“Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”
“N’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.”—LUKA 11:1.
1-3. (a) Dɛn nti na Yesu asuafo no hwehwɛɛ mpae ho akwankyerɛ? (b) Nsemmisa a ɛfa mpaebɔ ho bɛn na ɛsɔre?
NNIPA binom wɔ nnwonto nne a ɛyɛ dɛ akyɛde. Ebinom nso wɔ ɔdom akyɛde sɛ nnwom hyehyɛfo. Nanso sɛ saa nnwontofo ne asankubɔfo yi betumi anya nkɔso kɛse a, wohia akwankyerɛ. Saa ara na ɛte wɔ mpaebɔ ho. Yesu Kristo asuafo no behui sɛ sɛ Onyankopɔn betie wɔn mpaebɔ a, na wohia akwankyerɛ.
2 Na Yesu taa bɔ n’Agya mpae kokoam, sɛnea ɔyɛe anadwo mu bi nyinaa ansa na ɔrepaw asomafo 12 no. (Luka 6:12-16) Ɛwom sɛ ɔhyɛɛ n’asuafo no nso sɛ wɔmmɔ mpae kokoam de, nanso wɔtee sɛ ɔbɔ mpae baguam na wohui sɛ na ɔnte sɛ nyamesomfo nyaatwomfo a wɔbɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu wɔn no. (Mateo 6:5, 6) Ɛnde, na ntease wom sɛ Yesu akyidifo no pɛe sɛ wonya n’akwankyerɛ a ɛkɔ anim wɔ mpaebɔ ho no. Enti, yɛkenkan sɛ: “Na ɛbae sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpae na ogyaee no, n’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane [Osuboni no] nso kyerɛɛ n’asuafo no.”—Luka 11:1.
3 Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? Dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso afi n’akwankyerɛ a ɛfa mpaebɔ ho no mu?
Asuade Ahorow ma Yɛn
4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mpaebɔ da,’ na saa a yɛbɛyɛ no kyerɛ dɛn
4 Yebetumi asua pii afi Yesu nsɛm ne ne nhwɛso sɛ obi a na ɔpɛ mpaebɔ no mu. Asuade biako ne sɛ sɛ na Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no hia sɛ ɔbɔ mpae daa a, ɛho hia kɛse ma n’asuafo a wɔnyɛ pɛ no sɛ wɔbɛkɔ so ahwɛ Onyankopɔn ma wama wɔn akwankyerɛ, awerɛkyekye, ne honhom mu ahoɔden. Enti, ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mpaebɔ da.’ (1 Tesalonikafo 5:17) Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebu nkotodwe ankasa bere nyinaa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛn koma nya mpaebɔ su daa. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn ma ɔkyerɛ yɛn kwan wɔ asetra mu biribiara mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de nhumu ayɛ ade na yɛanya ne mpeneso bere nyinaa.—Mmebusɛm 15:24.
5. Dɛn na ebetumi agye bere a ɛsɛ sɛ yɛde bɔ mpae no, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ eyi ho?
5 “Nna a edi akyiri” yi mu no, nneɛma pii betumi agye bere a ɛsɛ sɛ yɛde bɔ mpae no. (2 Timoteo 3:1) Nanso sɛ ofie ɔhaw, adwumam nwenehosɛm, ne nea ɛtete saa retwitware mpae a yɛbɛbɔ yɛn soro Agya no daa no ananmu a, na asetra yi mu dadwen ahorow rehyɛ yɛn so dodo. Ɛsɛ sɛ yesiesie tebea a ɛte saa no ntɛm ara, efisɛ mpae a yɛmmɔ no ma yɛhwere gyidi. Ebia ɛsɛ sɛ yɛtew asetra mu asɛyɛde ahorow so anaasɛ yɛma asetra mu nneɛma ho a yedwen ne yɛn koma a yɛbɛdan akɔ Onyankopɔn nkyɛn anibere so kɛse ne daa de hwehwɛ akwankyerɛ no kari pɛ. Ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani da hɔ ma mpaebɔ.’—1 Petro 4:7.
6. Mpaebɔ bɛn na yɛbɛhwehwɛ mu mprempren, na botae no ne dɛn?
6 Wɔ nea wɔafrɛ no mpaebɔ nhwɛso no mu no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛnea wɔmmɔ mpae, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔka pɔtee. Ɛsono Luka kyerɛwtohɔ no wɔ Mateo de no ho wɔ ɔkwan bi so efisɛ ɛsono bere a emu biara ka ho asɛm. Yɛbɛhwehwɛ saa mpaebɔ yi mu sɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yesu akyidifo ne Yehowa Adansefo no ho nhwɛso.
Yɛn Agya no ne Ne Din
7. Henanom na wɔwɔ hokwan sɛ wɔfrɛ Yehowa sɛ “yɛn Agya”?
7 “Yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mateo 6:9; Luka 11:2) Esiane sɛ Yehowa ne adesamma Bɔfo na ɔte ɔsoro nti, ɛfata sɛ yɛfrɛ no “yɛn Agya a wowɔ soro.” (1 Ahene 8:49; Asomafo no Nnwuma 17:24) Asɛm “yɛn” a wɔde di dwuma no kyerɛ sɛ afoforo nso ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a ɛbɛn so kɛse. Nanso henanom na wɔwɔ hokwan a biribiara nsiw kwan sɛ wɔfrɛ no wɔn Agya no? Ɛyɛ ankorankoro a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔwɔ n’asomfo abusua no mu no nkutoo. Yehowa a yɛfrɛ no “yɛn Agya” no da no adi sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi na yehu sɛ ɔkwan biako pɛ a wɔnam so pata yɛne no ntam ne sɛ yebegye Yesu ogye afɔre no atom.—Hebrifo 4:14-16; 11:6.
8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn kɔn dɔ sɛ yebegye bere de abɔ Yehowa mpae?
8 Ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛbɛn yɛn soro Agya no kɛse dɛn ara! Sɛ́ mma a wɔmmrɛ sɛ wɔbɛkɔ wɔn agya nkyɛn no, ɛsɛ sɛ yɛn kɔn dɔ sɛ yebegye bere de abɔ Onyankopɔn mpae. Ɛsɛ sɛ aseda a yɛde ma wɔ ne honhom ne honam fam nhyira horow ho no ka yɛn ma yɛda no ase wɔ ne papayɛ ho. Ɛsɛ sɛ biribi ka yɛn ma yɛde nnesoa ahorow a ɛhyɛ yɛn so no kɔ ne nkyɛn, a yɛwɔ ahotoso sɛ obeso yɛn mu. (Dwom 55:22) Yebetumi agye adi sɛ sɛ yɛyɛ anokwafo a, awiei koraa no, biribiara bɛkɔ yiye ama yɛn efisɛ odwen yɛn ho.—1 Petro 5:6, 7.
9. Mpae a wɔbɔ sɛ Yehowa din ho ntew no yɛ dɛn ho abisade?
9 “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9; Luka 11:2) Ɛtɔ mmere bi a asɛmfua “din” no kyerɛ onipa no ankasa, na ‘sɛ wɔtew ade ho’ no kyerɛ sɛ “wɔyɛ no kronkron, woyi si hɔ anaasɛ wobu sɛ ɛyɛ kronn.” (Fa toto Adiyisɛm 3:4 ho.) Enti, nea ɛkyerɛ ne sɛ mpae a wɔbɔ sɛ Onyankopɔn din ho ntew no yɛ abisade a ɛne sɛ Yehowa nyɛ biribi mfa ntew ne ho. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ahohorabɔ a wɔde aba ne din so no nyinaa a obeyi afi hɔ no so. (Dwom 135:13) Ɛno nti, Onyankopɔn beyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi hɔ, ɔbɛyɛ ne ho kɛse, na wama amanaman no ahu sɛ ɔne Yehowa. (Hesekiel 36:23; 38:23) Sɛ yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu saa da no na yɛn ani sɔ Yehowa kɛseyɛ ampa a, yɛde nsɛm a ɛne “wo din ho ntew” no bɛkɔ ne nkyɛn wɔ obu honhom mu daa.
Onyankopɔn Ahenni ne N’apɛde
10. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na ɛkyerɛ dɛn?
10 “W’ahenni mmra” (Mateo 6:10; Luka 11:2) Ahenni a wɔka ho asɛm wɔ ha no ne Yehowa amansan tumidi a wɔnam ɔsoro Mesia nniso a ɛwɔ Yesu Kristo ne n’ahokafo “akronkronfo” no nsam no so da no adi no. (Daniel 7:13, 14, 18, 27; Yesaia 9:6, 7; 11:1-5) Dɛn na mpae a wɔbɔ sɛ ‘ɛmmra’ no kyerɛ? Eyi kyerɛ sɛ yebisa sɛ ɛmmra mmɛko ntia asase sofo a wɔsɔre tia ɔsoro nniso no nyinaa. Bere a Ahenni no ‘abubu asase so ahenni horow nyinaa ama asa’ no, ɛbɛdan asase ma ayɛ wiase nyinaa paradise.—Daniel 2:44; Luka 23:43.
11. Sɛ yɛn kɔn dɔ sɛ yebehu sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde amansan nyinaa mu a, dɛn na yɛbɛyɛ?
11 “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Eyi yɛ abisade a ɛhwehwɛ sɛ Onyankopɔn di n’atirimpɔw a ɛfa asase ho no ho dwuma, a nea ɛka ho ne n’atamfo a obeyi wɔn afi hɔ. (Dwom 83:9-18; 135: 6-10) Nokwarem no, ɛkyerɛ sɛ yɛn kɔn dɔ sɛ yebehu sɛ wɔyɛ ɔsoro apɛde amansan nyinaa mu. Sɛ ɛno wɔ yɛn koma mu a, yɛbɛyɛ Yehowa apɛde sɛnea yɛn ahoɔden betumi biara daa. Sɛ yɛmmfa anibere mmɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ yɛn ankasa fam a, yɛrentumi mfa nokwaredi nsrɛ biribi a ɛte saa. Ɛnde, sɛ yɛrebɔ mpae saa kwan yi so a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛnyɛ nneɛma ahorow a ɛne saa apɛde no nhyia, te sɛ obi a ɔnyɛ ogyidini a yɛne no bɛyɛ aware nhyehyɛe anaasɛ yɛbɛfa wiase akwan so. (1 Korintofo 7:39; 1 Yohane 2:15-17) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛma nsusuwii yi tra yɛn adwenem daa sɛ, ‘Dɛn ne Yehowa apɛde wɔ asɛm yi mu?’ Yiw, sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Onyankopɔn a, yɛbɛhwehwɛ n’akwankyerɛ wɔ asetra mu nsɛm nyinaa mu.—Mateo 22:37.
Yɛn Daa Aduan
12. ‘Daa aduan nnɛ’ a yebebisa no ka yɛn ɔkwampa bɛn so?
12 “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ.” (Mateo 6:11) Luka kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Ma yɛn yɛn nnɛ aduan sɛnea ɛda no mu ahwehwɛde te.” (Luka 11:3, New World Translation) Bisa a yebisa Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn aduan a ehia “nnɛ” no ma gyidi a yɛwɔ wɔ yɛn ahiade ahorow a otumi di ho dwuma da biara da no mu no yɛ kɛse. Na ɛsɛ sɛ Israelfo no tase mana “nea ɛbɛso wɔn ano da koro,” ɛnyɛ dapɛn biako anaa nea ɛboro saa. (Exodus 16:4) Eyi nyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade ne nsiesiei a abu so ho mpaebɔ na mmom yɛn da biara da ahiade ahorow bere a ɛsɔre no. Afei nso, yɛn da biara da aduan nkutoo a yɛsrɛ no boa yɛn na amma yɛanyɛ adifudepɛ.—1 Korintofo 6:9, 10.
13. (a) Wɔ ntease a wɔabae mu mu no, dɛn na daa aduan nnɛ a yebisa no kyerɛ? (b) Sɛ yɛyɛ adwuma dennen nanso ɛkame ayɛ sɛ yennya nea ɛbɛso yɛn mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su?
13 Wɔ ntease a wɔabae mu mu no, daa aduan a yebisa no da no adi sɛ yɛmmfa yɛn ho nto yɛn ankasa ho so na mmom yɛhwɛ Onyankopɔn daa na wama yɛn aduan, anonne, ntama, ne ahiade afoforo. Sɛ́ n’asomfo abusua no mufo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛwɔ yɛn Agya no mu ahotoso nanso yɛntra hɔ kwa ntwɛn sɛ ɔmma yɛn nea yehia anwonwa kwan so. Yɛyɛ adwuma na yɛde nea yenya biara tɔ aduan ne ahiade afoforo. Nanso, yɛda Onyankopɔn ase wɔ mpaebɔ mu ma ɛfata efisɛ yehu yɛn soro Agya no dɔ, nyansa, ne ne tumi wɔ nsiesiei ahorow yi akyi. (Asomafo no Nnwuma 14:15-17; fa toto Luka 22:19 ho.) Ebia yɛn adwumadenyɛ bɛma yɛanya yɛn ho. Nanso sɛ yɛyɛ adwumaden na yennya nea ɛbɛso yɛn mpo a, momma yɛmfa aseda mma na ɛno ara nnɔɔ yɛn so. (Filipifo 4:12; 1 Timoteo 6:6-8) Nokwarem no, ebia obi a ɔwɔ onyamesom pa su a nea obedi ne nea ɔde kata ne ho nkutoo na onya no ani begye koraa asen ebinom a wɔanya wɔn ho honam fam. Enti sɛ yenni pii esiane nsɛm tebea horow a yentumi nyɛ ho hwee nti a, mommma ɛnhaw yɛn. Yebetumi ayɛ adefo wɔ honhom fam ara. Ampa, ɛho nhia sɛ yedi hia wɔ gyidi, anidaso, ne ɔdɔ ma Yehowa a yɛn ayeyi ne aseda foro kɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ a efi koma mu no mu.
Yɛn Aka a Wɔde Befiri Yɛn
14. Aka bɛn na yɛsrɛ sɛ wɔmfa mfiri yɛn, na dɛn na Onyankopɔn de tua?
14 “Na fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.” (Mateo 6:12) Luka kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ saa aka no yɛ bɔne ahorow. (Luka 11:4) Bɔne a yenya fii awo mu no mma yentumi nyɛ ade nyinaa sɛnea yɛn Agya no apɛde a ɛyɛ pɛ no te. Enti, ɔkwan bi so no, sintɔ ahorow yi ayɛ yɛn aka, anaasɛ asɛyɛde ahorow wɔ Onyankopɔn anim, fi bere a yefii ase ‘traa ase na yɛnantew honhom mu’ no. (Galatifo 5:16-25; fa toto Romafo 7:21-25 ho.) Yɛde saa aka yi efisɛ yɛnyɛ pɛ na mprempren yɛrentumi nnu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow no ho nwie. Ɛyɛ saa bɔne ahorow yi a wɔde befiri yɛn no nti na yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɔ mpae no. Nea ɛyɛ anigye no, Onyankopɔn betumi de Yesu ogye afɔre no bo a ɛsom no atua saa aka, anaa bɔne ahorow yi.—Romafo 5:8; 6:23.
15. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nteɛso a ehia ho?
15 Sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de yɛn aka anaa bɔne befiri yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene na yenya ɔpɛ sɛ yebegye nteɛso so atom. (Mmebusɛm 28:13; Asomafo no Nnwuma 3:19) Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, ɔma yɛn nteɛso a yɛn ankasa hia sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asiesie yɛn mmerɛwyɛ ahorow. (Mmebusɛm 6:23; Hebrifo 12:4-6) Nokwarem no, sɛ gyidi ne nimdeɛ mu onyin ma yɛn koma ne Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow hyia kɛse na yɛmmoapa nyɛ bɔne a, yɛn ani betumi agye. Nanso sɛ yehu boapayɛ bi wɔ yɛn bɔne mu nso ɛ? Ɛnde ɛsɛ sɛ yedi ho yaw kɛse na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae anibere so srɛ bɔne fafiri. (Hebrifo 10:26-31) Bere a yɛde afotu a yɛn nsa ka redi dwuma no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn kwan ntɛm ara.
16. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkɔ so asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn?
16 Mfaso wɔ so sɛ yebebisa Onyankopɔn daa sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn. Eyi a yɛbɛyɛ no ma yedwen abɔnefo a yɛyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase no ho. (Dwom 51:3, 4, 7) Ɛho hia sɛ yɛn soro Agya no “de yɛn bɔne befiri yɛn na . . . watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.” (1 Yohane 1:8, 9) Bio nso, yɛn bɔne ahorow a yɛbɛka ho asɛm wɔ mpaebɔ mu no boa yɛn ma yɛko tia eyinom denneenen. Enti ɛkɔ so kae yɛn sɛnea yehia agyede no ne Yesu mogya a ohwie gui no bo a ɛsom no nso.—1 Yohane 2:1, 2; Adiyisɛm 7:9, 14.
17. Ɔkwan bɛn so na fafiri a yɛbɔ ho mpae no boa yɛn wɔ yɛne afoforo abusuabɔ mu?
17 Sɛ yɛbɔ fafiri ho mpae a, ɛboa yɛn ma yenya mmɔborohunu, ayamhyehye, ne ayamye ma wɔn a wɔde yɛn aka wɔ nneɛma akɛse ne nketewaa mu no nso. Luka kyerɛwtohɔ no se: “Fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka.” (Luka 11:4) Nokwarem no, sɛ “yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka,” wɔn a wɔyɛ bɔne tia yɛn no nkutoo a, na yebetumi anya fafiri afi Onyankopɔn hɔ. (Mateo 6:12; Marko 11:25) Yesu de kaa ho sɛ: “Na sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomso amfiri wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso mfiri mo.” (Mateo 6:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛn bɔne fafiri ho mpae a yɛbɔ no ka yɛn ma yenya afoforo ho ntoboase na yɛde firi wɔn. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”—Kolosefo 3:13; Efesofo 4:32.
Sɔhwɛ ne Ɔbɔnefo No
18. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenunu Onyankopɔn da wɔ yɛn sɔhwɛ ahorow ho?
18 “Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Mateo 6:13; Luka 11:4) Saa nsɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa sɔ yɛn hwɛ sɛ yɛnyɛ bɔne. Ɛtɔ mmere bi a, kyerɛwsɛm no ka nneɛma bi a Onyankopɔn yɛ anaasɛ ɔma kwan ara kwa no ho asɛm sɛ ɔno na ɔyɛe anaasɛ ɔma ɛbae. (Rut 1:20, 21; fa toto Ɔsɛnkafo 11:5 ho.) Nanso osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Enti, mommma yennnunu yɛn soro Agya no da wɔ bɔne ho sɔhwɛ ahorow ho, efisɛ Satan ne Ɔsɔhwɛfo a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ama yɛayɛ bɔne atia Onyankopɔn.—Mateo 4:3; 1 Tesalonikafo 3:5.
19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ mpae wɔ sɔhwɛ ho?
19 Sɛ yebisa sɛ, “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” a, na nea yɛrebisa Yehowa ne sɛ ɔmmma yennnyae mu bere a wɔsɔ yɛn hwɛ anaasɛ wɔhyɛ yɛn ma yɛayɛ asoɔden no. Yebetumi asrɛ yɛn Agya no ma wakyerɛ yɛn anammɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a sɔhwɛ bi a emu yɛ den dodo ma yɛn rento yɛn. Ɛdefa eyi ho no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Yebetumi abɔ mpae sɛ Yehowa nkyerɛ yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɔ yɛn nhwɛ ntra sɛnea yebetumi asoa so ne sɛ ɔmma ɔkwan a yɛbɛfa mu afi mu bere a yɛahaw kɛse no nna ho. Sɔhwɛ ahorow a Ɔbonsam, yɛn honam a ɛyɛ bɔne, ne afoforo mmerɛwyɛ mu na ɛba, nanso yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no betumi akyerɛ yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremmu mfa yɛn so.
20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ wonyi yɛn mfi “ɔbɔne no nsam”?
20 “Na gye yɛn fi ɔbɔne no nsam.” (Mateo 6:13, Twi Bible foforo, ase hɔ asɛm) Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn betumi asiw Satan, “ɔbɔne no” kwan na wanni yɛn so. (2 Petro 2:9) Na hia a ɛho hia sɛ ogye yɛn fi Ɔbonsam nsam no mmɛyɛɛ kɛse da sɛ nnɛ, efisɛ ‘wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.’ (Adiyisɛm 12:12) Yenim Satan akwan, nanso saa ara na onim yɛn mmerɛwyɛ ahorow. Enti, ehia sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nyi yɛn mfi Ɔtamfo a ɔte sɛ gyata no nkyekyeree mu. (2 Korintofo 2:11; 1 Petro 5:8, 9; fa toto Dwom 141:8, 9 ho.) Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛware a, ebia ɛho behia sɛ yebisa Yehowa sɛ onyi yɛn mfi Satan akwan ne sɔhwɛ a ɛbɛma yɛne wiasefo abɔ a ebetumi de yɛn akɔ ɔbrasɛe anaasɛ Onyankopɔn a yɛbɛyɛ ne so asoɔden denam obi a ɔnyɛ ogyidini a yɛbɛware no so no mu. (Deuteronomium 7:3, 4; 1 Korintofo 7:39) So yɛn ho pere yɛn sɛ yebenya yɛn ho? Ɛnde ebia mpaebɔ ho behia na aboa yɛn ma yɛako atia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛato kyakya anaasɛ yɛatwa dwow. Esiane sɛ Satan ani abere sɛ ɔbɛsɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ nti, ɔde ne sɔhwɛ ahorow no mu akode biara bedi dwuma. Enti ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so abɔ yɛn soro Agya a onnyaw treneefo sɔhwɛ mu na ogye wɔn fi ɔbɔne no nsam no mpae.
Mpaebɔ Hyɛ Gyidi ne Anidaso Den
21. Ɔkwan bɛn so na yɛanya mfaso afi Ahenni no a yɛbɔ ho mpae no mu?
21 Yɛn soro Agya a ogye yɛn fi ɔbɔne no nsam no ani gye ho sɛ obehyira yɛn pii. Nanso, dɛn nti na wama kwan ama ne nkurɔfo a ɔdɔ wɔn abɔ mpae sɛ, “w’ahenni mmra” bere tenten saa? Wiɛ, mpae a yɛbɔ saa kwan yi so mfe no mu no ama ɔpɛ ne anisɔ a yɛwɔ ma Ahenni no ayɛ kɛse. Mpaebɔ a ɛte saa no kae yɛn sɛnea yehia saa ɔsoro nniso a ɛde yiyedi ba yi kɛse no. Ɛde Ahenni nniso mu asetra ho anidaso nso si yɛn ani so.—Adiyisɛm 21:1-5.
22. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su a yebekura mu wɔ mpae a yɛbɛbɔ yɛn soro Agya, Yehowa, no ho?
22 Akyinnye biara nni ho sɛ mpaebɔ hyɛ Yehowa mu gyidi mu den. Sɛ obua yɛn mpaebɔ a, ɛhyɛ yɛne no ntam abusuabɔ mu den. Enti, mommma yɛmmmrɛ sɛ yɛde ayeyi, aseda, ne adesrɛ bɛdan akɔ ne nkyɛn da biara no da. Na ɛmmra sɛ yɛbɛda Yesu mmuae a etumi boa a ɔde mae wɔ n’akyidifo no asemmisa ho no ho ase: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.”
So Wokae?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi Yesu nsɛm ne ne nhwɛso sɛ obi a ɔpɛ mpaebɔ no mu?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae fa yɛn soro Agya no ne ne din ho?
◻ Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na wɔnyɛ ne pɛ asase so a, na dɛn na yɛrebisa?
◻ Sɛ yɛbɔ yɛn da biara da aduan ho mpae a, na dɛn na yɛresrɛ?
◻ Sɛ yɛbɔ mpae sɛ wɔmfa yɛn aka mfiri yɛn a, na dɛn na ɛkyerɛ?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ sɔhwɛ ne Satan, ɔbɔne no nsam a wobegye yɛn afi no ho mpae?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Yesu akyidifo bisaa no sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ. So wunim sɛnea yebetumi anya mfaso afi ne mpaebɔ no mu?