Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 7/1 kr. 19-24
  • Kɔka Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔka Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Di Israel So Hene
  • Oguanhwɛfo Ne Ohene A Wokaa Ne Ho Asɛm Siei No Ba
  • “Di Makyi“​—Wudi Ho Dwuma Dɛn?
  • Ahenni​—Asɛmpaka Ho Akwankyerɛ
  • So Wugye Yehowa Tumidi Tom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • “Bedi M’akyi”—Dɛn Na Na Yesu Pɛ Sɛ Ɔkyerɛ?
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Onyankopɔn Ahenni Di Tumi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 7/1 kr. 19-24

Kɔka Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm

“Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm.”​—LUKA 9:60.

1. Nsemmisa a ɛho hia bɛn na Yesu asɛm ɛ ɛwɔ Luka 9:60 no ma ɛsɔre?

ONYANKOPƆN Ahenni​—na ɛno ne ade a ɛho hia titiriw sen biara wɔ Yesu asetra mu! Ɛte saa ara wo yɛn a yɛyɛ ne nokware akyidifo nyinaa fam nnɛ. Sɛ Kristofo no, yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi Yesu anammɔn akyi denam tra a yɛtra ase ma ɛne Bible no hyia no so. (1 Petro 2:21) Nanso afei, bere a yɛwɔ afe 1986 mu no, so ebetumi ayɛ nea ɛho hia sɛ yɛsan hwehwɛ nneɛma a ɛho hia titiriw wo yɛn asetra mu no mu? Sɛ nhwɛso no, wobɛkyerɛkyerɛ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ obi sɛ “ma awufo nsie wɔn awufo” no mu dɛn? Wususuw sɛ dɛn nti na Yesu sii hia a Ahenni ho asɛm a wɔbɛka no ho hia so dua saa bere no de bɔɔ nea ɛte sɛ nea ɛyɛ abusua ho a wodwen ma ɛfata no abira no? Dɛn na woka?

2. Yehowa tumidi fii ase bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛwɔ hɔ daa?

2 Bere tenten ansa na Yesu de asɛm a ɛne “Onyankopɔn ahenni” redi dwuma no, na wofi soro de honhom aka odwontofo Dawid ma wakyerɛw sɛ: “[Yehowa] de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so.” (Dwom 103:19) Yehowa tumidi fii ase bere a ofii n’adebɔ ase no. Wɔrentumi nwosow n’ahengua nnyinaso da. Wɔrentumi nnye amansan nyinaa tumidi hokwan a ɔwɔ no mfi ne nsam. Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo bi ka sɛ: “Monka n’anuonyam, amanaman mu, . . . Na [Yehowa] yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi”!​—Dwom 96:3, 4; 109:21; Daniel 4:34, 35.

3. (a) Asɛm a esii bɛn na ɛma wogyee Yehowa tumidi ho kyim? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe sɛ obedi ɔsɛmpɔw a ɛfa amansan nyinaa tumidi ho no ho dwuma?

3 Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔakɔ so ayi Yehowa ayɛ. Satan, ɔwaefo a odi kan no gyee ɔkwan a Yehowa nam so ada ne tumidi adi na ɔde adi dwuma wɔ N’abɔde a wɔwɔ asase so ho no ho kyim. (Genesis 3:1-5; Hiob 1: 6-12; 2:1-5) Esiane eyi nti, wɔ asase so ne akyiri yi wɔ soro no, Satan atuatew su no kaa abɔde no mu binom. Satan adaadaa nnipa nso ma wɔde nnipa ahenni ahorow asisi hɔ. Ɔde eyinom adi dwuma de agye teɛ a Onyankopɔn nniso teɛ no ho kyim. (Adiyisɛm 13:1-6) Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bedi ɔsɛmpɔw a ɛfa amansan nyinaa tumidi ho yi ho dwuma no, ɔyɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa ho nhyehyɛe sɛnea wɔka siei wɔ Daniel 2:44 no: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da [bi so] . . . Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”

Yehowa Di Israel So Hene

4. Ɔkwan bɛn so na Dawid tumi kae sɛ “[Yehowa] adi hene,” na na asɛm a ɛte saa no hwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

4 Enti afei ɛda adi pefee sɛ ɛwom sɛ Yehowa tumidi fii ase bere a ofii adebɔ ase no de, nanso, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ ne nniso ho nhwɛso pɔtee bi na ɔde abua asemmisa a ɛfa teɛ a ne tumidi teɛ ho no daa. Na eyi ho nhwɛso ne ɔsoro Mesia Ahenni no. Asase so ahenni a Yehowa de sii hɔ de dii Israel man so tumi no dii dwuma sɛ “ahenni a wɔrensɛe no da” yi nsiananmu wɔ ɔkwan a esua so. Enti, bere a ɔhene Dawid de apam adaka no baa kurow Yerusalem mu no, otumi de anigye too dwom sɛ: “Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsan no; wɔnka amanaman mu sɛ: [Yehowa] adi hene.” (1 Beresosɛm 16:31) Yiw, wɔ ɔkwan titiriw bi so no, Yehowa ‘adi Israel nyinaa so hene.’ Na ɛyɛ anigye bere kɛse na na Dawid pɛ sɛ wɔka ho asɛm wɔ amanaman mu!

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na na Dawid da nsow wɔ ahene mu? (b) Ná Dawid yɛ hena ho mfonini, na wɔ ɔkwan bɛn so? .

5 Nguanhwɛ adwuma a Ɔhene Dawid yɛe no na ɛma ɔbɛyɛɛ ɔhene a ɔda nsow wɔ ahene mu no. Ná ɔyɛ oguanhwɛfo ne ɔhene. Odwontofo no ka paw a Onyankopɔn paw Dawid maa dibea yi ho asɛm sɛ: “[Yehowa] yii n’abofra Dawid, na ɔfaa no fii nguannan mu . . . sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel. Na ɔyɛn wɔn koma mudi so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.”-Dwom 78:70-72.

6 Hwɛ a Dawid hwɛɛ ne nkurɔfo, ne koma a edii mũ wɔ Onyankopɔn ho, ne n’ahokokwaw sɛ ɔkannifo no ma ɔfatae sɛ ɔyɛ Mesia a ɔbɛba a wɔde no bedi dwuma wɔ ɔkwan titiriw bi so ma wada Yehowa tumidi adi na wayɛ n’ade sɛ Oguanhwɛfo ne ɔhene a ɔwɔ ɔdɔ no ho mfonini. Akyiri yi odiyifo Hesekiel kaa Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛba mu yi ho asɛm siei: “Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn [Israel] so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid, . . . Na me, [Yehowa], mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu birɛmpɔn; me [Yehowa] na maka.”​—Hesekiel 34:22-24.

Oguanhwɛfo Ne Ohene A Wokaa Ne Ho Asɛm Siei No Ba

7, 8. (a) Ɛyɛɛ dɛn na wohuu Oguanhwɛfo ne ɔhene a wɔkaa ne ho asɛm siei no, na na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ne ba no ho? (b) Atirimpɔw bɛn nti na Yehowa “gyee” Yesu “toom”?

7 Onii a Yehowa kaa ne ho asɛm siei no ne n’ankasa Ba, Yesu. Ɛdefa ne ho no, ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ ɔbaabun Maria sɛ: “Hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:31-33) Yehowa ahenni a wɔbɛda no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so bɛn ara na eyi bɛyɛ sɛɛ yi! Ampa, asɛm a ɛte sɛɛ a ebesi no bɛma wɔaka wɔ wiase nyinaa wɔ ɔkwan a ɛsen biara so sɛ: “ [Yehowa] adi hene.”

8 Wɔ Yesu anwonwa kwan so awo ne ne nyin a onyin bɛyɛɛ ɔpanyin akyi no, ɔde ne ho mae ma wɔbɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. Saa bere no Onyankopɔn gyee Yesu toom sɛ ne Ba denam honhom a ohwie guu ne so no so, na ɔkae sɛ: “Wone me Ba, nea medɔ no; magye wo atom.” (Luka 3:22, NW) ‘Ogyee Yesu toom’ maa dɛn? Luka kyerɛwtohɔ no kyerɛkyerɛ mu: “Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi mfe aduasa.” (Luka 3:23; Ref. Bi. asehɔ asɛm: “Anaa, ‘ofii ase [kyerɛkyerɛe].’”) The Revised Standard International Version Version ne New international version ka sɛ, “Bere a ofii ne som adwuma ase no.” Na dɛn ne Yesu “adwuma,” anaasɛ ne “som adwuma” no? Dɛn na “ɔkyerɛkyerɛe”? Ɔkyerɛwfo Mateo de mmuae no ma: “Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.”​—Mateo 4:23.

9. Akwan horow bɛn so na na Yesu te sɛ ne nana Dawid?

9 Yesu de ne nkwa dii dwuma de ‘kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm.’ Te sɛ ne nana Dawid no, ɔdaa koma a edi mũ adi denam Yehowa ahenni akyi a ogyinae wɔ nokwaredi mu a wannyae da no so. (Luka 9:60; 4:3-13; Yohane 16:33) Yesu daa ne ho adi sɛ ɔne saa “Oguanhwɛfo biako” a na Yehowa ahyɛ ne ho bɔ sɛ ɔde no bɛma no. N’ani gyei sɛ ɔbɛma wɔn a nyamesom asɔfo ama “wɔabrɛ na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no aduan wɔ honhom mu. (Mateo 9:36) Ɛdefa n’adwuma a ɔde ahokokwaw yɛe a ɛne nnipa a ɔhwɛɛ wɔn te sɛ oguanhwɛfo ne sɛnea adwuma yi mu bɛtrɛw nkakrankakra wɔ mfe a ɛbɛba no mu ho no, Yesu kae sɛ: “Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, me de nso nim me . . . Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.”​—-Yohane 10:14, 16.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua biribi afi akwan horow a Yudafo no faa so yɛɛ wɔn ade wɔ Yesu nsa a ɔto frɛɛ wɔn sɛ wonni n’akyi no ho no mu?

10 Yudafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Yesu nsa a ɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ n’akyidifo a wɔte sɛ nguan no ho? Nea wɔyɛe wɔ ho no gu ahorow. Bere a yɛrehwehwɛ nea wɔyɛe yi bi mu no, susuw sɛnea woyɛ w’ade wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho fi bere a wotee no ho.

“Di Makyi“​—Wudi Ho Dwuma Dɛn?

11. Ka sɛnea Simon, Andrea, Yakobo, Yohane, ne Mateo gyee Yesu ɔfrɛ, “Di m’akyi” no so no ho asɛm.

11 Bere a na Yesu nenam Galilea Po no ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔreyi nam. “Na Yesu see wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo. Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi. Na ofii hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane . . . na . . . ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.” (Marko 1:16-20) Adwempa a ɛte saa ara na towgyeni Lewi, anaasɛ Mateo daa no adi. “[Yesu] ka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi! Na ogyaw biribiara sɔre bedii n’akyi.”-Luka 5:27, 28.

12. Dɛn na na ɛhaw ɔbarima a ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wakyi” no?

12 Nanso ɛnyɛ nnipa no nyinaa na wɔde adwempa yɛɛ ade wɔ Yesu ɔfrɛ a ɛne “Di m’akyi” no ho. Susuw saa ɔbarima a wɔaka ne ho asɛm wɔ Luka ti 9 a Yesu hyiaa no bere a ofi akuraa biako ase rekɔ foforo ase no ho. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.” Mateo kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ ɔbarima yi yɛ ɔkyerɛwfo. Ná nnipa no bu akyerɛwfo no, na na wɔfrɛ wɔn “Rabi.” Afei hyɛ Yesu mmuae no nsow: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Luka 9:57, 58) Na Yesu reka akyerɛ ɔbarima yi sɛ, sɛ ɔbɛyɛ n’akyidini a asetra no renyɛ mmerɛw mma no. Nea ɛkyerɛ ne sɛ na ɔbarima yi yɛ ahantan dodo sɛ ɔbɛpene asetra a ɛte sɛɛ so. Hu a na ɔrentumi nhu faako a ɔbɛda anadwo no yɛ den dodo ma no sɛ ɔbɛpene so.

13. Dɛn nti na Yesu buaa ɔfoforo a anka obetumi abɛyɛ n’akyidini no wɔ ɔkwan a ɔfaa so no so?

13 Yesu ka kyerɛɛ onipa foforo a na ogyina hɔ sɛ: “Di m’akyi. Na ɔno de, ose: Ma me kwan na minkosie m’agya ansa.” Hyɛ Yesu mmuae no nsow: “Ma awufo nsie wɔn awufo, na wode, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!” (Luka 9:59, 60) Ɔbarima yi anoyi no nkyerɛ sɛ na n’agya awu dedaw. Sɛ n’agya awu a, anka ɛremma sɛ obegyina ɔkwan no nkyɛn atie Yesu. Dabi, ɛda adi wɔ nea ɔbarima no kae no mu sɛ na ɔpɛ sɛ onya bere de twɛn ne papa wu. Na onsiesiee ne ho sɛ ɔde Onyankopɔn Ahenni bedi kan wɔ n’asetra mu ntɛm ara.​—Mateo 6:33.

14, 15. (a) Dɛn na ɛda adi wɔ ade a ɔbarima a ɔto so abiɛsa no srɛɛ Yesu no mu? (b) Dɛn na yebetumi asua afi mmuae a Yesu de maa ɔbarima yi no mu nnɛ?

14 Kyerɛwtohɔ no ka ɔbarima a ɔto so abiɛsa a ɔde ne ho mae ho asɛm: “Awurade, medi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra me fifo ansa.” Ɛda adi sɛ na ɔbarima yi pɛ sɛ wɔde tebea ahorow bi bata yɛ a ɔbɛba abɛyɛ Yesu kyidini no ho. Nokwarem no, na ɔreka akyerɛ Yesu sɛ: ‘Hwɛ, mɛyɛ w’akyidifo no mu biako, sɛ . . . ’ Mmuae bɛn na Yesu mae? “Obi a ɔde ne nsa koso fɛtɛw ade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni mu.’” (Luka 9: 61, 62) Sɛ ɔfɛtɛwfo pɛ sɛ otwa mfɛtɛwee kã a ɛteɛ wɔ afuw mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’anim tẽẽ. Sɛ otwa n’ani kɔhwɛ n’akyi a, ɛda adi sɛ mfɛtɛwee kã no bɛkyea. Ebia obehintiw mpo! Saa na ɛte wɔ Yesu akyidifo a wodi n’anammɔn akyi no fam; wɔn ani a wobetwa ahwɛ nneɛma nhyehyɛe dedaw yi wɔ bere tiaa mu mpo no bɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔtɔ ɔhaw mu na ɛbɛma wɔn nan awatiriw na wɔafi ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu’ no so.​—Mateo 7:14; hwɛ Luka 17:31-35.

15 So woate Yesu ɔfrɛ a ese, “Di m’akyi” no? Woadi ho dwuma dɛn? So wode adwempa agye so te sɛ asuafo, Simon, Andrea, Yakobo, Yohane ne Mateo? Te sɛ saa mmarima no. so woasiesie wo ho sɛ wobɛyɛ nsakrae biara a ɛho hia na ama woadi Owura no anammɔn akyi? Sɛ wubua sɛ yiw a, ɛnde wo nso wubenya hokwan a ɛso nni a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka no mu kyɛfa a wubenya.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu siesiee n’asuafo no maa asɛmpa no ka mu kyɛfa a wɔne no benya?

16 Ansa na Yesu resoma n’asuafo ma wɔakɔka Ahenni no ho asɛm no, ɔde ahokokwaw kyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ no denam n’ankasa nhwɛso no so. Wɔ eyi akyi no, Yesu de akwankyerɛ a emu da hɔ a ɛfa sɛnea wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguanten wɔ asasesin biara a wɔde ama wɔn no mu ho maa wɔn. Yesu akwankyerɛ no da so ara yɛ nea wotumi de di dwuma wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Ma yɛnhwehwɛ eyinom mu bi mu, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo kyerɛwtohɔ no ti du no.

Ahenni​—Asɛmpaka Ho Akwankyerɛ

17. Fa nea na ɛwɔ Ahenni ho asɛm a wɔkae wɔ afeha a edi kan no mu no mu no toto nnɛ de no ho.

17 Ná asuafo no asɛm no ti bɛyɛ nea na Yesu reka ho asɛm no ara: “Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 10:7) Nanso, mprempren wɔde saa Ahenni no asi hɔ wɔ soro. Yehowa Guanhwɛfo ne Ɔhene, Kristo Yesu, redi tumi mprempren! Enti, Dawid asɛm no kyerɛ biribi kɛse mprempren: “Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsan no; wɔnka amanaman mu sɛ [Yehowa] adi hene.” (1 Beresosɛm 16:31) Ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ yɛanya hokwan a ɛbɛma yɛagyina Yehowa amansan tumidi a wɔada no adi wɔ ɔkwan titiriw yi so akyi nko, na mmom yɛn ani gye nso sɛ yɛte bere a wobedi ɔsɛmpɔw a ɛfa Yehowa amansan tumidi ho no ho dwuma prɛko mu.

18. Dɛn na Yesu sii so dua kyerɛɛ n’akyidifo wɔ Mateo 10:8-10, na henanom titiriw na wobetumi ahu eyi nnɛ?

18 Mateo 10:8-10 ka wɔn a wonya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma no mu no su ho asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni di kan wɔ wɔn asetra mu na wɔma honam fam ahiade ahorow yɛ nea ɛto so abien. Dɛn ntia? Yesu ka sɛ: “Odwumayɛfo aduan sɛ no.” Yɛn soro Agya no bɛhwɛ wɔn a wɔde wɔn ho to no so bere nyinaa. Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo mpem ɔhaha pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi adi nokwasɛm yi ho adanse.​—Numeri 18:30, 31; Deuteronomium 25:4.

19. Ɔkwan bɛn so na wɔnam hwehwɛ wɔn a wɔsɛ no nnɛ, na wɔ hena akwankyerɛ ase?

19 Afei Yesu de ahyɛde ma sɛ: “Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ, na ɛhɔ na montra nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.” (Mateo 10:11) Ɔfata dɛn? Ɔfata hokwan a ɛne sɛ obegye saa Yahowa akoa yi na watie Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɛwom, ebia saa bere no na asuafo no tra nea ɔsɛ wɔ hɔ no fi na wɔde hɔ yɛ wɔn atrae bere a wokyinkyin asasesin a aka no mu hwehwɛ afoforo a wɔsɛ wɔ hɔ no. Ɛnnɛ Yehowa Adansefo di nhyehyɛe a ɛte saa ara akyi. Wɔde nnɔnhwerew ɔpepem pii di dwuma na wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔsɛ wɔ nsasesin ahorow mu. Afei, sɛ wohu eyinom a, Adansefo no nya anigye kɛse wɔ afiewuranom a wɔsan kɔsra wɔn na wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛ wɔn no mu. Enti, ɛnnɛ Yesu de ahokokwaw rekyerɛ afoforo a wɔte sɛ nguan no kwan aba ne nifa so a ɛkyerɛ ɔdom.​—Mateo 25:31-33.

20. Ɔkwan bɛn so na ofi a ɛsɛ no nya asomdwoe a Ahenni sɛnkafo no bɛpɛ sɛ ɛba so no?

20 “Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. Na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so.” (Mateo 10:12, 13) Ná “asomdwoe mmra ofie ha yi” ne asɛm a wɔtaa ka de kyia obi wɔ Yesu bere so. (Luka 10: 5) Bere a wɔwoo Yesu no abɔfo tow dwom sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.” (Luka 2:14) Ofi a ɛsɛ no nya asomdwoe a wɔkaa ho asɛm siei yi denam Ahenni ho asɛm a asuafo no ka a wobegye atom no so. Ɛnnɛ Ahenni ho asɛmpa no wɔ tumi a ɛte saa ara. Ɛma nkurɔfo ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a asomdwoe wom denam Yesu Kristo so na ɛma asomdwoe ba mfɛfo gyidifo ntam nso.​—2 Korintofo 5: 20, 21; Filipifo 4:7; Efesofo 4:3.

21. Dɛn nti na 1986 afe asɛm no fata kɛse?

21 Wɔakyerɛw 1986 afe asɛm a woyi fii Luka 9:60 a ese, “kɔ . . . kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm” no abɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so wɔ wiase nyinaa. Hwɛ nkaebɔ a eye ne nkuranhyɛ a eyi bɛyɛ ama Onyankopɔn nokware asomfo nyinaa sɛ wobenya Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔka no mu kyɛfa daa! Yiw, wɔde saa Ahenni no asi hɔ fi 1914. Ɛyɛ Onyankopɔn adwinnade a ɛhyɛ ne Mesia Hene no nsa a ɔde bebubu Satan wiase ahenni horow no nyinaa agu. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ ade a ɛho hia titiriw wɔ Yehowa Ɔdansefo biara asetra mu. Yenim sɛ eyi kyerɛ yɛn nkwagye!​—1 Timoteo 4:16.

Wubebua Dɛn??

◻ Yehowa ahenni ayɛ nea ɛwɔ hɔ daa fi bere bɛn?

◻ Ɔsɛmpɔw a ɛfa amansan nyinaa ho bɛn na ɛho hia sɛ wubua mprempren?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo nyinaa siesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ??

◻ Dɛn nti na asɛm, “Yehowa adi hene “ no kyerɛ pii nnɛ?

◻ Atirimpɔw bɛn na 1986 afe asɛm no bedi ho dwuma?

[Kratafa 21 mfonini]

Mateo gyaw biribiara hɔ na okodii Yesu akyi

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

“Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, te sɛ Onyankopɔn nam yɛn so tu mo fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: momma wɔnfa mpata nka mo mmɔ Onyankopɔn ho. Efisɛ nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee, ɔno mu. Na yɛn a yɛne mo bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa, na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.”​—.2 Korintofo 5:20-6:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena