Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/15 kr. 31
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Frɛɛ No “M’adamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Abraham—Ɔbarima A Ɔwɔ Ɔdɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • “Monhyɛ Mo Koma Den”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɔtemmufo a Ɔyɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/15 kr. 31

So Wokae?

So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no so wɔ mfaso ma wo? Ɛnde dɛn nti na womfa nsemmisa a edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ:

▫ Sɛ ɔbrasɛe adwene biara a yensusuw ho ba yɛn adwenem a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Ɛsɛ sɛ yɛsakra nsusuwii no wɔ yɛn adwenem, kotu mpase, kenkan ade, anaa yɛyɛ ofie adwuma bi. Mpaebɔ nso yɛ mmoa a tumi wom wɔ tebea a ɛte saa mu. (Dwom 62:8) ​—4/15, kratafa 17.

▫ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra hwɛ yiye wɔ nnwom a wotie ho?

Nnwom wɔ tumi a etumi kanyan obi nkate, ebunkam ne so, anaa enya obi so nkɛntɛnso. Esiane sɛ nna ho adwene ne ɔbrasɛe ho asɛm a wɔnka no tee pii wɔ nnwom a agye din bebree mu nti, ɛnyɛ den sɛ wobehu sɛ ahwɛyiye kɛse ho hia wɔ nnwom mpawa ne kasɛt ahorow paw mu.​—4/15, nkratafa 20-1.

▫ Dɛn na asɛm ‘ba a yɛn Awurade Yesu Kristo aba’ no kyerɛ? (1 Tesalonikafo 5:23)

Eyi kyerɛ ba a Awurade Yesu Kristo aba wɔ tumidi mu sɛ Ɔhene a aniwa nhu no, fi 1914, wɔ bere a wɔde no sii ahengua so wɔ soro no akyi. (Dwom 110:1, 2)​—5/1, kratafa 11.

▫ Dɛn atirimpɔw nti na Yehowa tew n’asɔrefi ho? (Malaki 3:1-4)

Ná Yehowa pɛ sɛ n’asɔrefi ho tew, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔde asomfo pii a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so no ba hɔ a, wobehu beae a wobu n’amansan tumidi, wɔtew ne din kronkron no ho, na wodi ne trenee mmara ahorow so.​—5/1, kratafa 16.

▫ Kristo Yesu ‘nneɛma’ bɛn na ɔde ma n’akoa a wapaw no no? (Mateo 24:45-47)

Saa ‘nneɛma’ yi kyerɛ honhom mu nneɛma biara a ɛwɔ asase so a abɛyɛ Kristo agyapade a ɛfa ne tumi sɛ ɔsoro Hene ho nyinaa. Ná ahyɛde a ese wɔnyɛ nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa Kristo asuafo no bɛka eyi ho. (Mateo 28: 19, 20)​—5/1, kratafa 17.

▫ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mpanyimfo betumi akyerɛ ‘ɔpɛ’ wɔ ɔhwɛ adwuma no mu, sɛnea Petro hyɛ wɔ 1 Petro 5:2 no?

Kristoni panyin a ɔhwɛ nguan no befi ɔpɛ mu ayɛ ne nguanhwɛ adwuma no, a wɔnhyɛ no wɔ Yesu Kristo, Oguanhwɛfo Pa no akwankyerɛ ase. Ɔpɛ mu a wofi som kyerɛ nso sɛ Kristoni ɔhwɛfo brɛ ne ho nse hyɛ Yehowa tumidi ase na ɔkyerɛ obu ma Teokrase nhyehyɛe no.​—5/15, kratafa 20.

▫ Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ obiara a odi n’akyi ‘pa ne ho akyi’ no? (Mateo 16:24)

Sɛ́ obi ‘bɛpa ne ho akyi’ no kyerɛ sɛ obegyaa ne ho mu ama Yehowa. (1 Korintofo 6:19, 20) Ɛkyerɛ tra a obi ntra ase mma nankasa ho, na mmom Onyankopɔn. (Romafo 14:8)​—6/1, kratafa 9.

▫ Dɛn na ɛhwehwɛ na ama obi ani agye?

Abusuabɔ pa a obi ne Yehowa benya, ne kyɛfa kɛse a obenya wɔ ne som mu no ma onya nokware anigye wɔ n’asetra mu.​—6/1, kratafa 22.

▫ Dɛn nti na Yehowa maa Abraham hokwan saa ma ɔne no kasae wɔ Ne tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Sodom no ho? (Genesis 18:22-32)

Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ na Abraham yɛ Onyankopɔn adamfo. (Yakobo 2:23) Afei, na Yehowa nim sɛnea Abraham ahaw fa. Ná Onyankopɔn nim sɛ Abraham wɔfaase Lot te Sodom mu enti na Lot ahobammɔ hia Abraham yiye. Eyinom nti, ná Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obebua Abraham nsemmisa a ɛfa Ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Sodom ho no.​—6/15, kratafa 16.

▫ So Afeha a ɛto so 16 mu Protestant Ɔsesɛw no san de nokware Kristosom sii hɔ?

Dabi, anyɛ saa! Sɛ́ anka Ɔsesɛw no bɛsan de nokware Kristosom asi hɔ no, ɛde ɔman anaa mmusua mu nsɔre ahorow pii a ɛhwehwɛɛ anuoyam fii amammui aman hɔ na ɛboaa wɔn wɔ wɔn akodi ahorow mu yiye no na ɛbae.​—7/1, nkratafa 10-11.

▫ Dɛn ne ‘ɔsoro ademude’ a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 6:20 no?

Eyinom ne ademude a ɛnsɛe da, a din pa wɔ Yehowa anim ne Kristofo som adwuma a wɔde nokwaredi yɛ ka ho. Eyinom ka nneɛma a Yehowa werɛ mfi da no ho. (Hebrifo 6:10)​—7/1, kratafa 32.

▫ Su horow bɛn na Petro bobɔ din sɛ ɛyɛ yɛn gyidi mu nneɛma a ehia? (2 Petro 1:5-7)

Petro kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ɔbra pa, nimdeɛ, ahosodi, boasetɔ, onyamesom pa, onuadɔ, ne ɔdɔ ka yɛn gyidi ho.​—7/15, kratafa 13.

▫ Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ Dawid ne Bat-Seba bɔne ho kyerɛwtohɔ no mu ma Onyankopɔn asomfo? (2 Samuel 11:2-4)

Ɛwom sɛ na Dawid wɔ hokwan sɛ onya anigye wɔ nankasa aware mu de, nanso ɔmaa nna ho akɔnnɔ bɔne sɔree wɔ ne mu. Bere a ohui sɛ Uria yere no ho yɛ fɛ no, wanhyɛ ne nsusuwii​—ne nneyɛe ​—a na ebetumi ama wanya ne ho akɔnnɔ bɔne so. Eyi betumi ato Onyankopɔn somfo biara, sɛ wankwati anibere a ɛte saa a. (Yakobo 1:14, 15)​—8/1, kratafa 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena