Ma W’asetra Nyɛ Nea Ɛkari” Pɛ Na Ɛkwati Akɛsesɛm
“Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo . . . efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.”—EFESOFO 5:15, 16.
1, 2. Dɛn na ɛyɛ asɛnnennen ankasa nnɛ, na dɛn na wobetumi de atoto ho?
SƐ́ WUBEYIYI nea ɛho hia kan mu, wobɛdannan asɛyɛde ahorow mu, na wode bere ne ahoɔden adi asetra mu nneɛma a ɛho hia ho dwuma wɔ ɔkwan a ntease wom so no yɛ asɛnnennen. Sɛnea wubekwati akyiri dodo a wobɛkɔ na woakura adwene ne nkate mu pintinnyɛ mu no nso yɛ asɛnnennen.—Efesofo 5:17; 1 Timoteo 4:8; 1 Petro 1:13.
2 Wobetumi de saa asɛnnennen yi atoto ɔyɛkyerɛfo bi a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛnantew afa hama ketewaa bi a ɛsã soro so no de ho. Sɛ wankari pɛ a ɛbɛyɛ asiane ama no. Saa ara na kari a yɛrenkari pɛ honhom mu no bɛyɛ asiane ama yɛn nso. Ɛda adi yiye sɛ obi a ɔnantew fa hama a ɛsã soro so no mfa nneɛma pii nyɛ ne so adesoa. Ɔfa nneɛma a ɛho hia no nkutoo. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛakari pɛ honhom mu no, yehia asetra a ɛkwati akɛsesɛm na nnesoa nnɔɔso wom.—Hebrifo 12:1, 2.
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi anya asetra a ɛkwati akɛsesɛm?
3 Sɛ yebenya asetra a ɛkwati akɛsesɛm a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ nneɛma a ɛho hia a ɛbɛma yɛatumi atra ase ɔkwan a ntease wom so no nkutoo mu. Nea ɛne nneɛma a ɛsɛ sɛ Yesu Kristo asuafo hwehwɛ—Onyankopɔn Ahenni ne Ne trenee—no bɔ abira no, ɔkaa ‘nea wiase amanaman di akyi’ ho asɛm. (Mateo 6:32, 33) Enti Yesu tuu yɛn fo sɛ yenkwati nneɛma pii a yɛbɛboaboa ano agu hɔ. Dɛn ntia? Efisɛ ebetumi ama yɛn asetra ayɛ hwanyann na ɛde yɛn akɔ ɔyera mu. (Luka 12:16-21; 18:25) Sɛ́ yɛyɛ adefo anaa ahiafo, nhomanimfo akɛse anaa dabi no, eyi yɛ afotu pa.
Nea Enti a Ɛho Hia Saa Nnɛ
4. Dɛn nti na asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a wobenya no ho hia mprempren saa?
4 Yɛn asetra a yɛbɛma ayɛ nea ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm no ho hia titiriw nnɛ efisɛ wɔaka Satan ne n’adaemone no ahyɛ asase so na wɔawe ahinam so sɛ wɔde nneɛma pii begu yɛn so na wɔadan yɛn adwene afi Onyankopɔn som so. (Adiyisɛm 12:7-12, 17) Enti, ɛmmae da sɛ Bible mu ahyɛde no ayɛ nea edi dwuma kɛse saa da: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Yiw, yɛte Satan wiase bɔne mu, ɛnyɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Enti, yɛrentumi nyɛ anibiannaso.—2 Korintofo 4:4; 2 Petro 3:7, 13.
5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkoa a wɔtraa ase tete mmere mu no yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn?
5 Onyankopɔn nkoa a wɔtraa wiase a Ɔbonsam di so yi mu tete mmere mu no yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn. ‘Wɔkae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.’ Enti wɔhwehwɛɛ “kurow a eye kyɛn so a ɛne ɔsoro de.” (Hebrifo 11:13-16) Ná Onyankopɔn soro Ahenni no na wodi no nokware, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ no. Eyi nti, ɔsomafo Petro frɛɛ Kristofo sɛ “ahɔho ne amamfrafo.” (1 Petro 2:11; Filipifo 3:20) Nokwarem no, Yesu kae sɛ n’akyidifo “nyɛ wiase no fã.” Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘di wiase no kosi ase.’—Yohane 17:16; 1 Korintofo 7:31, New World Translation.
6. (a) Dɛn na ɛho hia sɛ yɛkae, na wobetumi de yɛn tebea no atoto dɛn ho? (b) Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie?
6 Enti ɛho hia bere nyinaa sɛ yɛkae sɛ wiase yi a ɛyɛ Satan dea no yɛ asasesin a emu yɛ hu sɛ wɔtra mu. Watiriw a wobɛwatiriw pɛnkoro pɛ no betumi ayɛ asiane. (1 Yohane 5:19; 1 Petro 5:8) Yebetumi de yɛn tebea no atoto obi a ɔnam asase bi a wɔde atopae ahyehyɛ mu so no de ho. Ɔsomafo Paulo refa kɔkɔbɔ nhwɛso bi a ɛyɛ Kristofo de aka no, ɔkaa Israelfo a na aka kakraa bi ma wɔahyɛn Bɔhyɛ Asase no so no ho asɛm. Pii hweree kari a wɔkari pɛ honhom mu no, wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu, na Onyankopɔn kunkum wɔn. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na [wanhwere kari a ɔkari pɛ honhom mu no na] wanhwe ase.”—1 Korintofo 10:12.
Nea Enti a Ɛyɛ Ahobammɔ
7. Yɛn ankasa ho nhwehwɛmu bɛn na nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ?
7 W’asetra a wobɛma ayɛ nea ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm no bɛbɔ wo ho ban efisɛ ɛbɛma woanya bere ne ahoɔden pii ama honhom fam nneɛma. Enti fi nyansa mu bisa wo ho sɛ: So merema m’asetra ayɛ nea ɛkwati akɛsesɛm, anaasɛ merema ayɛ hwanyann? Nneɛma bɛn na edi kan ankasa wɔ m’asetra mu? Ebinom ka sɛ bere kakraa bi na wonya de sua Bible no anaasɛ wɔde nya asɛnka mu kyɛfa. Nanso dɛn ntia? Ɛda adi sɛ wɔnntra ase wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm so. Dɛn nti na womfa bere a wode gye w’ahome, te sɛ television hwɛ, no ntoto bere a wode som Yehowa wɔ Kristofo dwumadi biako anaa foforo mu no ho? So sɛnea wode bere di dwuma no kari pɛ? W’asetra a wobɛma ayɛ nea ɛkwati akɛsesɛm no bɛma woanya bere ama nneɛma a ɛho hia kɛse, a nea ɛka ho ne honhom mu otwa adwuma a ɛho hia sen biara no mu kyɛfa pii a wubenya no.—Filipifo 1:9, 10; Mateo 9:37.
8. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ obi tie Yesu afotu a ɛne sɛ yɛnhwehwɛ Ahenni no kan no, na dɛn na ɛyɛ hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ anim no ho mfatoho?
8 Nokwarem no, wo honhom fam dwumadi kyerɛ sɛ ebia wotra ase wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm so anaa dabi. Kristofo a wotie Yesu afotu a ɛne sɛ yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni kan no rekɔ anim yiye wɔ Bible adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka adwuma no mu. Anim a wɔkɔ saa no yɛ ahobammɔ ankasa wɔ asehwe ho. Wobetumi de atoto baesekre so tra ho. Wɔn a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ baesekre a esi faako no anim no hu hia a ɛho hia sɛ wɔkɔ anim no. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere tenten a wokɔ anim wɔ honhom fam dwumadi a woyɛ daa mu no, ɛbɔ wo ho ban fi kari a wokari pɛ no a wobɛhwere ne ase a wobɛhwe no ho.—Filipifo 3:16.
9. (a) Dɛn na ɛyɛ nkaesɛm pa ma yɛn nyinaa? (b) Sɛ yɛresusuw adwuma bi ho a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
9 Nanso, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, yɛkae sɛ nneɛma a yebeyi afi yɛn so no betumi ama yɛanya bere asua ade, yɛasiesie yɛn ho ama nhyiam, na yɛaboa afoforo. Kristoni adwumawura bi kae sɛ: “Bere biara a ɛbɛyɛ me sɛ mentɔ ade bi a minhia, anaasɛ menyɛ adwuma bi a minhia no, mede nkaesɛm a ɛne sɛ ma ɛnyɛ nea ɛkwati akɛsesɛm no siw me ho kwan. . . . Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ mekasa penpen kyerɛ me ho.” So ɛno nyɛ nkaesɛm a eye ma yɛn nyinaa? Sɛ wususuw adwuma bi, te sɛ wo dan a wubesi bi aka ho anaasɛ biribi foforo biara ho a, dɛn nti na wummisa wo ho sɛ: So eyi bɛboa me ne m’abusua no honhom fam yiyedi anaasɛ ebesiw no kwan? So mihia nneɛma a nnipa a wɔwɔ wiase no di akyi no nyinaa, anaasɛ sɛ mannya a metumi atra ase?
10. Ɔkwan bɛn so na “ɔkra muni” adwene bɔ “honhom muni” de abira?
10 Nanso, ebia obi bɛsɔre atia na waka sɛ: ‘So ho a wɔde bɔ afɔre saa no ho hia ankasa? So wɔhwehwɛ sɛ yenya asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm?’ Wiɛ, Paulo kaa “nea ɛwɔ onipa mu” ne “Nyankopɔn de” ho asɛm na ɔkae sɛ: “Ɔkra muni nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu no atɛn honhom mu. Na honhom muni de, obu nneɛma nyinaa atɛn.” (1 Korintofo 2:11, 14, 15) Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ “ɔkra muni” denam honam fam nneɛma a ɛho nhia a wobɛhwehwɛ sɛ wubenya no so. Wɔ nea ɛte saa mu no, ho a wɔde bɔ afɔre no bɛyɛ nea ɛkɔ akyiri dodo, nea ɛmfata mpo. Nanso ɛno yɛ “ɔkra muni” adwene, ɛnyɛ “honhom muni” adwene.
11. Dɛn na na anka ɛbɛyɛ ɔkwan a ɛnkari pɛ ama Noa, na ɔkwan bɛn so na yenya asetra a ɛkari pɛ nnɛ?
11 Honhom muni ne obi a ɔde gyidi aniwa hwɛ ade. Ohu nneɛma sɛnea Onyankopɔn hu no. Susuw Noa ho. Sɛ bere a ohuu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe wiase no akyi no, ɔde ne bere sii ofie kɛse ne nea eye na ɔhwehwɛɛ honam fam agyapade pii a, so anka ɛbɛyɛ nea ɔkari pɛ? Dabida! Ná adaka no ne ne nokware ahobammɔ. Wɔ Noa fam no, na asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a obenya no hwehwɛ sɛ ɔde n’adwene nyinaa kɔ adaka no pam so na ɔyɛ “trenee kafo,” a na ‘ɔkra mufo’ a wonni gyidi no fɛwdi mfa ho. (2 Petro 2:5; Mateo 24:37-39) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, esiane sɛ wɔama yɛahu wiase awiei a ɛbɛba ɔkwan biara so no ho ade nti, ɔkwan a ɛkari pɛ biako a ɛwɔ hɔ ma yɛn ne sɛ yɛde yɛn adwene besi Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ na yɛabɔ asɛmpa no dawuru no so ɛwom sɛ ebia ɛno begye nea pii bu no sɛ asetra kwan a ɛfata no a yɛde bɔ afɔre de.—1 Yohane 2:17.
Yesu Kyerɛɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛyɛ No
12. (a) Dɛn na Yesu kae sɛ yennyae, na dɛn mmom na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn nti na saa atirimpɔw mu nsakrae yi ho hia?
12 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔde asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a wobenya no ho afotu fɛfɛ mae. Ɔkae sɛ: “Munyae sɛ mohyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia.” Yesu de asɛm “munyae” no dii dwuma efisɛ mpɛn pii no nkurɔfo kɔ so ‘hyehyɛ’ honam fam nneɛma ma wɔn ho. Nanso obi a ɔba bɛyɛ Yesu suani no rentumi nkɔ so nyɛ saa bio. Ɛsɛ sɛ onya atirimpɔw foforo wɔ n’asetra mu, sɛnea Yesu ahyɛde a edi akyiri no kyerɛ no: “Mmom no, monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee anaa nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia.” Yesu rekyerɛ nea enti a atirimpɔw mu nsakrae yi ho hia no, ɔkae sɛ: “Na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”—Mateo 6:19-21, New World Translation.
13. Sɛ wubetumi ahyehyɛ ademude ɔsoro a, dɛn na ɛsɛ sɛ wugye di?
13 W’ademude ne ade a wubu sɛ ɛho hia ampa. So honam fam nneɛma na ɛyɛ w’ademude? Anaasɛ ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn din ho a wobɛtew ne n’akatua a ɔde ahyɛ bɔ no? Sɛ wode w’asetra bɛhyehyɛ ademude ɔsoro mmom sen asase so a, ɛsɛ sɛ wugye di yiye sɛ Ahenni no yɛ paara. Ɛsɛ sɛ wiase foforo no yɛ paara ma wo araa ma wutumi de w’adwene aniwa hu na wuhu wo ho sɛ wowɔ hɔ a woreyɛ Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛfa asase ho a ɛbɛbam no ho adwuma. Te sɛ Mose no, ɛsɛ sɛ wuhu ‘Nea wonhu no no’ na wugye di pintinn sɛ ‘obetua wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no ka.’—Hebrifo 11:6, 27.
14. Sɛ yɛn koma si honam fam nneɛma so a, dɛn na ebefi mu aba?
14 Nanso sɛ wode wo koma, a nea wo kɔn dɔ ne nea wopɛ ka ho, asi honam fam ademude so ɛ? Bible no se: “Bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ, na ɛdenam saa ɔdɔ yi a ebinom hwehwɛe so no, wɔyeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” Ne tiawa mu ara ne sɛ honam fam nneɛma a sika tumi tɔ akyidi mma wonnya nokware akomatɔyam a ɛtra hɔ daa. (1 Timoteo 6:10, New World Translation; Ɔsɛnkafo 5:10) Nanso nea ɛyɛ awerɛhow sen ne nyinaa no, sika ho dɔ ne honam fam nneɛma bɛsɛe wo ne Onyankopɔn a ɔhwɛ kwan sɛ yɛde “koma mũ” bɛsom no no ntam abusuabɔ.—1 Beresosɛm 28:9.
15. (a) Aniwa ho mfatoho bɛn na Yesu yɛe? (b) Wɔ honam ne honhom mu ntease nyinaa mu no, ɔkwan bɛn so na obi betumi anya ani a eye? (d) Sɛ yɛn ani ye a, ɔkwan bɛn so na yɛn honhom mu adehu bɛyɛ te sɛ Yesu asomafo baasa no de?
15 Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati honam fam adedodowpɛ afiri no, Yesu maa mfatoho abien. Nea edi kan no, ɔkae sɛ: “Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu.” (Mateo 6:22, 23) Wɔ honam mu no, ani a “eye” ne nea etumi hu ade na ɛma adwene no hu mfonini ahorow a ani da hɔ. Ani a enhu ade yiye no ma mfonini ahorow tu fra na ani yɛ wusiwusi. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, honhom mu ani a “eye” anaa ehu ade yiye no ma wohu Onyankopɔn Ahenni no mfonini a ani da hɔ, na ɛnyɛ nea ani ayɛ wusiwusi, wonhu no yiye a ɛma wiase foforo no yɛ te sɛ anansesɛm bi. Sɛ wo honhom mu aniwa hu ade yiye a, Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛyɛ paara ama wo sɛnea na Ahenni no yɛ paara ma asomafo baasa a wonyaa hokwan huu ɛho biribi wɔ Yesu ahosakra anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa no mu no.—Mateo 16:28-17:9; Yohane 1:14; 2 Petro 1:16-19.
16. Wɔ mfatoho a ɛto so abien no mu no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ hia a ɛho hia sɛ yenya atirimpɔw biako no?
16 Yesu maa mfatoho bi a ɛtɔ so abien. Ɔkae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a, ɔbɛtan obiako na wadɔ obiako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata obiako ho na wabu obiako animtiaa.” Ɔde asɛm no resi hɔ pĩ no, ɔsan sii hia a ɛho hia sɛ wonya atirimpɔw biako no so dua, se: “Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].” (Mateo 6:24) Ɛrentumi nyɛ yiye ɔkwan biara so. Enti Yesu toaa so sɛ: “Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. . . . Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo.”—Mateo 6:25-32.
17. (a) Ɔsɛmpɔw bɛn na na Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa honam fam nneɛma ho no so de resi hɔ? (b) Dɛn na na Yesu resi so dua wɔ ha, na dɛn na ɛwɔ asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a wobenya no mu?
17 Ná Yesu nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo hwɛ kwan sɛ honam fam nneɛma a ɛho hia no bɛba ara kwa anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ anihaw na wɔpow sɛ wɔbɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. (1 Timoteo 5:8) Dabi, na mmom asɛm no ne sɛ ɛnsɛ sɛ honam fam nneɛma a amanaman no di akyi no bɛyɛ nea ɛho hia kan. Mmom no, Yesu tuu fo sɛ: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Enti wɔ ha no na Yesu reka asetra mu botae horow ho asɛm na na ɔresi sɛnea honam fam nneɛma akyidi yɛ ade hunu no so dua. Nea ɛwɔ asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a yebenya no mu ne yɛn ani a yɛbɛma ahwɛ Ahenni nneɛma nkutoo, na yɛama biribi foforo biara atɔ so abien.
Yesu ne Afoforo Nhwɛso
18. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛteɛ maa yɛn?
18 Bere a Paulo rehyɛ Kristofo sɛ ‘wɔntow adesoa biara adesoa ne bɔne [gyidi a wonni anaa wɔbɛhwere] a ɛnkyɛ na etwa wɔn ho si gye wɔn asabawmu no ngu’ no, ɔhyɛe sɛ: “Yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu.” (Hebrifo 12:1, 2) Ná Yesu de ne ho nyinaa ama Ahenni nneɛma araa ma na ne tebea te sɛ nea ɔkyerɛkyerɛɛ mu no: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Bere koro no ara mu no, na Yesu nyɛ ɔhotuafo. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ odii aduan pa na ɔhyɛɛ ntade pa, nanso na n’asetra mu botae titiriw ne sɛ obewie ne som. Enti Yesu maa n’asetra karii pɛ na ɛkwatii akɛsesɛm.—Luka 5:29; Yohane 19:23, 24.
19, 20. (a) Nhwɛso bɛn na Paulo yɛe wɔ honam fam nneɛma ho? (b) Asuade bɛn na pii anya nnɛ, na wɔte nka wɔ wɔn asetra kwan no ho dɛn?
19 Ɔsomafo Paulo nso de nea ɛho hia no kan no totoo faako a ɛfata. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.” (Asomafo no Nnwuma 20:24) Yiw, nea ɛbɛyɛ na Paulo awie ɔsom adwuma a ɛho hia sen biara no nti, ɔmaa nea ohia ankasa no ara dɔɔ no so nanso nnakoro nnakoro bi wɔ hɔ a na odi taamu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi.”—Filipifo 4:12.
20 Nnipa ɔpedudu pii anya saa asuade no ara nnɛ. Wɔn mu pii yɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo a asɛmpatrɛwfo, akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, ne wɔn a wɔsom wɔ ahyehyɛde no wiase nyinaa dwumadibea ti ne baa dwumadibea ahorow mu ka ho. Wɔ mfe pii a wɔde wɔn bere nyinaa asom akyi no, pii ka sɛ: “Sɛ metumi asan ayɛ bio a, anka merenyɛ biribi foforo biara.”
Nhyira Horow a Wubetumi Anya
21, 22. (a) Sɛ yenya asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a, akatua bɛn na yenya mprempren mpo? (b) Daakye nhyira horow bɛn na wubetumi anya?
21 Bere a asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a wubenya no gye afɔrebɔ no, emu nhyira ne anigye no ne biara nsɛ. Wɔ saa kwan no so no wubenya bere pii de ama Ahenni nneɛma anya nkɔanim ne hokwan kɛse a wode benya anigyefo na woakyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade. Wubenya nokware akomatɔyam ne abotɔyam a nea ɛka ho ne adwene mu asomdwoe ne awerɛhyem a ɛne sɛ woreyɛ nea ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Ɛno yɛ akatua a wubetumi anya mprempren mpo.—Filipifo 4:6, 7.
22 Nanso daakye nhyira no bɛyɛ nea ɛso koraa, a sɛ wode toto ho a ɛma afɔre biara a ebia wobɛbɔ no yɛ nea ennu hwee koraa. Nea ɛka Yehowa nhyira horow no ho ne “nna a ɛware daa daa.” Yiw, ɛno betumi ayɛ wo nhyira—daa nkwa wɔ anigye mu wɔ Yehowa trenee wiase foforo no mu. Ma w’asetra nyɛ nea ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm, na mma wiase yi mu nneɛma mma wonhinhim da. Kae sɛ Onyankopɔn bɛma wo nea wo koma pɛ.—Dwom 21:3, 4; 37:4; 133:3
Ntĩmu Nsemmisa
◻ Nhwɛso ne mfatoho ahorow bɛn na wohyɛɛ no nsow a ebetumi aboa wo ma woanya asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm?
◻ Ɔkwan bɛn so na yɛn asetra a yɛbɛma ayɛ nea ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm no bɛbɔ yɛn ho ban?
◻ Sɛ yɛn honhom mu aniwa ye a, dɛn na ɛbɛkyerɛ ama yɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yennya asetra a ɛkwati akɛsesɛm?
◻ Asetra a ɛkari pɛ na ɛkwati akɛsesɛm a wobenya no mu nhyira horow ne dɛn?