Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 9/15 kr. 22
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wɔn a Wɔhwehwɛ Yehowa No De, Adepa Biara Remmɔ Wɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 9/15 kr. 22

NSƐMMISA A EFI AKENKANFO HƆ

Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 37:25 ne nea Yesu kae a ɛwɔ Mateo 6:33 no kyerɛ sɛ Yehowa remma Kristoni biara ano aduan mmɔ no da anaa?

Dawid kyerɛwee sɛ onhuu “onipa trenee a wɔagyaw no, anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” Ɔno ankasa suahu na ɛma ɔkaa saa asɛm no. Na onim paa sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa wɔ n’asomfo so. (Dw. 37:25) Nanso Dawid asɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa akoa biara nni hɔ a obedi hia.

Ɛtɔ da a na Dawid ankasa ho kyere no. Wo deɛ yɛnhwɛ bere a Dawid guan fii Saul anim no. Na Dawid ho nneɛma asa enti ɔkɔsrɛɛ aduan a ɔne mmarima a wɔka ne ho no bedi. (1 Sam. 21:1-6) Enti yɛbɛka a, Dawid ‘srɛɛ aduan.’ Nanso saa bere no mpo na onim sɛ Yehowa rempo no. Nokwasɛm ne sɛ Bible nka wɔ baabiara sɛ na Dawid kyin srɛsrɛ aduan ansa na ne nsa akɔ n’ano.

Yesu nso kae wɔ Mateo 6:33 sɛ, sɛ obi de Ahenni nneɛma di kan wɔ n’asetena mu a, Onyankopɔn bɛma ne nsa aka nea ohia biara. Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa [te sɛ aduan, anonne, ne atade] bɛka ho ama mo.” Nanso Yesu san kae sɛ nkurɔfo bɛtaa ne “nuanom” na ebia wɔadi kɔm mpo. (Mat. 25:35, 37, 40) Biribi saa too ɔsomafo Paulo. Ɛtɔ da a na nea obedi ne nea ɔbɛnom mpo abɔ no.​—2 Kor. 11:27.

Mmarima a ɔkɔm adosa wɔn wɔ afiase

Yehowa aka sɛ nkurɔfo bɛtaa n’asomfo wɔ akwan horow so. Ebia ɔbɛma kwan ma yɛn ho akyere yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a obenya asɛm abua Ɔbonsam. (Hiob 2:3-5) Eyi ho nhwɛso ne nea ɛtoo yɛn nuanom a na wɔda Nasi nneduaban mu no. Tebea yi de anuanom pii nkwa too asiane mu. Atirimɔdensɛm a na atumfoɔ no de di Adansefo no bi ne sɛ na wɔkyere wɔn kɔm sɛnea wɔn gyidi begu asu. Nanso yɛn nuanom dii Yehowa nokware, na ɔno nso ampa wɔn. Ɔmaa kwan maa wɔfaa ɔtaa no mu, na saa ara na ɔma kwan ma yehyia sɔhwɛ ahorow nnɛ. Nanso Yehowa boa wɔn a ne din nti wohu amane no ma wogyina pintinn. (1 Kor. 10:13) Yɛmma asɛm a ɛwɔ Filipifo 1:29 yi ntena yɛn adwenem: “Mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na ɛnyɛ sɛ munnya ne mu gyidi nko na mmom sɛ munnyina n’ananmu nhu amane nso.”

Yehowa ahyɛ ne nkoa bɔ sɛ ɔrennyaw wɔn da. Yesaia 54:17 ka sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.” Saa asɛm yi ne bɔhyɛ pii a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ Onyankopɔn bɛbɔ n’asafo ho ban. Nanso ɛtɔ da a n’asomfo bi hyia sɔhwɛ anaa ɔtaa ahorow; ebinom mpo de wɔn nkwa twa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena