Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 8/1 kr. 20-22
  • “Munyaa no Kwa, Na Momfa Mma Kwa!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munyaa no Kwa, Na Momfa Mma Kwa!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Satan Mpoatwa no Ho Mmuae
  • Onyankopɔn Dom Akyɛde a Ɔde Ma Kwa
  • Daa Nkwa—So Ɛhyɛ Pɛsɛmenkominya Ho Nkuran?
  • Adwempa a Wɔde Som Onyankopɔn
  • W’abrabɔ a Wobɛma Asɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Ma W’ani Nnye sɛ Onyankopɔn De Wo Pɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Wo Ho Wɔ Ɔsɛmpɔw Bi A Ɛho Hia Mu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Wubetumi Afa Onyankopɔn Adamfo
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 8/1 kr. 20-22

“Munyaa no Kwa, Na Momfa Mma Kwa!”

“MUNYAA no kwa, na momfa mma kwa!” (Mateo 10:8) Yesu de saa akwankyerɛ no maa n’asomafo no bere a ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛmpa no. So asomafo no dii saa ahyɛde yi so? Yiw, na wɔkɔɔ so yɛɛ saa bere a Yesu fii asase so mpo no.

Sɛ nhwɛso no, bere a Simon a kan no na ɔyɛ osumanni no huu tumi a asomafo Petro ne Yohane de yɛ anwonwade no, ɔde sika brɛɛ wɔn sɛ wɔmma no saa tumi no bi. Nanso, Petro kaa Simon anim sɛ: “Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde.”—Asomafo no Nnwuma 8:18-20.

Ɔsomafo Paulo daa honhom a ɛte sɛ Petro de no bi adi. Na Paulo betumi de ne sikasɛm ho adesoa ato ne nuanom Kristofo a wɔwɔ Korinto no so. Nanso, ɔde n’ankasa nsa yɛɛ adwuma de hwɛɛ ne ho. (Asomafo no Nnwuma 18:1-3) Enti, na obetumi de ahotoso aka sɛ waka asɛmpa no akyerɛ Korintofo no a ‘wannye wɔn hwee.’—1 Korintofo 4:12; 9:18.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no nnaa ɔpɛ koro no ara a ɛbɛma ‘wɔama kwa’ no bi adi. Nokwarem no, nyamesom akannifo a wɔwɔ Kristoman mu no “gye akatua kyerɛkyerɛ.” (Mika 3:11) Nyamesom akannifo binom abɛyɛ adefo mpo denam sika a wogyigye fi nguankuw no hɔ no so. Wɔ afe 1989 mu no, wɔde U.S. ɔsɛmpakafo bi too afiase mfe 45. Dɛn ntia? Na “wadi n’akyidifo no sika dɔla ɔpepem pii, de sika no bi atotɔ afie, kar ahorow, atutu akwan, de bi ayɛ ɔkraman dan a afiri a ɛma ɔdan mu dwo ahyɛ mu mpo.”—People’s Daily Graphic, October 7, 1989.

Wɔ Ghana no, sɛnea Ghanaian Times a ɛbae wɔ March 31, 1990 mu kyerɛ no, Roma Katolek sɔfo bi faa sika a wogyigyei bere a wɔreyɛ asɔre no tow guu asafo no so. Atesɛm krataa no kae sɛ “nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, sɛ mpanyimfo no, na ɛsɛ sɛ woyiyi sika a emu yɛ duru.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ asɔre pii kanyan adifudepɛ mpo wɔ wɔn asɔre mma no mu, na wɔhyɛ dwumadi ahorow a ɛte sɛ kyakyatow ho nkuran denneennen na ama wɔanya sika.

Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu ne n’asuafo a wodi kan no. Wonni asɔfo a wotua wɔn ka. Ɔdansefo biara yɛ ɔsomfo a ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔka “ahenni ho asɛmpa” no kyerɛ afoforo. (Mateo 24:14) Wiase nyinaa no, wɔn mu bɛboro ɔpepem asia de wɔn ho ahyɛ “nkwa nsu” a wɔde ma nkurɔfo kwa no mu. (Adiyisɛm 22:17) Saa kwan yi so no, wɔn a ‘wonni sika’ mpo betumi anya Bible nkrasɛm no so mfaso. (Yesaia 55:1) Ɛwom sɛ nkurɔfo fi wɔn pɛ mu na eyi ntoboa de boa wɔn wiase nyinaa adwuma no de, nanso wɔnsrɛsrɛ sika da. Sɛ Onyankopɔn nokware asomfo no, wɔmfa ‘Onyankopɔn asɛm nyɛ aguade,’ na mmom ‘woyi wɔn yam’ kasa, ‘Onyankopɔn mu.’—2 Korintofo 2:17.

Nanso, dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo, de wɔn ankasa ahode ayɛ saa? Dɛn na ɛkanyan wɔn? So ma a wɔma kwa no kyerɛ sɛ wɔyɛ saa a wonnya wɔn mmɔdenbɔ no so akatua biara?

Satan Mpoatwa no Ho Mmuae

Ɛnnɛ, ɔpɛ a nokware Kristofo wɔ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani no na ɛkanyan wɔn titiriw—ɛnyɛ wɔn ho a wobenya. Enti wɔnam so de mmuae ma mpoatwa a Satan Ɔbonsam ma ɛsɔree wɔ mfehaha a atwam ni mu no. Ɛdefa ɔbarima treneeni a ne din de Hiob ho no, Satan de asɛmmisa yi twaa Yehowa mpoa sɛ: “So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no?” Satan bɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ Hiob som no esiane sɛ wabɔ ne ho ban ahyia nti. Satan kae sɛ sɛ Hiob honam fam nneɛma fi ne nsa a, ɔbɛdome Onyankopɔn!—Hiob 1:7-11.

Nea ɛbɛma Onyankopɔn abua saa mpoatwa yi no, ɔmaa Satan kwan ma ɔsɔɔ Hiob hwɛe, kae sɛ: “Nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam.” (Hiob 1:12) Dɛn na efii mu bae? Hiob ma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Ɛmfa ho amanehunu a ɛtoo Hiob no, ɔkɔɔ so dii nokware. Ɔkae sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5, 6.

Nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ da su a ɛte sɛ Hiob de no bi adi. Ɛnyɛ honam fam nneɛma na ɛkanyan wɔn ma wɔsom Onyankopɔn.

Onyankopɔn Dom Akyɛde a Ɔde Ma Kwa

Ade foforo a enti Kristofo fi wɔn pɛ mu ‘ma ade kwa’ ne sɛ wɔn ankasa ‘nyaa no kwa’ fii Onyankopɔn hɔ. Adesamma wɔ bɔne ne owu nkoasom mu esiane wɔn nana Adam bɔne nti. (Romafo 5:12) Yehowa fi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe maa ne Ba bewuu afɔrebɔ wu—biribi a ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ adesamma mfata adeyɛ yi. Dabi, ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.—Romafo 4:4; 5:8; 6:23.

Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Romafo 3:23, 24 no, Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, na wɔde ne dom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.” Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no nso nyaa ‘akyɛde no kwa.’ Nea ɛka akyɛde yi ho ne hokwan a wobenya sɛ wobebu wɔn atreneefo sɛ Yehowa nnamfo no.—Yakobo 2:23; Adiyisɛm 7:14.

Kristo ogye afɔrebɔ no nso ma ɛyɛ yiye sɛ Kristofo nyinaa bɛsom sɛ Onyankopɔn asomfo. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛno ho [ahintasɛm kronkron] na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn dom akyɛde a wɔde akyɛ me, . . . te no.” (Efesofo 3:4-7) Esiane sɛ wɔnam nsiesiei bi a ɛmfata Onyankopɔn nokware asomfo anaasɛ wontumi nnya so na ɛfrɛɛ wɔn nti, wontumi nhwɛ kwan da sɛ wɔde honam fam nneɛma betua wɔn ka sɛ wɔaka nsiesiei yi ho asɛm akyerɛ afoforo nti.

Daa Nkwa—So Ɛhyɛ Pɛsɛmenkominya Ho Nkuran?

So eyi kyerɛ sɛ afei, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ Kristofo bɛsom no a wonni akatua ho anidaso biara? Dabi, efisɛ ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” (Hebrifo 6:10) Ɛnna Yehowa nyɛ otirimɔdenfo nso. (Deuteronomium 32:4) Mmom no, Yehowa yɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Nanso so daa nkwa wɔ Paradise ho bɔhyɛ nhyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran?—Luka 23:43.

Ɛnte saa koraa. Ade biako ne sɛ, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ Paradise no fi Onyankopɔn ankasa hɔ. Ɔno na odii kan de saa anidaso yi maa nnipa baanu a wodi kan no. (Genesis 1:28; 2:15-17) Ɔsan nso ma ɛyɛɛ yiye sɛ wɔde saa anidaso yi bɛsan asi hɔ bere a Adam ne Hawa ma ɛbɔɔ wɔn asefo no. Enti Onyankopɔn hyɛ bɔ wɔ N’asɛm mu sɛ “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21) Enti, te sɛ Mose a ɔtraa ase tete no, eye ankasa ma Kristofo nnɛ sɛ ‘yɛbɛhwɛ akatua no.’ (Hebrifo 11:26) Onyankopɔn mfa saa akatua yi mma sɛ adanmude. Ofi nokware dɔ mu na ɔde ma wɔn a wɔsom no no. (2 Tesalonika 2:16, 17) Na yɛn nso: “Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.”—1 Yohane 4:19.

Adwempa a Wɔde Som Onyankopɔn

Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwehwɛ wɔn ankasa atirimpɔw a wɔde som Onyankopɔn mu bere nyinaa. Wɔ Yohane 6:10-13 no, yɛkenkan sɛ Yesu maa nkurɔfokuw a wɔboro mpem anum aduan anwonwakwan so. Bere kɔɔ so no, ebinom fii ase dii Yesu akyi esiane pɛsɛmenkominya adwene nti. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mohwehwɛ me, . . . sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.” (Yohane 6:26) Mfe dudu bi akyi no, Kristofo binom a wɔahyira wɔn ho so de ɔsom a ɛte saa ara maa Onyankopɔn ‘nanso na wonkura adwempa.’ (Filipifo 1:17) Ebinom a “wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no” so no hwehwɛɛ kwan mpo a wɔbɛfa so anya pɛsɛmenkominya mfaso afi fekuw a wɔne Kristofo bɔ no mu.—1 Timoteo 6:3-5.

Ɛnnɛ, yebetumi aka sɛ Kristoni a esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtra ase daa wɔ Paradise nti na ɔsom no kura pɛsɛmenkominya adwene. Awiei koraa no, eyi betumi ama wahwe ase honhom fam. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ Satan nneɛma nhyehyɛe yi akyɛ sen sɛnea yɛhwɛ kwan nti, ebia ‘ɔbɛpa abaw’ asusuw sɛ awiei no akyɛ. (Galatifo 6:9) Ebia na ɛbɛyɛ ne yaw mpo sɛ ɔde honam fam nneɛma bi abɔ afɔre. Yesu kae yɛn sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Yiw, obi a n’atirimpɔw titiriw a ɔde som Nyankopɔn ne ɔdɔ no nhyɛ bere mma ne ho. Wasi ne bo sɛ ɔbɛsom Yehowa daa! (Mika 4:5) Onnu ne ho wɔ afɔre biara a wabɔ wɔ ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no ho. (Hebrifo 13:15, 16) Ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no ka no ma ɔde nneɛma a Onyankopɔn pɛ di kan wɔ n’asetra mu.—Mateo 6:33.

Ɛnnɛ, nokware asomfo bɛboro ɔpepem asia fi wɔn pɛ mu ‘yi wɔn yam koraa ba’ Yehowa som mu. (Dwom 110:3) So woyɛ wɔn mu biako? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde dwennwen nea Onyankopɔn de ma no ho hwɛ: nokware ho nimdeɛ ankasa; (Yohane 17:3) ahofadi fi atoro som nkyerɛkyerɛ nkoayɛ mu; (Yohane 8:32) daa nkwa asetra ho anidaso. (Adiyisɛm 21:3, 4) Yehowa Adansefo betumi aboa wo ma woasua ɔkwan a wobɛfa so anya eyi nyinaa afi Onyankopɔn hɔ—a wonnye wo hwee.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Wɔkanyan nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ titiriw ma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani—ɛnyɛ sɛ wobenya wɔn ho

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Onyankopɔn akyɛde a ɛne agyede no kanyan Kristofo ma wɔka asɛmpa no a wonnye hwee

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena