaebɔ

12. Ɔkwan bɛn so na wode w’ankasa nsɛm bɛbɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mua?

12 Wɔ mpaebɔ ahorow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu nyinaa mu no, nea ɛde nkyerɛkyerɛ ma titiriw ne mpaebɔ nhwɛso a Yesu Kristo de mae sɛ aduhuam a ano yɛ den no. Luka Asɛmpa no ka sɛ: “[Yesu] asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no. Na osee wɔn sɛ: Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn ano aduan sɛnea da no ahiade te! Na fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!” (Luka 11:1-4; Mateo 6:9-13, NW) Momma yensusuw saa mpaebɔ yi a na ɛnyɛ sɛ yebetĩ mu aka, na mmom sɛ ɛbɛkyerɛ yɛn kwan no ho.

13. Wobɛkyerɛkyerɛ hia a nsɛm, “Agya, wo din ho ntew” ho hia no mu dɛn?

13 “Agya, wo din ho ntew.” Yehowa a yɛbɛfrɛ no sɛ Agya no yɛ hokwan soronko a n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so wɔ. Sɛ́ mma a wɔde wɔn haw biara kɔ agya a ɔwɔ mmɔborohunu nkyɛn ntɛm ara no, ɛsɛ sɛ yegye bere de nidi ne fɛre bɔ Onyankopɔn mpae daa. (Dwom 103:13, 14) Ɛsɛ sɛ yɛda sɛnea Yehowa din ho a wɔbɛtew ho hia yɛn no adi wɔ yɛn mpaebɔ mu efisɛ yɛpɛ sɛ wɔtew ho wɔ efĩ a wɔde aba so no nyinaa ho. Yiw, yɛpɛ sɛ Yehowa din da nsow na wobu no kronkron.—Dwom 5:11; 63:3, 4; 148:12, 13; Hesekiel 38:23.

14. Dɛn na mpae a yɛbɛbɔ sɛ, “W’ahenni mmra” no kyerɛ?

14 “W’ahenni mmra.” Ahenni no yɛ Yehowa tumidi a ɔnam ɔsoro Mesia nniso a ɛwɔ ne Ba ne “ahotefo” a wɔka Yesu ho nsam no so da no adi. (Daniel 7:13, 14, 18, 27; Adiyisɛm 20:6) Ɛrenkyɛ, ‘ɛbɛba’ wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi wɔ asase so nyinaa so, na ayi wɔn afi hɔ. (Daniel 2:44) Afei wɔbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ asase so, sɛ wɔyɛ wɔ soro no. (Mateo 6:10) Hwɛ anigye ara a ɛde bɛbrɛ abɔde a wɔde nokwaredi resom Amansan Hene no nyinaa!

15. Dɛn na Yehowa a yɛbɛsrɛ no sɛ ɔmma “yɛn yɛn ano aduan” no kyerɛ?

15 “Ma yɛn yɛn ano aduan sɛnea da no ahiade te.” Yehowa a yɛbɛsrɛ no sɛ ɔmma yɛn “yɛn ano aduan” no kyerɛ sɛ yɛremmisa nneɛma a ɛboro so, na mmom nea ehia yɛn daa nkutoo. Ɛwom sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔbɛma yɛn yɛn ahiade de, nanso yɛyɛ adwuma, fa ɔkwan biara a ɛfata so na ama yɛanya aduan ne ahiade afoforo. (2 Tesalonikafo 3:7-10) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn soro Demafo no ase efisɛ ɛdenam ne dɔ, nyansa, ne tumi so na yɛn nsa ka saa nneɛma yi.—Asomafo no Nnwuma 14:15-17.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn hɔ fafiri?

16 “Fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka.” Esiane sɛ yɛtɔ sin na yɛyɛ bɔne nti, yentumi nnu Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ no ho pɛpɛɛpɛ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛfa Yesu agyede afɔre no so bɔ mpae srɛ ne nkyɛn fafiri. Na sɛ yɛpɛ sɛ “mpaebɔ tiefo” no de saa afɔrebɔ no so mfaso di dwuma wɔ yɛn bɔne ho a, ɛsɛ sɛ yɛsakra na yenya ɔpɛ sɛ yebegye nteɛso biara a ɔde ma yɛn no atom. (Dwom 65:2; Romafo 5:8; 6:23; Hebrifo 12:4-11) Bio nso, sɛ “yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka,” wɔn a wɔfom yɛn no nkutoo a, na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de befiri yɛn.—Mateo 6:12, 14, 15.

17. Dɛn na nsɛm, “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no kyerɛ?

17 “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” Ɛtɔ mmere bi a Bible ka sɛ Yehowa na ɔyɛ nneɛma bi de, nanso ɛyɛ a na ɔma ho kwan ara kwa. (Rut 1:20, 21) Onyankopɔn mfa bɔne nsɔ yɛn nhwɛ. (Yakobo 1:13) Ɔbonsam, yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw, ne saa wiase yi na ɛma yɛn kɔn dɔ bɔne. Satan ne Ɔsɔhwɛfo a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛayɛ bɔne atia Nyankopɔn. (Mateo 4:3; 1 Tesalonikafo 3:5) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ, “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” a, na yɛresrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmma yennni nkogu bere a wɔsɔ yɛn hwɛ sɛ yɛnyɛ ne so asoɔden no. Obetumi akyerɛ yɛn kwan na yɛannyae yɛn ho mu, amma Satan, ‘ɔbɔnefo’ no, annya yɛn.—Mateo 6:13; 1 Korintofo 10:13.

Yɛ Ade Ma Ɛne Wo Mpaebɔ Nhyia

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ ade ma ɛne mpae a yɛbɔ de hwehwɛ aware ne abusua asetra a anigye wom no ahyia?

18 Nneɛma atitiriw bi na Yesu mpaebɔ nhwɛso no ka ho asɛm, nanso yebetumi abɔ biribi foforo biara ho mpae. Sɛ nhwɛso no, yebetumi abɔ mpae sɛ yɛpɛ aware a anigye wom. Yebetumi abɔ mpae asrɛ ahosodi na ama yɛakura ahotew mu akosi sɛ yɛbɛware. Nanso momma yɛnyɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ no nhyia denam ɔbrasɛe ho nhoma ahorow ne anigyede a ɔbrasɛe wom a yɛbɛkwati so. Momma yensi yɛn bo nso sɛ ‘yɛbɛware wɔ Awurade mu nko.’ (1 Korintofo 7:39; Deuteronomium 7:3, 4) Sɛ yɛware wie a, ebehia sɛ yɛyɛ ade ma ɛne mpae a yɛbɔ de hwehwɛɛ anigye no hyia denam Onyankopɔn afotu a yɛde bedi dwuma so. Na sɛ yɛwɔ mma a, ɛnnɔɔso kɛkɛ sɛ yɛbɛbɔ mpae sɛ wɔbɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de Onyankopɔn nokware ahorow hyɛ wɔn adwene mu denam Bible adesua ne Kristofo nhyiam ahorow a yɛne wɔn bɛkɔ daa so.—Deuteronomium 6:5-9; 31:12; Mmebusɛm 22:6.

19. Sɛ yɛrebɔ yɛn som adwuma ho mpae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

19 So yɛrebɔ mpae ahwehwɛ nhyira wɔ ɔsom adwuma no mu? Ɛnde momma yɛnyɛ ade ma ɛne mpaebɔ a ɛte saa nhyia denam Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa a ɛfata a yebenya no so. Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ hokwan a yɛde bɛboa afoforo ma wɔahu daa nkwa kwan no a, ehia sɛ yɛyɛ anigyefo a yenya wɔn no ho kyerɛwtohɔ pa, na yenya ɔpɛ sɛ yɛde ofie Bible adesua yɛ bɛka yɛn nhyehyɛe ho. Na sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no sɛ akwampaefo nso ɛ? Ɛnde momma yɛnyɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ no nhyia denam asɛnka adwuma no a yɛbɛyɛ pii ne akwampaefo a yɛne wɔn bɛkɔ asɛnka no so. Nneɛma a ɛte saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ no ahyia.

20. Dɛn na asɛm a edi hɔ no besusuw ho?

20 Sɛ yɛresom Yehowa nokwaredi mu a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ obetie yɛn mpaebɔ a ɛne n’apɛde hyia no. (1 Yohane 5:14, 15) Nokwarem no, yɛn nsa aka nneɛma a mfaso wɔ so afi mpaebɔ ahorow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no bi mu nhwehwɛmu a yɛayɛ no mu. Yɛn asɛm a edi hɔ no besusuw Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ foforo a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ ‘wɔn mpaebɔ yɛ sɛ aduhuam wɔ Yehowa anim’ no di so no ho.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ gyidi mu?

◻ Dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ ayeyi ne aseda di wɔ yɛn mpaebɔ mu?

◻ Dɛn nti na yebetumi de ahotoso ahwehwɛ Yehowa mmoa wɔ mpaebɔ mu?

◻ Mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛntitiriw no bi ne dɛn?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ ahyia?

[Kratafa 12 mfonini]

Te sɛ Ɔhene Yehosafat no, ɛtɔ mmere bi a, yebetumi abɔ mpae sɛ: ‘Yennim nea yɛnyɛ, na wo, Yehowa, so na yɛn ani da’

[Kratafa 13 mfonini]

So wobɔ mpae ma ɛne Yesu mpaebɔ nhwɛso no hyia?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena