Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/1 kr. 3-5
  • Onyankopɔn Bɛn Na Wosom No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bɛn Na Wosom No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom Horow a Adi Afra
  • “Monwɛn Nyi mo ho Mfi Abosom Ho”
  • Sikasom
  • Som Onyankopɔn Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • So Wobɛyɛ Ɔdansefo ama Nokware Nyankopɔn No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Amansan Mu Asenni a Ɛfa Wo Ho No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/1 kr. 3-5

Onyankopɔn Bɛn Na Wosom No?

WIASE nyinaa no, nkurɔfo bebua saa asemmisa no akwan horow pii so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ,” na anyame a wɔsom wɔn nnɛ no ano si ɔpepem pii. (1 Korintofo 8:5) Nanso, so na wunim sɛ nnipa pii som onyame bi a ɛsono no wɔ nea wosusuw sɛ wɔresom no no ho? Na so wunim sɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ no mu pii pɛ ɔsom sen wɔn a wogye di sɛ onyame bi wɔ hɔ no? Ɔkwan bɛn so?

Wiɛ, ɔsom asekyerɛ biako ne “sɛ wɔde obu, nidi, ne ahofama kɛse anaa ntraso mpo ma.” Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu no, adwene a ɛwɔ nsɛmfua a wɔde di dwuma ma ɔsom no akyi ne sɛ wɔbɛsom anaa wɔbɛbɔ wɔn mu ase wɔ obi anim. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, momma yɛnhwɛ sɛnea nkurɔfo betumi adi mfomso wɔ onii anaa dekode a wɔresom no ankasa no mu.

Ɔsom Horow a Adi Afra

Fa tete Samariafo no sɛ nhwɛso. Ná eyinom mu pii yɛ ahɔho a Asiriafo no de wɔn baa Palestina besii Israel kusuu fam mmusuakuw du a wɔfaa wɔn nnommum no ananmu. Ná anka abosonsom anyame horow akyi na wodi, nanso afei wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesua Israel Nyankopɔn Yehowa ho ade. So wogyaw wɔn kan som no afei? Dabi. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: ‘Sɛ wɔn kan ɔsom te no ara na wɔyɛe. Na saa aman yi bɛyɛɛ wɔn a wosuro Yehowa, nanso wɔn ankasa ahoni a wɔasinsen no na wɔsomee.’ (2 Ahene 17:40, 41) Enti bere a na Samariafo no ka sɛ wonim Yehowa no, na wɔda so ara som wɔn kan anyame no, ma enti na wɔn som no yɛ ɔsom horow a adi afra bi.

Biribi a ɛte saa ara sii bere a asɛmpatrɛwfo de Roman Katoleksom kɔɔ Amerika Kesee fam no. Wɔsakraa ɛhɔfo pii, nanso te sɛ tete Samariafo no, ɛhɔfo werɛ amfi wɔn kan anyame no. Enti wɔ Brazil no, “Kristofo” da so ara yɛ abosonsom amanne ahorow bi sɛ afahyɛ a wɔde hyɛ tete anyame bi, te sɛ onyamewa Iemanjá anuonyam. Nneɛma a ɛte saa ara kɔ so wɔ Amerika Kesee Fam nsase afoforo so nso.

Bio nso, ɔsom a saa asɛmpatrɛwfo no de kɔɔ Amerika Kesee Fam no ankasa yɛ ɔsom horow a adi afra. Ná ne nkyerɛkyerɛ no pii, te sɛ Baasakoro, hell-gya, ne ɔkra a enwu da no fi tete abosonsom ne nyansapɛ ahorow mu. Ná nokwarem no, ɛnyɛ nea wohu wɔ Bible no mu. Saa ara nso na wɔn afahyɛ ahorow​—a Buronya ne Easter ka ho​—no mfi Kristosom mu.a So ebetumi ayɛ yiye sɛ obi bedi abosonsom afahyɛ ahorow yi na wagye nkyerɛkyerɛ a emfi Kristosom mu yi adi na bere koro no ara mu no, wasom Bible mu Nyankopɔn a ɔkae sɛ: “Nnya anyame foforo bi nka me ho” no? (Exodus 20:3) Dabida!

“Monwɛn Nyi mo ho Mfi Abosom Ho”

Susuw ɔkwan foforo a wɔfa so daadaa nkurɔfo wɔ ɔsom mu ho. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21) Nnipa bɛyɛ ɔpepem apem na wɔakyerɛw wɔn din sɛ Kristoman mufo, na yebetumi aka sɛ eyinom kyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn koro a Yohane som no no. Nanso wɔn mu ɔpepehaha pii kotow “ahotefo,” Yesu, ne ɔbaabun Maria ahoni.’ Abosonsom nneyɛe afoforo bi a wontumi nhu ntɛm ara wɔ hɔ. Afe 44 Y.B. mu no, Ɔhene Herode Agripa maa baguam ɔkasa bi, na nkurɔfo no ani gyee ho araa ma wɔteɛɛm sɛ: “Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa de!” (Asomafo no Nnwuma 12:21, 22) Yiw, wɔde Herode yɛɛ onyame. Nneɛma a ɛtete saa ara sisi nnɛ. Wɔ bere a na anigye wom a na Nasi nniso no renya tumi wɔ Europa no, na nkyia “Heil Hitler!” [Hitler Mo!] no yɛ ɔsom nteɛm ankasa. Ná pii ayɛ krado sɛ wɔbɛko na wɔawu ama Führer [Ɔkannifo] no te sɛ nea na ɔyɛ onyame bi, ɔman no agyenkwa. Nanso na wɔn a wɔde obu kɛse a ɛte sɛɛ mae no mu pii yɛ Kristoman asɔre horow no mufo!

Ansa na Hitler reba ne n’akyi no, amammui sodifo afoforo ayɛ wɔn ho te sɛ agyenkwa na wɔahwehwɛ sɛ wɔde ahofama a edi mu bɛma wɔn saa ara. Wɔn a wɔyɛɛ saa no maa mmarima yi yɛɛ anyame, a na ɔsom ahorow a “asomfo” no wom anaa sɛ wɔkae mpo sɛ wɔyɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ mpo no mfa ho. Obu kɛse a agumadi mu akunini, sini mu akunini, ne afoforo a wogye nnipa ani nya fi wɔn akyidifo hɔ no te sɛ ɔsom ara pɛ.

Sikasom

Bio nso, susuw nea nsɛm a edi hɔ yi a Yesu kae no kyerɛ ho: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a, ɔbɛtan obiako na wadɔ obiako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata obiako ho na wabu obiako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].” (Mateo 6:24) Wunim obi a ɔwɔ ɔsom bi mu nanso nea n’ani gye ho titiriw wɔ asetra mu ne sɛ obenya sika? Ɛnde, hena na onii a ɔte sɛɛ no resom no ankasa, Onyankopɔn anaa ahonyade? Wɔn a wɔnyɛ gyidifo a wunim wɔn no baahe na wɔde anibere hwehwɛ sika? Nokwarem no, wɔn nso wɔyɛ wɔn a wɔsom sika, a ebia wɔyɛ nnam wɔ saayɛ mu mpo sen gyidifo pii.

Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm bi a ɛte saa ara mu bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.” (Kolosefo 3:5) Sɛ yɛn ani bere biribi dennen araa ma enti yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛn nsa bɛka, a ebia yebu mmara so wɔ saayɛ mu a, ɛnde na ade ko no yɛ ohoni, onyame ma yɛn. (Efesofo 5:5) Wɔ krataa foforo mu no, Paulo kyerɛw abɔnefo bi ho asɛm sɛ: “Wɔn nyame ne yafunu.” (Filipifo 3:19) Sɛ yɛn atirimpɔw nyinaa wɔ asetra mu ne sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ, sɛ yebedidi ahyɛ yɛn afuru ma a, ɛnde na yɛyɛ yɛn ankasa nyame. Nnipa ahe na wunim wɔn sɛ wɔsom onyame a ɔte sɛɛ?

Yiw, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ.” Na wɔ nneɛma pii mu no, wɔn asomfo te sɛ tete Samariafo no, a wɔnam nsɛm a wɔka so som onyame biako na wɔde wɔn nneyɛe som ɔfoforo no. Nanso nokwarem no, Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ a ɔfata sɛ yɛsom no. So wunim onii ko a ɔyɛ? Bio nso, ade biako wɔ hɔ a ɛka anyame afoforo a wɔsom wɔn wɔ n’akyi no bom. Ɛne dɛn? Yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo a ɛwɔ New York, Inc. tintimii no nkratafa 212-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena