Yehowa Ahwɛ Me Yiye
MIFII ase som Yehowa wɔ ɔkwan soronko bi so, sɛ merenka ma ɛmmoro so a. Minyinii wɔ New Zealand kusuu fam akyirikyiri akuraa bi a ɛhɔ yɛ fɛ, a Maorifo te sɛ me titiriw na wɔte hɔ no ase. Da koro bi a mete ɔpɔnkɔ so rekɔ baabi no, me wɔfa ba Ben baa me nkyɛn. Ná ɛyɛ 1942 twabere mu (wɔ Asase Anafo Fam, na ɛyɛ fefɛw bere wɔ Asase Atifi Fam). Ná madi mfe 27 na saa bere no na meyɛ England Asɔre no muni.
Ná Bɛn de mfe pii akenkan Ɔtemmufo Rutherford, a saa bere no na ɔne Watch Tower Bible and Tract Society no titrani no nhoma ahorow no, na afei na okura krataa bi a efi Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a ɛwɔ New Zealand no nkyɛn sɛ ɔnto nsa mfrɛ ɛhɔfo no nkɔ baabi a wobetumi abom ahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fa. Bio nso, na ɛsɛ sɛ Ben yɛ nhyehyɛe na obi ahwɛ dwumadi no so. Ben hwɛɛ m’anim kae sɛ: “Wo na wobɛhwɛ so.” Esiane sɛ m’ani gyee ho sɛ obuu me sɛ mefata—na meyɛ obi a ɔkɔ Awurade adidi wɔ asɔre no mu nti—mepenee so.
Anwummere a wɔahyɛ no dui no, nnipa bɛyɛ 40 behyiaam wɔ Ben fie maa Awurade wu afahyɛ no, na na wɔn mu biako mpo nyɛ Yehowa Ɔdansefo. Mikoduu hɔ ara pɛ na me wɔfa ba no de ɔkasa no ho krataa maa me. Manfrɛ dwom a wɔhyɛɛ nyansa sɛ yɛntow no na mefrɛɛ Ben akonta sɛ ɔmmɔ mpae na yemfi ase. Afei memaa ɔkasa a wɔahyehyɛ wɔ krataa no so a na ɛyɛ nsemmisa bi ne ho mmuae a efi Kyerɛwnsɛm mu no. Ɛhɔ sɔfo bi a na waba hɔ de kasatia ahorow twitwaa me kasa no mu, nanso mekenkan Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ ɔkasa no ho krataa no so no de maa no mmuae.
Mekae sɛ na ɔkasa no ho krataa no so nsemmisa no biako fa afe no mu bere a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ fa no ho. Hwɛ sɛnea yɛn nyinaa koma tɔɔ yɛn yam bere a yɛhwɛɛ mfɛnsere mu huu ɔsram a atwa puruw no. Ɛda adi pefee sɛ na da no yɛ Nisan 14. Anadwo bɛn ara na ɛyɛe sɛɛ yi! Yɛn afahyɛ no dii nnɔnhwerew anan! Wobisaa nsɛm pii na yefi Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ Asafo ti no ɔkasa ho krataa no so no mu buae. Sɛ midwen ho a, minim sɛ, sɛ ɛnyɛ sɛ na Yehowa fi ɔdɔ mu rehwɛ me a, anka merentumi nnyina osuahu no ano—ɛwom mpo sɛ saa bere no, na menyɛ n’Adansefo a wɔahyira wɔn ho so no mu biako de. Nanso, saa Nkaedi anadwo wɔ 1942 mu no, mihuu nea mede bɛyɛ m’asetram atirimpɔw.
Me Mfitiase Asetra
Wɔwoo me wɔ 1914 mu. Me papa wui asram anan ansa na wɔrewo me, na mekae sɛ bere a na meyɛ abofra no, m’ani beree mmofra afoforo a wɔwɔ agyanom a wɔdɔ wɔn no. Ná ɛyɛ me akɔnnɔ yiye. Ná me maame asetra sɛ obi a onni kunu no mu yɛ den yiye, na nea ɛmaa emu yɛɛ den kɛse koraa ne nkɛntɛnso a ɛkɔ akyiri a efii Wiase Ko I mu bae no.
Mewaree ababaa bi a wɔfrɛ no Agnes Cope wɔ me mmeranteberem, na wayɛ me hokafo wɔ asetram bɛboro mfe 58 ni. Mfiase no, yɛboom yɛɛ adwuma denneennen na ama yɛadi yiye wɔ asetram. Midii nkogu sɛ okuafo esiane ɔpɛ bi a emu yɛ den a esii nti. Mede me ho hyɛɛ agodi mu de kyekyee me werɛ, nanso ansa na merenya saa 1942 Nkaedi no mu osuahu no, na minni asetram atirimpɔw ankasa biara.
Midi M’abusuafo Adanse
Saa Nkaedi no akyi no, misuaa Bible no anibere so, na me ne me nuanom mu binom bɔɔ Bible nhoma ahorow a Ɔwɛn Aban Asafo no atintim no ho nkɔmmɔ. Wɔ September 1943 mu no, Yehowa Adansefo bi a wofi baabi foforo ba bɛsraa yɛn mmusua a faako a yɛwɔ no atew ne ho no. Yɛne wɔn bɔɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ nnɔnhwerew anan. Afei, bere a yɛtee sɛ wobefi hɔ akɔ adekyee no, mibisae sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan mprempren yi ara?” Wɔbɔɔ me ne me wɔfa mma baanu asu wɔ nsu mu ɔdasum dɔnkoro ne fã.
Ɛno akyi no, mituu kwan kɔɔ mmeae pii kodii m’abusuafo adanse. Ebinom tiei, na mede nkɔmmɔ a me ne wɔn bɔe no gyinaa Mateo ti 24 so. Afoforo antie, na wɔn fam no, mekaa nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ Farisifo no wɔ Mateo ti 23 no kyerɛɛ wɔn. Nanso, bere bi akyi no, misuaa sɛnea mede anifere bedi dwuma yiye, na mede asuasua yɛn soro Agya a ɔyɛ ayamye ne ɔdɔ no.—Mateo 5:43-45.
Mfiase no, me yere sɔre tiaa ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsom Yehowa no. Nanso, ankyɛ na ɔbɛkaa me ho, na wɔ December 1943 mu no, ɔbɛyɛɛ me hokafo ne ɔboafo a wahyira ne ho so abɔ asu. Wɔbɔɔ ɔne nnipa afoforo baanum a wofi yɛn akuraa a ɛne Waima hɔ no asu boom wɔ saa da titiriw no mu, na ɛmaa Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ saa mpɔtam hɔ no dodow duu baakron.
Nhyira wɔ Ɔtaa Nyinaa Akyi
Wɔ 1944 mu no, anuanom a womfi yɛn mpɔtam hɔ san bɛsraa yɛn bio, na saa bere yi de, wɔmaa yɛn ntetee a yehia wɔ sɛnea wɔyɛ afie afie asɛnka adwuma no mu. Bere a yɛn dwumadi wɔ mpɔtam hɔ bɛdaa adi pii no, Kristoman ananmusifo ɔsɔretia no mu yɛɛ den. (Yohane 15:20) Yɛne ɛhɔ asɔfo no hyiae mpɛn pii, na nea efii mu bae ne ɔkyerɛkyerɛ ho nkɔmmɔbɔ ahorow a egyee bere tenten. Nanso Yehowa ma yedii nkonim, na akuraase hɔfo afoforo, a me nuabea ka ho, baa Yehowa ɔhwɛ a ɔdɔ wom no ase.
Wɔhyehyɛɛ asafo wɔ Waima wɔ June 1944 mu. Nyamesom mu ɔtaa ne nitan yɛɛ kɛse. Wɔpowee sɛ wobesie Yehowa Adansefo wɔ ɛhɔnom amusiei hɔ. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔsɔretia no yɛ nea basabasayɛ wom. Ná ntɔkwaw ankasa tumi si. Wɔhyew me kar ne ɔdan a esi mu no dwerɛbee. Nanso, ɛnam Yehowa nhyira so no, anni asram abiɛsa na yetumi tɔɔ lɔre. Na mede teaseɛnam a ɔpɔnkɔ twe na ɛfaa m’abusua a na ɛreyɛ kɛse no kɔɔ nhyiam horow.
Wɔn a wɔne yɛn bɔ no dodow a ɛkɔɔ anim no ma ɛdaa adi sɛ na ɛsɛ sɛ yenya baabi a ɛhɔ sõ a yɛbɛyɛ nhyiam ntɛm ara, enti yesii gyinae sɛ yebesi Ahenni Asa wɔ Waima. Eyi ne Ahenni Asa a edi kan a yesii wɔ New Zealand. Bere a wobuu nnua a edi kan no December 1, 1949 akyi asram anan ara pɛ no, wɔyɛɛ nhyiam ne ɔdan so hyira dwumadi a wɔaka abom bi wɔ asa foforo a etumi fa nnipa 260 no mu. Saa bere no mu no, na ɛno yɛ ade kɛse a yɛnam Yehowa mmoa so atumi ayɛ.
Yehowa Ɔhwɛ ho Adanse Afoforo
Esiane sɛ Ahenni adawurubɔfo dodow a wɔwɔ New Zealand kusuu fam akyirikyiri no kɔɔ so yɛɛ kɛse nti, ahwɛfo akwantufo a wɔbɛsraa yɛn no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔsom wɔ mmeae a wohia mmoa kɛse. Migyee ɔfrɛ no so na wɔ 1956 mu no, me ne m’abusua no tu kɔɔ Pukekohe, wɔ Auckland kesee fam. Yɛsom wɔ hɔ mfe 13.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:9 ho.
Mekae sɛnea Yehowa hwɛɛ me ho nhwɛso abien yiye. Bere a na meyɛ adwuma ma ɔmantam no sɛ ofirikafo ne nea ɔde afiri yɛ adwuma no, wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ adapɛn anan Ahenni Ɔsom Sukuu bi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Auckland no. Mesrɛɛ adapɛn anan akwamma na ama matumi akɔ, na adwumam panyin no kae sɛ: “Wubetumi akɔ dodo. Minyae a anka nnipa pii te sɛ wo. Sɛ wosan ba a, behu me wɔ me office.” Bere a mekɔɔ ne office hɔ no, ɔmaa me adapɛn anan a manyɛ adwuma no mu akatua. Saa kwan yi so no, mitumi dii m’abusua no honam fam ahiade ahorow ho dwuma.—Mateo 6:33.
Ɛno ne nhwɛso a edi kan. Nea ɛto so abien no sii bere a me ne me yere fii daa akwampae adwuma no ase wɔ 1968 mu no. Yɛde yɛn ho too Yehowa so bio na waboa yɛn, na ɔmaa yɛn akatua. Da koro anɔpa bi a yɛadi anɔpaduan awie no, me yere buee fridge no na ohui sɛ aduan a aka wom ara yɛ bɔta karibo fã pɛ. Ɔkae sɛ: “Sarn, yenni hwee a yebedi o. So yɛbɛkɔ asɛnka ara nnɛ?” Mibuae dɛn? “Yiw!”
Ofie a yedii kan kɔɔ mu no mu no, ofiewura no gyee nhoma a yɛde maa no no, na ofi ayamye mu maa yɛn nkesua kakraa bi sɛ ntoboa. Onipa a ɔto so abien a yɛkɔsraa no no kyɛɛ yɛn nnuadewa—kumara (ntɔmmɔ), cauliflower, ne carrot. Nnuan afoforo a yɛde kɔɔ fie saa da no ne nam ne bɔta. Hwɛ sɛnea Yesu nsɛm yi baa mu wɔ yɛn fam: “Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa?”—Mateo 6:26.
Wɔma Me Dwumadi wɔ Amannɔne
Rarotonga wɔ Cook Islands! Eyi ne faako a wɔmaa yɛn dwumadi sɛ akwampaefo atitiriw wɔ 1970 mu. Ná ɛhɔ na ɛbɛyɛ yɛn fie wɔ mfe anan a edi hɔ no mu. Asɛnnennen a edi kan a yehyiae ne kasa foforo a yebesua no. Nanso, esiane nsɛdi ahorow a ɛwɔ New Zealand Maori kasa ne Cook Island Maori kasa ntam nti, mitumi maa me baguam ɔkasa a edi kan wɔ bere a yekoduu hɔ akyi adapɛn anum.
Ná Ahenni adawurubɔfo kakraa bi pɛ na wɔwɔ Cook Islands, na na yenni baabi a yebehyiam. Yehowa tiee yɛn mpaebɔ dii yɛn ahiade ahorow ho dwuma maa yɛn bio. Yɛne obi a ɔtɔn ade wɔ adetɔnbea bi mu nkɔmmɔbɔ maa yetumi kogyee asase bi a ɛfata, na wɔ afe biako mu no, yetumi sii ofie ketewaa bi ne Ahenni Asa a ebetumi afa nnipa 140. Efi saa bere no rekɔ no, yenyaa nhyira horow pii toatoaa so, de yii Yehowa ayɛ.
Ade a yɛn ani sɔe titiriw ne supɔw no sofo ahɔhoyɛ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. Bere a yɛnam asɛnka mu no, na wɔtaa ma yɛn anonne—na yɛpɛ eyi yiye esiane sɛ na ɛhɔ yɛ hyew nti. Ná yɛtaa ba fie bɛto sɛ obi a yennim no de kwadu, borɔfere, mango, ne akutu abegu yɛn pon ano.
Wɔ 1971 mu no, me ne me yere, ne Rarotonga adawurubɔfo baasa kɔɔ Aitutaki supɔw a ɛhɔ ɔtare fɛfɛ no ama wonim hɔ yiye no so. Yenyaa nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn Asɛm no wɔ ɛhɔfo a wɔpɛ ahɔhoyɛ no mu na yefii ofie Bible adesua anan ase, na bere a yɛsan kɔɔ Rarotonga no, yɛnam krataakyerɛw so toaa so. Bere bi akyi no, wɔbɔɔ Aitutaki asuafo yi asu, na wɔhyehyɛɛ asafo wɔ hɔ. Wɔ 1978 mu no, wosii Ahenni Asa a ɛto so abien wɔ Cook Islands no wɔ hɔ. Yehowa hyiraa aba a yegui ne so nsu a yegugui no so denam nneɛma a ɔma ɛkɔɔ so nyinii no so.—1 Korintofo 3:6, 7.
Minyaa hokwan kɔsrasraa Cook Islands supɔw ahorow no mu du so, mpɛn pii no wɔ tebea horow a emu yɛ den mu. Ɔkwan bi a mede hyɛmma tu kɔɔ Atiu, a ne tenten bɛyɛ kilomita 180 no, gyee bɛboro nnansia esiane mframa a ano yɛ den ne po a ayɛ basabasa no nti. (Fa toto 2 Korintofo 11:26 ho.) Ɛwom sɛ na aduan a yɛwɔ no nnɔɔso na po no a ehinhim wɔn no maa pii a wɔka me ho no fefee de, nanso meda Yehowa a ɔhwɛ maa mikoduu faako a merekɔ dwoodwoo no ase.
Wɔ 1974 mu no, wɔpowee sɛ wɔbɛma yɛn hokwan a ɛbɛma yɛatumi akɔ so atra Cook Islands ma enti na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ New Zealand. Saa bere no, na asafo ahorow abiɛsa na ɛwɔ nsupɔw no so.
Ɔsom Hokwan Afoforo—ne Sɔhwɛ Bi
Bere a yɛsan kɔɔ New Zealand no, hokwan afoforo buei. (1 Korintofo 16:9) Ná Asafo ti no hia obi a obetumi akyerɛ The Watchtower ne Bible nhoma afoforo ase akɔ Cook Island Maori kasa mu. Wɔde hokwan no maa me, na ayɛ me de abesi nnɛ. Afei minyaa hokwan san kɔsraa me nuanom a wɔwɔ Cook Islands no, sɛ ɔmansin sohwɛfo nea edi kan, ne afei sɛ ɔmantam sohwɛfo nsiananmu.
Wɔ saa nsrahwɛ no biako mu no, Onua Alex Napa a ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw bi a ofi Rarotonga ne me tuu kwan bi a yedii nna 23 wɔ po so na yɛkɔɔ Manahiki, Rakahanga, ne Penrhyn—nsupɔw a ɛwɔ Cook nsupɔw no kusuu fam. Wɔ supɔw no biara so no, Yehowa kanyan ɛhɔfo a wɔpɛ ahɔhoyɛ no koma ma wɔmaa yɛn dabere na wogyee Bible nhoma pii. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:15 ho.) Adɔde a wɔde wɔn abon yɛ nhene abu so wɔ saa nsupɔw yi so, na mpɛn pii no, nkurɔfo no maa yɛn nhene sɛ nea wɔde boa wiase nyinaa asɛnka adwuma ho ka tua. Enti, bere a yɛde honhom fam nhene mae no, yɛn nsa kaa nhene ankasa nso.—Fa toto Mateo 13:45, 46.
Saa wiase no fã a atew ne ho yi yɛ fɛ dɛn ara! Yɛ sɛnea aboodede akɛse ne mmofra bom guare asomdwoe mu wɔ ɔtare bi mu ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Hwɛ sɛnea ɔsoro yɛ fɛ anadwo! Odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware yiye: “Da biara da ma wɔworo nsɛm, na anadwo biara yi nimdeɛ adi kyerɛ.”—Dwom 19:2, New World Translation.
Afei, mfe akron a atwam ni no, yehyiaa nokwaredi ho sɔhwɛ ankasa. Wɔde me yere kɔtoo ayaresabea a na mogya retu no wɔ n’amemene mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn, nanso na oduruyɛfo no mpene so sɛ ɔbɛyɛ a ɔmma no mogya. Ná me ne me yere rentumi mfi ahonim pa mu mpene aduruyɛ bi a ebetia Onyankopɔn mmara so. Nanso oduruyɛfo no ahonim kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ɔfa ɔkwan biara a obetumi so gye nkwa, a mogya a ɔde bɛma ka ho.
Me yere yare no mu yɛɛ den, na wɔde no kɔtoo faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn yare mu yɛ den yiye no, a nsrahwɛ kakraa bi pɛ na wɔmaa ho kwan. N’asom a ɛyɛɛ no duru no maa n’aso siwii. Ne tebea mu bɛyɛɛ den yiye. Bere bi a mekɔsraa no akyi no, oduruyɛfo bi dii m’akyi kɔɔ me kar ho, na ɔkaa no denneennen sɛ ɔkwan biako pɛ a me yere bɛfa so anya nkwa ne sɛ wɔbɛyɛ no oprehyɛn ama no mogya, na ɔsrɛɛ me sɛ memma ho kwan. Nanso, me ne me yere de yɛn ho too Yehowa so—sɛ ná ne mmara sodi betumi ama yɛahwere mprempren asetra yi mu mfe kakraa bi mpo a. Mpofirim ara me yere tebea no yɛɛ yiye. Mikoduu hɔ da koro kɔtoo no sɛ ɔte mpa mu rekenkan ade. Nna a edi hɔ no, ofii ase dii ayarefo ne ayarehwɛfo no adanse. Afei wɔfrɛɛ me kɔɔ oduruyɛfo no office. Ɔkae sɛ: “Owura Wharerau, wo ti ye paa! Yegye di sɛ wo yere yare no agyae.” Ná ne mogya a aboro so no agyae a wɔnhwɛ kwan. Me ne me yere daa Yehowa ase na yɛhyɛɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara wɔ ne som mu no mu den.
Mprempren wɔasan ama me dwumadi wɔ Cook Islands na meresom wɔ Rarotonga bio. Hokwan a nhyira wom bɛn ara ni! Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi a, me ne me yere de aseda ma Yehowa wɔ sɛnea wahwɛ yɛn wɔ nea ɛreyɛ adu mfe aduonum wɔ ne som mu no ho. Yɛn nsa aka asetram ahiade ahorow wɔ honam fam bere nyinaa. Wɔ honhom fam no, nhyira horow no dɔɔso sen nea yebetumi abobɔ din.
Nea ɛda nsow bi ne me honam fam abusuafo dodow a wɔabegye nokware no atom no. Metumi anya nnipa bɛboro 200 a mprempren wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu, a 65 a wɔyɛ m’asefo ankasa ka ho. Me banana biako yɛ New Zealand Betel abusua no muni, na me babea biako ne ne kunu ne wɔn mma mmarima baanu reyɛ baa dwumadibea ahorow ɔdansi adwuma.—3 Yohane 4.
Sɛ mehwɛ daakye kwan a, asetra wɔ asase nyinaa so paradise mu, faako a ɛhɔ bɛyɛ fɛ asen obon fɛfɛ ahabammono a wɔwoo me wɔ hɔ no, ho anidaso no som bo ma me yiye. Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ mɛma me maame ne me papa akwaaba wɔ owusɔre no mu na maka agyede no, Ahenni no, ne Yehowa ɔhwɛ ho adanse afoforo nyinaa ho asɛm makyerɛ wɔn.
Me bo a masi, a nim a minim sɛ Onyankopɔn hwɛ me no hyɛ mu den no, te sɛ nea odwontofo no kae wɔ Dwom 104:33 no: “Mete ase yi, mɛto dwom mama [Yehowa], mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyi dwom mama me Nyankopɔn.”—Sɛnea Sarn Wharerau ka kyerɛe.
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Ahenni Asa a wodii kan sii wɔ New Zealand, 1950