-
Yesu Ma Yehu “Onyankopɔn Nyansa”Bɛn Yehowa
-
-
6-8. (a) Yesu kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen haw yɛn ho. Nea ɔkae no, adɛn nti na ntease wom? (b) Nyansa a ɛwɔ Yesu afotu no mu no fi Onyankopɔn hɔ. Ɛdɛn na ɛkyerɛ saa?
6 Yɛhwɛ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ sei a, Yesu de ɛho afotu maa yɛn wɔ Mateo ti 6 sɛ, enhia sɛ yedwinnwen ho haw yɛn ho. Yesu kaa sɛ: “Munnyae sɛ mudwinnwen mo nkwa ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.” (Nkyekyɛm 25) Onipa biara hia aduan ne ntaade, enti sɛ yedwen ɔkwan a yɛbɛfa so anya saa nneɛma no ho a, ɛnyɛ nwanwa. Nanso Yesu kaa sɛ ‘yennyae sɛ yedwinnwen’ saa nneɛma no ho.b Adɛn ntia?
7 Momma yɛnhwɛ nea enti a Yesu kaa sɛ yennyae adwinnwen no, na yebehu sɛ nea ɔkae no ntease wom. Yehowa na ɔmaa yɛn nkwa ne nipadua, enti wohwɛ a, ɔrentumi mma yɛn aduan a ɛbɛma yɛatumi atena nkwa mu ne ataade anaa ntama a yɛde bɛkata yɛn nipadua ho? (Nkyekyɛm 25) Sɛ Onyankopɔn ma nnomaa aduan, na ɔhyɛ nhwiren ataade ma ɛyɛ fɛ a, wunhu sɛ ɔbɛhwɛ nnipa a yɛsom no no akyɛn saa koraa! (Nkyekyɛm 26, 28-30) Enti wohwɛ mu a, ntease biara nnim sɛ yebedwinnwen ahaw yɛn ho. Sɛ yedwinnwen a, ɛrentumi mfa da koro mpo nka yɛn nkwa ho.c (Nkyekyɛm 27) Ɛdɛn na ɛbɛma yɛagyae adwinnwen? Yesu tuu yɛn fo sɛ: Monkɔ so mfa Onyankopɔn som nni kan wɔ mo asetena mu. Wɔn a wɔde Nyankopɔn som di kan no betumi anya awerɛhyem sɛ nea wɔhia no da biara no, wɔn soro Agya no de ne nyinaa ‘bɛka ho’ ama wɔn. (Nkyekyɛm 33) Ne korakora no, Yesu de afotu bi a nyansa wom paa maa yɛn. Ɔkaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde ɔkyena haw yɛn ho. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwinnwen ɔkyena ho de haw wo ho? (Nkyekyɛm 34) Afei nso, nneɛma bi wɔ hɔ a, ebetumi aba sɛ ɛrensi da. Saa nneɛma no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho de haw yɛn ho? Sɛ yɛde afotu pa a Yesu de maa yɛn no bɔ yɛn bra a, yebenya asomdwoe. Nneɛma a nkurɔfo de haw wɔn ho wɔ wiase no, yɛremfa nhaw yɛn ho.
-
-
Yesu Ma Yehu “Onyankopɔn Nyansa”Bɛn Yehowa
-
-
b Greek adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘dwinnwen’ no, nea ɛkyerɛ ne sɛ “wobɛma w’adwene afi nea woreyɛ so.” Asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ Mateo 6:25 no, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi de biribi bɛhaw ne ho ama ehu aka no akosi sɛ saa ade no begye n’adwene nyinaa na asɛe n’anigye.
-