Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/15 kr. 14-19
  • “Boa Me Wɔ Faako A Minni Gyidi No Mu!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Boa Me Wɔ Faako A Minni Gyidi No Mu!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpae a Yɛbɛbɔ na Gyidi Ansa
  • Sɔhwɛ Ahorow a Ɛda Yɛn Anim a Yɛde Gyidi Begyina Ano
  • Gyidi a Ebegye Yɛn
  • ‘Wɔnam Gyidi so Agye Yɛn Nkwa’
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Kyerɛ Gyidi A Egyina Nokware So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/15 kr. 14-19

“Boa Me Wɔ Faako A Minni Gyidi No Mu!”

“Na abofra no agya reka sɛ: ‘Mewɔ gyidi! Boa me wɔ faako a minni gyidi no mu!”​—MARKO 9:24 New World Translation.

1. Dɛn na ɛmaa agya bi teɛm sɛ “Boa me wɔ faako a minni gyidi no mu!”?

NA ABARIMAA bi a ahonhommɔne wɔ no so agya gyina Yesu Kristo anim. Hwɛ sɛnea saa ɔbarima no pɛe sɛ ɔsa ne ba no yare! Na Yesu asuafo no nni gyidi a ɛsɛ a wɔde betu ahonhommɔne no, nanso n’agya teɛɛm sɛ: “Mewɔ gyidi! Boa me wɔ faako a minni gyidi no mu!” Afei Yesu nam tumi a na Onyankopɔn de ama no no so tuu ahonhommɔne no, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛhyɛɛ abarimaa no agya gyidi den.​—Marko 9:14-29, NW

2. Ɛdefa gyidi ho no, akwan abien bɛn na Kristofo ani nwu wɔ ho?

2 Te sɛ abarimaa no agya a na ɔwɔ anidaso no, Yehowa akoa nokwafo ani nwu sɛ ɔbɛka sɛ: “Mewɔ gyidi.” Ebia fɛwdifo rennye Onyankopɔn tumi, nokware a n’Asɛm yɛ, ne wɔ a ɔwɔ hɔ no mpo ntom. Nanso nokware Kristofo gye tom ntɛm ara sɛ wɔwɔ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi. Nanso, sɛ saa nnipa koro no ara rekasa akyerɛ wɔn soro Agya no wɔ mpaebɔ mu a, ebia wɔbɛsrɛ sɛ: “Boa me wɔ faako a minni gyidi no mu!” Wɔyɛ eyi nso a wɔn ani nwu, na wonim sɛ Yesu Kristo asomafo no mpo srɛe sɛ: “Ka yɛn gyidi ho.”​—Luka 17:5.

3. Dɛn na ɛyɛ ade titiriw wɔ sɛnea Yohane de asɛmfua “gyidi” dii dwuma wɔ n’Asɛmpa no mu no mu, na dɛn nti na eyi fata?

3 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no titiriw ka gyidi ho asɛm pii. Nokwarem no, Yohane Asɛmpa no de Hela nsɛmfua ahorow a ɛfa “gyidi” ho di dwuma boro sɛnea Nsɛmpa afoforo abiɛsa a wɔaka abom no yɛe no ɔha biara mu nkyem 40. Yohane sii so dua sɛ gyidi a obi wɔ no nnɔɔso, da a wɔda no adi no na ɛho hia. Ɔrekyerɛw nhoma wɔ 98 Y.B. mu no, ohui sɛ ɔwae awuduru no reyɛ asum Kristofo a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no afiri. (Asomafo no Nnwuma 20:28-30; 2 Petro 2:1-3; 1 Yohane 2:18, 19) Enti na ɛho hia sɛ wɔda gyidi adi, na wɔfa onyamesom pa ahofama nneyɛɛ so de ho adanse ma. Na mmere a emu yɛ den da wɔn anim.

4. Dɛn nti na biribiara nni hɔ a wɔn a wɔwɔ gyidi no ntumi nyɛ?

4 Gyidi ma Kristofo tumi gyina nsɛnnennen biara ano. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ sɛ wɔwɔ “gyidi sɛ sinapi fua a,” anka biribiara nni hɔ a wɔrentumi nyɛ. (Mateo 17:20) Ɔnam saa kwan no so sii tumi a gyidi a ɛyɛ honhom kronkron aba no wɔ so dua. Enti Yesu sii nea Onyankopɔn honhom anaasɛ adeyɛ tumi betumi ayɛ no so dua, na ɛnyɛ nea nnipa betumi ayɛ. Wɔn a ɛkyerɛ wɔn kwan no mma akwanside ne ɔhaw nketenkete nnan nyɛ akɛse. Nyansa a Onyankopɔn honhom de ma wɔn a wɔde di dwuma no boa wɔn ma wohu nneɛma sɛnea ɛsɛ. Ɔhaw ahorow a emu yɛ den dan yɛ ketewaa bi bere a wɔde gyidi tumi a ɛwowaw wɔn no di ho dwuma no.​—Mateo 21:21, 22; Marko 11:22-24; Luka 17:5, 6.

Mpae a Yɛbɛbɔ na Gyidi Ansa

5-7. (a) Gyidi ho kɔkɔbɔ nsɛm bɛn na Yesu kae bere a ɔde nkaedi no sii hɔ no?(b)Ɔkwan bɛn so na Petro gyidi tumi ma ɔhyɛɛ ne nuanom den?

5 Wɔ 33 Y.B. mu no, Yesu ne n’asuafo dii Twam a etwa to. Afei, ɔmaa Yuda Iskatiot fii hɔ kɔe akyi no, ɔde Nkaedi afahyɛ no sii hɔ, na ɔkae sɛ: “Sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam ama ahenni no, saa ara na me nso me ne mo [nnipa] yɛ. . . Simon, Simon, hwɛ! Anka satan pɛ sɛ onya mo, na ɔpo mo so sɛ aburow. Nanso masrɛ mama wo, na wo gyidi no ansa; na wo de, sɛ wodan a, hyɛ wo nuanom den.”​—Luka 22:28-32, NW.

6 Yesu bɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ na Simon Petro gyidi ansa. Ɛwom sɛ Petro de ahotoso ntraso hoahoaa ne ho sɛ ɔrempa Yesu da de, nanso ɔyɛɛ saa mprɛnsa wɔ ɛno akyi bere tiaa bi. (Luka 22:33, 34, 54-62) Nokwarem no, bere a wɔbɔɔ oguanhwɛfo no kum no sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, nguan no bɔ hwetee. (Sakaria 13:7; Marko 14:27) Nanso, bere a Petro fii onipa ho suro afiri a ɔtɔɔ mu no mu fii no, ɔhyɛɛ ne honhom fam nuanom den. Ɔno na ɔpagyaw asɛm a ɛfa nea obesi Yuda Iskariot a wanni nokware no ananmu ho no bae. Petro reyɛ ade sɛ asomafo no kasamafo wɔ Pentekoste 33 Y. B. mu no, ɔde “nsafe” a Yesu de maa no no mu nea edi kan buee kwan ma Yudafo bɛyɛɛ Ahenni no mufo. (Mateo 16:19; Asomafo no Nnwuma 1:15-2:41) Na Satan pɛ sɛ onya asomafo no sɛnea ɛbɛyɛ na wapo wɔn so sɛ awi, nanso Onyankopɔn hwɛe ma wɔn gyidi ansa.

7 Susuw sɛnea Petro tee nka bere a ɔtee sɛ Yesu ka sɛ: “Masrɛ mama wo na wo gyidi no ansa” no ho. Wode susuw ho hwɛ! Na Petro Awurade ne ne Wura abɔ mpae na Petro gyidi ansa. Na ansa nso. Nokwarem no, Pentekoste da no, Petro ne afoforo bɛyɛɛ nnipa a wodi kan a wɔde honhom kronkron sraa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu mma, wɔn a wɔbɛyɛ Kristo yɔnko adedifo wɔ ɔsoro anuonyam mu. Bere a na afei honhom kronkron yɛ wɔn so adwuma wɔ ɔkwan a wonhuu da so no, na wobetumi ada n’aba a gyidi ka ho no adi asen bere biara a atwam. Wɔn adesrɛ a ɛne sɛ: “Ka yɛn gyidi ho!” no ho mmuae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!​—Luka 17:5; Galatifo 3:2, 22-26; 5:22, 23.

Sɔhwɛ Ahorow a Ɛda Yɛn Anim a Yɛde Gyidi Begyina Ano

8. Kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de bɛn na ahyehyɛde no de ama yɛn wɔ 1 Tesalonikafo 5:3 mmamu ho?

8 Ɛrenkyɛ yɛbɛte “Asomdwoe ne ahotɔ” nteɛm a ɛbɛma Bible nkɔmhyɛ abam no. (1 Tesalonikafo 5:3) So eyi betumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ? Yiw, efisɛ yɛwɔ asiane a ɛne ma a sɛnea nkonim a ɛbɛyɛ sɛ nea amanaman no adi wɔ asomdwoe a wɔama aba no mu no bɛma yɛn werɛ afi yɛn ho no mu. Nanso yɛrenna honhom a saa asomdwoe no ho adawurubɔfo da no adi no bi adi, sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ Yehowa Nyankopɔn remfa wiase no mu ahyehyɛde biara nni dwuma mfa asomdwoe mma a. N’ankasa wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so de asomdwoe aba, na ɛbɛba denam n’Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no nkutoo so. Enti, nkonim biara a ebia amanaman no bedi wɔ asomdwoe a wɔde bɛba no mu no renkyɛ, na ɛbɛyɛ nnaadaa kɛkɛ. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛawɛn wɔ eyi mu no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no bɛkɔ so atintim kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de na ama “Asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka a wɔkyerɛ sɛ ɛho hia a nneɛma nhyehyɛe dedaw yi mu amanaman no bɛyɛ no ammɛto Yehowa nkoa mpofirim.​—Mateo 24:45-47.

9. Dɛn nti na Babilon Kɛse sɛe no bɛhwehwɛ sɛ yenya akokoduru ne gyidi?

9 “Asomdwoe ne ahotɔ” no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama ‘mpofirim ɔsɛe’ a ɛbɛba Babilon Kɛse a ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no so no. (Adiyisɛm 17:1-6; 18:4, 5) Eyi nso bɛsɔ Kristofo gyidi ahwɛ. Bere a atoro som rebubu agu no, so Yehowa Adansefo bɛkɔ so agyina pintinn wɔ gyidi mu? Nokwarem no, wɔbɛyɛ saa. Ade yi​—a nnipa pii nhwɛ kwan na wɔrente ase​—no nyɛ nea onipa na ɔbɛyɛ. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ nokwarem no, ɛyɛ Yehowa atemmu a ɔde tew ne din a atoro som asopa bere tenten no ho. Nanso sɛ obi anka ankyerɛ nkurɔfo a, wɔbɛyɛ dɛn atumi ahu? Yehowa Adansefo akyi no, henanom na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn?​—Fa toto Hesekiel 35:14, 15; Romafo 10:13-15 ho.

10. Ɔkwan bɛn so na Gog ntua a ɔde bɛba Yehowa nkurɔfo so no bɛyɛ gyidi ho sɔhwɛ?

10 Yehowa Adansefo ne wɔn ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no anya akokoduru a ehia no de aka Yehowa atemmu a ɛbɛba Babilon Kɛse no ne Satan nneɛma nhyehyɛe a aka no so a abɛn no ho asɛm akyerɛ afoforo. (2 Korintofo 4:4) Wɔ Satan dibea sɛ Gog a ofi Magog, a ɛkyerɛ ne dibea a wɔabrɛ no ase no mu no, ɔbɛboaboa n’asase so dɔm ano ma wɔde wɔn ahoɔden nyinaa atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Wɔbɛsɔ ɔsoro ahobammɔ tumi a wɔde boa Yehowa Adansefo no mu gyidi ahwɛ. Nanso yebetumi anya gyidi sɛ Yehowa begye ne nkurɔfo sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka siei no.​—Hesekiel 38:16; 39:18-23.

11, 12. (a) Dɛn na ɛmaa Noa ne n’abusua nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛdwennwene ho wɔ ahohiahia kɛse no mu?

11 Ɛnnɛ, yennim sɛnea Yehowa bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no ankasa, nanso ɛnsɛ sɛ eyi ma yɛn adwenem yɛ yɛn naa wɔ saa a ɔbɛyɛ no ho. (Mateo 24:21, 22) Tebea a Onyankopɔn nnɛyi nkoa wom no bɛyɛ te sɛ nea Noa ne n’abusua huu wɔn ho wom wɔ Nsuyiri no mu no. Bere a na wɔato wɔn mu wɔ adaka no mu, na nsu a ɛsɛee nneɛma no sen twa wɔn ho hyia no, ebia saa ɔsoro tumi a wɔdaa no adi yi maa ehu kaa wɔn, na wɔbɔɔ mpae a emu yɛ den. Kyerɛwnsɛm no anka biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔhawee na wobisaa wɔn ho sɛ: ‘So adaka no wɔ ahoɔden yiye a ebetumi agyina adesɛe tumi no ano? So yɛwɔ aduan a ɛbɛso yɛn di akosi sɛ Nsuyiri no bɛba awiei? So yebetumi agyina tebea a asakra wɔ asase so no ano akyiri yi?’ Nsɛm a esisii wɔ eyi akyi no kyerɛe sɛ anka adwennwene a ɛte sɛɛ no bɛyɛ nea enni nnyinaso.

12 Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkwagye no, na ehia sɛ Noa ne n’abusua kyerɛ gyidi. Na eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Onyankopɔn honhom kronkron no ahyɛde ne akwankyerɛ ahorow akyi. Wɔ ahohiahia kɛse no mu no, ɛho behia sɛ yedi honhom kronkron no akwankyerɛ akyi, na yedi Yehowa ahyɛde ahorow a ɔnam n’ahyehyɛde so de ma no so. Ɛnde, yɛrennya biribiara a ɛbɛma yɛahaw na yɛabisa yɛn ho sɛ: ‘Wobedi yɛn honhom fam ne honam fam ahiade ho dwuma dɛn? Nsiesiei bɛn na wɔbɛyɛ ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaasɛ wɔn a wohia ayaresa anaa aduruyɛ soronko bi no? Ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi ama yɛanya nkwa akɔ nhyehyɛe foforo no mu?’ Yehowa nkoa anokwafo nyinaa nam gyidi a emu yɛ den so begyaw biribiara ama Yehowa.​—Fa toto Mateo 6:25-33 ho.

13. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, dɛn nti na yebehia gyidi te sɛ nea na Abraham wɔ no?

13 Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no den yiye. Anyɛ yiyie koraa no, yebehu sɛ Yehowa reyɛ nea ɔkae sɛ ɔbɛyɛ no. Yɛde yɛn ankasa aniwa behu atemmu ho dwuma a obedi no! Nanso so yɛn ankasa yɛwɔ gyidi a ɛsɛ no, a ɛbɛma yɛagye adi sɛ bere a Onyankopɔn resɛe abɔnefo no, ɔbɛkora ne nkurɔfo so? So yɛbɛyɛ te sɛ Abraham a na ɔwɔ gyidi sɛ ‘Nea obu asase nyinaa atɛn bɛyɛ nea ɛteɛ,’ na ɔrensɛe atreneefo nka abɔnefo ho no?​—Genesis 18:23, 25.

14. Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yɛhwehwɛ yɛn gyidi mu, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ no den?

14 Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den mprempren! Bere a nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn yiye no, momma yɛmma Onyankopɔn honhom nkanyan yɛn mma yɛmmɔ ‘ɔbra kronkron na yɛnyɛ onyamsom pa ahofama nneyɛe.’ (2 Petro 3:11-14) Ɛno remma adwennwenne te sɛ nea edidi so yi nhaw yɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu: ‘So mefata sɛ minya Yehowa ahobammɔ? So anka metumi ayɛ pii wɔ ne som mu? So meyeree me ho yiye sɛ mɛhyɛ “nipasu foforo no?” So meyɛ onipa a Yehowa pɛ sɛ ɔtra wiase foforo no mu?’ Ɛsɛ sɛ saa nsemmisa a anibere wom no ma yɛhwehwɛ yɛn gyidi mu, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛhyɛ no den mprempren ara!​—Kolosefo 3:8-10, NW.

Gyidi a Ebegye Yɛn

15. Dɛn na ɛtɔ da bi a, Yesu ka kyerɛ wɔn a ɔsaa wɔn yare no, nanso dɛn nti na eyi nnyina nnɛyi gyidi ayaresa akyi?

15 Ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ gyidi nkutoo na Yesu saa wɔn yare wɔ honam fam. (Yohane 5:5-9, 13) Enti ne dwumadi no nnyina gyidi ayaresa nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so no akyi. Ɛwom, ɛtɔ da bi a, Yesu ka kyerɛ wɔn a ɔsaa wɔn yare no sɛ: “Wo gyidi agye wo.” (Mateo 9:22; Marko 5:34; 10:52; Luka 8:48; 17:19; 18:42) Nanso na ɔnam saa a ɔkae no so retwe adwene asi nokware bi a ɛda adi pefee so kɛkɛ: Sɛ na ayarefo no nni Yesu ayaresa tumi no mu gyidi a, anka wɔremma ne nkyɛn koraa sɛ ɔnsa wɔn yare.

16. Ayaresa dwumadi bɛn na Yesu rekyerɛ kwan nnɛ?

16 Ɛnnɛ, Yesu Kristo rekyerɛ honhom mu ayaresa dwumadi bi kwan, na nnipa bɛboro 4,000,000 ayɛ nea ɛma wonya mu mfaso. Wɔ honam fam nyarewa biara a ebia wɔwɔ akyi no, sɛ Yehowa Adansefo no, wɔwɔ honhom fam akwahosan. Wɔn mu Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ ɔsoro anidaso, na ‘wɔhwɛ nneɛma a wonhu a ɛtra hɔ daa.’ (2 Korintofo 4:16-18; 5:6, 7) Na Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso hwɛ honam fam ayaresa a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no kwan.

17, 18. Yehowa nsiesiei bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:1, 2, na ɔkwan bɛn so na yehia gyidi na yɛanya mu mfaso?

17 Ɔsomafo Yohane kaa Onyankopɔn nsiesiei ma daa nkwa no ho asɛm wɔ saa nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 22:1, 2 yi mu sɛ: “Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu. N’abɔnten mfinimfini ne asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.” Onyankopɔn Asɛm a ɛne nokware no ne Yehowa nsiesiei foforo biara a ɛbɛma adesamma asoɔmmerɛfo ade wɔn ho afi bɔne ne owu mu, na wagyina Yesu agyede afɔrebɔ no so ama wɔn daa nkwa no ka “nkwa nsu” no ho. (Efesofo 5:26; 1 Yohane 2:1, 2) Bere a Yesu akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn no wɔ asase so no, wɔnom Onyankopɔn nsiesiei a ɛnam Kristo so a ɛma nkwa no bi, na wɔfrɛ wɔn sɛ “trenee nnua.” (Yesaia 61:1-3; Adiyisɛm 14:1-5) Wɔasow honhom mu aba pii wɔ asase so. Sɛ wɔn a wɔanyan wɔn afi owu mu a wɔwɔ soro no, wobenya agyede nsiesiei a wɔde ‘bɛsa amanaman no yare’ afi bɔne ne owu mu, a wɔde bɛma no mu kyɛfa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu.

18 Dodow a saa Onyankopɔn nsiesiei no mu gyidi a yɛwɔ no yɛ kɛse no, dodow no ara na yebenya ɔpɛ kɛse sɛ yebedi ne honhom no akwanyerɛ ahorow akyi. Ɛda adi sɛ obi bɛyɛ pɛ wɔ ɔhonam fam bere a ɔkyerɛ Kristo mu gyidi na onya honhom mu nkɔso no. Ɛwom sɛ na wɔnam anwonwa kwan so asa obi nyarewa akɛse bi de, nanso ɔbɛbɛn pɛyɛ ho kɛse bere a ɔyɛ nea ɛteɛ no. Obedi Onyankopɔn nsiesiei ma ayaresa a ɛnam Kristo afɔrebɔ so no daa. Enti gyidi benya yɛn ayaresa ne yɛn pɛyɛ so nkɛntɛnso wɔ honam fam.

‘Wɔnam Gyidi so Agye Yɛn Nkwa’

19. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yegyina gyidi no mu pintinn?

19 Ansa na Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no bɛba abeyi mprempren wiase bɔne sum no afi hɔ koraa no, hwɛ sɛnea ehia sɛ Yehowa nkoa gyina pintinn wɔ gyidi mu! Wɔbɛtow nnipa a “wonnye nni” no akyene “ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu” a ɛne owuprenu no “mu.” Akyɛ koraa no, eyi bɛba wɔ sɔhwɛ a etwa to wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no akyi. (Adiyisɛm 20:6-10; 21:8) Hwɛ nhyira ara a wɔn a wɔkyerɛ gyidi no bɛkɔ so anya, na wɔanya nkwa akonya daakye a enni awiei!

20. Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 13:13 bɛkyerɛ biribi titiriw wɔ Kristo Mfirihyia Apem no awiei?

20 Afei nsɛm a Paulo kae wɔ 1 Korintofo 13:13 no bɛkyerɛ biribi titiriw: “Afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.” Ɛho renhia sɛ yɛbɛkyerɛ gyidi sɛ nkɔmhyɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 bɛbam anaasɛ yebenya anidaso sɛ ebenya mmamu. Saa bere no na aba dedaw. Sɛ mudi mu kurafo no, yɛbɛkɔ so anya Yehowa mu anidaso, anya ɔno ne ne Ba no mu gyidi, na yɛayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn sɛ wɔn na wɔama nkɔmhyɛ yi anya mmamu. Bio nso, ɔdɔ a ɛkɔ akyiri ne yɛn nkwagye ho aseda a efi komam bɛma yɛde yɛn ho afam Onyankopɔn ho wɔ ahofama a ɛnsɛe da mu daa.​—1 Petro 1:8, 9.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ na ama ‘gyidi agye yɛn nkwa’?

21 Yehowa nam n’ahyehyɛde a aniwa hu no so de nsiesiei a ɛyɛ nwonwa ama yɛn na yɛde ahyɛ yɛn gyidi den. Fa ne nyinaa di dwuma kosi ase. Kɔ Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam horow daa na fa wo ho hyem. (Hebrifo 10:24, 25) Fa nsiyɛ sua n’Asɛm ne Kristofo nhoma ahorow. Srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mma wo. (Luka 11:13) Suasua wɔn a wɔde ahobrɛase di asafo no anim no gyidi. (Hebrifo 13:7) Ko tia wiase no sɔhwɛ ahorow. (Mateo 6:9, 13) Yiw, ma wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu nyɛ den ɔkwan biara a ebetumi ayɛ yiye so. Nea ɛsen ne nyinaa ho, kɔ so kyerɛ gyidi. Afei wubetumi ayɛ wɔn a wɔsɔ Yehowa ani na wɔanya nkwagye no mu biako, efisɛ Paulo kae sɛ: “Ɔdom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.”​—Efesofo 2:8.

Wubua Dɛn?

◻ Gyidi ho sɔhwɛ horow bɛn na ɛda yɛn anim pɛɛ?

◻ Akwan abien bɛn so na yɛn gyidi betumi agye yɛn?

◻ Sɛnea 1 Petro 1:9 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yekura yɛn gyidi mu kosi bere bɛn?

◻ Nsiesiei bɛn na yɛwɔ a yɛde bɛhyɛ yɛn gyidi dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Te sɛ agya a Yesu saa no ba no yare no, so wote nka sɛ wankasa wuhia gyidi pii?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Gyidi a ɛte sɛ nea na Noa ne n’abusua wɔ ho behia na yɛatwa “ahohiahia kɛse no”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena