Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-1 ti 41 kr. 6-8
  • Bible Nhoma a Ɛto So 41—Marko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 41—Marko
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 16
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 16
bsi08-1 ti 41 kr. 6-8

Bible Nhoma a Ɛto So 41—Marko

Nea Ɔkyerɛwee: Marko

Beae a Ɔkyerɛw No: Roma

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 60–65 Y.B.

Bere a Ɛka Ho Asɛm: 29–33 Y.B.

BERE a wɔkyeree Yesu wɔ Getsemane a asomafo no guanee no, “aberante bi a ɔde nwera pa akata n’adagyaw so” dii n’akyi. Nnipadɔm no pɛe sɛ wɔkyere ɔno nso, enti “ogyaa ne ntama no hɔ de adagyaw guan kɔe.” Nnipa dodow no ara gye di sɛ saa aberante no ne Marko. Wɔka ne ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma no mu sɛ “Yohane a wɔfrɛ no Marko.” Ɛbɛyɛ sɛ na n’abusuafo di yiye wɔ Yerusalem, efisɛ na wɔn ankasa wɔ wɔn fie ne nkoa. Ná ne maame Maria nso yɛ Kristoni, na ne fie hɔ na na tete Kristofo asafo no hyia. Bere a ɔbɔfo bi beyii Petro fii afiase no, Petro kɔɔ fie hɔ kɔtoe sɛ anuanom no ahyia wɔ hɔ.—Mar. 14:51, 52; Aso. 12:12, 13.

2 Ná ɔsɛmpatrɛwfo Barnaba, Lewini a ofi Kipro no yɛ Marko busuani. (Aso. 4:36; Kol. 4:10) Bere a ɔkɔm baa Yerusalem a Barnaba ne Paulo de nneɛma kɔmaa anuanom no, ɛhɔ na Marko hyiaa Paulo. Asafo no mufo yi a Marko ne wɔn bɔe ne asɛmpakafo a wɔbɔ mmɔden a na wɔbɛsra wɔn no nti, ɛbaa Marko mu sɛ ɔno nso bɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Enti yehu sɛ na ɔka Paulo ne Barnaba ho som wɔn wɔ asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu. Nanso biribi nti, Marko gyaw wɔn wɔ Perga a ɛwɔ Pamfilia no, na ɔsan kɔɔ Yerusalem. (Aso. 11:29, 30; 12:25; 13:5, 13) Eyi nti, bere a Paulo ne Barnaba rekɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no, Paulo ampɛ sɛ wɔne Marko kɔ, na ɛmaa obiara faa ne kwan. Paulo faa Silas na Barnaba nso faa ne busuani Marko, na wɔkɔɔ Kipro.—Aso. 15:36-41.

3 Marko bɔɔ mmɔden wɔ ɔsom adwuma no mu, na ɔboaa Barnaba paa. Akyiri yi nso ɔboaa ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Paulo. Bere a wɔde Paulo too afiase nea edi kan wɔ Roma (bɛyɛ afe 60-61 Y.B.) no, na Marko wɔ ne nkyɛn. (Filem. 1, 24) Afei nso afe 62 kosi afe 64 Y.B. no, na Marko ka Petro ho wɔ Babilon. (1 Pet. 5:13) Bere a wɔsan de Paulo too afiase wɔ Roma bɛyɛ afe 65 Y.B. no, ɔkyerɛw Timoteo ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Marko nka ne ho mmra, na ɔkae sɛ “ɔyɛ ɔboafo ma me wɔ ɔsom mu.” (2 Tim. 1:8; 4:11) Eyi ne bere a etwa to a wɔbɔ Marko din wɔ Bible mu.

4 Wɔkyerɛ sɛ Marko na ɔkyerɛw Nsɛmpa no mu nhoma a ɛyɛ tia sen ne nyinaa yi. Ɔne Yesu asomafo no yɛɛ adwuma, na ɔde ne ho nyinaa maa asɛmpa no. Nanso na Marko nka asomafo 12 no ho; saa ara nso na na ɔnka wɔn a wɔbɛn Yesu paa no ho. Ɛhefa na onyaa nsɛm a ɛkɔ akyiri saa de kyerɛw Yesu som adwuma ho asɛm fi mfiase kosi awiei ma ɛyɛ anigye saa? Sɛnea Papias, Origen, ne Tertullian aka ato hɔ dedadedaw no, ɛyɛ Petro na ɔboaa no, efisɛ na Marko bɛn no paa.a Petro frɛɛ no “me ba” mpo. (1 Pet. 5:13) Nea Marko kyerɛw ho asɛm no nyinaa, na Petro de n’ani ahu, enti na Marko betumi anya nsɛm pii afi Petro hɔ de akyerɛkyerɛ nneɛma mu ɔkwan bi so a Nsɛmpa a aka no anyɛ no saa. Ɛho nhwɛso bi ni: Marko kae sɛ wɔfaa “apaafo” bi ma wɔyɛɛ adwuma maa Sebedeo; ɔkwatani bi “bebuu nkotodwe” paa Yesu kyɛw; ɔbarima bi a ɔwɔ adaemone ‘de abo twitwaa ne ho’; afei bere a Yesu te Ngo Bepɔw so “a n’ani tua asɔrefie no,” ɔkaa ne nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ “onipa Ba no nam mununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.”—Mar. 1:20, 40; 5:5; 13:3, 26.

5 Petro yɛ obi a na ɔda atenka adi ntɛmntɛm, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɛka sɛnea Yesu tee nka ho asɛm yiye akyerɛ Marko. Ɛno nti na Marko kaa sɛnea Yesu tee nka ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade ho asɛm pii no. Nea ɔkae no bi ne sɛ, “ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae a wɔn komaden no ahyɛ no awerɛhow”; ‘oguu ahome kɛse’; “osii apini ne honhom mu.” (3:5; 7:34; 8:12) Marko na ɔma yehu sɛnea Yesu tee nka maa aberante sodifo a na ɔyɛ ɔdefo no; ɔkae sɛ “ɔdɔɔ no.” (10:21) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu de abofra bi begyinaa n’asuafo no mu de “ne nsa too ne kɔn mu,” na bere foforo nso “ɔbam mmofra no” a, hwɛ sɛnea etu awɔse!—9:36; 10:13-16.

6 Yehu Petro suban no bi wɔ ɔkwan a Marko faa so kyerɛw ne nsɛm no mu. Ne nsɛm no toto sisi; ɔkyerɛkyerɛ mu yiye, na ahokeka ne tumi wom. Ɔka ne nsɛm no hare so. Enti yehu nsɛm bi te sɛ, “ntɛm ara” anaa “ɛhɔ ara” wɔ ne nhoma no mu mpɛn pii, na ɛma ahokeka ba mu.

7 Marko nhoma no mu nsɛm kakraa bi na enni Nsɛmpa a aka no mu. Bere a Marko rekyerɛw ne nhoma no, na Mateo Asɛmpa no wɔ hɔ a obetumi ahwɛ mu, nanso yɛrentumi nka sɛ Marko bɔɔ Mateo Asɛmpa no mua na ɔde nsɛm a ɛho hia kakraa bi kaa ho. Mateo kaa Yesu ho asɛm de kyerɛe sɛ ɔne Mesia ne Ɔhene a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no na Marko de, ɛsono ɔkwan a ɔfaa so kaa Yesu asetra ne ne nnwuma ho asɛm. Ɔma yehu Yesu sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ anwonwade ne Ogyefo a ɔwɔ tumi. Nea Marko kaa ho asɛm kɛse ne Kristo nnwuma, na ɛnyɛ kasa a ɔmomae ne ne nkyerɛkyerɛ. Yesu mmɛ a obubui no kakraa bi ne ne kasa a ɛwoware no biako pɛ na Marko kaa ho asɛm. Wanka Bepɔw so Asɛnka no ho asɛm. Ɛno nti na Marko Asɛmpa no yɛ tia sen nea aka no, nanso nnwuma a Yesu yɛe a ɔkaa ho asɛm no dodow te sɛ nhoma a aka no ara. Anyɛ hwee koraa no, anwonwade 19 na ɔkaa ho asɛm.

8 Mateo kyerɛw n’Asɛmpa no maa Yudafo, na Marko de, ɔkyerɛw ne de no maa Romafo titiriw. Yɛyɛ dɛn hu saa? Sɛ ɔbɛka Mose Mmara no ho asɛm mpo a, gye sɛ nea ɔreka ho asɛm no yɛ ebinom nkɔmmɔ a Mmara no ho asɛm wom. Wanka Yesu abusua santen ho asɛm. Ɔma ɛda adi sɛ Kristo asɛmpa no ho hia ma nnipa nyinaa. Yudafo amammerɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ a sɛ amanaman mufo kenkan a wɔrente ase no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu. (2:18; 7:3, 4; 14:12; 15:42) Ɔkyerɛɛ Aram kasa a ɛwom no ase. (3:17; 5:41; 7:11, 34; 14:36; 15:22, 34) Sɛ ɔbobɔ mmeae ne afifide a ɛwɔ Palestina din a, ɔkyerɛkyerɛ mu. (1:5, 13; 11:13; 13:3) Sɛ ɔreka Yudafo sika ho asɛm a, obu no wɔ Romafo sika mu. (12:42, ase hɔ asɛm) Ɔde Latin nsɛmfua yɛɛ adwuma sen Nsɛmpa a aka no akyerɛwfo. Ɛho nhwɛso ne, speculator (ɔwɛmfo), praetorium (amrado atrae), ne centurio (ɔsraani panyin).—6:27; 15:16, 39.

9 Esiane sɛ Romafo titiriw na Marko kyerɛw ne nhoma no maa wɔn nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛwee wɔ Roma. Nsɛm a tetefo aka ato hɔ ne nhoma no mu nsɛm ma yehu sɛ ɔkyerɛwee wɔ Roma wɔ ɔsomafo Paulo afiasenna a edi kan anaa nea ɛto so abien no mu, enti ɛbɛyɛ afe 60-65 Y.B. Saa bere no Marko kɔɔ Roma pɛnkoro anaa mprenu. Nhomanimfo akɛse a wɔtraa ase mfe 1,800 ni no foa so sɛ Marko na ɔkyerɛwee. Eduu bɛyɛ afe 200 Y.B. no, na Kristofo a wɔwɔ hɔ no nsa aka Asɛmpa yi bi. Marko Asɛmpa no ka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wodii kan boaboaa ano no ho, enti ɛma yehu sɛ ɛyɛ nokware.

10 Nanso asɛm no awiei a ɛware ne nea ɛyɛ tiawa a ɛtɔ da bi a wɔde toa so wɔ ti 16 nkyekyɛm 8 akyi no de, yɛrentumi nka sɛ ɛka ho. Enni tete nsaano nkyerɛwee no pii mu; ebi ne Sinaitic ne Vatican No. 1209. Eusebius ne Jerome a wɔyɛ animdefo a wɔtraa ase bɛyɛ mfe 1,600 ni no gye tom sɛ emu nsɛm a etwa to no kenkan sɛ, “na wɔabɔ hu.” Ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo de nsɛm a ɛware ne nea ɛyɛ tiawa no kaa ho na amma Asɛmpa no antwa pen.

11 Nea ɛma yehu sɛ Marko Asɛmpa no yɛ nokware ne sɛ, ɛne Nsɛmpa a aka no ne Kyerɛw Kronkron no nyinaa hyia, efi Genesis kosi Adiyisɛm. Bio nso, ɛka Yesu ho nsɛm pii ma yehu sɛ tumi wɔ ne kasa mu na ɔwɔ abɔde so tumi san wɔ Satan ne adaemone, nyarewa ne owu mpo so tumi. Enti nsɛm a ɛka koma yi na Marko de fii ne nhoma no ase: “Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho no mfiase.” Yesu mmae ne ɔsom adwuma a ɔyɛe no yɛ “asɛmpa,” enti obiara a ɔbɛkenkan Marko Asɛmpa no asua no benya so mfaso. Nsɛm a Marko ka ho asɛm no fi afe 29 Y.B. osutɔbere, kosi afe 33 Y.B. osutɔbere.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

31 Yesu Kristo ho nsɛm a wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ yi nti, tete Kristofo ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔkenkan Marko nhoma no nyinaa ahu sɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no bebree aba mu. Efi asɛm a edi kan a ɔfa kae a ɛne sɛ, “Hwɛ! Meresoma me bɔfo adi w’anim,” no so kosi bere a Yesu de yaw kae wɔ asɛndua no so sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapo me?” ne ne som adwuma a ɔde mmɔdenbɔ yɛe a Marko kyerɛwee no, ne nyinaa ne nsɛm a Hebri Kyerɛwnsɛm no ka too hɔ no hyia. (Mar. 1:2; 15:34; Mal. 3:1; Dw. 22:1) Afei nso n’anwonwade ne n’anwonwadwuma, ne nkyerɛkyerɛ a ɛma ahotɔ ne sɛnea oyi nsɛm ano kamakama, ne ho a ɔde too Yehowa Asɛm ne ne honhom so ne sɛnea ɔyɛɛ ne nguan brɛbrɛ no nyinaa ma yehu sɛ Ɔno ne Onyankopɔn Ba a ɔwɔ tumi no. Ɔkyerɛkyerɛe “sɛ obi a ɔwɔ tumi,” kyerɛ sɛ, tumi a onya fii Yehowa nkyɛn; osii ‘Onyankopɔn ho asɛmpaka’ so dua sɛ ɛno ne ade titiriw a enti ɔbaa asase so, na ɔkae sɛ “Onyankopɔn ahenni abɛn.” Ne nkyerɛkyerɛ no ayɛ mfaso bebree ama wɔn a wotie no nyinaa.—Mar. 1:22, 14, 15.

32 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte [Onyankopɔn] ahenni ho ahintasɛm kronkron no ase.” “Onyankopɔn ahenni” pue mpɛn 14 wɔ Marko nhoma no mu, na ɛde nnyinasosɛm bi ma wɔn a wɔnam Ahenni no so benya nkwa no. Yesu kae sɛ: “Obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne kra no bɛkora so.” Biribiara a ebesiw wo nkwagye kwan no, ɛsɛ sɛ wuyi fi hɔ: “Ɛyɛ papa sɛ wode aniwa koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto Gehenna.” Yesu san kae sɛ: “Obiara a onnye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra kumaa no renkɔ mu ɔkwan biara so,” na ɔkae bio sɛ, “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika no sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!” Ɔkae nso sɛ, sɛ obi hu sɛ mmara abien a ɛsen ne nyinaa a obedi so no ye koraa sen ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa a, ɔne “Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.” Nsɛm yi ne Ahenni nkyerɛkyerɛ foforo a ɛwɔ Marko Asɛmpa no mu no kura afotu pa pii a yebetumi de abɔ yɛn bra da biara.—4:11; 8:35; 9:43-48; 10:13-15, 23-25; 12:28-34.

33 Yebetumi de dɔnhwerew biako anaa abien pɛ akenkan Marko asɛmpa no nyinaa. Na ɛbɛma yɛahu Yesu som adwuma no ho nsɛm a ɛkɔ ntɛm, ɛyɛ anigye, na tumi wom. Sɛ yɛkenkan nhoma tiawa a wɔde honhom akyerɛw yi, na yɛtɔ yɛn bo ase sua dwennwen emu nsɛm ho a, yebenya so mfaso daa. Marko Asɛmpa no so wɔ mfaso ma Kristofo a wɔretaa wɔn nnɛ sɛnea na ɛso wɔ mfaso ma tete Kristofo no, efisɛ ɛnnɛ, nokware Kristofo wɔ “mmere a emu yɛ den” mu. Enti yɛn Nhwɛsofo Yesu Kristo ho nsɛm a ɛwɔ nhoma a wɔde honhom akyerɛw yi mu no bɛboa wɔn. Kenkan na ma ahokeka a ɛwom no mpusuw wo. Ma ɛnhyɛ wo nkuran mma wunni Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo Yesu akyi, na nya anigye a ɛmmrɛ ase da a onyae no bi. (2 Tim. 3:1; Heb. 12:2) Bɔ mmɔden kɛse sɛ wubetwa ne ho mfonini sɛ ɔbarima mmɔdenbɔfo. Yɛ nnam te sɛ ɔno, na suasua sɛnea wampa abaw na onyaa akokoduru wɔ sɔhwɛ ne ɔsɔretia mu no. Ma Kyerɛwnsɛm mu nhoma a wɔde honhom akyerɛw no kama yi nkyekye wo werɛ. Ma ɛmmoa wo mma wonyɛ wo nkwagye ho adwuma!

[Ase hɔ asɛm]

a Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 337.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena